وَٱللَّهُ فَضَّلَ بَعْضَكُمْ عَلَىٰ بَعْضٍ فِى ٱلرِّزْقِ فَمَا ٱلَّذِينَ فُضِّلُوا۟ بِرَآدِّى رِزْقِهِمْ عَلَىٰ مَا مَلَكَتْ أَيْمَٰنُهُمْ فَهُمْ فِيهِ سَوَآءٌ أَفَبِنِعْمَةِ ٱللَّهِ يَجْحَدُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yɛapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻyε wͻn dea no mma wͻnyε pε da. Enti wͻbεpo Nyankopͻn adom no?