caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-Muzzammil المزمل

20 verses · Mecca · revelation order 3

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ يَٰٓأَيُّهَا ٱلْمُزَّمِّلُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho,

See all translations of this verse →

قُمِ ٱلَّيْلَ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye w'ahome).

See all translations of this verse →

نِّصْفَهُۥٓ أَوِ ٱنقُصْ مِنْهُ قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra,

See all translations of this verse →

أَوْ زِدْ عَلَيْهِ وَرَتِّلِ ٱلْقُرْءَانَ تَرْتِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur’aan no sεdeε ɛfata ma ԑho nte.

See all translations of this verse →

إِنَّا سَنُلْقِى عَلَيْكَ قَوْلًا ثَقِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yεde asεm a, emu yε duro paa bεma wo.

See all translations of this verse →

إِنَّ نَاشِئَةَ ٱلَّيْلِ هِىَ أَشَدُّ وَطْـًٔا وَأَقْوَمُ قِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie.

See all translations of this verse →

إِنَّ لَكَ فِى ٱلنَّهَارِ سَبْحًا طَوِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorɛ, adekyeɛ no mu deɛ, mmerɛ tenten wɔ hɔ ma wo a wobɛtumi de adi wo dwuma.

See all translations of this verse →

وَٱذْكُرِ ٱسْمَ رَبِّكَ وَتَبَتَّلْ إِلَيْهِ تَبْتِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin, na fa wo ho ma no kora-kora-kora.

See all translations of this verse →

رَّبُّ ٱلْمَشْرِقِ وَٱلْمَغْرِبِ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَٱتَّخِذْهُ وَكِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailApueε ne Atͻeε Wura ne no, Awurade foforͻ biara nni hͻ ka ne ho, enti fa no yε wo Kyitaafoͻ.

See all translations of this verse →

وَٱصْبِرْ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَٱهْجُرْهُمْ هَجْرًا جَمِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa si aboterε wͻ deε wͻrekeka no ho, na fa kwan pa so twe wo ho firi wͻn ho.

See all translations of this verse →

وَذَرْنِى وَٱلْمُكَذِّبِينَ أُو۟لِى ٱلنَّعْمَةِ وَمَهِّلْهُمْ قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa gyae Mene wͻn a, wͻfa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻanya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra.

See all translations of this verse →

إِنَّ لَدَيْنَآ أَنكَالًا وَجَحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ,

See all translations of this verse →

وَطَعَامًا ذَا غُصَّةٍ وَعَذَابًا أَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ).

See all translations of this verse →

يَوْمَ تَرْجُفُ ٱلْأَرْضُ وَٱلْجِبَالُ وَكَانَتِ ٱلْجِبَالُ كَثِيبًا مَّهِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie.

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَآ إِلَيْكُمْ رَسُولًا شَٰهِدًا عَلَيْكُمْ كَمَآ أَرْسَلْنَآ إِلَىٰ فِرْعَوْنَ رَسُولًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yɛasoma Ɔsomafoͻ aba mo nkyεn a ͻrebɛdi mo ho adanseε, sεdeε Yεsomaa Ɔsomafoͻ (Mose) kͻͻ Farao hͻ no,

See all translations of this verse →

فَعَصَىٰ فِرْعَوْنُ ٱلرَّسُولَ فَأَخَذْنَٰهُ أَخْذًا وَبِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso Farao yεε asoͻden tiaa Ɔsomafoͻ (Mose), enti Yεsͻͻ no mu nsͻdene.

See all translations of this verse →

فَكَيْفَ تَتَّقُونَ إِن كَفَرْتُمْ يَوْمًا يَجْعَلُ ٱلْوِلْدَٰنَ شِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobɛsi abͻ mo ho ban (wͻ saa Da no a)-

See all translations of this verse →

ٱلسَّمَآءُ مُنفَطِرٌۢ بِهِۦ كَانَ وَعْدُهُۥ مَفْعُولًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro bɛsunsuan asin-asin wͻ mu no? Nyankopͻn bͻhyε deε εyε hͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّ هَٰذِهِۦ تَذْكِرَةٌ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.

See all translations of this verse →

إِنَّ رَبَّكَ يَعْلَمُ أَنَّكَ تَقُومُ أَدْنَىٰ مِن ثُلُثَىِ ٱلَّيْلِ وَنِصْفَهُۥ وَثُلُثَهُۥ وَطَآئِفَةٌ مِّنَ ٱلَّذِينَ مَعَكَ وَٱللَّهُ يُقَدِّرُ ٱلَّيْلَ وَٱلنَّهَارَ عَلِمَ أَن لَّن تُحْصُوهُ فَتَابَ عَلَيْكُمْ فَٱقْرَءُوا۟ مَا تَيَسَّرَ مِنَ ٱلْقُرْءَانِ عَلِمَ أَن سَيَكُونُ مِنكُم مَّرْضَىٰ وَءَاخَرُونَ يَضْرِبُونَ فِى ٱلْأَرْضِ يَبْتَغُونَ مِن فَضْلِ ٱللَّهِ وَءَاخَرُونَ يُقَٰتِلُونَ فِى سَبِيلِ ٱللَّهِ فَٱقْرَءُوا۟ مَا تَيَسَّرَ مِنْهُ وَأَقِيمُوا۟ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُوا۟ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَقْرِضُوا۟ ٱللَّهَ قَرْضًا حَسَنًا وَمَا تُقَدِّمُوا۟ لِأَنفُسِكُم مِّنْ خَيْرٍ تَجِدُوهُ عِندَ ٱللَّهِ هُوَ خَيْرًا وَأَعْظَمَ أَجْرًا وَٱسْتَغْفِرُوا۟ ٱللَّهَ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٌ رَّحِيمٌۢ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn Nim yie sε, εkame ayε sε, wosͻre de anadwo no mu nkyεmu mmiεnsa mu mmienu bͻ mpaeε. Ɛtͻ dabi nso a, wokyε (anadwo no) mu mmienu; (εtͻ dabi nso a) woyi anadwo no nkyεmu mmiεnsa no mu baako (debͻ mpaeε), wͻn a wͻka wo ho no mu bi nso saa ara. Nyankopͻn na Osusu adesaeε ne adekyeε. Onim sε montumi nsese, enti Wahu mo mmͻbͻ. Enti monkenkan Qur’aan no mu deε εyε mmrε (ma mo). Onim yie sε ayarefoͻ wͻ mo mu, ebinom nso tu kwan wͻ asaase no so kͻ hwehwε Nyankopͻn adom, ebinom nso reko wͻ Nyankopͻn kwan so. Enti monkenkan (Qur’aan no) mu deε εyε mmrε; na monfrε Nyame wͻ ne brε mu, na monyi Zaka, na momͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa. Adepa biara a mobεyε ato moanim no, monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ; εno na εyε paa na εno nso ne akatua a εsom boͻ. Na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70