caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah An-Nahl النحل

128 verses · Mecca · revelation order 70

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ أَتَىٰٓ أَمْرُ ٱللَّهِ فَلَا تَسْتَعْجِلُوهُ سُبْحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشْرِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

See all translations of this verse →

يُنَزِّلُ ٱلْمَلَٰٓئِكَةَ بِٱلرُّوحِ مِنْ أَمْرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنْ عِبَادِهِۦٓ أَنْ أَنذِرُوٓا۟ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّآ أَنَا۠ فَٱتَّقُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no sane ba Ne nkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Mommͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”.

See all translations of this verse →

خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضَ بِٱلْحَقِّ تَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشْرِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

See all translations of this verse →

خَلَقَ ٱلْإِنسَٰنَ مِن نُّطْفَةٍ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٌ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee.

See all translations of this verse →

وَٱلْأَنْعَٰمَ خَلَقَهَا لَكُمْ فِيهَا دِفْءٌ وَمَنَٰفِعُ وَمِنْهَا تَأْكُلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Wabͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii firi wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam).

See all translations of this verse →

وَلَكُمْ فِيهَا جَمَالٌ حِينَ تُرِيحُونَ وَحِينَ تَسْرَحُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anwummerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidie anͻpa.

See all translations of this verse →

وَتَحْمِلُ أَثْقَالَكُمْ إِلَىٰ بَلَدٍ لَّمْ تَكُونُوا۟ بَٰلِغِيهِ إِلَّا بِشِقِّ ٱلْأَنفُسِ إِنَّ رَبَّكُمْ لَرَءُوفٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻsoa mo adesoa nso dekͻ nkuro so a, anka mobεbrε mo ho paa ansa na moaduru hͻ. Nokorε sε mo Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

وَٱلْخَيْلَ وَٱلْبِغَالَ وَٱلْحَمِيرَ لِتَرْكَبُوهَا وَزِينَةً وَيَخْلُقُ مَا لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wabͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnim.

See all translations of this verse →

وَعَلَى ٱللَّهِ قَصْدُ ٱلسَّبِيلِ وَمِنْهَا جَآئِرٌ وَلَوْ شَآءَ لَهَدَىٰكُمْ أَجْمَعِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no).

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِىٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءً لَّكُم مِّنْهُ شَرَابٌ وَمِنْهُ شَجَرٌ فِيهِ تُسِيمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔsane nsuo firi soro a emu bi na monom, εna ebi nso na yεdema nnua a mo nyεmmoa die no nso (nyini),

See all translations of this verse →

يُنۢبِتُ لَكُم بِهِ ٱلزَّرْعَ وَٱلزَّيْتُونَ وَٱلنَّخِيلَ وَٱلْأَعْنَٰبَ وَمِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَةً لِّقَوْمٍ يَتَفَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔsan nso) de ma mfudeε ne ngo nnua ne akyiresua nnua, ne bobe ne nnuaba ahodoͻ nyini ma mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei nom mu dema nnipa a wͻdwen.

See all translations of this verse →

وَسَخَّرَ لَكُمُ ٱلَّيْلَ وَٱلنَّهَارَ وَٱلشَّمْسَ وَٱلْقَمَرَ وَٱلنُّجُومُ مُسَخَّرَٰتٌۢ بِأَمْرِهِۦٓ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَٰتٍ لِّقَوْمٍ يَعْقِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Wabrε anadwo ne adekyeε ase ama mo, εna awia ne bosome ne nsoromma nso brε wͻn ho ase wͻ N’ahyεdeε mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema wͻn a wͻdwen.

See all translations of this verse →

وَمَا ذَرَأَ لَكُمْ فِى ٱلْأَرْضِ مُخْتَلِفًا أَلْوَٰنُهُۥٓ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَةً لِّقَوْمٍ يَذَّكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε Wadua ama mo wͻ asaase soͻ no nso gu ahodoͻ sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema wͻn a wͻkaekaeε.

See all translations of this verse →

وَهُوَ ٱلَّذِى سَخَّرَ ٱلْبَحْرَ لِتَأْكُلُوا۟ مِنْهُ لَحْمًا طَرِيًّا وَتَسْتَخْرِجُوا۟ مِنْهُ حِلْيَةً تَلْبَسُونَهَا وَتَرَى ٱلْفُلْكَ مَوَاخِرَ فِيهِ وَلِتَبْتَغُوا۟ مِن فَضْلِهِۦ وَلَعَلَّكُمْ تَشْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Wabrε ɛpo ase sεdeε mobɛdi emu nam mono, na moayi emu agudeε a mode hyε. Na wohunu nsuom hyεn sε εnam mu, sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobɛyi (Onyankopͻn) ayε.

See all translations of this verse →

وَأَلْقَىٰ فِى ٱلْأَرْضِ رَوَٰسِىَ أَن تَمِيدَ بِكُمْ وَأَنْهَٰرًا وَسُبُلًا لَّعَلَّكُمْ تَهْتَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (Wayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobɛnya kwan kyerε.

See all translations of this verse →

وَعَلَٰمَٰتٍ وَبِٱلنَّجْمِ هُمْ يَهْتَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna (Wayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (Wayε) nsoromma a wͻde hunu kwan.

See all translations of this verse →

أَفَمَن يَخْلُقُ كَمَن لَّا يَخْلُقُ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae?

See all translations of this verse →

وَإِن تَعُدُّوا۟ نِعْمَةَ ٱللَّهِ لَا تُحْصُوهَآ إِنَّ ٱللَّهَ لَغَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mokan Nyankopͻn adom a monhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ يَعْلَمُ مَا تُسِرُّونَ وَمَا تُعْلِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn Nim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa).

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ يَدْعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَا يَخْلُقُونَ شَيْـًٔا وَهُمْ يُخْلَقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻfiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no ntumi mmͻ hwee, na wͻn ara nso yεbͻͻ wͻn.

See all translations of this verse →

أَمْوَٰتٌ غَيْرُ أَحْيَآءٍ وَمَا يَشْعُرُونَ أَيَّانَ يُبْعَثُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wͻyε) awufoͻ, wͻnte ase, na wͻnnim εberε korͻ a yɛbɛnyane wͻn (afiri awufuͻ mu).

See all translations of this verse →

إِلَٰهُكُمْ إِلَٰهٌ وَٰحِدٌ فَٱلَّذِينَ لَا يُؤْمِنُونَ بِٱلْـَٔاخِرَةِ قُلُوبُهُم مُّنكِرَةٌ وَهُم مُّسْتَكْبِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo Nyankopͻn no yε Awurade baako. Wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no, wͻn akoma kyiri (sε wͻbεte sε Nyankopͻn yε baako), na wͻyε ahomasoͻ.

See all translations of this verse →

لَا جَرَمَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعْلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعْلِنُونَ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلْمُسْتَكْبِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAkyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻyε ahomasoͻ no asεm.

See all translations of this verse →

وَإِذَا قِيلَ لَهُم مَّاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمْ قَالُوٓا۟ أَسَٰطِيرُ ٱلْأَوَّلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane (ama Nkͻmhyεni)?” Deε wͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm “.

See all translations of this verse →

لِيَحْمِلُوٓا۟ أَوْزَارَهُمْ كَامِلَةً يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ وَمِنْ أَوْزَارِ ٱلَّذِينَ يُضِلُّونَهُم بِغَيْرِ عِلْمٍ أَلَا سَآءَ مَا يَزِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻyeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻbεsoa no.

See all translations of this verse →

قَدْ مَكَرَ ٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ فَأَتَى ٱللَّهُ بُنْيَٰنَهُم مِّنَ ٱلْقَوَاعِدِ فَخَرَّ عَلَيْهِمُ ٱلسَّقْفُ مِن فَوْقِهِمْ وَأَتَىٰهُمُ ٱلْعَذَابُ مِنْ حَيْثُ لَا يَشْعُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn firi wͻn dan no fapem no ase dwiri guiɛ maa εdan no mmͻsoͻ no firi soro beguu wͻn so; asotwee no firi faako a wͻnnim baa wͻn so.

See all translations of this verse →

ثُمَّ يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ يُخْزِيهِمْ وَيَقُولُ أَيْنَ شُرَكَآءِىَ ٱلَّذِينَ كُنتُمْ تُشَٰٓقُّونَ فِيهِمْ قَالَ ٱلَّذِينَ أُوتُوا۟ ٱلْعِلْمَ إِنَّ ٱلْخِزْىَ ٱلْيَوْمَ وَٱلسُّوٓءَ عَلَى ٱلْكَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Wusͻreε da no, Ɔbɛgu wͻn anim ase na Waka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi,-

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلْمَلَٰٓئِكَةُ ظَالِمِىٓ أَنفُسِهِمْ فَأَلْقَوُا۟ ٱلسَّلَمَ مَا كُنَّا نَعْمَلُ مِن سُوٓءٍۭ بَلَىٰٓ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌۢ بِمَا كُنتُمْ تَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻbԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yɛnni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“

See all translations of this verse →

فَٱدْخُلُوٓا۟ أَبْوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَا فَلَبِئْسَ مَثْوَى ٱلْمُتَكَبِّرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monwura Amanehunu gya no pono no mu nkͻtena hͻ. Ԑhͻ yε asetena bͻne paa dema ahomasoͻfoͻ no.

See all translations of this verse →

وَقِيلَ لِلَّذِينَ ٱتَّقَوْا۟ مَاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمْ قَالُوا۟ خَيْرًا لِّلَّذِينَ أَحْسَنُوا۟ فِى هَٰذِهِ ٱلدُّنْيَا حَسَنَةٌ وَلَدَارُ ٱلْـَٔاخِرَةِ خَيْرٌ وَلَنِعْمَ دَارُ ٱلْمُتَّقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Sε) yԑka kyerε wͻn a wͻsuro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane a?“, deε wͻka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻyεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻbɛnya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no, -

See all translations of this verse →

جَنَّٰتُ عَدْنٍ يَدْخُلُونَهَا تَجْرِى مِن تَحْتِهَا ٱلْأَنْهَٰرُ لَهُمْ فِيهَا مَا يَشَآءُونَ كَذَٰلِكَ يَجْزِى ٱللَّهُ ٱلْمُتَّقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro aheman a ɛtim hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no mu na wͻbεkͻ, wͻnom nsa bεka deε wͻpε biara wͻ hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua Nyamesurofoͻ no ka.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلْمَلَٰٓئِكَةُ طَيِّبِينَ يَقُولُونَ سَلَٰمٌ عَلَيْكُمُ ٱدْخُلُوا۟ ٱلْجَنَّةَ بِمَا كُنتُمْ تَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwoeε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “.

See all translations of this verse →

هَلْ يَنظُرُونَ إِلَّآ أَن تَأْتِيَهُمُ ٱلْمَلَٰٓئِكَةُ أَوْ يَأْتِىَ أَمْرُ رَبِّكَ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ وَمَا ظَلَمَهُمُ ٱللَّهُ وَلَٰكِن كَانُوٓا۟ أَنفُسَهُمْ يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε Wanni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.

See all translations of this verse →

فَأَصَابَهُمْ سَيِّـَٔاتُ مَا عَمِلُوا۟ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُوا۟ بِهِۦ يَسْتَهْزِءُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻn bͻne a wͻyͻeε no ho asotwee too wͻn, maa deε na wͻdi ho fεw no nso twaa wͻn ho hyiae.

See all translations of this verse →

وَقَالَ ٱلَّذِينَ أَشْرَكُوا۟ لَوْ شَآءَ ٱللَّهُ مَا عَبَدْنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَىْءٍ نَّحْنُ وَلَآ ءَابَآؤُنَا وَلَا حَرَّمْنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَىْءٍ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ فَهَلْ عَلَى ٱلرُّسُلِ إِلَّا ٱلْبَلَٰغُ ٱلْمُبِينُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻde biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε yɛn agyanom ansom biribi anka Ne ho, na anka yɛammra biribi ka Ne deε no ho. Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa?

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ بَعَثْنَا فِى كُلِّ أُمَّةٍ رَّسُولًا أَنِ ٱعْبُدُوا۟ ٱللَّهَ وَٱجْتَنِبُوا۟ ٱلطَّٰغُوتَ فَمِنْهُم مَّنْ هَدَى ٱللَّهُ وَمِنْهُم مَّنْ حَقَّتْ عَلَيْهِ ٱلضَّلَٰلَةُ فَسِيرُوا۟ فِى ٱلْأَرْضِ فَٱنظُرُوا۟ كَيْفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلْمُكَذِّبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεsomaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe mo ho mfiri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻ hͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻannye annie no awieeε si wieeε.

See all translations of this verse →

إِن تَحْرِصْ عَلَىٰ هُدَىٰهُمْ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهْدِى مَن يُضِلُّ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a Wayera no, na wͻnnya aboafoͻ nso.

See all translations of this verse →

وَأَقْسَمُوا۟ بِٱللَّهِ جَهْدَ أَيْمَٰنِهِمْ لَا يَبْعَثُ ٱللَّهُ مَن يَمُوتُ بَلَىٰ وَعْدًا عَلَيْهِ حَقًّا وَلَٰكِنَّ أَكْثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Onyankopͻn nnyane obi a wawuo (biara). Aane, (awufoͻ nyane no deε) εyε nokorε bͻhyε a εda Ne soͻ, nanso nnipa pii nnim.

See all translations of this verse →

لِيُبَيِّنَ لَهُمُ ٱلَّذِى يَخْتَلِفُونَ فِيهِ وَلِيَعْلَمَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓا۟ أَنَّهُمْ كَانُوا۟ كَٰذِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Ɔbεkyerεkyerε deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no mu akyerε wͻn, na wͻn a wͻnnye nnie no bɛhunu sε nokorε, na wͻyε atorofoͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّمَا قَوْلُنَا لِشَىْءٍ إِذَآ أَرَدْنَٰهُ أَن نَّقُولَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, sε Yεpε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε!’ “ Na ayε.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ هَاجَرُوا۟ فِى ٱللَّهِ مِنۢ بَعْدِ مَا ظُلِمُوا۟ لَنُبَوِّئَنَّهُمْ فِى ٱلدُّنْيَا حَسَنَةً وَلَأَجْرُ ٱلْـَٔاخِرَةِ أَكْبَرُ لَوْ كَانُوا۟ يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻatu amantuo wͻ Onyankopͻn ho nti wͻ akyire yi a (boniayεfoͻ no) ayε wͻn bͻne no, Yεbεma wͻn asetena pa wͻ wiase ha, na mmom Daakye akatua no na εso paa, sε anka wͻnim a.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ صَبَرُوا۟ وَعَلَىٰ رَبِّهِمْ يَتَوَكَّلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wͻne) wͻn a wͻsii aboterε na wͻde wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no.

See all translations of this verse →

وَمَآ أَرْسَلْنَا مِن قَبْلِكَ إِلَّا رِجَالًا نُّوحِىٓ إِلَيْهِمْ فَسْـَٔلُوٓا۟ أَهْلَ ٱلذِّكْرِ إِن كُنتُمْ لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yεsomaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻyε nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a mommisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ no).

See all translations of this verse →

بِٱلْبَيِّنَٰتِ وَٱلزُّبُرِ وَأَنزَلْنَآ إِلَيْكَ ٱلذِّكْرَ لِتُبَيِّنَ لِلنَّاسِ مَا نُزِّلَ إِلَيْهِمْ وَلَعَلَّهُمْ يَتَفَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yεde somaa asomafoͻ no), εna Yɛasane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yɛasane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻbɛnya adwen.

See all translations of this verse →

أَفَأَمِنَ ٱلَّذِينَ مَكَرُوا۟ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن يَخْسِفَ ٱللَّهُ بِهِمُ ٱلْأَرْضَ أَوْ يَأْتِيَهُمُ ٱلْعَذَابُ مِنْ حَيْثُ لَا يَشْعُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻn a wͻdwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻnnim deε efire nto wͻn anaa?

See all translations of this verse →

أَوْ يَأْخُذَهُمْ فِى تَقَلُّبِهِمْ فَمَا هُم بِمُعْجِزِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε (wͻnnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻredi akͻneaba (wͻ wͻn nnwuma mu) a wͻntumi nsi ho kwan?

See all translations of this verse →

أَوْ يَأْخُذَهُمْ عَلَىٰ تَخَوُّفٍ فَإِنَّ رَبَّكُمْ لَرَءُوفٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε Ɔbɛtumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

أَوَلَمْ يَرَوْا۟ إِلَىٰ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَىْءٍ يَتَفَيَّؤُا۟ ظِلَٰلُهُۥ عَنِ ٱلْيَمِينِ وَٱلشَّمَآئِلِ سُجَّدًا لِّلَّهِ وَهُمْ دَٰخِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻnhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε ne sunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε ne ho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu?

See all translations of this verse →

وَلِلَّهِ يَسْجُدُ مَا فِى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِى ٱلْأَرْضِ مِن دَآبَّةٍ وَٱلْمَلَٰٓئِكَةُ وَهُمْ لَا يَسْتَكْبِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻberε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻnnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho).

See all translations of this verse →

يَخَافُونَ رَبَّهُم مِّن فَوْقِهِمْ وَيَفْعَلُونَ مَا يُؤْمَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yɛahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻyε.

See all translations of this verse →

وَقَالَ ٱللَّهُ لَا تَتَّخِذُوٓا۟ إِلَٰهَيْنِ ٱثْنَيْنِ إِنَّمَا هُوَ إِلَٰهٌ وَٰحِدٌ فَإِيَّٰىَ فَٱرْهَبُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moamfa anyame mmienu, efirisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Me nko ara na monsuro Me.”

See all translations of this verse →

وَلَهُۥ مَا فِى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَلَهُ ٱلدِّينُ وَاصِبًا أَفَغَيْرَ ٱللَّهِ تَتَّقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Ne dea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Ne dea aberε biara. Enti mofiri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa?

See all translations of this verse →

وَمَا بِكُم مِّن نِّعْمَةٍ فَمِنَ ٱللَّهِ ثُمَّ إِذَا مَسَّكُمُ ٱلضُّرُّ فَإِلَيْهِ تَجْـَٔرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no.

See all translations of this verse →

ثُمَّ إِذَا كَشَفَ ٱلضُّرَّ عَنكُمْ إِذَا فَرِيقٌ مِّنكُم بِرَبِّهِمْ يُشْرِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Mo mu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho,-

See all translations of this verse →

لِيَكْفُرُوا۟ بِمَآ ءَاتَيْنَٰهُمْ فَتَمَتَّعُوا۟ فَسَوْفَ تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNam so ma wͻyi deε Yεde ama wͻn no ho boniayε. Enti modeε monnye moani, na εnkyε biara mobɛhunu.

See all translations of this verse →

وَيَجْعَلُونَ لِمَا لَا يَعْلَمُونَ نَصِيبًا مِّمَّا رَزَقْنَٰهُمْ تَٱللَّهِ لَتُسْـَٔلُنَّ عَمَّا كُنتُمْ تَفْتَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde deε Yεde abᴐ wᴐn akᴐnhoma no mu kyεfa bi ma wͻn (abosom) a wͻnnim (wᴐn). ”Mede Nyame di nse sε, sε εteε biara yεbɛbisa mo fa atorͻsεm a motwa no ho asεm.

See all translations of this verse →

وَيَجْعَلُونَ لِلَّهِ ٱلْبَنَٰتِ سُبْحَٰنَهُۥ وَلَهُم مَّا يَشْتَهُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde mma mmaa susu Nyankopͻn. Kronkron Hene ne no. Deε wͻn akoma pε no na εwͻ wͻn.

See all translations of this verse →

وَإِذَا بُشِّرَ أَحَدُهُم بِٱلْأُنثَىٰ ظَلَّ وَجْهُهُۥ مُسْوَدًّا وَهُوَ كَظِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεde ͻbaa (awoͻ) ho amaneε bεbͻ wͻn mu bi a, na wamuna n’anim, na ͻhaw ne awerεhoͻ ahyε no mma.

See all translations of this verse →

يَتَوَٰرَىٰ مِنَ ٱلْقَوْمِ مِن سُوٓءِ مَا بُشِّرَ بِهِۦٓ أَيُمْسِكُهُۥ عَلَىٰ هُونٍ أَمْ يَدُسُّهُۥ فِى ٱلتُّرَابِ أَلَا سَآءَ مَا يَحْكُمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆde ne ho sie firi nnipa no mu, εnam (ͻbaa a wawoͻ no) ho amaneε a yεde bεbͻͻ no no ho nti. Ɔmfa aniwuo nnye (neba baa no) anaa, anaasε ͻnkɔsie no (animono) wͻ nεteε mu? Ampa sε atemmu bɔne paa na wɔrebuo no.

See all translations of this verse →

لِلَّذِينَ لَا يُؤْمِنُونَ بِٱلْـَٔاخِرَةِ مَثَلُ ٱلسَّوْءِ وَلِلَّهِ ٱلْمَثَلُ ٱلْأَعْلَىٰ وَهُوَ ٱلْعَزِيزُ ٱلْحَكِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻnnye Daakye no nnie no wͻ mfatoho bͻne, na Nyankopͻn na ͻwͻ mfatoho anaasε abodin a εkorͻn. Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Onyansafoͻ no.

See all translations of this verse →

وَلَوْ يُؤَاخِذُ ٱللَّهُ ٱلنَّاسَ بِظُلْمِهِم مَّا تَرَكَ عَلَيْهَا مِن دَآبَّةٍ وَلَٰكِن يُؤَخِّرُهُمْ إِلَىٰٓ أَجَلٍ مُّسَمًّى فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمْ لَا يَسْتَـْٔخِرُونَ سَاعَةً وَلَا يَسْتَقْدِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε anka Nyankopͻn de adasamma bͻne retwe wͻn aso a, anka Ɔnnyae abͻdeε baako mpo wͻ asaase so, na mmom Ɔbͻ wͻn to hͻ dema εberε a yɛahyε no. Sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere koraa na εnkͻ anim nso.

See all translations of this verse →

وَيَجْعَلُونَ لِلَّهِ مَا يَكْرَهُونَ وَتَصِفُ أَلْسِنَتُهُمُ ٱلْكَذِبَ أَنَّ لَهُمُ ٱلْحُسْنَىٰ لَا جَرَمَ أَنَّ لَهُمُ ٱلنَّارَ وَأَنَّهُم مُّفْرَطُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn ara wͻmpε no na wͻde ma Nyankopͻn, wͻde wͻn kεterεma ka atorͻsεm sε: “Nneεma papa no yε wͻn dea“. Akyinnyeε biara nni ho sε, Ogya no bεyε wͻn dea, na yεbεgya wͻn wͻ mu korakorakora.

See all translations of this verse →

تَٱللَّهِ لَقَدْ أَرْسَلْنَآ إِلَىٰٓ أُمَمٍ مِّن قَبْلِكَ فَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيْطَٰنُ أَعْمَٰلَهُمْ فَهُوَ وَلِيُّهُمُ ٱلْيَوْمَ وَلَهُمْ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Mede Nyame di nse sε, ampa Yεsomaa asomafoͻ kͻͻ aman aman a wͻdii w’anim kan no so. Nanso ͻbonsam maa wͻn dwumadie yεε wͻn aniso fε. Enti ͻne wͻn kyitaafoͻ nnε (da yi). Wͻwͻ asotwee a εyε ya papaapa (Daakye) “.

See all translations of this verse →

وَمَآ أَنزَلْنَا عَلَيْكَ ٱلْكِتَٰبَ إِلَّا لِتُبَيِّنَ لَهُمُ ٱلَّذِى ٱخْتَلَفُوا۟ فِيهِ وَهُدًى وَرَحْمَةً لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), Deԑ nti a Yɛsanee Nwoma no maa woᴐ ne sε wode bεkyerεkyerε deε wͻnnya wͻn ho nteaseε wͻ ho no mu akyerε wͻn, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ ma amanfoͻ a wͻgye die no.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءً فَأَحْيَا بِهِ ٱلْأَرْضَ بَعْدَ مَوْتِهَآ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَةً لِّقَوْمٍ يَسْمَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn sane nsuo firi soro de bɛnyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema amanfoͻ a wͻtie (Onyankopͻn asεm no).

See all translations of this verse →

وَإِنَّ لَكُمْ فِى ٱلْأَنْعَٰمِ لَعِبْرَةً نُّسْقِيكُم مِّمَّا فِى بُطُونِهِۦ مِنۢ بَيْنِ فَرْثٍ وَدَمٍ لَّبَنًا خَالِصًا سَآئِغًا لِّلشَّٰرِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε, nyεmmoa no nso adesua wͻ mu ma mo. Monnom deε εwͻ wͻn yafunu mu a ɛfiri wͻn tiafi ne wͻn mogyaa ntam a εyε nufusuo a εyε dε dema wͻn a wͻnom no.

See all translations of this verse →

وَمِن ثَمَرَٰتِ ٱلنَّخِيلِ وَٱلْأَعْنَٰبِ تَتَّخِذُونَ مِنْهُ سَكَرًا وَرِزْقًا حَسَنًا إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَةً لِّقَوْمٍ يَعْقِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna akyiresua ne bobe aba no nso monya nsa ne akͻnhoma papa firi mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu ma nnipa a wͻwͻ nteaseε anaasε wͻdwen.

See all translations of this verse →

وَأَوْحَىٰ رَبُّكَ إِلَى ٱلنَّحْلِ أَنِ ٱتَّخِذِى مِنَ ٱلْجِبَالِ بُيُوتًا وَمِنَ ٱلشَّجَرِ وَمِمَّا يَعْرِشُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn yi kyerεε wowa sε: “Fa mmepͻ ne nnua mu ne deε (nnipa) asisie yε w’atenaeε.

See all translations of this verse →

ثُمَّ كُلِى مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ فَٱسْلُكِى سُبُلَ رَبِّكِ ذُلُلًا يَخْرُجُ مِنۢ بُطُونِهَا شَرَابٌ مُّخْتَلِفٌ أَلْوَٰنُهُۥ فِيهِ شِفَآءٌ لِّلنَّاسِ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَةً لِّقَوْمٍ يَتَفَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa afei di nnuaba biara bi, na fa ahobraseε nante wo Wura Nyankopͻn kwan no so. Anomdeε a ani gu ahodoͻ sononko-sononko firi neyεm a εma nnipa ayaresa wͻ mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema amanfoͻ a wͻdwen.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ خَلَقَكُمْ ثُمَّ يَتَوَفَّىٰكُمْ وَمِنكُم مَّن يُرَدُّ إِلَىٰٓ أَرْذَلِ ٱلْعُمُرِ لِكَىْ لَا يَعْلَمَ بَعْدَ عِلْمٍ شَيْـًٔا إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ قَدِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na mo mu bi wͻ hͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ فَضَّلَ بَعْضَكُمْ عَلَىٰ بَعْضٍ فِى ٱلرِّزْقِ فَمَا ٱلَّذِينَ فُضِّلُوا۟ بِرَآدِّى رِزْقِهِمْ عَلَىٰ مَا مَلَكَتْ أَيْمَٰنُهُمْ فَهُمْ فِيهِ سَوَآءٌ أَفَبِنِعْمَةِ ٱللَّهِ يَجْحَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yɛapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻyε wͻn dea no mma wͻnyε pε da. Enti wͻbεpo Nyankopͻn adom no?

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنْ أَنفُسِكُمْ أَزْوَٰجًا وَجَعَلَ لَكُم مِّنْ أَزْوَٰجِكُم بَنِينَ وَحَفَدَةً وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ أَفَبِٱلْبَٰطِلِ يُؤْمِنُونَ وَبِنِعْمَتِ ٱللَّهِ هُمْ يَكْفُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn ama mo ahokafoͻ (ͻyere) a ɔfiri mo ara mo mu (anaasε wͻtesε mo ara), εna Wabͻ mma ne nananom afiri mo yerenom mu ama mo, εna Ɔde nneεma pa bͻ mo akͻnhoma. Enti nkontomposεm deԑ wͻgye di, na Onyankopͻn adom no deԑ wͻpo?

See all translations of this verse →

وَيَعْبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَمْلِكُ لَهُمْ رِزْقًا مِّنَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ شَيْـًٔا وَلَا يَسْتَطِيعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻfiri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a ɛntumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻnni tumi nso.

See all translations of this verse →

فَلَا تَضْرِبُوا۟ لِلَّهِ ٱلْأَمْثَالَ إِنَّ ٱللَّهَ يَعْلَمُ وَأَنتُمْ لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monhwε na moamfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efirisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔnim, na modeε monnim.

See all translations of this verse →

ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا عَبْدًا مَّمْلُوكًا لَّا يَقْدِرُ عَلَىٰ شَىْءٍ وَمَن رَّزَقْنَٰهُ مِنَّا رِزْقًا حَسَنًا فَهُوَ يُنفِقُ مِنْهُ سِرًّا وَجَهْرًا هَلْ يَسْتَوُۥنَ ٱلْحَمْدُ لِلَّهِ بَلْ أَكْثَرُهُمْ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a ɔnni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna ɔyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim.

See all translations of this verse →

وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا رَّجُلَيْنِ أَحَدُهُمَآ أَبْكَمُ لَا يَقْدِرُ عَلَىٰ شَىْءٍ وَهُوَ كَلٌّ عَلَىٰ مَوْلَىٰهُ أَيْنَمَا يُوَجِّههُّ لَا يَأْتِ بِخَيْرٍ هَلْ يَسْتَوِى هُوَ وَمَن يَأْمُرُ بِٱلْعَدْلِ وَهُوَ عَلَىٰ صِرَٰطٍ مُّسْتَقِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a ɔnni hwee so tumi na wayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻmfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”

See all translations of this verse →

وَلِلَّهِ غَيْبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَمَآ أَمْرُ ٱلسَّاعَةِ إِلَّا كَلَمْحِ ٱلْبَصَرِ أَوْ هُوَ أَقْرَبُ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ قَدِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε wabͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ أَخْرَجَكُم مِّنۢ بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمْ لَا تَعْلَمُونَ شَيْـًٔا وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمْعَ وَٱلْأَبْصَٰرَ وَٱلْأَفْـِٔدَةَ لَعَلَّكُمْ تَشْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Ɔyii mo firi mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mobɛyi (no) ayε.

See all translations of this verse →

أَلَمْ يَرَوْا۟ إِلَى ٱلطَّيْرِ مُسَخَّرَٰتٍ فِى جَوِّ ٱلسَّمَآءِ مَا يُمْسِكُهُنَّ إِلَّا ٱللَّهُ إِنَّ فِى ذَٰلِكَ لَـَٔايَٰتٍ لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻnhunuu nnomaa a wͻtu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nni hͻ a ɔkuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema nnipa a wͻgye die no.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۢ بُيُوتِكُمْ سَكَنًا وَجَعَلَ لَكُم مِّن جُلُودِ ٱلْأَنْعَٰمِ بُيُوتًا تَسْتَخِفُّونَهَا يَوْمَ ظَعْنِكُمْ وَيَوْمَ إِقَامَتِكُمْ وَمِنْ أَصْوَافِهَا وَأَوْبَارِهَا وَأَشْعَارِهَآ أَثَٰثًا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna Wayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna Wama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesiedeε, ne anigyedeԑ de kͻpem berε bi.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّمَّا خَلَقَ ظِلَٰلًا وَجَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلْجِبَالِ أَكْنَٰنًا وَجَعَلَ لَكُمْ سَرَٰبِيلَ تَقِيكُمُ ٱلْحَرَّ وَسَرَٰبِيلَ تَقِيكُم بَأْسَكُمْ كَذَٰلِكَ يُتِمُّ نِعْمَتَهُۥ عَلَيْكُمْ لَعَلَّكُمْ تُسْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn ayε nneεma a Wabͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enwunu (ama mo), εna Wayε mmepͻ no nso bi dwanekɔbea ama mo, εna Wayε ntaadeε a εbͻ moho ban firi ͻhyew ho, εna Wayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie mo so sεdeε mobεbrε mo ho ase (ayε Islam)

See all translations of this verse →

فَإِن تَوَلَّوْا۟ فَإِنَّمَا عَلَيْكَ ٱلْبَلَٰغُ ٱلْمُبِينُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.

See all translations of this verse →

يَعْرِفُونَ نِعْمَتَ ٱللَّهِ ثُمَّ يُنكِرُونَهَا وَأَكْثَرُهُمُ ٱلْكَٰفِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻpo; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ.

See all translations of this verse →

وَيَوْمَ نَبْعَثُ مِن كُلِّ أُمَّةٍ شَهِيدًا ثُمَّ لَا يُؤْذَنُ لِلَّذِينَ كَفَرُوا۟ وَلَا هُمْ يُسْتَعْتَبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda no a Yεbɛyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻannye annie no kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.

See all translations of this verse →

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُوا۟ ٱلْعَذَابَ فَلَا يُخَفَّفُ عَنْهُمْ وَلَا هُمْ يُنظَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso.

See all translations of this verse →

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ أَشْرَكُوا۟ شُرَكَآءَهُمْ قَالُوا۟ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ شُرَكَآؤُنَا ٱلَّذِينَ كُنَّا نَدْعُوا۟ مِن دُونِكَ فَأَلْقَوْا۟ إِلَيْهِمُ ٱلْقَوْلَ إِنَّكُمْ لَكَٰذِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻde wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻbεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, weinom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yɛfiri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻnso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”

See all translations of this verse →

وَأَلْقَوْا۟ إِلَى ٱللَّهِ يَوْمَئِذٍ ٱلسَّلَمَ وَضَلَّ عَنْهُم مَّا كَانُوا۟ يَفْتَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no, wͻde ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻtwaeε no nyinaa bɛtu ayera wͻn.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ وَصَدُّوا۟ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ زِدْنَٰهُمْ عَذَابًا فَوْقَ ٱلْعَذَابِ بِمَا كَانُوا۟ يُفْسِدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyi boniayε na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yεde asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻdie no ho nti.

See all translations of this verse →

وَيَوْمَ نَبْعَثُ فِى كُلِّ أُمَّةٍ شَهِيدًا عَلَيْهِم مِّنْ أَنفُسِهِمْ وَجِئْنَا بِكَ شَهِيدًا عَلَىٰ هَٰٓؤُلَآءِ وَنَزَّلْنَا عَلَيْكَ ٱلْكِتَٰبَ تِبْيَٰنًا لِّكُلِّ شَىْءٍ وَهُدًى وَرَحْمَةً وَبُشْرَىٰ لِلْمُسْلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Yεbɛyi ͻdanseni afiri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yεde wo nso bεba ama wabɛdi weinom ho adanseε. Yɛasane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ يَأْمُرُ بِٱلْعَدْلِ وَٱلْإِحْسَٰنِ وَإِيتَآئِ ذِى ٱلْقُرْبَىٰ وَيَنْهَىٰ عَنِ ٱلْفَحْشَآءِ وَٱلْمُنكَرِ وَٱلْبَغْىِ يَعِظُكُمْ لَعَلَّكُمْ تَذَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, deε Nyankopͻn rehyε mo sε monyε ne: Nokorε die, ne ayεmyε, ԑna afei (mobεboa) abusua; afei Ɔrebra mo ahohwisεm ne amumuyε; (Nyankopͻn) retu mofo sεdeε mobεfa adwen.

See all translations of this verse →

وَأَوْفُوا۟ بِعَهْدِ ٱللَّهِ إِذَا عَٰهَدتُّمْ وَلَا تَنقُضُوا۟ ٱلْأَيْمَٰنَ بَعْدَ تَوْكِيدِهَا وَقَدْ جَعَلْتُمُ ٱللَّهَ عَلَيْكُمْ كَفِيلًا إِنَّ ٱللَّهَ يَعْلَمُ مَا تَفْعَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa monni Onyankopͻn apam no so, wͻ εberε a moayε apam no, na monhwε na moammu nsedie no so wͻ aberε a moama no adi mmu; na ampa sε mode Nyankopͻn ayε mo Kyitaafoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn Nim dwuma a modie nyinaa.

See all translations of this verse →

وَلَا تَكُونُوا۟ كَٱلَّتِى نَقَضَتْ غَزْلَهَا مِنۢ بَعْدِ قُوَّةٍ أَنكَٰثًا تَتَّخِذُونَ أَيْمَٰنَكُمْ دَخَلًۢا بَيْنَكُمْ أَن تَكُونَ أُمَّةٌ هِىَ أَرْبَىٰ مِنْ أُمَّةٍ إِنَّمَا يَبْلُوكُمُ ٱللَّهُ بِهِۦ وَلَيُبَيِّنَنَّ لَكُمْ يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ مَا كُنتُمْ فِيهِ تَخْتَلِفُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moankͻyε tesε ͻbaa no a ɔfiraa n’asaawa na akyire yi a εyεε den no ͻtetee mu asinasin no. Mobεfa montam nsedie de adaadaa mo ho sε, nnipa kuo bi dͻͻso kyεn nnipa kuo foforͻ bi nti. (Wei ne deε) Nyankopͻn deyε mo nsͻhwε. Wusͻreε da no Ɔbεkyerεkyerε deε na monte mo ho ase wͻ ho no mu akyerε mo.

See all translations of this verse →

وَلَوْ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَكُمْ أُمَّةً وَٰحِدَةً وَلَٰكِن يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهْدِى مَن يَشَآءُ وَلَتُسْـَٔلُنَّ عَمَّا كُنتُمْ تَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Nyankopᴐn pε a, anka Ɔyεε mo ͻman baako, na mmom ͻyera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε no nso kwan. Ampa sε yεbɛbisa mo dwuma a modiiε no ho asεm.

See all translations of this verse →

وَلَا تَتَّخِذُوٓا۟ أَيْمَٰنَكُمْ دَخَلًۢا بَيْنَكُمْ فَتَزِلَّ قَدَمٌۢ بَعْدَ ثُبُوتِهَا وَتَذُوقُوا۟ ٱلسُّوٓءَ بِمَا صَدَدتُّمْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلَكُمْ عَذَابٌ عَظِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moamfa mo nsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatre (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea.

See all translations of this verse →

وَلَا تَشْتَرُوا۟ بِعَهْدِ ٱللَّهِ ثَمَنًا قَلِيلًا إِنَّمَا عِندَ ٱللَّهِ هُوَ خَيْرٌ لَّكُمْ إِن كُنتُمْ تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na εnam sika kakra bi ho nti moantͻn Nyankopͻn apam (no anni). Nokorε sε deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εyε ma mo.

See all translations of this verse →

مَا عِندَكُمْ يَنفَدُ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ بَاقٍ وَلَنَجْزِيَنَّ ٱلَّذِينَ صَبَرُوٓا۟ أَجْرَهُم بِأَحْسَنِ مَا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε εwͻ mo nkyεn no bɛtwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻsii aboterε no dwumadi pa a wͻdiiε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa.

See all translations of this verse →

مَنْ عَمِلَ صَٰلِحًا مِّن ذَكَرٍ أَوْ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤْمِنٌ فَلَنُحْيِيَنَّهُۥ حَيَوٰةً طَيِّبَةً وَلَنَجْزِيَنَّهُمْ أَجْرَهُم بِأَحْسَنِ مَا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻbɛdi dwuma pa bi no, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, Yεbεma no atena asetena pa mu, na ampa nso sε Yεbεma wͻn dwuma a wͻdiiε no so akatua pa paa.

See all translations of this verse →

فَإِذَا قَرَأْتَ ٱلْقُرْءَانَ فَٱسْتَعِذْ بِٱللَّهِ مِنَ ٱلشَّيْطَٰنِ ٱلرَّجِيمِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yɛabͻ no dua ato no atwene no ho.

See all translations of this verse →

إِنَّهُۥ لَيْسَ لَهُۥ سُلْطَٰنٌ عَلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَعَلَىٰ رَبِّهِمْ يَتَوَكَّلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε ɔnni tumi wͻ wͻn a wͻagye adie na wͻde wͻn ho ato wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no so.

See all translations of this verse →

إِنَّمَا سُلْطَٰنُهُۥ عَلَى ٱلَّذِينَ يَتَوَلَّوْنَهُۥ وَٱلَّذِينَ هُم بِهِۦ مُشْرِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻde wͻn ho ama no, na wͻfa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho no.

See all translations of this verse →

وَإِذَا بَدَّلْنَآ ءَايَةً مَّكَانَ ءَايَةٍ وَٱللَّهُ أَعْلَمُ بِمَا يُنَزِّلُ قَالُوٓا۟ إِنَّمَآ أَنتَ مُفْتَرٍۭ بَلْ أَكْثَرُهُمْ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεsesa asεm bi de asεm (foforᴐ) bԑhyԑ anan mu a, Nyankopͻn Nim deε Wasane aba no. Deε wͻka ne sε: ”Wo ara na wabͻ woitri mu”. Ԑnte saa, wͻn mu dodoͻ no ara nnim.

See all translations of this verse →

قُلْ نَزَّلَهُۥ رُوحُ ٱلْقُدُسِ مِن رَّبِّكَ بِٱلْحَقِّ لِيُثَبِّتَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَهُدًى وَبُشْرَىٰ لِلْمُسْلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na ɛsane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻagye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ نَعْلَمُ أَنَّهُمْ يَقُولُونَ إِنَّمَا يُعَلِّمُهُۥ بَشَرٌ لِّسَانُ ٱلَّذِى يُلْحِدُونَ إِلَيْهِ أَعْجَمِىٌّ وَهَٰذَا لِسَانٌ عَرَبِىٌّ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛnim sε wͻkeka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obi a wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nte Arab kasa), (Qur’aan) wei nso yε Arab kasa pefee.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤْمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَا يَهْدِيهِمُ ٱللَّهُ وَلَهُمْ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻnnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, Nyankopͻn nkyerε wͻn kwan, na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

See all translations of this verse →

إِنَّمَا يَفْتَرِى ٱلْكَذِبَ ٱلَّذِينَ لَا يُؤْمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَأُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْكَٰذِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻfa Nyankopͻn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo no, saa nkorͻfoͻ no ne atorofoͻ no.

See all translations of this verse →

مَن كَفَرَ بِٱللَّهِ مِنۢ بَعْدِ إِيمَٰنِهِۦٓ إِلَّا مَنْ أُكْرِهَ وَقَلْبُهُۥ مُطْمَئِنٌّۢ بِٱلْإِيمَٰنِ وَلَٰكِن مَّن شَرَحَ بِٱلْكُفْرِ صَدْرًا فَعَلَيْهِمْ غَضَبٌ مِّنَ ٱللَّهِ وَلَهُمْ عَذَابٌ عَظِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ne gyedie akyi wapo Nyankopͻn; - εnyε obi a yɛahyε no so (sε ͻmpo Nyame), na gyidie ho abotͻyεmu wͻ n’akoma mu- na mmom obi a wabue n’akoma mu ama boniayε no, Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn so, na wͻwͻ asotwee kεseɛ (retwεn wͻn).

See all translations of this verse →

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمُ ٱسْتَحَبُّوا۟ ٱلْحَيَوٰةَ ٱلدُّنْيَا عَلَى ٱلْـَٔاخِرَةِ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَا يَهْدِى ٱلْقَوْمَ ٱلْكَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐne sε, wͻpε wiase kyεn Daakye no. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnkyerε boniayεfoͻ no kwan.

See all translations of this verse →

أُو۟لَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمْ وَسَمْعِهِمْ وَأَبْصَٰرِهِمْ وَأُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْغَٰفِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atua wͻn akoma ne wͻn aso ne wͻn ani no, na wͻn na wͻn werε afiri (wͻn ho no).

See all translations of this verse →

لَا جَرَمَ أَنَّهُمْ فِى ٱلْـَٔاخِرَةِ هُمُ ٱلْخَٰسِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAkyinnyeε biara nni ho sε, Daakye no wͻne berεguofoͻ no.

See all translations of this verse →

ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ هَاجَرُوا۟ مِنۢ بَعْدِ مَا فُتِنُوا۟ ثُمَّ جَٰهَدُوا۟ وَصَبَرُوٓا۟ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعْدِهَا لَغَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻtuu amantuo na afei wͻbͻͻ mmͻden na wͻnyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

يَوْمَ تَأْتِى كُلُّ نَفْسٍ تُجَٰدِلُ عَن نَّفْسِهَا وَتُوَفَّىٰ كُلُّ نَفْسٍ مَّا عَمِلَتْ وَهُمْ لَا يُظْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere ne ti no, yεde ͻkra biara dwuma a ɔdiiε ho akatua pεpεεpε bεma no a yɛnni wͻn amim.

See all translations of this verse →

وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا قَرْيَةً كَانَتْ ءَامِنَةً مُّطْمَئِنَّةً يَأْتِيهَا رِزْقُهَا رَغَدًا مِّن كُلِّ مَكَانٍ فَكَفَرَتْ بِأَنْعُمِ ٱللَّهِ فَأَذَٰقَهَا ٱللَّهُ لِبَاسَ ٱلْجُوعِ وَٱلْخَوْفِ بِمَا كَانُوا۟ يَصْنَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻ hͻ a asomdwoeε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mmea mmea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻpoo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻkaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻyͻeε no ho nti“.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ جَآءَهُمْ رَسُولٌ مِّنْهُمْ فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَهُمُ ٱلْعَذَابُ وَهُمْ ظَٰلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso wannye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻyε abͻneεfoͻ.

See all translations of this verse →

فَكُلُوا۟ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ حَلَٰلًا طَيِّبًا وَٱشْكُرُوا۟ نِعْمَتَ ٱللَّهِ إِن كُنتُمْ إِيَّاهُ تَعْبُدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a.

See all translations of this verse →

إِنَّمَا حَرَّمَ عَلَيْكُمُ ٱلْمَيْتَةَ وَٱلدَّمَ وَلَحْمَ ٱلْخِنزِيرِ وَمَآ أُهِلَّ لِغَيْرِ ٱللَّهِ بِهِۦ فَمَنِ ٱضْطُرَّ غَيْرَ بَاغٍ وَلَا عَادٍ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε Wabra mo ne aboafunu (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε yabͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boapayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

See all translations of this verse →

وَلَا تَقُولُوا۟ لِمَا تَصِفُ أَلْسِنَتُكُمُ ٱلْكَذِبَ هَٰذَا حَلَٰلٌ وَهَٰذَا حَرَامٌ لِّتَفْتَرُوا۟ عَلَى ٱللَّهِ ٱلْكَذِبَ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفْتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلْكَذِبَ لَا يُفْلِحُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moamfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Wei deε (Halaal) εkwan wͻ ho, na wei deε (Haraam) yɛabra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim.

See all translations of this verse →

مَتَٰعٌ قَلِيلٌ وَلَهُمْ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

See all translations of this verse →

وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُوا۟ حَرَّمْنَا مَا قَصَصْنَا عَلَيْكَ مِن قَبْلُ وَمَا ظَلَمْنَٰهُمْ وَلَٰكِن كَانُوٓا۟ أَنفُسَهُمْ يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyε Yudafoͻ no nso, Yεbraa wͻn deε Yɛadikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Yɛanni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.

See all translations of this verse →

ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ عَمِلُوا۟ ٱلسُّوٓءَ بِجَهَٰلَةٍ ثُمَّ تَابُوا۟ مِنۢ بَعْدِ ذَٰلِكَ وَأَصْلَحُوٓا۟ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعْدِهَا لَغَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻyε bͻne na wͻnnim na akyire yi wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

إِنَّ إِبْرَٰهِيمَ كَانَ أُمَّةً قَانِتًا لِّلَّهِ حَنِيفًا وَلَمْ يَكُ مِنَ ٱلْمُشْرِكِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua ne soͻ; ͻbrεε ne ho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.

See all translations of this verse →

شَاكِرًا لِّأَنْعُمِهِ ٱجْتَبَىٰهُ وَهَدَىٰهُ إِلَىٰ صِرَٰطٍ مُّسْتَقِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ.

See all translations of this verse →

وَءَاتَيْنَٰهُ فِى ٱلدُّنْيَا حَسَنَةً وَإِنَّهُۥ فِى ٱلْـَٔاخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεmaa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho.

See all translations of this verse →

ثُمَّ أَوْحَيْنَآ إِلَيْكَ أَنِ ٱتَّبِعْ مِلَّةَ إِبْرَٰهِيمَ حَنِيفًا وَمَا كَانَ مِنَ ٱلْمُشْرِكِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), afei Yɛayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.

See all translations of this verse →

إِنَّمَا جُعِلَ ٱلسَّبْتُ عَلَى ٱلَّذِينَ ٱخْتَلَفُوا۟ فِيهِ وَإِنَّ رَبَّكَ لَيَحْكُمُ بَيْنَهُمْ يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُوا۟ فِيهِ يَخْتَلِفُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻgye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bɛbu wɔn ntam atεn wͻ deε wͻgye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da.

See all translations of this verse →

ٱدْعُ إِلَىٰ سَبِيلِ رَبِّكَ بِٱلْحِكْمَةِ وَٱلْمَوْعِظَةِ ٱلْحَسَنَةِ وَجَٰدِلْهُم بِٱلَّتِى هِىَ أَحْسَنُ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعْلَمُ بِمَن ضَلَّ عَن سَبِيلِهِۦ وَهُوَ أَعْلَمُ بِٱلْمُهْتَدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nnye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Ɔnim obi a wayera afiri Nekwan no soͻ, εna Ɔnim wͻn nso a wͻanya tenenee no.

See all translations of this verse →

وَإِنْ عَاقَبْتُمْ فَعَاقِبُوا۟ بِمِثْلِ مَا عُوقِبْتُم بِهِۦ وَلَئِن صَبَرْتُمْ لَهُوَ خَيْرٌ لِّلصَّٰبِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻde ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻhyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no.

See all translations of this verse →

وَٱصْبِرْ وَمَا صَبْرُكَ إِلَّا بِٱللَّهِ وَلَا تَحْزَنْ عَلَيْهِمْ وَلَا تَكُ فِى ضَيْقٍ مِّمَّا يَمْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no bɛfiri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nho wͻ wͻn ho, na εnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻrefa no ho.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوا۟ وَّٱلَّذِينَ هُم مُّحْسِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻsuro Nyame, ne wͻn a wͻyε ayεmyε no ho.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70