Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔbͻͻ owuo ne nkwa sε Ɔde bεsͻ mo ahwε (de akyerε) mo mu nea odi dwuma pa. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na W’abͻ soro nson a εtoatoa soͻ. Wonnhunu deε atͻ sin wͻ Ahummͻborͻ Hene no abͻdeε no mu; enti san hwε bio, woahunu baabi a apaepaeε?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbufuo reyε ama (egya) no apae. Ԑberε biara a yεbεto (Kaafirfoͻ no mu) nnipa kuo bi agu mu no, (egya no) so Awεnfoͻ no bebisa wͻn sε: “Enti Kͻkͻbͻni biara amma mohͻ (amεbͻ mo kͻkͻ)?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’bεka sε: ”Sε yetiee (Asomafoͻ no asεm no), anaasε yε’dwenee ho a, anka y’ammεka Amane hunu gya no mu foͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na W’ayε asaase aberε no ase ama mo, enti monfa emu akwan no so, na monidi wͻ N’akͻnhoma no mu, na Nehͻ na Owusͻreε no wͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε moho atͻ mo sε Nea Ɔwͻ soro no mma mframa den bi mmͻ mo (sεdeε εbͻͻ Aadfoͻ no)? (Ԑhͻ na) mobehunu sεdeε Me kͻkͻbͻ (akyiri asεm) siteε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no buu (Asomafoͻ no) atorᴐfoᴐ; na sεdeε M’abufuhyeε (a εbaa wͻn so no) siteε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻ’nhunuu nnomaa a wͻn wͻ wͻn apampamu a, wͻ’tu bae wͻn ntaban mu san ka to mu no? Obiara nkuta wͻn mu, na mmom Ahummͻborͻ Hene no ara. Nokorε sε, Ɔno na Ohunu biribiara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε εnnyε Ahummͻborͻ Hene no a, hwan bio ne moasraafoͻ a, wͻ’bεboa mo? Nokorε sε, boniayεfoͻ no wͻ nnaadaa paa mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti obi a ͻnam a wasi neti ase ama n’anim wͻ fͻm no na atenee, anaasε obi a, ͻnam a w’atene ne ho nam kwan tenenee soͻ?.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɔno na Wabͻ mo, εna Wama mo aso ne ani ne akoma; (nanso) aseda kakraabi na mode da (no) aseε “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wͻbehunu sε ato (wͻn awie) no, boniayεfoͻ no anim bεyε awerεho (anaasε mͻbͻmͻbͻ), na yεbεka akyerε wͻn sε: “Woi na na morefrε (sε εmmra mosoͻ) no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Mo hwε, sε εba sε Nyankopͻn mame ne wͻn a wͻ’ka meho no wu, anaasε Ohu yεn mmͻbͻ a, hwan na ͻbεgye boniayεfoͻ no afri asotwee yaaya no mu?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: Ɔne Ahummͻborͻ Hene no. Y’agye no adi, na Neso na yεde yεn ho toͻ, enti mobehunu obi a ͻwͻ ͻyera pefee mu paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Mo nhwε, sε εba sε monsuo mmem kͻ fͻm a, hwan na (ͻbefri Nyankopͻn akyi) ama mo nsu korͻgyee a εretene?