Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Na mmom Ɔmaa no yεε Nwoma a emu nsεm no) tene pεpεεpε, sεdeε ͻde asotwe denden a efri Ne hͻ no bεbͻ (nnipa) kͻkͻ, na ͻbεhyԑ agyidiefoͻ no a wͻredi dwumapa no nso bᴐ sε, wͻn wͻ akatuapa a,
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa nkorͻfoͻ no) nni (nsεm a wͻka no) ho nimdeε; wͻn agya nom nso (a wͻresuasua wͻn no nso) saa ara. Asεm kεseε paa na epue firi wͻn ano no. Nkontomposεm ne deԑ wᴐkeka no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yɛayε deε εwͻ asaase soͻ no afεɛfεdeε ama (asaase) no, sεdeε Yεde bεyε nnipa nsͻhwε, (agyina so ahwε) wͻn mu obi a odi dwuma pa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaa w’adwen yε wo sε Ɔbodan no mu foͻ no, ne Adwini a yɛadi (anaasε ntwerε a yɛatwerε fa wͻn ho) no ka Yԑn nsԑnkyerԑnee a ԑyԑ nwanwa no ho anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a mmranteε no kͻbͻͻ wͻn ho adwaa wͻ ͻbodan no mu no, (wͻbͻͻ mpaeε) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ma yεn ahummͻborͻ a efri Wo nkyεn, na kyerε yεn kwan wͻ yεn dwumadie yi ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Yɛnyanee wͻn sεdeε Yɛbɛhunu akuo mmienu no mu deε onim akontabuo a (ͻbetumi) asese mmerε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), Yεde wͻn asεm no mu nokorε na εrebͻ wo amaneε. Nokorε sε, wͻyε mmranteε a wͻgyee wͻn Wura Nyankopͻn diiε, na Yεde tenenee kaa wͻn ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεn nkorͻfoͻ woi nom afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ. Adεn na wͻmfa tumi anaa nyinasoͻ pefee bi mmrε wͻn? Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obia ͻbͻ ne trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ?
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mmranteε no ka kyerεε wͻn ho wͻn ho sε): “Sε motwe mo ho fri wͻn ho, ne deε wͻsom a εnyε Nyankopͻn no ho a, momͻ mo ho adwaa wͻ ͻbodan no mu. Mo Wura Nyankopͻn de N’ahummͻborͻ bεkata mo so, na Wama modwumadie no ayε bͻkͻͻ ama mo“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε awia no pue a wobɛhu sε efri wͻn bodan no so rekͻ nifa soͻ, na sε εrekͻtͻ a etwam san wͻn ho kͻ benkum so, aberε a wͻn wͻ (ͻbodan no) mu wͻ baabi a εhͻ baeε. Woi yε Nyankopͻn nsεnkyerεnee. Obia Nyankopͻn atene no no ͻne obi a wanya kwankyerε, na obi a Ɔbεyera no no, onnya okyitaafoͻ a ͻbεkyerε no kwan.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐberε a wͻn ada no, (sε wohu wͻn a) wobεdwen sε wͻn anyane, na Yεdane dane wͻn kͻ nifa so ne benkum so; na wͻn kraman a watwe ne nan mmienu a edi animu no mu wͻ aboboa no ano. Sε wopue wͻn so a, anka wobεdane w’akyi adwane wͻn, na anka wͻn ho hu bεhyε wo mu ma.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na Yɛnyanee wͻn sεdeε wͻbɛbisa wͻn ho-wͻn-ho. Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Moatena mmerε tenten sεn?” Wͻkaa sε: Yɛatena dakoro anaa dakoro mu kyԑfa bi. (Afei) wͻkaa sε: “Mo Wura Nyankopͻn na Onim mmerε tenten a mode atena (ha); enti monsoma mo mu baako na ͻnfa mo dwetε (sika) yi nkͻ kuro no mu; ͻnhwε aduane a εyε konkron na ͻnfa akͻnhoma wͻ mu merε mo. Na oni ne ho ni, na ͻnhwε yie na wanna mo asεm adi ankyerε obiara.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Efrisε, sε wͻbɛpue mo so (anaasε sε wͻnsa ka mo) a, wͻbɛsi mo aboͻ (aku mo), anaasε wͻbεma mo asan akͻ wͻn som no mu, (na sε εba saa a), εneε monni nkonim“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na Yεmaa (amanfoͻ) hunuu wͻn, sεdeε wͻbɛhunu sε, Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho. Kae εberε a (kuro no mu foͻ no) gyee akyinye wͻ wͻn nsεm no ho, wͻkaa sε: “Monsi dan nsi wͻn so“. Wͻn Wura Nyankopͻn Nim wͻn yie. (Enti) wͻn a wͻdii nkonim wͻ wͻn asεm no mu no kaa sε: “Yɛbɛsi (Masjid) Nyamedan asi wͻn so”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ebi nom) se wͻyε mmiεnsa, wͻn kraman na εka wͻn ho nnan; εna (ebi nom nso) se: wͻyε nnum, na wͻn kraman na εka ho nsia; wͻtwa nkontompo kyerε wͻn adwen wͻ ahuntasεm ho; (ebi nom nso) se, (wͻyε) nson, wͻn kraman na εka wͻn ho nwͻtwe. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn na Onim wͻn dodoͻ, na obiara nnim gyesε (nnipa) kakraabi. Enti εnnye wͻn ho akyinnye, na mmom gyina nsεm a εda adie (a Yɛayi ama woͻ no so). Na hwε na woammisa wͻn ho asεm wͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu biara hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa mmom (dikan ka sε): “Sε Onyankopͻn pε a”. Sε wowerε fi a, kae wo Wura Nyankopͻn, na kasε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ kwan tenenee a εbεn kyεn woi so “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn Nim berε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu). Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ no. Sεdeε Osi hunu adeε (pefee) ne sεdeε Osi te asεm (biara); wͻnni okyitaafoͻ biara ka Ne ho, na Onni ͻhokafoͻ biara nso wͻ N’atemmuo mu“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKenkan Adiyisεm a yɛayi ama woͻ a εfiri wo Wura Nyankopͻn Nwoma no mu no. Obiara ntumi nsesa N’asεm, na wonnya dwane kͻbea biara wͻ N’akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa nya wo ho aboterε ma wͻn a wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn anͻpa ne anwummerε de hwehwε N’anim animuonyam no; na enyi w’ani mfri wͻn so nhwehwε wiase afεεfεdeε. Na enni obi a Yɛama n’akoma werε afri Yεn nkaekaeε, na odi n’apεdeε akyi, na n’asεm (anaa nedwumadi bͻne) aborosoͻ no akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ; enti obi a ͻpε no ͻnye ni, na obi a ͻpε no nso ͻmpo. Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya a ne wisie betwa wͻn ho ahyia (tesε fasuo) ato hͻ ama abͻneεfoͻ no. Sε wͻsu pε nsuo a, yεbεma wͻn nsuo a εtesε yaawa a yɛanane, ama aworͻ wͻn anim. Nsu bͻne paa ne no; na ahomegye bea bͻne paa nso ne hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no na Aheman a εwͻ hͻ daa a, nsubͻnten nenam aseε no wͻ wͻn; Yεde sika kͻkͻͻ nkapo bεhyehyε wͻn, na wͻbɛfira kyeme (anaa serekye) ntoma papa monomono, ne kente pa paa a yɛadi mu adwini; na wͻbεgyegye adamu wͻ ahennwa so. Akatua pa paa ne no; na Ahomegye bea pa nso ni.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε nnipa mmienu bi ho mfatoho bi kyerε wͻn. Wͻn mu baako Yεmaa no bobe turo mmienu, εna Yεde akyiresua nnua twaa ho hyiaeε, εna ne mmienu ntεm no Yεyεε afuo wͻ hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe yͻnko no ka kyerεε no wͻ εberε a ͻne no rekasa sε: “Enti Wapo Nea Ɔbͻͻ wo fri mfuturo mu, na afei (Ɔbͻͻ wo) fri ahobaeε mu, na afei Ɔnyonoo wo pεpεεpε maa woyεε nipa?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Na εyε ma wo sε wo wuraa wo turo no mu no anka wokaa sε: “Deε Onyankopͻn pε (na εnyε hͻ); Tumi biara nnihͻ gyesε Nyankopͻn hͻ. Sε wohwε me sε sika ne mma a mewͻ sua sene deε wowͻ a-,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEbia me Wura Nyankopͻn bεma me deε εyε kyεn wo turo no, na Wͻasiane agradaa mmobͻmuu fri soro (abεsεe no) ama no ayε sε asaase a aduaba biara nni soͻ,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa (ͻsεeε) betwaa ne nnuaba no ho hyiae; enti ofitii aseε (de awerεhoͻ) kyinkyim nensa wͻ deε wasεe no wͻ (afuo) no ho no ho, aberε a εda hͻ a hwee nni mu a adane abutuo; ͻkaa sε: “Adi ayε me, mehunui a anka mamfa biribi ammata me Wura (Nyankopͻn) ho.“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa berε no, ntwitwagyeε anaasε tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn Nokwafoͻ no. Ɔno na otua akatua pa, na Ne hͻ ne awieε pa no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε wiase asetena nso ho mfatoho bi ma wͻn: Ɛtesε nsuo a, Yɛsiane fri soro, na asaase so nnuaba no dedi afra na εyε frͻmfrͻmfrͻm fεfεεfε, afei na awo na abubu asin-asin na mframa abͻ no na atu apete. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSika anaa ahonyadeε ne mma yε wiase yi mu afεεfεdeε; na deε εwͻ hͻ daa ne dwumadi pa; εno na εyε wͻ wo Wura (Nyankopͻn) hͻ, na εno nso na εwͻ akatua pa ne anidaasoͻ pa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Yεbεma mmepͻ atutu afri hͻ no, wobɛhunu sε asaase bεda so frεtεtεtεtε, na Yεbεboa wͻn nyinaa ano na Yɛnnya wͻn mu biara wͻ akyire.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Yɛka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Momfa mo anim mmutu fͻm mmerε mo ho ase ma Adam“. wͻn (nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm (maa no), gyesε Iblis nko ara. Na ͻka Jinnifoͻ no ho; na ͻyεε ne Wura (Nyankopͻn) ahyεdeε ho asoͻden. Enti morebɛfri M’akyi afa ͻno ne n’asefoͻ no ayͻnkoͻ aberε a wͻyε mo atanfoͻ? Ɛyε nsesaeε bͻne paa ma abͻneεfoͻ no (sε wͻasesa Nyankopͻn som resom ͻbonsam).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae Ɛda a (Nyankopͻn) bεka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε wͻka Me ho no. Wͻbεfrε wͻn deε, nanso wͻnnye wͻn so, na Yεde εhyeε anaa ekuu bi bεto wͻn ntεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yԑnam mfatoho ne abɛbuo ahodoᴐ so akyerεkyerε biribara mu wͻ saa Qur’aan yi mu ama nnipa, nanso onipa yε okyinyefo kyεn biribiara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε hwee na esi nnipa kwan sε εmma wͻnnye nnie wͻ εberε a kwan kyerε no bεba wͻn hͻ, anaasε wͻbεsrε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na mmom (deε wͻretwεn ne sε) tetefoͻ no kwan no bi bεba wͻn soͻ, anaasε asotwee no behyia wͻn mpu-ne-mpu..
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐnyε hwee ho nti na Yεsoma asomafoͻ no, na mmom sεdeε (wͻde Aheman no mu) anigyesεm no bεbͻ (amanfoͻ) anohoba, na (wͻde Amanehunu gya no nso ho asεm) bεbͻ kͻkͻ. Nanso wͻn a wͻyi boniayε no de nkontompo gye akyinye sεdeε wͻde bɛtu Nokorε no aguo, na wͻfa Me nsεm no ne deε yεde bͻ wͻn kͻkͻ no agorͻ ne fεw die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obia yεkae no ne Wura Nyankopͻn Nsεm no a ͻtwe ne ho fri ho, na ne werε firi dwuma a ne nsa adi ato n’anim? Nokorε sε Yεde mmuasoͻ abua wͻn akoma so sεdeε wͻnnte (asεm no) ase, na akraa wͻ wͻn asom. Sε wofrε wͻn kͻ tenenee no mu mpo a, wͻntene da.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunu ahyε no mma. Sε Ɔretwe wͻn aso wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka Ɔbεma asotwee no aba wͻn so ntεm. Nanso wͻn wͻ εberε a yɛahyε a wͻnnya ho dwanekͻbea.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Mose ka kyerεε n’abͻfra (Yusha’u anaasε Yosua) sε: “Mennyae (nanteε anaasε mennye m’ahome) kͻpem sε meduru ͻpo mmienu no abͻeε anaasε mεkͻ so ara mfeɛ mu “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wɔduruu ne mmienu abͻeε ntεm hɔ no, wͻn werε frii wͻn adwene no, na ͻfaa ne kwan wͻ tokuro bi mu kͻͻ ͻpo no mu maa n’akyi kwan yerae.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wͻtwaa kwan no kͻͻ kakra no, ͻka kyerεε n’abͻfra no sε: “Fa yεn anͻpa duane no bra, ampa sε yɛabrε wͻ yεn akwantuo yi mu paa“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYusha’u kaa sε: “Wahunu, εberε a yεsoεε wͻ ͻboͻ no soͻ no, me werε frii adwene no, na εnyε obiara na ͻmaa me werε friε na mmom ͻbonsam (na ͻmaa me werε firii) sε mεka akyerε (woͻ), na (adwene) no faa ne kwan kͻͻ ͻpo no mu awanwa kwan bi so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbehunu akoa bi a wͻyε Yεn nkoa no mu baako a Yɛama no ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ, na Yεde nimdeε a efiri Yεn hͻ akyerε no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Hadir) kaa sε: “Sε wobedi m’akyi a εneε hwε na woammisa me biribi ho asεm kͻpem sε, me ara mεka ho asεm akyerε woͻ“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mose) kaa sε: “Sε mebisa wo biribi ho asεm bio wͻ woi akyi a, εneε εne me nnante bio. Na wanya nyinasoͻ wͻ me ho.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻsii mu kͻe, kosii sε wͻkͻtoo kuro bi so foͻ, wͻbisaa wͻn hͻ aduane, nanso wͻn ampene sε wͻgye wͻn ahͻhoͻ. Na wͻhunuu (εdan bi) fasuo wͻ kuro no mu a εreyε abuo, enti (Hadir) maa (εdan no fasuo no) so desii hͻ. (Mose) kaa sε: “Sε wobεpene so a, anka εsε sε wogye ho akatua “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhyεma no, εwͻ ahiafoͻ bi a wͻyε adwuma wͻ ͻpo no so, na mepεε sε mema εkam ba ho, efrisε ͻhene bi di wͻn akyi a ͻde aniεden gye nhyεma biara (a εkam nni ho).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛdan) fasuo no nso, na εwͻ mmarimaa nyanka mmienu bi wͻ kuro no mu; na wͻn mmienu sika wͻ aseε. Na wͻn agya yε onipa papa. Enti wo Wura Nyankopͻn pεsε wͻyin duru wͻn mpanim berε mu na wͻbɛyi wͻn sika no, (dwuma a mediiε no) yε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Na εnyε me ara mepε mu na meyͻeε. Woi ne adeε a woannya ho aboterε no nkyerεaseε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Obi a ͻbεyε bͻne no deε yεbεtwe n’aso ansa na (saa nipa no) asan akͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ ama Ͻde asotwee a εyε hu atwe n’aso (bio).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKosii εberε a oduruu awia pue berε, na ohunuu sε epue wͻ nnipa bi so a Yεmmaa wͻn awia no ho akatasoͻ biara a wͻde kata wͻn ho so (fri awia no hyeԑ no ho).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Zul-Qarnain, Gog ne Magog yε nsεmͻnedifoͻ wͻ asaase yi so, enti yɛntua biribi ma wo na wonsi ban wͻ yεn ne wͻn ntεm?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Deε Nyankopͻn de me agyina soͻ no yε; enti modeε monfa ahoͻden mmoa me; mεyε εban ato mo ne wͻn ntεm “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Monfa dadeε ntayaa mmrε me“. Afei ͻhyεε bea a εda bepͻ no mmienu no ntεm no mma pεpεεpε no, ᴐka kyerεε wͻn sε: “(Monfa afa) nhu mu, na εberε a (εyεε kͻͻ sε) ogya no, ͻkaa sε: “Momrε me yaawa a yɛanane nhwie ngu so“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Zul-Qar’nain) kaa sε: ”Woi yε ahummͻborͻ a efri me Wura Nyankopͻn hͻ; na sε me Wura Nyankopͻn bͻhyε no ba a, Ɔbεyε no gᴐsͻgͻsͻ, na me Wura Nyankopͻn bͻhyε deε εyε nokorε“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa da no Yεbegyae ama ebi atwi afa ebi so (sεdeε asorͻkye bͻ fa ebi soͻ no), na yεbͻ totorobεnto no mu a Yεbεboa wͻn nyinaa ano abom.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻn a wͻyi boniayε no dwen sε wͻbetumi afri M’akyi afa me nkoa no (tesε Soro abͻfoͻ, Yesu ne wͻn a ԑkeka ho no sε wͻn) akyitaafoͻ? Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya no sε anigyedeε anaa soεbrε ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no ne wͻn a wͻpo wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm ne Ne nhyiamu (da) no, enti wͻn nnwuma ayε kwa. Enti wͻnni kyεfa pa biara a Yεbɛsusu ama wͻn wͻ Wusͻreε da no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε ͻpo yε tworͻ nsuo de ma me Wura Nyankopͻn Nsεm, εna yεde ͻpo (dodoͻ) no sεso reka ho mpo a, anka εbεsa ansa na me Wura Nyankopͻn Nsεm no asa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Meyε onipa tesε mo ara, deԑ yɛayi akyerε me ne sε, mo Wura Nyankopͻn no yε Awurade baako, enti obi a ͻwͻ anidaasoͻ sε obehyia ne Wura Nyankopͻn no, εneε oni dwuma pa, na ͻnhwε yie na wͻamfa obiara ammata ne Wura Nyankopͻn som ho“.