Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻka sε, wabͻ ne trim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻbɛnya kwan kyerε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆyε ntotoeε no firi soro de ba asaase so; afei na εde dakoro a ne nsusueε bεyε mfeɛ apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Ne hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mo de) te asεm, ne (ani a mo de) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mo de da (no) aseε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεpε a anka Yεde onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Me hͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mo werε firii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε werε bɛfiri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻgye Yε nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε nsεm no tu wͻn fo a, wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻbͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻnyε ahomasoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nyankopͻn ho dͻ nti wͻsͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻsufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yεde ama wͻn no nso wͻyi mu bi de ma.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no deε wͻbɛnya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻdieε no nti.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn nso a wͻbͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻbεpεsε wͻfiri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atorͻsεm no nhwε “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe ne ho fri ho? Nokorε sε Yεbɛtua abͻneεfoͻ no so ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεde Nwoma no maa Mose, enti εmma w'adwen nnyε wo ntanta wͻ Ne nhyiamu no ho; na Yεyεε no kwankyerε (Nwoma) de maa Israel mma.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεyεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻde Y’ahyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻnyaeε ho nti, na wͻgye Yε nsεm no di.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻnhunuu sε Yεn na Yɛpia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yεde ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wɔnhunu anaa?