Home › Surahs › Surah Al-Insaan
Surah Al-Insaan الانسان
31 verses · Medina · revelation order 98
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ هَلْ أَتَىٰ عَلَى ٱلْإِنسَٰنِ حِينٌ مِّنَ ٱلدَّهْرِ لَمْ يَكُن شَيْـًٔا مَّذْكُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε εberε bi baa onipa so a, na ͻnyε biribi a yεbͻ din.
See all translations of this verse →
إِنَّا خَلَقْنَا ٱلْإِنسَٰنَ مِن نُّطْفَةٍ أَمْشَاجٍ نَّبْتَلِيهِ فَجَعَلْنَٰهُ سَمِيعًۢا بَصِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, Yεbͻͻ onipa firi (ͻbarima ne ͻbaa) ahobae a adi afra mu sε yεresͻ no ahwε, enti Yɛmaa no aso ne ani.
See all translations of this verse →
إِنَّا هَدَيْنَٰهُ ٱلسَّبِيلَ إِمَّا شَاكِرًا وَإِمَّا كَفُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorԑ sε, Yakyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) boniayε.
See all translations of this verse →
إِنَّآ أَعْتَدْنَا لِلْكَٰفِرِينَ سَلَٰسِلَا۟ وَأَغْلَٰلًا وَسَعِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, Yɛasiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
See all translations of this verse →
إِنَّ ٱلْأَبْرَارَ يَشْرَبُونَ مِن كَأْسٍ كَانَ مِزَاجُهَا كَافُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yεde afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa.
See all translations of this verse →
عَيْنًا يَشْرَبُ بِهَا عِبَادُ ٱللَّهِ يُفَجِّرُونَهَا تَفْجِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so.
See all translations of this verse →
يُوفُونَ بِٱلنَّذْرِ وَيَخَافُونَ يَوْمًا كَانَ شَرُّهُۥ مُسْتَطِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻdi wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no.
See all translations of this verse →
وَيُطْعِمُونَ ٱلطَّعَامَ عَلَىٰ حُبِّهِۦ مِسْكِينًا وَيَتِيمًا وَأَسِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Na wͻma ohiani ne awisiaa neɛ wakyiri no dedua aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti.
See all translations of this verse →
إِنَّمَا نُطْعِمُكُمْ لِوَجْهِ ٱللَّهِ لَا نُرِيدُ مِنكُمْ جَزَآءً وَلَا شُكُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Deε wͻka ne sε): Yε deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yεnhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ.
See all translations of this verse →
إِنَّا نَخَافُ مِن رَّبِّنَا يَوْمًا عَبُوسًا قَمْطَرِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Efirisε, yɛsuro muna ne ahokyerε Da kεseε a efiri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no.
See all translations of this verse →
فَوَقَىٰهُمُ ٱللَّهُ شَرَّ ذَٰلِكَ ٱلْيَوْمِ وَلَقَّىٰهُمْ نَضْرَةً وَسُرُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Enti Onyankopͻn bɛyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε.
See all translations of this verse →
وَجَزَىٰهُم بِمَا صَبَرُوا۟ جَنَّةً وَحَرِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Aboterε a wͻnyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma bɛtua wͻn ka;
See all translations of this verse →
مُّتَّكِـِٔينَ فِيهَا عَلَى ٱلْأَرَآئِكِ لَا يَرَوْنَ فِيهَا شَمْسًا وَلَا زَمْهَرِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Wͻbεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ.
See all translations of this verse →
وَدَانِيَةً عَلَيْهِمْ ظِلَٰلُهَا وَذُلِّلَتْ قُطُوفُهَا تَذْلِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Aheman no mu nnua no) nwunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama ne teε ayε mmrε ama wͻn).
See all translations of this verse →
وَيُطَافُ عَلَيْهِم بِـَٔانِيَةٍ مِّن فِضَّةٍ وَأَكْوَابٍ كَانَتْ قَوَارِيرَا۠
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa bɛtwa wͻn ho ahyia,
See all translations of this verse →
قَوَارِيرَا۟ مِن فِضَّةٍ قَدَّرُوهَا تَقْدِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Senya nkruwaa a εhyerεn te sε dwetε. Yɛasusu no pεpεεpε (sεdeε wͻpε no).
See all translations of this verse →
وَيُسْقَوْنَ فِيهَا كَأْسًا كَانَ مِزَاجُهَا زَنجَبِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Yεbεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu.
See all translations of this verse →
عَيْنًا فِيهَا تُسَمَّىٰ سَلْسَبِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’.
See all translations of this verse →
وَيَطُوفُ عَلَيْهِمْ وِلْدَٰنٌ مُّخَلَّدُونَ إِذَا رَأَيْتَهُمْ حَسِبْتَهُمْ لُؤْلُؤًا مَّنثُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Mmeranteε a wͻn mfeɛ no te sε deε εteε daa bɛdi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a yɛato apete.
See all translations of this verse →
وَإِذَا رَأَيْتَ ثَمَّ رَأَيْتَ نَعِيمًا وَمُلْكًا كَبِيرًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε.
See all translations of this verse →
عَٰلِيَهُمْ ثِيَابُ سُندُسٍ خُضْرٌ وَإِسْتَبْرَقٌ وَحُلُّوٓا۟ أَسَاوِرَ مِن فِضَّةٍ وَسَقَىٰهُمْ رَبُّهُمْ شَرَابًا طَهُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Wͻbɛfira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom.
See all translations of this verse →
إِنَّ هَٰذَا كَانَ لَكُمْ جَزَآءً وَكَانَ سَعْيُكُم مَّشْكُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”.
See all translations of this verse →
إِنَّا نَحْنُ نَزَّلْنَا عَلَيْكَ ٱلْقُرْءَانَ تَنزِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail (Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Yɛsiane Qur’aan no nkakrankakra maa woͻ,
See all translations of this verse →
فَٱصْبِرْ لِحُكْمِ رَبِّكَ وَلَا تُطِعْ مِنْهُمْ ءَاثِمًا أَوْ كَفُورًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu ɔbͻnefo anaasε boniayεni biara.
See all translations of this verse →
وَٱذْكُرِ ٱسْمَ رَبِّكَ بُكْرَةً وَأَصِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anwumerε.
See all translations of this verse →
وَمِنَ ٱلَّيْلِ فَٱسْجُدْ لَهُۥ وَسَبِّحْهُ لَيْلًا طَوِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no.
See all translations of this verse →
إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ يُحِبُّونَ ٱلْعَاجِلَةَ وَيَذَرُونَ وَرَآءَهُمْ يَوْمًا ثَقِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻbu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so.
See all translations of this verse →
نَّحْنُ خَلَقْنَٰهُمْ وَشَدَدْنَآ أَسْرَهُمْ وَإِذَا شِئْنَا بَدَّلْنَآ أَمْثَٰلَهُمْ تَبْدِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Yεn na Yεbͻͻ wͻn, hyεε wͻn mpamuden; sε Yεpε a Yεbεsesa wͻn korakora de wͻn sεso (foforͻ) abεhyε wͻn anam mu.
See all translations of this verse →
إِنَّ هَٰذِهِۦ تَذْكِرَةٌ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.
See all translations of this verse →
وَمَا تَشَآءُونَ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمًا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ԑnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
See all translations of this verse →
يُدْخِلُ مَن يَشَآءُ فِى رَحْمَتِهِۦ وَٱلظَّٰلِمِينَ أَعَدَّ لَهُمْ عَذَابًا أَلِيمًۢا
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail Ɔde obi a Ɔpε Wura N’ahummͻborͻ no mu; na abͻneεfoͻ no deε Wasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ.
See all translations of this verse →
← Surah Al-Qiyaama
Surah Al-Mursalaat →
Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
→
Arabic text and translations via Tanzil and QuranEnc — verbatim, unmodified · Translations belong to their translators and are not the Qur'an itself
This is a research aid, not a source of religious rulings.