caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-Qamar القمر

55 verses · Mecca · revelation order 37

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ ٱقْتَرَبَتِ ٱلسَّاعَةُ وَٱنشَقَّ ٱلْقَمَرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDͻnhwere no abεn, na bosome no mu apae.

See all translations of this verse →

وَإِن يَرَوْا۟ ءَايَةً يُعْرِضُوا۟ وَيَقُولُوا۟ سِحْرٌ مُّسْتَمِرٌّ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi a wͻtwe wͻn ho (fri ho), na wͻka sε: ”Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm a εbɛtwa mu“.

See all translations of this verse →

وَكَذَّبُوا۟ وَٱتَّبَعُوٓا۟ أَهْوَآءَهُمْ وَكُلُّ أَمْرٍ مُّسْتَقِرٌّ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻfa no atorɔsɛm, na wͻdi wͻn apεdeε hunu akyi. Na asεm biara wͻ ne berε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ جَآءَهُم مِّنَ ٱلْأَنۢبَآءِ مَا فِيهِ مُزْدَجَرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε (Qur’aan) de amanebͻ a afutuo ne adesua (ahodoͻ pii) wͻ mu abrε wͻn, -

See all translations of this verse →

حِكْمَةٌۢ بَٰلِغَةٌ فَمَا تُغْنِ ٱلنُّذُرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdwen ne nimdeε a εkͻ aso mu (wͻ mu), nanso afutuo no ho amma wͻn mfasoͻ.

See all translations of this verse →

فَتَوَلَّ عَنْهُمْ يَوْمَ يَدْعُ ٱلدَّاعِ إِلَىٰ شَىْءٍ نُّكُرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti twe wo ho fri wͻn ho. Ɛda a Ɔfrεfoͻ (Israafiil) bεfrε (wͻn) akͻ asεm kεseε mu no,

See all translations of this verse →

خُشَّعًا أَبْصَٰرُهُمْ يَخْرُجُونَ مِنَ ٱلْأَجْدَاثِ كَأَنَّهُمْ جَرَادٌ مُّنتَشِرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Aniwuo bεma) wabrε wͻn ani ase; wͻbɛpue afiri adakamena no mu tesε mmεbε a wͻabͻ asanteε,

See all translations of this verse →

مُّهْطِعِينَ إِلَى ٱلدَّاعِ يَقُولُ ٱلْكَٰفِرُونَ هَٰذَا يَوْمٌ عَسِرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde mmirika tεntε na εbεkͻ Ɔfrεfoͻ no hͻ. (Saa Da no) boniayεfoͻ no bεka sε: ”Saa Da yi yε Ɛda a emu yε den! “

See all translations of this verse →

كَذَّبَتْ قَبْلَهُمْ قَوْمُ نُوحٍ فَكَذَّبُوا۟ عَبْدَنَا وَقَالُوا۟ مَجْنُونٌ وَٱزْدُجِرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNoa nkorͻfoͻ dii wͻn anim kan buu Y’akoa no ᴐtorofo. Wͻkaa sε: “Bͻdamfoͻ.“ Wͻkasa tiaa no, hunahunaa no, poo no.

See all translations of this verse →

فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنِّى مَغْلُوبٌ فَٱنتَصِرْ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: (Awurade) “Wͻabu afa me so, enti boa (me)“.

See all translations of this verse →

فَفَتَحْنَآ أَبْوَٰبَ ٱلسَّمَآءِ بِمَآءٍ مُّنْهَمِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yɛbuee ͻsoro apono maa nsuo hwie guu pii,

See all translations of this verse →

وَفَجَّرْنَا ٱلْأَرْضَ عُيُونًا فَٱلْتَقَى ٱلْمَآءُ عَلَىٰٓ أَمْرٍ قَدْ قُدِرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεmaa nsuwa-nsuwa nso puee wͻ asaase no so, na (ͻsoro ne asaase so) nsuo no hyia bͻͻ mu sεdeε yɛahyehyε ato hͻ no.

See all translations of this verse →

وَحَمَلْنَٰهُ عَلَىٰ ذَاتِ أَلْوَٰحٍ وَدُسُرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεsoaa no wͻ (nsuom hyεn a) yεde nnua ne nnadewa na ayε so.

See all translations of this verse →

تَجْرِى بِأَعْيُنِنَا جَزَآءً لِّمَن كَانَ كُفِرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa (nsuom hyεn no) nam (nsuo no so) a Y’ani hwε. (Saa nsuyire yi yε) akatua ma obia wannye annie.

See all translations of this verse →

وَلَقَد تَّرَكْنَٰهَآ ءَايَةً فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yɛagya de ayε nsεnkyerεnee. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

فَكَيْفَ كَانَ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ يَسَّرْنَا ٱلْقُرْءَانَ لِلذِّكْرِ فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde betu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

كَذَّبَتْ عَادٌ فَكَيْفَ كَانَ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAad (Nkorͻfoͻ no) faa no atorᴐsԑm. Na sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε?

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ رِيحًا صَرْصَرًا فِى يَوْمِ نَحْسٍ مُّسْتَمِرٍّ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yεsomaa mframa denden bi a εbͻ toatoaso baa wͻn so wͻ da bͻne bi mu.

See all translations of this verse →

تَنزِعُ ٱلنَّاسَ كَأَنَّهُمْ أَعْجَازُ نَخْلٍ مُّنقَعِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐtetee nnipa maa wͻyεε sε akyiresua dua bi a yɛatu aseε da hͻ.

See all translations of this verse →

فَكَيْفَ كَانَ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ يَسَّرْنَا ٱلْقُرْءَانَ لِلذِّكْرِ فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

كَذَّبَتْ ثَمُودُ بِٱلنُّذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSamuudfoͻ no faa kͻkͻbͻ no atorᴐsԑm.

See all translations of this verse →

فَقَالُوٓا۟ أَبَشَرًا مِّنَّا وَٰحِدًا نَّتَّبِعُهُۥٓ إِنَّآ إِذًا لَّفِى ضَلَٰلٍ وَسُعُرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻkaeε ne sε: “Onipa baako pε a ͻwͻ yεn mu na yɛnni n’akyi? Nokorε sε, εneε na yεwͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.

See all translations of this verse →

أَءُلْقِىَ ٱلذِّكْرُ عَلَيْهِ مِنۢ بَيْنِنَا بَلْ هُوَ كَذَّابٌ أَشِرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti yεn (dodoͻ yi) mu no, ͻno nko ara na εsεsε yεde Afutusεm no ma no? Daabi, ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa)”.

See all translations of this verse →

سَيَعْلَمُونَ غَدًا مَّنِ ٱلْكَذَّابُ ٱلْأَشِرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkyena wͻbɛhunu nea ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa) no.

See all translations of this verse →

إِنَّا مُرْسِلُوا۟ ٱلنَّاقَةِ فِتْنَةً لَّهُمْ فَٱرْتَقِبْهُمْ وَٱصْطَبِرْ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Yεresoma yoma bedeε de ayε wͻn nsͻhwε. Enti wodeε hwε wͻn na si aboterε.

See all translations of this verse →

وَنَبِّئْهُمْ أَنَّ ٱلْمَآءَ قِسْمَةٌۢ بَيْنَهُمْ كُلُّ شِرْبٍ مُّحْتَضَرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa ka kyerε wͻn sε, yɛakyε nsuo no mu ama (wͻn ne yoma no), obiara bεkͻ nsuo no mu wͻ ne berε (a yɛahyε ama no) mu.

See all translations of this verse →

فَنَادَوْا۟ صَاحِبَهُمْ فَتَعَاطَىٰ فَعَقَرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻfrεε wͻn yͻnko no na ͻfaa (sekan) de wͻͻ (yoma) no kum no.

See all translations of this verse →

فَكَيْفَ كَانَ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ صَيْحَةً وَٰحِدَةً فَكَانُوا۟ كَهَشِيمِ ٱلْمُحْتَظِرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yεsomaa nteamu baako pε na εbaa wͻn soͻ, na wͻbεyεε gͻsͻͻ tesε mmabaa a awoͻ na abubu asin-asin a εwͻ mmoa adidieε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ يَسَّرْنَا ٱلْقُرْءَانَ لِلذِّكْرِ فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

كَذَّبَتْ قَوْمُ لُوطٍۭ بِٱلنُّذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailLut nkorͻfoͻ no anye kͻkͻbͻ no anni.

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ حَاصِبًا إِلَّآ ءَالَ لُوطٍ نَّجَّيْنَٰهُم بِسَحَرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Yεsomaa aboͻ nsuo tͻ guu wͻn so, gyesε Lut abusuafoͻ nko ara (na asotwee no bi anka wͻn), Yεgyee wͻn wͻ anadwo a etwa toᴐ no mu.

See all translations of this verse →

نِّعْمَةً مِّنْ عِندِنَا كَذَٰلِكَ نَجْزِى مَن شَكَرَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛyε) adom a ɛfiri Yεn hͻ. Saa ara na Yɛtua wͻn a wͻyi (Nyankopͻn) ayε no ka.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ أَنذَرَهُم بَطْشَتَنَا فَتَمَارَوْا۟ بِٱلنُّذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε (Lut) bͻͻ wͻn kͻkͻ wͻ Y’asotwee no ho, nanso wͻn adwen ansi wͻn pi wͻ kͻkͻ bͻ no ho.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ رَٰوَدُوهُ عَن ضَيْفِهِۦ فَطَمَسْنَآ أَعْيُنَهُمْ فَذُوقُوا۟ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε wͻpεε sε wͻhwim n’ahͻhoͻ firi ne nsam. Na Yɛfiraa wͻn ani (kaa sε): “Ɛneε monka M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ no nhwε “.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ صَبَّحَهُم بُكْرَةً عَذَابٌ مُّسْتَقِرٌّ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, daa asotwee no sͻͻ wͻn mu ahomakye paa.

See all translations of this verse →

فَذُوقُوا۟ عَذَابِى وَنُذُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monka M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ no nhwε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ يَسَّرْنَا ٱلْقُرْءَانَ لِلذِّكْرِ فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛayε Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ جَآءَ ءَالَ فِرْعَوْنَ ٱلنُّذُرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε kͻkͻbͻ no baa Farao nkorͻfoͻ no hͻ.

See all translations of this verse →

كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا كُلِّهَا فَأَخَذْنَٰهُمْ أَخْذَ عَزِيزٍ مُّقْتَدِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻfaa Yε nsεnkyerεnee no nyinaa atorᴐsԑm. Enti Yεde Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε no Tumi no pari sͻͻ wͻn mu dendeenden.

See all translations of this verse →

أَكُفَّارُكُمْ خَيْرٌ مِّنْ أُو۟لَٰٓئِكُمْ أَمْ لَكُم بَرَآءَةٌ فِى ٱلزُّبُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti mo (mu) boniayεfoͻ no kyεn woi nom (a yɛaseε wͻn no)? Anaasε modeε moanya (bͻhyε) wͻ Twerεsεm no mu sε yɛayi mu afiri (asotwee no) mu?

See all translations of this verse →

أَمْ يَقُولُونَ نَحْنُ جَمِيعٌ مُّنتَصِرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε deε wͻka ne sε: ”Yεdeε yεyε dͻm (kεseε) enti yεbɛdi nkonim?

See all translations of this verse →

سَيُهْزَمُ ٱلْجَمْعُ وَيُوَلُّونَ ٱلدُّبُرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεbεka wͻn dͻm no agu ama wͻadane wͻn akyi adwane.

See all translations of this verse →

بَلِ ٱلسَّاعَةُ مَوْعِدُهُمْ وَٱلسَّاعَةُ أَدْهَىٰ وَأَمَرُّ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAane, Dͻnhwere no ne εberε a yεde ahyε wͻn bͻ; na Dͻnhwere no ano yε den na (εyε berε nso) a emu (nsɛm) yε nyono.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلْمُجْرِمِينَ فِى ضَلَٰلٍ وَسُعُرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.

See all translations of this verse →

يَوْمَ يُسْحَبُونَ فِى ٱلنَّارِ عَلَىٰ وُجُوهِهِمْ ذُوقُوا۟ مَسَّ سَقَرَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a yεbεtwe wͻn ase wͻ fͻm wͻ wͻn anim so akͻ egya no mu no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monka Ogya no atenka no nhwε “.

See all translations of this verse →

إِنَّا كُلَّ شَىْءٍ خَلَقْنَٰهُ بِقَدَرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Yεde nhyehyεeε na abͻ biribiara.

See all translations of this verse →

وَمَآ أَمْرُنَآ إِلَّا وَٰحِدَةٌ كَلَمْحٍۭ بِٱلْبَصَرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Y’ahyεdeε no deε εyε baako pε, εtesε wabͻ w’ani prε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ أَهْلَكْنَآ أَشْيَاعَكُمْ فَهَلْ مِن مُّدَّكِرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛasεe (amanfoͻ bi) a na wͻte sε mo. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

See all translations of this verse →

وَكُلُّ شَىْءٍ فَعَلُوهُ فِى ٱلزُّبُرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDwuma a wͻdie biara no nso yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.

See all translations of this verse →

وَكُلُّ صَغِيرٍ وَكَبِيرٍ مُّسْتَطَرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailBiribiara, ketewa ne kεseε nyinaa yɛatwerε.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلْمُتَّقِينَ فِى جَنَّٰتٍ وَنَهَرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ Aheman mu ne nsubͻnten ho,

See all translations of this verse →

فِى مَقْعَدِ صِدْقٍ عِندَ مَلِيكٍ مُّقْتَدِرٍۭ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ Nokorε Ahennwa no ho wͻ Ɔhene Tumfoͻ no a, Ɔtumi adeε nyinaa yε no hͻ.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70