caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-Burooj البروج

22 verses · Mecca · revelation order 27

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ وَٱلسَّمَآءِ ذَاتِ ٱلْبُرُوجِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMede ͻsoro a, ɛkuta Nsoromma akεseε,

See all translations of this verse →

وَٱلْيَوْمِ ٱلْمَوْعُودِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe εda a yɛahyε ho bͻ no,

See all translations of this verse →

وَشَاهِدٍ وَمَشْهُودٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε:

See all translations of this verse →

قُتِلَ أَصْحَٰبُ ٱلْأُخْدُودِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDue nka wͻn a wͻtuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)-

See all translations of this verse →

ٱلنَّارِ ذَاتِ ٱلْوَقُودِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ ogya tanaa a, yɛasͻ ano mu no.

See all translations of this verse →

إِذْ هُمْ عَلَيْهَا قُعُودٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a, na wͻkoto (ogya) no ho no,

See all translations of this verse →

وَهُمْ عَلَىٰ مَا يَفْعَلُونَ بِٱلْمُؤْمِنِينَ شُهُودٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa wɔnom ara yɛ adansefoɔ wɔ neɛ na wɔredeyɛ agyidifoɔ no.

See all translations of this verse →

وَمَا نَقَمُوا۟ مِنْهُمْ إِلَّآ أَن يُؤْمِنُوا۟ بِٱللَّهِ ٱلْعَزِيزِ ٱلْحَمِيدِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε hwee ho nti na wͻhyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِى لَهُۥ مُلْكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ شَهِيدٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Ne dea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ فَتَنُوا۟ ٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُؤْمِنَٰتِ ثُمَّ لَمْ يَتُوبُوا۟ فَلَهُمْ عَذَابُ جَهَنَّمَ وَلَهُمْ عَذَابُ ٱلْحَرِيقِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻtan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻbɛnya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻsan wͻ ͻhyeε asotwee.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَعَمِلُوا۟ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمْ جَنَّٰتٌ تَجْرِى مِن تَحْتِهَا ٱلْأَنْهَٰرُ ذَٰلِكَ ٱلْفَوْزُ ٱلْكَبِيرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻagye adie, na wͻdii dwuma pa no, wͻbɛnya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no.

See all translations of this verse →

إِنَّ بَطْشَ رَبِّكَ لَشَدِيدٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa.

See all translations of this verse →

إِنَّهُۥ هُوَ يُبْدِئُ وَيُعِيدُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio.

See all translations of this verse →

وَهُوَ ٱلْغَفُورُ ٱلْوَدُودُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no,

See all translations of this verse →

ذُو ٱلْعَرْشِ ٱلْمَجِيدُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no,

See all translations of this verse →

فَعَّالٌ لِّمَا يُرِيدُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε.

See all translations of this verse →

هَلْ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلْجُنُودِ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abɛduru wo hͻ?

See all translations of this verse →

فِرْعَوْنَ وَثَمُودَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)?

See all translations of this verse →

بَلِ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ فِى تَكْذِيبٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻn a wͻnnye nnie no gu so po (Nokorε no).

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ مِن وَرَآئِهِم مُّحِيطٌۢ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia.

See all translations of this verse →

بَلْ هُوَ قُرْءَانٌ مَّجِيدٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa,

See all translations of this verse →

فِى لَوْحٍ مَّحْفُوظٍۭ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70