Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ohunuu egya bi, ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn, nokorε sε mahunu egya bi, na ebia mede gya-sramma bi befri mu abrε mo, anaasε menya kwan kyerε bi wͻ ogya no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Me ne wo Wura Nyankopͻn no, enti worͻ wo mpaboa no, efrisε wo wͻ eku anaasε bonhwa kronkron Tuwa no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Nokorε sε, Me ne Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Menko ara, enti som Me, na frε Nyame fa kaekae Me “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “Ɛyε me poma: Metu twene no, mede bubu wira ma m'ayεmmoa, na mewͻ nneεma foforͻ bi nso a me de yε “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε: “Fa no to adaka mu, na fa no si nsuo no mu, na nsuo no de no bεba kokoͻ so, na Metamfo ne ne tamfo bεfa no. Na Mede Me ho dͻ maa wo, sεdeε yεbεtete wo wͻ M’ani soͻ (anaasε abrε a M’ani tua).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wo nua baa (Mar’yam) kͻkaa sε: “Menkyerε mo nea ͻbεhwε no ama mo? Enti Yεsan de wo brεε wo maame, sεdeε n’ani bεgyeε, na ne werε nhoͻ. Wokum onipa, na Yεgyee wo frii awerεhoͻ mu, na Yεde nsͻhwε sͻͻ wo hwεe. Na wotenaa Mad’yanfoͻ no mu mfeɛ bi mu. Afei Mose, wobaa ha sεdeε yɛahyehyε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε, yɛsuro sε anhwε a ͻde ntԑmpԑ ato ahyԑ yԑn so anaasε ͻde asoͻden ayε bͻne bi ama aboroso“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monkͻ ne hͻ, na monka sε: “Nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn n'asomafoͻ, enti fa Israel mma no ma yεn; na εnhyε wͻn aniεyaa. Ampa sε yεde nsεnkyerεnee fri wo Wura Nyankopͻn hͻ aberε wo. Asomdwoeε no wͻ obia odi tenenee no akyi so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose buaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne Nea Ɔde ade biara ma sεdeε ne mmͻeε ne ne su siteε, εna Ɔsan kyerε (no) kwan tenenee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “Ɛno ho nimdeε wͻ Nwoma mu wͻ me Wura Nyankopͻn hͻ; me Wura Nyankopͻn nyε mfomsoͻ, na Ne werε mmfi nso”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Wayε asaase atrε mu asε hͻ ama mo, εna Watwitwa akwan ato mu ama mo, εna Osiane nsuo fri soro, na Yεde ma nnuaba ahodoͻ fifiri mmienu mmienu (anini ne abedeε).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail{Asaase} mu na Yεbͻͻ mo firiiɛ, na emu na Yεbεma moasan akͻ, na emu na Yεbεsan ama mo apue afri wͻ εberε a εtͻso bio (no mu).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεnso yεbyi ntafowa a εte saa akyerε wo, enti hyε berε to yε ne wo ntεm; yɛmmu so, wonso saa ara; (na yɛnhyia) wͻ bea a εyε pεpεεpε (ma yεn mmienu nyinaa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose ka kyerεε wͻn sε : “Adi ayε mo! Monhwε na moammͻ mo trim antwa nkontompo anto Nyankopͻn so, na anhwε a Ɔde asotwe bεtwe mo aso. Ampa sε obi a otwa nkontompo (to Nyankopͻn soͻ) no bɛdi nkoguo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Nokorε mu, saa nnipa mmienu yi yε ntafowayifoͻ mmienu a wͻpεsε wͻde wͻn ntafowa no bɛtu mo fri mo asaase soͻ na wͻyi mo amammerε pa no fri hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “Daabi, (moni kan) nto. Na hwε (εberε a wͻtoeε no) wͻn ntafowa no maa wͻn nhoma ne wͻn mmaa no daa adi maa no yεε sεdeε εrekͻ ntεntεm no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFa deε εwͻ wonsa nifa mu no to fͻm na εbεmemene deε wͻn ayε no. Deε wͻn ayε no yε ntafowayifoͻ naadaa akwan. Babiara a ntafowayini bi befri aba biara no onni nkonim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti ntafowayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm kaa sε. “Yɛagye Aaron ne Mose Wura Nyankopͻn no adi “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a me mmaa mo kwan? Nokorε sε, ͻne mo panin a ͻkyerεε mo ntafowa yie. Enti mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira na mabͻ mo asennua mu wͻ akyeresua dua ho, ama moahu nokorε sε, yεn mu nea ͻwͻ asotwee a, ano yε den, na εkyε“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Yɛntumi nnyi wo (Farao) na yɛnnyae nsεnkyerεnee pefee a aba yεn hͻ, ne (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ yεn no, enti atemmuo (biara) a wowͻ bu (tia yεn no) bu (tia yεn). Wiase asetena yi mu atemmuo na wobɛtumi abuo”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, yɛagye yɛ Wura Nyankopͻn no adi sεdeε Ɔde yεn mfomsoͻ bεkyε yεn, ne ntafowa yie a wohyεε yεn wͻ ho no. Nyankopͻn na ͻyε (kyεn wo Farao wͻ akatua pa mu) na (N’asotwee nso na) εwͻ hͻ daa”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, obia ͻbεba ne Wura Nyankopͻn hͻ na ͻyε bͻneεni no, nokorε sε Amane hunu gya no wͻ hͻ ma no. Onnwu wᴐ egya no mu, na onya nkwa nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa, Yɛyi kyerεε Mose sε: “Fa Me nkoa no tu kwan anadwo, na pae εkwan a εso awoͻ ma wͻn wͻ ͻpo no mu, na ensuro sε (Farao ne n’asraafoͻ no) bεto (woͻ), na ensuro nso (sε nsuo bεfa woͻ).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailIsrael mma, nokorε sε Yεgyee mo frii mo atamfo nsam, εna Yεne mo yεε apam wͻ bepͻ Sinia nifa so, na Yɛsianee Mana ne Salwa maa mo,
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Kaa sε): ”Monidi mfri nnepa a Yεde abͻ mo akͻnhoma no mu, na monhwε na moanyε ho asoͻden, anyε saa a M’abufuo bεba mo so, na obi a M’abufuo bεba ne soͻ no, nokorε sε wasopa “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Mena Mede obia ͻsakra n’adwen, na ͻgye die, na odi dwumapa, na ͻfa ͻkwan tenenee no soͻ no bͻne kyε no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛberε a Mose kͻͻ bepͻ no so hͻ no Nyame bisaa no sε) : “Mose, εdeεn nti na wode ntεmpε afri wo nkorͻfoͻ no hͻ yi? “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ. Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, enti mo Wura Nyankopͻn anhyε mo bͻ pa? Anaasε bͻhyε no berε no kwan ware ma mo anaa, anaasε mopεsε abufuo a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ no ba mo soͻ, enti na mobuu bͻhyε a (moahyε) me no soͻ?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Ɛnyε yɛtumi mu na yεde buu bͻhyε a (yɛahyε) woͻ no soͻ, na mmon yεde (Farao) nkorͻfoͻ no agudeε adesoa no soaa yεn, na yεto guu (ogya mu) na adwen a Saamirii de baeε ne no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOyii nantwi bedeε honam a εwͻ nnee (frii ogya no mu) maa wͻn, ԑna wͻkaa sε: ”Woi ne mo nyame no ne Mose nyame no, nanso (Mose) werε afi “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻnhunu sε (nantwie no) mma wͻn asεm biara ho mmuaeε, na enni tumi bi a εde ͻhaw anaasε mfasoͻ bi berε wͻn?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Aaron dii kan ka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, yεde woi ayε mo nsͻhwε, mo Wura no ne Ahummͻborͻ Hene no, enti moni m’akyi na moni m’ahyεdeε so “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Aaron) kaa sε: ”Eno ba, mpari nnsͻ meti anaa m'abͻdwesε mu. Nokorε sε, na mesuro sε, anhwε a waka sε: “Wama mpaepaemu aba Israel mma no ntεm, na woantwεn m’asεm a mεka “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε ”Mehunuu deε wͻn nhunuiε, enti me saa (mfuturo) me nsa mma frii ͻbͻfoͻ no anamͻn so, εna meto guu (ogya no a Farao nkorͻfoͻ no agudeε no wͻ mu no mu), na deε m'adwen kyerεε me ne no “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mose) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ. (W’aso twee) wͻ asetena yi mu ne sε wobeka sε. “Ɛnsͻ me mu “. Wo wͻ bͻhyε a yɛmmu soͻ. Hwε wo nyame a wode wo ho ama no no, nokorε sε yεbεhye no na yɛato apete wͻ ͻpo no mu“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo Awurade no deε Ɔne Nyankopͻn no a awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara no, na (Ne) nimdeε trε (kata) biribiara soᴐ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu (deε εtͻ so mprenu no), saa Da no Yεbεboa abͻneεfoͻ no ano, wͻn ani bεyε (tumm) tesε bibire.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo fa mmepͻ nso ho asεm. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bɛbubu no gͻsͻgͻsͻ atu apete sε mfuturo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no (adasamma nyinaa) bedi Ɔfrεfoͻ no a, (nefrε no) nkyea (nkͻ nifa anaa benkum) no akyi, na εnee (biara) bεberε ase ama Ahummͻborͻ Hene no, enti wonte hwee gyesε (nnipa) nan ase dede.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ (mma obiara) gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan na Wagye N’asεm ato mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnim deε εda wͻn anim (wͻ wiase) ne deε da wͻn akyi (wͻ Daakye Atemmuda), na wͻn nimdeε nnuru Ne nimdeε ho hwee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnimu nyinaa bεberε wͻn ho ase ama Ɔteasefoͻ no a Ͻde Ne ho tene ho ase daa no. Na ampa sε obi a ͻso bͻne no adi nkoguo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yɛasiane Qur’aan wͻ Arab kasa mu, εna Yɛakyerεkyerε kͻkͻbͻ no wͻ mu sεdeε wͻbεsuro Nyame anaasε εbεma wͻn afa adwen.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Nea Ͻyε Okokroko kyεn adeε nyinaa ara no Ɔne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ ne no. (Nkͻmhyεni), ansa na Qur’aan a yεresiane ama woͻ no bεhyε mma no, enni kan mmpere ho, na kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fa nimdeε (no bi) ka me ho “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Kae) εberε a Yεka kyεrεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mommrε mo ho ase mfa mo anim mmutu fͻm mma Adam, wɔde wͻn anim butuu fͻm (maa Adam), gyesε Iblis, wannyε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεkaa sε : “Adam, woi yε ͻtamfo ma wo ne woyere, enti (monhwε yie na) wanntu mo amfri Turo no mu amma moanyε mmͻbͻ.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻn mmuienu dii (aduaba no) bi, na wͻn adagya daa adi, enti wͻfitii aseε de Turo no mu nhahan no bi kataa wͻn ho so. Adam yεε ne Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden, na ͻyerae.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Mo mmienu monsiane (nkͻ asaase so), moyε mo ho-mo ho atamfoͻ. Enti sε kwankyerε fri Me hͻ ba mo hͻ na obia ͻbɛdi Me kwankerε no akyire no, ͻnyera na ͻnyε mmͻbͻ nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa obi a ͻbɛtwe ne ho afri M’afutusεm no ho no, obenya ahokyerɛ asetena, na Wusͻreε da no Yεbenyane no onifirani.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yɛtua obi a odi bͻne na ͻnnye ne Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no so ka. Nokorε sε Daakye asotwee no ano yε den paa, na εwͻ hͻ daa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a Yɛadi wͻn anim kan asεe wͻn a wͻnenam faako a na wͻteteε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwenmmafoᴐ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε asεm no nnii kan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, εna yɛahyehyε εberε no nso ato hͻ a, anka (asotwee no) bԑyε hͻ (ama wͻn wͻ wiase ha).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Ɔkͻmhyεni), wodeε nya deε wͻrekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn no abodin ansa na awia apue, ansa na akͻtͻ, na bͻ no abodin anadwo dͻnhwere no bi mu, ne awia dͻnhwere no nso mu bi, sεdeε yεbεgye wo atom.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa εnnyene w’ani nnhwε deε Yεde ama wͻn mu akuakuo no mu bi no; (εyε) wiase afεfεdeε. (Yεde ama wͻn) sεdeε Yεde bεyε wͻn nsͻhwε. Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no (a Wahyε wo ho bͻ wͻ Atemmuda no, εno mmom) na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa hyε w’abusuafoͻ ma wͻnfrε Nyame, na nya (Nyamefrε no) ho aboterε. Yɛmmisa wo akͻnhoma. Yεn mmom na Yεbͻ wo akͻnhoma. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻka ne sε: “Adεn na ͻmfa nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε yεn?“ Nkyerεkyerεmu anaa nyinasoͻ pefee a εwͻ Nwoma a edii kan no mu no mmaa wͻn hͻ?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yɛdii kan de asotwee sεee wͻn ansa na (Afutusεm) woi (reba) a, anka wͻbεkasε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, adεn nti na Wansoma ͻsomafoͻ bi wͻ yεn hͻ amma yɛanni W’asεm no akyi ansa na fεdeε ne animguaseε reto yεn?“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Obiara retwεn, enti monso montwεn na mobɛhu wͻn a wͻnam kwan pεpεεpε no soͻ ne obi a watene.