Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, me honam mu nnompe nyinaa ago, na me tri nwii nso ahura dwono fitaa, na su a mesu frε Woͻ no mu biara nnihͻ a, ansi me yie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa mesuro me nkorͻfoͻ a εwͻ m’akyi; me yere nso ayε bonini, enti dom me kyԑ me (ba anaasε) okyitaafoͻ a ofri Wo hͻ-
Akan Translation (Asante) - Harun Ismaila, ɔbɛdi m’adeε na wadi Yakobo asefoͻ adeε. Me Wura Nyankopͻn, yε (saa abͻfra a Wode no bεma me) no obia Wogye no to mu “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Soro abɔfoɔ kaa sɛ) “Zakariya, Yεde abarimaa bi rehyε wo bͻ, yεfrε no Yah’ya (Yohane) Yenii kan ntoo obi din te saa “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailZakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εbεyε dεn na manya ba aberε a meyere yε bonini, nokorε mu me nso manyin abᴐ akͻkora?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔbɔfoɔ no) kaa sε: “Saa (ara na εbεyε). Wo Wura Nyankopͻn se: “Ɛyε mmrε ma Me, nokorε sε Medii kan bͻͻ wo a, (saa berε no) na wonyε hwee“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailZakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma me (ho) nsεnkyerεnee. (Onyankopͻn) kaa sε: Wo nsεnkyerεnee ne sε, (εwom sε) wote apͻ deε, nanso wo (nntumi) nkasa nnipa ho nnansa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti opue fri pie no mu baa ne nkorͻfoͻ no hͻ, na ͻde nsεnkyerεnee kasa kyerεε wͻn sε: “Momͻ (Nyankopͻn) abodin anͻpa ne anwummerε “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆfaa ntware mu twaree ͻne wͻn ntεm, ɛna Yεsomaa Yε honhom baa ne hͻ bεdaa ne ho adi kyerεε no tesε onipa sεso pεpεεpε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yεbεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yɛahyehyε awie”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAwoͻ yeaa no de no kͻͻ akyiresua dua bi ho. Ɔkaa sε: “Ɛkaa menko a anka medii kan wui ansa na (asεm) woi (reba), anka yεwerε afri me koraa”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDi, na nom na ma w’ani nnye. Sε wohu onipa biara a, ka sε: “Mahyε Ahummͻborͻ Hene no akͻmkyene ho bͻ, enti menkasa onipa biara ho nnε“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Mar’yam (de nensa) kyerεε (abͻfra) no so. Wͻkaa sε: “Ɛbεyε dεn na yɛatumi ne akokoaa a ͻda tanaa mu akasa? “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Wahyira me wͻ baabiara a me wͻ biara, εna Wayε Nyamefrε ne Zaka no nso nhyε ama me wͻ mmerε tenten a mete aseε,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐmfata mma Nyankopͻn sε Ͻwo ba. Kronkron Hene ne no. Sε Ɔhyehyε biribi a, deε ͻka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε! na ayε “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso ntotoo bεtͻͻ akuo no ntεm (wͻ Yesu ho); enti due nka (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, wͻ Da kεseε no nhyiamu no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε wͻbɛsi ahunu adeε kann ate asεm kann wͻ Ɛda a wͻbεba Yεn hͻ no, nanso abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee mu nnε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Ɔkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbɛdi asεm no awie no, nanso (seesei) wɔabu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailM’agya, nokorε, mesuro sε anhwε a na asotwee bi fri Ahummͻborͻ Hene no hͻ abεsͻ wo mu, na wo akͻyε ͻbonsam yͻnko.”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ne papa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mɛsi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMatwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na meresu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Abraham twee ne ho frii wͻn ho, ne deε wɔfri Nyankopɔn akyi som no ho no, Yεmaa no Is’haaq ne Ya’aquub, na Yεyεε wͻn (mu) biara nkכmhyεni.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae Ishmael nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na odi nokorε wͻ bͻhyε no ho. Na ͻyε ͻsomafoͻ (san nso yε) nkͻmhyεni.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ yi na Nyankopͻn adom wͻn wͻ nkͻmhyεfoͻ no mu wͻ Adam asefoͻ no mu, ne wͻn a Yε’soaa wᴐn kaa Noa ho no mu, ne Abraham asefoͻ no, ne Israel (anaasε Yakobo asefoͻ no), ne wͻn a Yε’kyerɛε wͻn kwan, yii wͻn (wͻ adasamma mu no). Sε yεrekenkan Ahummͻborͻ Hene no Nsεm no kyerε wͻn a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn akyiri no, anaamusifoͻ bi besii wͻn anan mu a wͻ’buu wͻn ani guu Nyamefrε no soͻ, na wͻ’dii akͻnnͻ deε akyi. (Saa nkorͻfoͻ no) behyia ͻsεeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailGyesε wͻn a wͻbεsakra wͻn adwen na wagye adie, na wͻ’adi dwuma pa, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bewura Soro aheman no mu no, na yensisi wͻn wͻ hwee ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAheman a εwͻ hͻ daa a, Ahummͻborͻ Hene no ahyε Nenkoa no ho bͻ a εwͻ kokoa mu no (emu na wͻ’bεtena). Nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinmfii Wura (ne no), enti som no, na si abotrε wͻ Nesom no ho. Enti wonim obi a ͻne Nyankopͻn din sε?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Nkͻmhyεni), mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Yε bεboa wͻn ne abonsamfoͻ no (nyinaa) ano, na Yεde wͻn abetwa Ogya no ho ahyia wͻ (wͻn) nkotodwe so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεrekenkan Yεn nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn a wͻ nnye nnie no ka kyerε wͻn a wagye adie no sε: “Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ no) emu deε εwͻ hen na ekuta gyinabrε pa na (εwͻ) hyia-dan a edi mmu a abadwafoͻ papa paa wͻ?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kasε: “Obi a ͻwͻ ͻyera mu no, Ahummͻborͻ Hene no ma no berε tenten ma no kosi sε wͻ’behu deε yabͻ wͻn ho kͻkͻ no, sε εyε asotwee no, anaasε Dͻnhwere no. (Ԑhͻ na) wͻ’behu deε ne gyinabrε nyε, na n’asraafoͻ (anaa nedͻm) nni ahoͻden.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn de tenenee bεka wͻn a wͻ’anya kwankyerε no ho. Na dwumadi pa a (εho akatua pa) wͻ hͻ daa no, εno na εyε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na (εno nso na εwͻ) akatua (pa) ne awieε pa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Yεbεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻrekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no),
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yayε (Qur’aan) no mmrε ama wo kεterεma, sεdeε wode bεhyԑ Nyame-surofoͻ no bᴐ, na wode bεbͻ wͻn a wͻreko tia dendeenden no nso kͻkͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAwoͻ ntoatoasoͻ sεn na adi wͻn anim kan a Yasεe wͻn? Wohunu wͻn mu baako mpo, anaasε wote wͻ’nka anaasε wͻn ho mpopoeε bi?