وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُوا۟ حَرَّمْنَا مَا قَصَصْنَا عَلَيْكَ مِن قَبْلُ وَمَا ظَلَمْنَٰهُمْ وَلَٰكِن كَانُوٓا۟ أَنفُسَهُمْ يَظْلِمُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyε Yudafoͻ no nso, Yεbraa wͻn deε Yɛadikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Yɛanni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.