Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNsεnkyerεnee san wͻ sεdeε yɛsi bͻͻ mo, ne mmoadoma a Wama wͻn ahwete (wͻ asaase soͻ no) mu ma amanfoͻ a wͻgye die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNsεnkyerεnee nso wͻ adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, ne deε Onyankopͻn siane firi soro a εyε akͻnhoma a Ɔde bɛnyane asaase wͻ ne wuo akyi, ne mframa a edi adaneadane no mu ma amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), woi nom yε Onyankopͻn nsεm a yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu. Enti Onyankopͻn ne Ne nsεnkyerεnee akyi no asεm bεn bio na wͻbεgye adie?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmanehunu gya da wͻn anim, na deε wͻanya no ensi wͻn hwee, na deε wͻn afri Nyankopͻn akyi de wͻn ayε akyitaafoͻ no nso (ho mma mfasoͻ mma wͻn), na wͻn wͻ asotwee a εsoo paa.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Qur’aan) woi yε kwankyerε (Nwoma); na wͻn a wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no, wͻn wͻ asotwee bͻne a εyε ya papaapa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Wabrε ͻpo ase ama mo, sεdeε nsuom hyεn bεnante so wͻ Ne tumi mu, ne sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobɛyi (no) ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Wabrε deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) ase ama mo, ne nyinaa firi Ne hͻ. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu ma amanfoͻ a wͻkaekaeε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Wͻnfa wͻn a wͻn ani nna Nyankopͻn Nna no soͻ no bͻne nkyε wͻn, sεdeε Ɔbɛtua amanfoͻ bi dwuma a wͻdiiε no so ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ͻbɛdi dwuma pa no εwͻ ͻno ara kraa, na obi nso a ͻbɛdi dwuma bͻne no nso etia ͻno ara kraa; na εno akyiri no, mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Yεde Nwoma ne atemmuo ne nkͻmhyε maa Israel mma no, na Yεde adepa bͻͻ wͻn akͻnhoma na Yεmaa wͻn so kyεn amansan no nyinaa (wͻ saa berε no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεmaa wͻn ahyԑdeԑ no nso ho nkyerεkyerεmu. Na ntotoo biara nni wͻn mu kͻpem akyire yi a wͻnyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn bɛbu wͻn ntεm atεn Atemmuda wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei (Nkͻmhyεni), Yεde wo sii ͻsom no ahyԑdeԑ no ho mmra kwan pefee no so. Enti di akyire, na hwε na w’anni wͻn a wͻnnim no apεdeε akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε wͻn ho mma mfasoͻ biara mma wo wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε abͻneεfoͻ no yε akyitaafoͻ ma wͻn ho wͻn ho. Na Onyankopͻn nso ne Nyamesurofoͻ no Kyitaafoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻn a wͻdi bͻne no dwen sε Yεbεyε wͻn tesε wͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no; sε wͻn nkwa nna mu ne wͻn wuo mu bεyε pε? Bͻne mu paa na wͻbu atεn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWonhunuu nea wafa n’apεdeε ayε ne nyame no? Onyankopͻn Nim (saa nipa no), na ɔgyae no ma no yera, na Ɔsi n’aso ne n’akoma na Ɔde akatasoͻ kata n’ani. Na hwan na ɔbɛfiri Nyankopͻn akyi atene (saa nipa) no? Adεn monnwen anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻka ne sε: ”Hwee nni hͻ bio ka yεn wiase asetena yi ho. Yεrewu na yεsan te nkwa mu, na hwee nsεe yεn sε εberε“. (Nkͻmhyεni, saa nkorͻfoͻ yi) nni εno ho nimdeε; deε wͻn adwen yε wͻn (na wͻrekeka no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn nyinasoͻ ara ne sε: “Sε moyε nokwafoͻ ampa a εneε monfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra (nkwa mu bio ma yεnhwε)“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn na Ɔma mo nkwa, na afei Wama mo awu, ansa na Waboaboa mo ano wͻ Wusͻreε da a akyingyeε biara nni ho no mu; nanso nnipa pii nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɛda a Dᴐnhwere no bεso no, saa Da no wͻn a wͻdii nkontompo akyire no bεbrε agu.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa Da no) wobɛhu ͻman biara sε wabu nkotodwe. Yεbεfrε ͻman biara akͻ ne (dwumadie) Nwoma no mu. Saa Da no dwuma a modiiε no so na (yɛbɛgyina) atua mo ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻgye diiε na wͻdii dwuma pa no deε, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bɛwura N’ahummͻborͻ no mu, na εno ne nkonimdie pefee no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Yεbεka akyerε) wͻn a wͻyii boniayε no sε: “Enti yɛankenkan Me nsεm no ankyerε mo?” Nanso moyεε ahomasoͻ, na moyε amanfoͻ nnebͻneεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεka kyerε mo sε: ‘’Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε ampa, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho a“, deε na moka ne sε: ”Yεdeε yɛnnim deε yεfrε no Dͻnhwere no. Yεdwen sε εyε adwen kyerε bi kwa, na yεdeε y’adwen nsi yεn pi wͻ ho.“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεbεka akyerε wͻn sε: “Ɛnnε da yi Yεwerε bɛfri mo sεdeε mo werε firii sε mobɛhyia mu wͻ moda woi mu no. Mo fie ne Amanehunu gya no mu, na monni ͻboafoͻ,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEfirisε mofaa Nyankopͻn asεm no fεw die, na wiase asetena no daadaa mo. Enti saa Da no wͻnnya kwan mfiri wͻ (Amanehunu gya no) mu, na wͻnnya kwan nso sε yεbεma wͻn kwan aba wiase bio (abεsakra wͻn adwen anya kwan asrε bͻnefakyε).