Home › Surahs › Surah Al-Jinn
Surah Al-Jinn الجن
28 verses · Mecca · revelation order 40
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ قُلْ أُوحِىَ إِلَىَّ أَنَّهُ ٱسْتَمَعَ نَفَرٌ مِّنَ ٱلْجِنِّ فَقَالُوٓا۟ إِنَّا سَمِعْنَا قُرْءَانًا عَجَبًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Nkͻmhyεni), ka sε: “Yɛayi akyerε me sε, Jinn fekuo bi tiee (Qur’aan yi mu nsεm na wͻkͻeε no), wͻka kyerεε (wͻn nkorͻfoͻ) sε: ”Nokorε sε, yɛate akenkan bi a εyε nwanwa.
See all translations of this verse →
يَهْدِىٓ إِلَى ٱلرُّشْدِ فَـَٔامَنَّا بِهِۦ وَلَن نُّشْرِكَ بِرَبِّنَآ أَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ɛkyerε kwan kͻ kwan tenenee no so, enti yεdeε yɛagye adi, na yεmfa obiara mmata yɛ Wura Nyankopͻn ho (nsom no).
See all translations of this verse →
وَأَنَّهُۥ تَعَٰلَىٰ جَدُّ رَبِّنَا مَا ٱتَّخَذَ صَٰحِبَةً وَلَا وَلَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, Ɔne yɛ Wura (Nyankopͻn), Animuonyam Hene a Ne tumi korͻn no, Ɔnni yere na Ɔnni ba nso.
See all translations of this verse →
وَأَنَّهُۥ كَانَ يَقُولُ سَفِيهُنَا عَلَى ٱللَّهِ شَطَطًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorɛ sɛ nkwaseafoͻ bi a εwͻ yεn mu no twa nkontompo a εborosoᴐ paa de to Nyankopͻn so.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن تَقُولَ ٱلْإِنسُ وَٱلْجِنُّ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Yεdeε na yεdwen sε, onipa ne Jinn ntumi ntwa nkontompo nto Nyankopͻn so.
See all translations of this verse →
وَأَنَّهُۥ كَانَ رِجَالٌ مِّنَ ٱلْإِنسِ يَعُوذُونَ بِرِجَالٍ مِّنَ ٱلْجِنِّ فَزَادُوهُمْ رَهَقًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, mmarima no bi wͻ nnipa mu a, wͻhwehwε ntwitwageε firi Jinn mmarima no mu bi hͻ, enti wͻma (nnipa no) tͻkͻso di nsεmmͻne.
See all translations of this verse →
وَأَنَّهُمْ ظَنُّوا۟ كَمَا ظَنَنتُمْ أَن لَّن يَبْعَثَ ٱللَّهُ أَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, wᴐdwen sεdeε mo (nnipa no mu bi) dwen sε Nyankopͻn nsoma (ᴐsomafoͻ) biara no.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا لَمَسْنَا ٱلسَّمَآءَ فَوَجَدْنَٰهَا مُلِئَتْ حَرَسًا شَدِيدًا وَشُهُبًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, na yεrehwehwε (kwan) sε, yεbɛduru ͻsoro hͻ (akͻtie adwen a, εhͻfoͻ no refa), nanso yɛhunuu sε, awεnfoͻ ahoͻdenfoͻ ne ogya tanaa ayε hͻ mma.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا كُنَّا نَقْعُدُ مِنْهَا مَقَٰعِدَ لِلسَّمْعِ فَمَن يَسْتَمِعِ ٱلْـَٔانَ يَجِدْ لَهُۥ شِهَابًا رَّصَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Na anka yεkͻtena (ͻsoro) tenabea no mu baabi sεdeε yεbεtie (ͻsoro asafo no adwen a, wͻrefa). Na seesei deε obi a (ͻbεkͻ hͻ) akotie no, ͻbεkͻ akͻto ogya tanaa a εretwεn no.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا لَا نَدْرِىٓ أَشَرٌّ أُرِيدَ بِمَن فِى ٱلْأَرْضِ أَمْ أَرَادَ بِهِمْ رَبُّهُمْ رَشَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε nso sε yɛnnim sε bͻne na Ɔrehwehwε ama asaase so foͻ, anaasε ͻkwan kyerε bi na wͻn Wura Nyankopͻn rehwehwε ama wͻn.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا مِنَّا ٱلصَّٰلِحُونَ وَمِنَّا دُونَ ذَٰلِكَ كُنَّا طَرَآئِقَ قِدَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε yεn mu bi yε apapafoͻ, na ebinom nso nte saa, yɛgu ahodoͻ a yεnam akwan sononko-sononko.
See all translations of this verse →
وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن نُّعْجِزَ ٱللَّهَ فِى ٱلْأَرْضِ وَلَن نُّعْجِزَهُۥ هَرَبًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Yɛnim yie sε, yɛntumi nnwane Nyankopͻn wͻ asaase yi so, na yɛntumi nso ntu nnwane no (wͻ ewiem).
See all translations of this verse →
وَأَنَّا لَمَّا سَمِعْنَا ٱلْهُدَىٰٓ ءَامَنَّا بِهِۦ فَمَن يُؤْمِنۢ بِرَبِّهِۦ فَلَا يَخَافُ بَخْسًا وَلَا رَهَقًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Enti εberε a yεtee tenenee no ho asεm no, yεgye dii. Na obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie no, ɔnsuro papa ho asisie (sε ne papa so bεteε), anaa bͻne nso ho asisie (sε yεde bͻne a ͻnyͻeε bεma no).
See all translations of this verse →
وَأَنَّا مِنَّا ٱلْمُسْلِمُونَ وَمِنَّا ٱلْقَٰسِطُونَ فَمَنْ أَسْلَمَ فَأُو۟لَٰٓئِكَ تَحَرَّوْا۟ رَشَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Yεn mu bi yε Muslimifoͻ, εna yεn mu bi nso ayera anaa wͻn amane afri kwan tenenee no soͻ. Enti obi a ͻbεyε Muslim aberε ne ho ase (ama Nyankopͻn) no, saa nkorͻfoͻ no na wᴐn afa tenenee kwan no.
See all translations of this verse →
وَأَمَّا ٱلْقَٰسِطُونَ فَكَانُوا۟ لِجَهَنَّمَ حَطَبًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Na mmom ayerafoͻ no deε wͻne Amane-hunu gya no nnyantia no.
See all translations of this verse →
وَأَلَّوِ ٱسْتَقَٰمُوا۟ عَلَى ٱلطَّرِيقَةِ لَأَسْقَيْنَٰهُم مَّآءً غَدَقًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Sε wͻregyina pintinn wͻ ͻkwan tenenee no so a, anka Yεbεma wͻn nsuo anom ama abu (wͻn) so-
See all translations of this verse →
لِّنَفْتِنَهُمْ فِيهِ وَمَن يُعْرِضْ عَن ذِكْرِ رَبِّهِۦ يَسْلُكْهُ عَذَابًا صَعَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Sεdeε Yεde bεyε wͻn nsͻhwε. Na obi a ͻbεtwe ne ho afri ne Wura Nyankopͻn Afutusεm no ho no, Ɔbεma no akͻ asotwee kεseε paa mu.
See all translations of this verse →
وَأَنَّ ٱلْمَسَٰجِدَ لِلَّهِ فَلَا تَدْعُوا۟ مَعَ ٱللَّهِ أَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, Nyamefrε bea biara wͻ Nyankopͻn, enti monhwε na moannsu anfrε obiara (wͻ hͻ) ka Nyankopͻn nko ara ho.
See all translations of this verse →
وَأَنَّهُۥ لَمَّا قَامَ عَبْدُ ٱللَّهِ يَدْعُوهُ كَادُوا۟ يَكُونُونَ عَلَيْهِ لِبَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, εberε a Nyankopͻn akoa (Muhammad) gyina hͻ rebͻ mpae sufrε no no, εkaa kakraabi sε anka (Jinnfoͻ no) kͻkyere guu no so wͻ akͻnkͻn so.
See all translations of this verse →
قُلْ إِنَّمَآ أَدْعُوا۟ رَبِّى وَلَآ أُشْرِكُ بِهِۦٓ أَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε me Wura Nyankopͻn na mesu frε no, na menfa biribi mmata ne ho “.
See all translations of this verse →
قُلْ إِنِّى لَآ أَمْلِكُ لَكُمْ ضَرًّا وَلَا رَشَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ka sε: “Medeε menni bͻne anaasε papa so tumi bi de ma mo’’.
See all translations of this verse →
قُلْ إِنِّى لَن يُجِيرَنِى مِنَ ٱللَّهِ أَحَدٌ وَلَنْ أَجِدَ مِن دُونِهِۦ مُلْتَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ka sε: “Obiara ntumi nnye me mfiri Nyankopͻn nsam, na mefri n’akyi nso a menya dwanekͻ bea.
See all translations of this verse →
إِلَّا بَلَٰغًا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِسَٰلَٰتِهِۦ وَمَن يَعْصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَإِنَّ لَهُۥ نَارَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Mmom (m’adwuma ne sε) mεbͻ nsεm a efiri Nyankopͻn hͻ no ho dawuro. Enti obi a ͻbεte Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no so atua no, nokorε sε, ͻwͻ Amanhunu gya a, ͻbεtena mu afe bͻͻ.
See all translations of this verse →
حَتَّىٰٓ إِذَا رَأَوْا۟ مَا يُوعَدُونَ فَسَيَعْلَمُونَ مَنْ أَضْعَفُ نَاصِرًا وَأَقَلُّ عَدَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Abosomsomfoͻ no de asoͻden saa ara) kͻpem εberε a, wͻbɛhunu deε yɛahyε wͻn ho bͻ no, εhͻ na wͻbɛhunu obi a n’aboafoͻ nni ahoͻden na (wͻn) dodoͻ nso yε kakraabi.
See all translations of this verse →
قُلْ إِنْ أَدْرِىٓ أَقَرِيبٌ مَّا تُوعَدُونَ أَمْ يَجْعَلُ لَهُۥ رَبِّىٓ أَمَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε mennim sε deε yɛahyε mo ho bͻ no abεn, anaasε me Wura Nyankopͻn de bεhyε εberε tenten bi.
See all translations of this verse →
عَٰلِمُ ٱلْغَيْبِ فَلَا يُظْهِرُ عَلَىٰ غَيْبِهِۦٓ أَحَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ahuntasεm mu Nimdefoͻ (Nyame), Ɔnna N’ahuntasεm adi nkyerε obiara,
See all translations of this verse →
إِلَّا مَنِ ٱرْتَضَىٰ مِن رَّسُولٍ فَإِنَّهُۥ يَسْلُكُ مِنۢ بَيْنِ يَدَيْهِ وَمِنْ خَلْفِهِۦ رَصَدًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Gyesε Ɔsomani a Wayi no. Nokorε sε, Ɔma Awεnfoͻ di n’anim ne n’akyi-
See all translations of this verse →
لِّيَعْلَمَ أَن قَدْ أَبْلَغُوا۟ رِسَٰلَٰتِ رَبِّهِمْ وَأَحَاطَ بِمَا لَدَيْهِمْ وَأَحْصَىٰ كُلَّ شَىْءٍ عَدَدًۢا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Sεdeε Ɔbεhunu sε ampa, wabͻ wͻn Wura Nyankopͻn asεm no ho dawuro. (Ne nimdeε) atwa deε εwͻ wͻn hͻ no (nyinaa) ho ahyia, na Wakan biribiara nso dodoͻ, (anaasε Onim biribiara dodoͻ).
See all translations of this verse →
← Surah Nooh
Surah Al-Muzzammil →
Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
→
Arabic text and translations via Tanzil and QuranEnc — verbatim, unmodified · Translations belong to their translators and are not the Qur'an itself
This is a research aid, not a source of religious rulings.