caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Ad-Dukhaan الدخان

59 verses · Mecca · revelation order 64

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ حمٓ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHaa – Miim.

See all translations of this verse →

وَٱلْكِتَٰبِ ٱلْمُبِينِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε:

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَنزَلْنَٰهُ فِى لَيْلَةٍ مُّبَٰرَكَةٍ إِنَّا كُنَّا مُنذِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε, Yɛsanee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Yεbͻ (nnipa) kͻkͻ.

See all translations of this verse →

فِيهَا يُفْرَقُ كُلُّ أَمْرٍ حَكِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mu biara ho ntotoeε-

See all translations of this verse →

أَمْرًا مِّنْ عِندِنَآ إِنَّا كُنَّا مُرْسِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAhyεdeε a ɛfiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yεsoma Asomafoͻ.

See all translations of this verse →

رَحْمَةً مِّن رَّبِّكَ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلْعَلِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no.

See all translations of this verse →

رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَمَا بَيْنَهُمَآ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfini Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a.

See all translations of this verse →

لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحْىِۦ وَيُمِيتُ رَبُّكُمْ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلْأَوَّلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAwurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Ɔkum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no.

See all translations of this verse →

بَلْ هُمْ فِى شَكٍّ يَلْعَبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAane, wͻn adwen nsi wͻn pi, εna wͻredi agorͻ.

See all translations of this verse →

فَٱرْتَقِبْ يَوْمَ تَأْتِى ٱلسَّمَآءُ بِدُخَانٍ مُّبِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no,

See all translations of this verse →

يَغْشَى ٱلنَّاسَ هَٰذَا عَذَابٌ أَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Wei yε asotwee a εyε ya paa.

See all translations of this verse →

رَّبَّنَا ٱكْشِفْ عَنَّا ٱلْعَذَابَ إِنَّا مُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛWura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yεyε agyediefoͻ.

See all translations of this verse →

أَنَّىٰ لَهُمُ ٱلذِّكْرَىٰ وَقَدْ جَآءَهُمْ رَسُولٌ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee,

See all translations of this verse →

ثُمَّ تَوَلَّوْا۟ عَنْهُ وَقَالُوا۟ مُعَلَّمٌ مَّجْنُونٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻdane wͻn ho firi ne ho, na wͻka sε: obi na ɛkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ?

See all translations of this verse →

إِنَّا كَاشِفُوا۟ ٱلْعَذَابِ قَلِيلًا إِنَّكُمْ عَآئِدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yɛbɛyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu.

See all translations of this verse →

يَوْمَ نَبْطِشُ ٱلْبَطْشَةَ ٱلْكُبْرَىٰٓ إِنَّا مُنتَقِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Yεbεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ فَتَنَّا قَبْلَهُمْ قَوْمَ فِرْعَوْنَ وَجَآءَهُمْ رَسُولٌ كَرِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Yεsͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hwεɛe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ-

See all translations of this verse →

أَنْ أَدُّوٓا۟ إِلَىَّ عِبَادَ ٱللَّهِ إِنِّى لَكُمْ رَسُولٌ أَمِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no ma me“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.

See all translations of this verse →

وَأَن لَّا تَعْلُوا۟ عَلَى ٱللَّهِ إِنِّىٓ ءَاتِيكُم بِسُلْطَٰنٍ مُّبِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa monhwε na moamma mo ho so wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo.

See all translations of this verse →

وَإِنِّى عُذْتُ بِرَبِّى وَرَبِّكُمْ أَن تَرْجُمُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMehwehwε ntwitwagyeε firi me Wura ne mo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monsi me aboͻ nku me.

See all translations of this verse →

وَإِن لَّمْ تُؤْمِنُوا۟ لِى فَٱعْتَزِلُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε monnye me nni a monyae me komm.

See all translations of this verse →

فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنَّ هَٰٓؤُلَآءِ قَوْمٌ مُّجْرِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”.

See all translations of this verse →

فَأَسْرِ بِعِبَادِى لَيْلًا إِنَّكُم مُّتَّبَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo.

See all translations of this verse →

وَٱتْرُكِ ٱلْبَحْرَ رَهْوًا إِنَّهُمْ جُندٌ مُّغْرَقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Sε wo ne wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no, Nokorε sε, (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn.

See all translations of this verse →

كَمْ تَرَكُوا۟ مِن جَنَّٰتٍ وَعُيُونٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailTuro ne asutire dodoͻ sεn na wͻgyaaε?

See all translations of this verse →

وَزُرُوعٍ وَمَقَامٍ كَرِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe mfuo ne adan pa,

See all translations of this verse →

وَنَعْمَةٍ كَانُوا۟ فِيهَا فَٰكِهِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nnepa a na wͻn anigye ho no;

See all translations of this verse →

كَذَٰلِكَ وَأَوْرَثْنَٰهَا قَوْمًا ءَاخَرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na εteε. Yεmaa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu.

See all translations of this verse →

فَمَا بَكَتْ عَلَيْهِمُ ٱلسَّمَآءُ وَٱلْأَرْضُ وَمَا كَانُوا۟ مُنظَرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yɛamma wͻn berε.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ نَجَّيْنَا بَنِىٓ إِسْرَٰٓءِيلَ مِنَ ٱلْعَذَابِ ٱلْمُهِينِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yεgyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu.

See all translations of this verse →

مِن فِرْعَوْنَ إِنَّهُۥ كَانَ عَالِيًا مِّنَ ٱلْمُسْرِفِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Yεgyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho.

See all translations of this verse →

وَلَقَدِ ٱخْتَرْنَٰهُمْ عَلَىٰ عِلْمٍ عَلَى ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻkyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)

See all translations of this verse →

وَءَاتَيْنَٰهُم مِّنَ ٱلْـَٔايَٰتِ مَا فِيهِ بَلَٰٓؤٌا۟ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεmaa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu.

See all translations of this verse →

إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ لَيَقُولُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε saa nkorͻfoͻ (Quraishfoͻ) yi ka sε:

See all translations of this verse →

إِنْ هِىَ إِلَّا مَوْتَتُنَا ٱلْأُولَىٰ وَمَا نَحْنُ بِمُنشَرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Ɛno ara ne yɛwuo a edi kan no, na yɛnnyane yεn mfiri owuo mu bio.

See all translations of this verse →

فَأْتُوا۟ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمْ صَٰدِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afiri owuo mu bio a) εneε momfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra”.

See all translations of this verse →

أَهُمْ خَيْرٌ أَمْ قَوْمُ تُبَّعٍ وَٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ أَهْلَكْنَٰهُمْ إِنَّهُمْ كَانُوا۟ مُجْرِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan noa? Yεsεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻyε abͻneεfoͻ.

See all translations of this verse →

وَمَا خَلَقْنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضَ وَمَا بَيْنَهُمَا لَٰعِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnnyε agodie nti na Yεbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no.

See all translations of this verse →

مَا خَلَقْنَٰهُمَآ إِلَّا بِٱلْحَقِّ وَلَٰكِنَّ أَكْثَرَهُمْ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim.

See all translations of this verse →

إِنَّ يَوْمَ ٱلْفَصْلِ مِيقَٰتُهُمْ أَجْمَعِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Aseni Da no yε εberε a yɛahyε ama wͻn nyinaa,

See all translations of this verse →

يَوْمَ لَا يُغْنِى مَوْلًى عَن مَّوْلًى شَيْـًٔا وَلَا هُمْ يُنصَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻnnya mmoa nso.

See all translations of this verse →

إِلَّا مَن رَّحِمَ ٱللَّهُ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلْعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailGyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

See all translations of this verse →

إِنَّ شَجَرَتَ ٱلزَّقُّومِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, dua Zaquum,

See all translations of this verse →

طَعَامُ ٱلْأَثِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε abͻneεfoͻ no aduane.

See all translations of this verse →

كَٱلْمُهْلِ يَغْلِى فِى ٱلْبُطُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐtesε yaawa a yɛanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu,

See all translations of this verse →

كَغَلْىِ ٱلْحَمِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailTesε nsuohyeε a εrehuro.

See all translations of this verse →

خُذُوهُ فَٱعْتِلُوهُ إِلَىٰ سَوَآءِ ٱلْجَحِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Yεbεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii;

See all translations of this verse →

ثُمَّ صُبُّوا۟ فَوْقَ رَأْسِهِۦ مِنْ عَذَابِ ٱلْحَمِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so.

See all translations of this verse →

ذُقْ إِنَّكَ أَنتَ ٱلْعَزِيزُ ٱلْكَرِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no.

See all translations of this verse →

إِنَّ هَٰذَا مَا كُنتُم بِهِۦ تَمْتَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε wei na na moadwen nsi pi wͻ ho no.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلْمُتَّقِينَ فِى مَقَامٍ أَمِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ.

See all translations of this verse →

فِى جَنَّٰتٍ وَعُيُونٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ Aheman ne nsubͻnten mu.

See all translations of this verse →

يَلْبَسُونَ مِن سُندُسٍ وَإِسْتَبْرَقٍ مُّتَقَٰبِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻfirafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim.

See all translations of this verse →

كَذَٰلِكَ وَزَوَّجْنَٰهُم بِحُورٍ عِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa (na εbεyε). Na Yεde mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho.

See all translations of this verse →

يَدْعُونَ فِيهَا بِكُلِّ فَٰكِهَةٍ ءَامِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻpε).

See all translations of this verse →

لَا يَذُوقُونَ فِيهَا ٱلْمَوْتَ إِلَّا ٱلْمَوْتَةَ ٱلْأُولَىٰ وَوَقَىٰهُمْ عَذَابَ ٱلْجَحِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu.

See all translations of this verse →

فَضْلًا مِّن رَّبِّكَ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلْفَوْزُ ٱلْعَظِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wei yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no.

See all translations of this verse →

فَإِنَّمَا يَسَّرْنَٰهُ بِلِسَانِكَ لَعَلَّهُمْ يَتَذَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻbεkae.

See all translations of this verse →

فَٱرْتَقِبْ إِنَّهُم مُّرْتَقِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70