caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-Ahzaab الأحزاب

73 verses · Medina · revelation order 90

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِىُّ ٱتَّقِ ٱللَّهَ وَلَا تُطِعِ ٱلْكَٰفِرِينَ وَٱلْمُنَٰفِقِينَ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

See all translations of this verse →

وَٱتَّبِعْ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيْكَ مِن رَّبِّكَ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِمَا تَعْمَلُونَ خَبِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDi deε yɛayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ.

See all translations of this verse →

وَتَوَكَّلْ عَلَى ٱللَّهِ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.

See all translations of this verse →

مَّا جَعَلَ ٱللَّهُ لِرَجُلٍ مِّن قَلْبَيْنِ فِى جَوْفِهِۦ وَمَا جَعَلَ أَزْوَٰجَكُمُ ٱلَّٰٓـِٔى تُظَٰهِرُونَ مِنْهُنَّ أُمَّهَٰتِكُمْ وَمَا جَعَلَ أَدْعِيَآءَكُمْ أَبْنَآءَكُمْ ذَٰلِكُمْ قَوْلُكُم بِأَفْوَٰهِكُمْ وَٱللَّهُ يَقُولُ ٱلْحَقَّ وَهُوَ يَهْدِى ٱلسَّبِيلَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻte monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara mo ano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan.

See all translations of this verse →

ٱدْعُوهُمْ لِـَٔابَآئِهِمْ هُوَ أَقْسَطُ عِندَ ٱللَّهِ فَإِن لَّمْ تَعْلَمُوٓا۟ ءَابَآءَهُمْ فَإِخْوَٰنُكُمْ فِى ٱلدِّينِ وَمَوَٰلِيكُمْ وَلَيْسَ عَلَيْكُمْ جُنَاحٌ فِيمَآ أَخْطَأْتُم بِهِۦ وَلَٰكِن مَّا تَعَمَّدَتْ قُلُوبُكُمْ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورًا رَّحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻyε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni mo so wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ mo so wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.

See all translations of this verse →

ٱلنَّبِىُّ أَوْلَىٰ بِٱلْمُؤْمِنِينَ مِنْ أَنفُسِهِمْ وَأَزْوَٰجُهُۥٓ أُمَّهَٰتُهُمْ وَأُو۟لُوا۟ ٱلْأَرْحَامِ بَعْضُهُمْ أَوْلَىٰ بِبَعْضٍ فِى كِتَٰبِ ٱللَّهِ مِنَ ٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُهَٰجِرِينَ إِلَّآ أَن تَفْعَلُوٓا۟ إِلَىٰٓ أَوْلِيَآئِكُم مَّعْرُوفًا كَانَ ذَٰلِكَ فِى ٱلْكِتَٰبِ مَسْطُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.

See all translations of this verse →

وَإِذْ أَخَذْنَا مِنَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ مِيثَٰقَهُمْ وَمِنكَ وَمِن نُّوحٍ وَإِبْرَٰهِيمَ وَمُوسَىٰ وَعِيسَى ٱبْنِ مَرْيَمَ وَأَخَذْنَا مِنْهُم مِّيثَٰقًا غَلِيظًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Yεgyee apam firi Nkͻmhyεfoͻ no hͻ, εne wo (Muhammad) hͻ, ne Noa ne Abraham ne Mose εna Yesu Mar’yam ba no hͻ; Yεgyee apam a emu yε duro paa na efirii wͻn hͻ.

See all translations of this verse →

لِّيَسْـَٔلَ ٱلصَّٰدِقِينَ عَن صِدْقِهِمْ وَأَعَدَّ لِلْكَٰفِرِينَ عَذَابًا أَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε (Nyankopͻn) bɛbisa nokwafoͻ no wͻn nokorεdie ho asεm. Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato boniayεfoͻ no hͻ.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ ٱذْكُرُوا۟ نِعْمَةَ ٱللَّهِ عَلَيْكُمْ إِذْ جَآءَتْكُمْ جُنُودٌ فَأَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ رِيحًا وَجُنُودًا لَّمْ تَرَوْهَا وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعْمَلُونَ بَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, monkae Onyankopᴐn adom a ԑwᴐ mosoᴐ, ԑberԑ a asraafoᴐ dᴐm baa mo soᴐ na Yԑsomaa mframa ne asraafoᴐ a mo ani anhu wᴐn baa wᴐn soᴐ. Onyankopᴐn deԑ Ohu dwuma a modie biara.

See all translations of this verse →

إِذْ جَآءُوكُم مِّن فَوْقِكُمْ وَمِنْ أَسْفَلَ مِنكُمْ وَإِذْ زَاغَتِ ٱلْأَبْصَٰرُ وَبَلَغَتِ ٱلْقُلُوبُ ٱلْحَنَاجِرَ وَتَظُنُّونَ بِٱللَّهِ ٱلظُّنُونَا۠

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a (atamfoͻ) no baa mo so firi mo soro ne mo ase, na ani yεε kusuu na akoma pagya baa menewa mu, na modwenee adwen (bᴐne) wͻ Nyankopͻn ho.

See all translations of this verse →

هُنَالِكَ ٱبْتُلِىَ ٱلْمُؤْمِنُونَ وَزُلْزِلُوا۟ زِلْزَالًا شَدِيدًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐhͻ no Yεsͻͻ agyidiefoͻ no hwεe, na wͻn ho wosoo papaapa.

See all translations of this verse →

وَإِذْ يَقُولُ ٱلْمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِى قُلُوبِهِم مَّرَضٌ مَّا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ إِلَّا غُرُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa kae εberε no a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Bᴐ a Nyankopͻn ne ne Somafoͻ hyεԑ yεn no yԑ nnaadaa bi kwa“.

See all translations of this verse →

وَإِذْ قَالَت طَّآئِفَةٌ مِّنْهُمْ يَٰٓأَهْلَ يَثْرِبَ لَا مُقَامَ لَكُمْ فَٱرْجِعُوا۟ وَيَسْتَـْٔذِنُ فَرِيقٌ مِّنْهُمُ ٱلنَّبِىَّ يَقُولُونَ إِنَّ بُيُوتَنَا عَوْرَةٌ وَمَا هِىَ بِعَوْرَةٍ إِن يُرِيدُونَ إِلَّا فِرَارًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε nso a wͻn mu fekuo bi kaa sε: “Yasribfoͻ, monni gyinaberε biara, enti monsan mo akyi“. Wͻn mu fa bi srεε kwan wͻ Nkͻmhyεni hͻ, wͻkaa sε: Y’afiee deda mpan, na εnyε nokorε sε εdeda mpan, na mmom dwane na wͻrepε adwane.

See all translations of this verse →

وَلَوْ دُخِلَتْ عَلَيْهِم مِّنْ أَقْطَارِهَا ثُمَّ سُئِلُوا۟ ٱلْفِتْنَةَ لَـَٔاتَوْهَا وَمَا تَلَبَّثُوا۟ بِهَآ إِلَّا يَسِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε (atamfoͻ no) nyaa emu akwan bi wuraa (Madina kuro no mu) maa wͻbɛpuee (nkͻnkͻnsafoͻ no) so, εna wͻreka akyerε wͻn sε wͻnyε basabasa (anaasε wͻnko ntia Muslimifoͻ no) a, anka wͻbεyε a wͻnkyεre ho koraa.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ كَانُوا۟ عَٰهَدُوا۟ ٱللَّهَ مِن قَبْلُ لَا يُوَلُّونَ ٱلْأَدْبَٰرَ وَكَانَ عَهْدُ ٱللَّهِ مَسْـُٔولًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε nso sε na wͻne Nyankopͻn adikan ahyε bͻ sε wͻnnane wͻn akyi mma (agyidiefoͻ no da). Apam a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε, nokorε sε εwͻ ho ano yie.

See all translations of this verse →

قُل لَّن يَنفَعَكُمُ ٱلْفِرَارُ إِن فَرَرْتُم مِّنَ ٱلْمَوْتِ أَوِ ٱلْقَتْلِ وَإِذًا لَّا تُمَتَّعُونَ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka kyerε (nkͻnkͻnsafoͻ no a wͻresrε kwan no) sε: “Sε owuo anaa okum ho nti na moredwane no a, εneε dwane no ho mma mfasoͻ mma mo, εyε εberε tiaa bi na mode bεgye mo ani (wͻ wiase ha) “

See all translations of this verse →

قُلْ مَن ذَا ٱلَّذِى يَعْصِمُكُم مِّنَ ٱللَّهِ إِنْ أَرَادَ بِكُمْ سُوٓءًا أَوْ أَرَادَ بِكُمْ رَحْمَةً وَلَا يَجِدُونَ لَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ وَلِيًّا وَلَا نَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε : “Sε Nyankopͻn pε mo bͻne bi, anaasε Ɔpε mo ahummͻborͻ bi a, hwan na ͻbεbͻ mo ho ban afiri ne nsam? Nyankopͻn akyiri no wͻnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wͻn.

See all translations of this verse →

قَدْ يَعْلَمُ ٱللَّهُ ٱلْمُعَوِّقِينَ مِنكُمْ وَٱلْقَآئِلِينَ لِإِخْوَٰنِهِمْ هَلُمَّ إِلَيْنَا وَلَا يَأْتُونَ ٱلْبَأْسَ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ mo mu no a wͻsi amanfoͻ kwan (na wͻmma wͻn mma ͻko no), ne wͻn a wͻka kyerε wͻn nuanom sε: ”Mommra yεn hͻ;” na (wͻn ara mpo mma ͻkoo gyesε (wͻn mu nnipa) kakraabi.

See all translations of this verse →

أَشِحَّةً عَلَيْكُمْ فَإِذَا جَآءَ ٱلْخَوْفُ رَأَيْتَهُمْ يَنظُرُونَ إِلَيْكَ تَدُورُ أَعْيُنُهُمْ كَٱلَّذِى يُغْشَىٰ عَلَيْهِ مِنَ ٱلْمَوْتِ فَإِذَا ذَهَبَ ٱلْخَوْفُ سَلَقُوكُم بِأَلْسِنَةٍ حِدَادٍ أَشِحَّةً عَلَى ٱلْخَيْرِ أُو۟لَٰٓئِكَ لَمْ يُؤْمِنُوا۟ فَأَحْبَطَ ٱللَّهُ أَعْمَٰلَهُمْ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻnnfa mo ho (anaasε wͻmmoa mo wͻ kwan biara so). Nanso sε ehu bi ba a wobεhunu sε wͻrehwε woͻ a wͻn ani retwa kuru-kuru tesε obia owuo refa no. Sε ehu no te kͻ a wͻde kεterεma naanam anaa kԑtrԑma dԑ twa wo de hwehwε papa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻnnye nie no, enti Nyankopͻn ama wͻn nwuma no ayε kwa, εno yε adeε a εyε mmerε wͻ Nyankopͻn hͻ.

See all translations of this verse →

يَحْسَبُونَ ٱلْأَحْزَابَ لَمْ يَذْهَبُوا۟ وَإِن يَأْتِ ٱلْأَحْزَابُ يَوَدُّوا۟ لَوْ أَنَّهُم بَادُونَ فِى ٱلْأَعْرَابِ يَسْـَٔلُونَ عَنْ أَنۢبَآئِكُمْ وَلَوْ كَانُوا۟ فِيكُم مَّا قَٰتَلُوٓا۟ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻnkͻnsafoͻ no) adwen yε wͻn sε (Ah’zaab) nkorͻfo kuo no nnya nkͻe, na sε nkorͻfo kuo no reba (bio) a, anka wͻbεpε sε wͻbεka εserε so Arabfoͻ no ho (ne wͻn awͻ εserε no so) na wͻn abisa mo ho asεm (atie). Sε wͻka mo ho mpo a, anka wͻnko gyesε kakraa bi.

See all translations of this verse →

لَّقَدْ كَانَ لَكُمْ فِى رَسُولِ ٱللَّهِ أُسْوَةٌ حَسَنَةٌ لِّمَن كَانَ يَرْجُوا۟ ٱللَّهَ وَٱلْيَوْمَ ٱلْـَٔاخِرَ وَذَكَرَ ٱللَّهَ كَثِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε nhwεso pa wͻ Ɔsomafoͻ (Muhammad) suban mu ma mo, de ma obia n’ani da Nyankopͻn so ne Daakye no nso soɔ, na ͻkae Nyankopͻn pii.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا رَءَا ٱلْمُؤْمِنُونَ ٱلْأَحْزَابَ قَالُوا۟ هَٰذَا مَا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَصَدَقَ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَمَا زَادَهُمْ إِلَّآ إِيمَٰنًا وَتَسْلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a agyidiefoͻ no hunuu nkorͻfo kuo no, wͻkaa sε: “Woi na Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no hyεε yεn ho bͻ no, Nyankopͻn ne ne Somafoͻ asεm yε nokorε. Deε wͻnya kaa ho ne gyidie ne ahobraseε.

See all translations of this verse →

مِّنَ ٱلْمُؤْمِنِينَ رِجَالٌ صَدَقُوا۟ مَا عَٰهَدُوا۟ ٱللَّهَ عَلَيْهِ فَمِنْهُم مَّن قَضَىٰ نَحْبَهُۥ وَمِنْهُم مَّن يَنتَظِرُ وَمَا بَدَّلُوا۟ تَبْدِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻdi nokorε wͻ apam a wͻ ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻadi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻretwεn, na wͻnsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa.

See all translations of this verse →

لِّيَجْزِىَ ٱللَّهُ ٱلصَّٰدِقِينَ بِصِدْقِهِمْ وَيُعَذِّبَ ٱلْمُنَٰفِقِينَ إِن شَآءَ أَوْ يَتُوبَ عَلَيْهِمْ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورًا رَّحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Nyankopͻn bɛtua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a Watwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene.

See all translations of this verse →

وَرَدَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ بِغَيْظِهِمْ لَمْ يَنَالُوا۟ خَيْرًا وَكَفَى ٱللَّهُ ٱلْمُؤْمِنِينَ ٱلْقِتَالَ وَكَانَ ٱللَّهُ قَوِيًّا عَزِيزًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailBoniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻannya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.

See all translations of this verse →

وَأَنزَلَ ٱلَّذِينَ ظَٰهَرُوهُم مِّنْ أَهْلِ ٱلْكِتَٰبِ مِن صَيَاصِيهِمْ وَقَذَفَ فِى قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعْبَ فَرِيقًا تَقْتُلُونَ وَتَأْسِرُونَ فَرِيقًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻboaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn firii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum.

See all translations of this verse →

وَأَوْرَثَكُمْ أَرْضَهُمْ وَدِيَٰرَهُمْ وَأَمْوَٰلَهُمْ وَأَرْضًا لَّمْ تَطَـُٔوهَا وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ قَدِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a mo nan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِىُّ قُل لِّأَزْوَٰجِكَ إِن كُنتُنَّ تُرِدْنَ ٱلْحَيَوٰةَ ٱلدُّنْيَا وَزِينَتَهَا فَتَعَالَيْنَ أُمَتِّعْكُنَّ وَأُسَرِّحْكُنَّ سَرَاحًا جَمِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, ka kyerε w'ayerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so.

See all translations of this verse →

وَإِن كُنتُنَّ تُرِدْنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَٱلدَّارَ ٱلْـَٔاخِرَةَ فَإِنَّ ٱللَّهَ أَعَدَّ لِلْمُحْسِنَٰتِ مِنكُنَّ أَجْرًا عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa mmom sε mopε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama mo mu apapafoͻ no”.

See all translations of this verse →

يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِىِّ مَن يَأْتِ مِنكُنَّ بِفَٰحِشَةٍ مُّبَيِّنَةٍ يُضَٰعَفْ لَهَا ٱلْعَذَابُ ضِعْفَيْنِ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni ayerenom, mo mu nea ͻbɛyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.

See all translations of this verse →

وَمَن يَقْنُتْ مِنكُنَّ لِلَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتَعْمَلْ صَٰلِحًا نُّؤْتِهَآ أَجْرَهَا مَرَّتَيْنِ وَأَعْتَدْنَا لَهَا رِزْقًا كَرِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo mu nea ͻbεbrε ne ho ase ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ na wayε papa no, Yεbεma no akatua mmͻho mmienu, na Yɛasiesie animuonyam akyεdeε bi nso ama no.

See all translations of this verse →

يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِىِّ لَسْتُنَّ كَأَحَدٍ مِّنَ ٱلنِّسَآءِ إِنِ ٱتَّقَيْتُنَّ فَلَا تَخْضَعْنَ بِٱلْقَوْلِ فَيَطْمَعَ ٱلَّذِى فِى قَلْبِهِۦ مَرَضٌ وَقُلْنَ قَوْلًا مَّعْرُوفًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni yerenom, montesε mmaa a aka no. Sε mosuro Nyankopͻn a, monhwε na (sε mone ͻbarima bi rekasa a) moammrε mone ase; anhwε a na obi a yadeε wͻ n’akoma mu no anya mo ho dͻ, na monka kasa a εyε kasa pa.

See all translations of this verse →

وَقَرْنَ فِى بُيُوتِكُنَّ وَلَا تَبَرَّجْنَ تَبَرُّجَ ٱلْجَٰهِلِيَّةِ ٱلْأُولَىٰ وَأَقِمْنَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتِينَ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَطِعْنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ لِيُذْهِبَ عَنكُمُ ٱلرِّجْسَ أَهْلَ ٱلْبَيْتِ وَيُطَهِّرَكُمْ تَطْهِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa montena mo afie mu, na monhwε na moanna mo ho afԑԑfԑdeԑ adi ankyerԑ, sεdeε na tete abagyimi berε mmaa no (yε no); na monfrε Nyame wͻ ne berε mu na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Deε Nyankopͻn pε ne sε, efie ha foͻ, Obeyi efii afiri mo so na Wate mo ho korͻgyee.

See all translations of this verse →

وَٱذْكُرْنَ مَا يُتْلَىٰ فِى بُيُوتِكُنَّ مِنْ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ وَٱلْحِكْمَةِ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ لَطِيفًا خَبِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa monkaekae deε yεkenkan (kyerε mo) wͻ mo fie hͻ no a efri Nyankopͻn Nsεm no mu no, ne Nyansasεm no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onitefoͻ (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho Amane bͻfoͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلْمُسْلِمِينَ وَٱلْمُسْلِمَٰتِ وَٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُؤْمِنَٰتِ وَٱلْقَٰنِتِينَ وَٱلْقَٰنِتَٰتِ وَٱلصَّٰدِقِينَ وَٱلصَّٰدِقَٰتِ وَٱلصَّٰبِرِينَ وَٱلصَّٰبِرَٰتِ وَٱلْخَٰشِعِينَ وَٱلْخَٰشِعَٰتِ وَٱلْمُتَصَدِّقِينَ وَٱلْمُتَصَدِّقَٰتِ وَٱلصَّٰٓئِمِينَ وَٱلصَّٰٓئِمَٰتِ وَٱلْحَٰفِظِينَ فُرُوجَهُمْ وَٱلْحَٰفِظَٰتِ وَٱلذَّٰكِرِينَ ٱللَّهَ كَثِيرًا وَٱلذَّٰكِرَٰتِ أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُم مَّغْفِرَةً وَأَجْرًا عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Muslimifoͻ mmarima ne Muslimifoͻ mmaa, ne Agyidiefoͻ mmarima ne Agyidiefoͻ mmaa, ne Ahobraseεfoͻ mmarima ne Ahobraseεfoͻ mmaa, ne Nokorεfoͻ mmarima ne Nokorεfoͻ mmaa, ne Aboterεfoͻ mmarima ne Aboterεfoͻ mmaa, ne Nyame-surofoͻ mmarima ne Nyamesurofoͻ mmaa, ne Adͻeεfoͻ mmarima ne Adͻeεfoͻ mmaa, ne Akyiriwiafoͻ mmarima ne Akyiriwiafoͻ mmaa, ne mmarima a wͻhwε wͻn ho so yie ne mmaa a wͻhwε wͻn ho so yie (na wͻmmͻ adwaman), ne mmarima a wͻbͻ Nyame abodin kεse ne mmaa a wͻbͻ Nyame abodin, Nyankopͻn asiesie bͻnefakyε ne akatua kεseε ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda).

See all translations of this verse →

وَمَا كَانَ لِمُؤْمِنٍ وَلَا مُؤْمِنَةٍ إِذَا قَضَى ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ أَمْرًا أَن يَكُونَ لَهُمُ ٱلْخِيَرَةُ مِنْ أَمْرِهِمْ وَمَن يَعْصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدْ ضَلَّ ضَلَٰلًا مُّبِينًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnfata mma gyidini barima anaasε gyidini baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻpε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Ne somafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa.

See all translations of this verse →

وَإِذْ تَقُولُ لِلَّذِىٓ أَنْعَمَ ٱللَّهُ عَلَيْهِ وَأَنْعَمْتَ عَلَيْهِ أَمْسِكْ عَلَيْكَ زَوْجَكَ وَٱتَّقِ ٱللَّهَ وَتُخْفِى فِى نَفْسِكَ مَا ٱللَّهُ مُبْدِيهِ وَتَخْشَى ٱلنَّاسَ وَٱللَّهُ أَحَقُّ أَن تَخْشَىٰهُ فَلَمَّا قَضَىٰ زَيْدٌ مِّنْهَا وَطَرًا زَوَّجْنَٰكَهَا لِكَىْ لَا يَكُونَ عَلَى ٱلْمُؤْمِنِينَ حَرَجٌ فِىٓ أَزْوَٰجِ أَدْعِيَآئِهِمْ إِذَا قَضَوْا۟ مِنْهُنَّ وَطَرًا وَكَانَ أَمْرُ ٱللَّهِ مَفْعُولًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka wo yere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yεde (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻte wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ.

See all translations of this verse →

مَّا كَانَ عَلَى ٱلنَّبِىِّ مِنْ حَرَجٍ فِيمَا فَرَضَ ٱللَّهُ لَهُۥ سُنَّةَ ٱللَّهِ فِى ٱلَّذِينَ خَلَوْا۟ مِن قَبْلُ وَكَانَ أَمْرُ ٱللَّهِ قَدَرًا مَّقْدُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSoboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε Wama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a Watwa ato hͻ ama wͻn a watwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ يُبَلِّغُونَ رِسَٰلَٰتِ ٱللَّهِ وَيَخْشَوْنَهُۥ وَلَا يَخْشَوْنَ أَحَدًا إِلَّا ٱللَّهَ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ حَسِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻbͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻsuro no no, wͻnsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu.

See all translations of this verse →

مَّا كَانَ مُحَمَّدٌ أَبَآ أَحَدٍ مِّن رِّجَالِكُمْ وَلَٰكِن رَّسُولَ ٱللَّهِ وَخَاتَمَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَىْءٍ عَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ ٱذْكُرُوا۟ ٱللَّهَ ذِكْرًا كَثِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (ne ho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree,

See all translations of this verse →

وَسَبِّحُوهُ بُكْرَةً وَأَصِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa montontom no anͻpa ne anwummerε.

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِى يُصَلِّى عَلَيْكُمْ وَمَلَٰٓئِكَتُهُۥ لِيُخْرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِ وَكَانَ بِٱلْمُؤْمِنِينَ رَحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no.

See all translations of this verse →

تَحِيَّتُهُمْ يَوْمَ يَلْقَوْنَهُۥ سَلَٰمٌ وَأَعَدَّ لَهُمْ أَجْرًا كَرِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a wͻbɛhyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwoeε; Wasiesie animuonyam akatua nso ama wͻn.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِىُّ إِنَّآ أَرْسَلْنَٰكَ شَٰهِدًا وَمُبَشِّرًا وَنَذِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, nokorε Yɛasoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ,

See all translations of this verse →

وَدَاعِيًا إِلَى ٱللَّهِ بِإِذْنِهِۦ وَسِرَاجًا مُّنِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn.

See all translations of this verse →

وَبَشِّرِ ٱلْمُؤْمِنِينَ بِأَنَّ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَضْلًا كَبِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ.

See all translations of this verse →

وَلَا تُطِعِ ٱلْكَٰفِرِينَ وَٱلْمُنَٰفِقِينَ وَدَعْ أَذَىٰهُمْ وَتَوَكَّلْ عَلَى ٱللَّهِ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa hwԑ na wantie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓا۟ إِذَا نَكَحْتُمُ ٱلْمُؤْمِنَٰتِ ثُمَّ طَلَّقْتُمُوهُنَّ مِن قَبْلِ أَن تَمَسُّوهُنَّ فَمَا لَكُمْ عَلَيْهِنَّ مِنْ عِدَّةٍ تَعْتَدُّونَهَا فَمَتِّعُوهُنَّ وَسَرِّحُوهُنَّ سَرَاحًا جَمِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na mo ma wͻnkͻ no kwan pa so.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِىُّ إِنَّآ أَحْلَلْنَا لَكَ أَزْوَٰجَكَ ٱلَّٰتِىٓ ءَاتَيْتَ أُجُورَهُنَّ وَمَا مَلَكَتْ يَمِينُكَ مِمَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَيْكَ وَبَنَاتِ عَمِّكَ وَبَنَاتِ عَمَّٰتِكَ وَبَنَاتِ خَالِكَ وَبَنَاتِ خَٰلَٰتِكَ ٱلَّٰتِى هَاجَرْنَ مَعَكَ وَٱمْرَأَةً مُّؤْمِنَةً إِن وَهَبَتْ نَفْسَهَا لِلنَّبِىِّ إِنْ أَرَادَ ٱلنَّبِىُّ أَن يَسْتَنكِحَهَا خَالِصَةً لَّكَ مِن دُونِ ٱلْمُؤْمِنِينَ قَدْ عَلِمْنَا مَا فَرَضْنَا عَلَيْهِمْ فِىٓ أَزْوَٰجِهِمْ وَمَا مَلَكَتْ أَيْمَٰنُهُمْ لِكَيْلَا يَكُونَ عَلَيْكَ حَرَجٌ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورًا رَّحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo w'ayerenom a watua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻyε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wo ne wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻ wo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Yɛnim deε Yɛayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn ayerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻyε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.

See all translations of this verse →

تُرْجِى مَن تَشَآءُ مِنْهُنَّ وَتُـْٔوِىٓ إِلَيْكَ مَن تَشَآءُ وَمَنِ ٱبْتَغَيْتَ مِمَّنْ عَزَلْتَ فَلَا جُنَاحَ عَلَيْكَ ذَٰلِكَ أَدْنَىٰٓ أَن تَقَرَّ أَعْيُنُهُنَّ وَلَا يَحْزَنَّ وَيَرْضَيْنَ بِمَآ ءَاتَيْتَهُنَّ كُلُّهُنَّ وَٱللَّهُ يَعْلَمُ مَا فِى قُلُوبِكُمْ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWotumi twe wᴐn mu nea wopε sensԑn, gye nea wopε, na εnyε bͻne biara ma wo sε wobεfrε obi a watwe no (asensεn) a wopε. Woi na εbεn sε wode bεkyekyere wͻn werε, na wͻnni awerεhoͻ na wͻn mu biara ani bεgye deε wode ama wͻn no ho. Nyankopͻn Nim deε εwͻ mo akoma mu (nyinaa). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene.

See all translations of this verse →

لَّا يَحِلُّ لَكَ ٱلنِّسَآءُ مِنۢ بَعْدُ وَلَآ أَن تَبَدَّلَ بِهِنَّ مِنْ أَزْوَٰجٍ وَلَوْ أَعْجَبَكَ حُسْنُهُنَّ إِلَّا مَا مَلَكَتْ يَمِينُكَ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ رَّقِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mmaa a yɛakyerε mu yi) akyi, wonni ho kwan (sε woware ͻbaa biara bio), anaasε wobεsesa ͻbaa akͻfa foforͻ, sε wͻn ho yε wo anigye mpo a, gyesε (mfenaa) no a wͻyε wo dea no. Nyankopͻn deε ͻwεn biribiara.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ لَا تَدْخُلُوا۟ بُيُوتَ ٱلنَّبِىِّ إِلَّآ أَن يُؤْذَنَ لَكُمْ إِلَىٰ طَعَامٍ غَيْرَ نَٰظِرِينَ إِنَىٰهُ وَلَٰكِنْ إِذَا دُعِيتُمْ فَٱدْخُلُوا۟ فَإِذَا طَعِمْتُمْ فَٱنتَشِرُوا۟ وَلَا مُسْتَـْٔنِسِينَ لِحَدِيثٍ إِنَّ ذَٰلِكُمْ كَانَ يُؤْذِى ٱلنَّبِىَّ فَيَسْتَحْىِۦ مِنكُمْ وَٱللَّهُ لَا يَسْتَحْىِۦ مِنَ ٱلْحَقِّ وَإِذَا سَأَلْتُمُوهُنَّ مَتَٰعًا فَسْـَٔلُوهُنَّ مِن وَرَآءِ حِجَابٍ ذَٰلِكُمْ أَطْهَرُ لِقُلُوبِكُمْ وَقُلُوبِهِنَّ وَمَا كَانَ لَكُمْ أَن تُؤْذُوا۟ رَسُولَ ٱللَّهِ وَلَآ أَن تَنكِحُوٓا۟ أَزْوَٰجَهُۥ مِنۢ بَعْدِهِۦٓ أَبَدًا إِنَّ ذَٰلِكُمْ كَانَ عِندَ ٱللَّهِ عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, monhwε na moankͻ Nkͻmhyεni fie (basabasa), gyesε yεfrε mo adidi, na εnyε sε morekͻ twεn ama no aben. Na mmom sε yεfrε mo a εneε monkͻ, na sε modidi wie a monhwete nkͻ, na monhwε na moantena hͻ sε moredi nkͻmmͻ. Nokorε sε (saa suban) no ha Nkͻmhyεni nanso ͻfεre mo, na Nyankopͻn deε Ɔnfεre nokorε no. Sε morebisa ne yerenom hͻ (biribi) a monyina ntwaremuu akyi na momisa, εno mmom na εyε koronkron de ma mo akoma ne wͻn akoma. Monni ho kwan sε mobεha Nyankopͻn Somafoͻ anaasε mobεware ne yere wͻ ne (wuo) akyi da. Nokorε sε woi yε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ.

See all translations of this verse →

إِن تُبْدُوا۟ شَيْـًٔا أَوْ تُخْفُوهُ فَإِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِكُلِّ شَىْءٍ عَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε moda biribi adi o, anaasε mode suma o, nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.

See all translations of this verse →

لَّا جُنَاحَ عَلَيْهِنَّ فِىٓ ءَابَآئِهِنَّ وَلَآ أَبْنَآئِهِنَّ وَلَآ إِخْوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبْنَآءِ إِخْوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبْنَآءِ أَخَوَٰتِهِنَّ وَلَا نِسَآئِهِنَّ وَلَا مَا مَلَكَتْ أَيْمَٰنُهُنَّ وَٱتَّقِينَ ٱللَّهَ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ شَهِيدًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε bͻne mma (mmaa no) sε (wͻnngu akatatire wͻ) wͻn papa anim, anaa wͻn mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmarima nom anim anaa wͻn nua mmarima mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmaa mma mmarima anim, anaa wͻn ara mmaa anim, anaa wͻn mfenaa anim, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn di biribiara ho adanseε.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ وَمَلَٰٓئِكَتَهُۥ يُصَلُّونَ عَلَى ٱلنَّبِىِّ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ صَلُّوا۟ عَلَيْهِ وَسَلِّمُوا۟ تَسْلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ hyira Nkͻmhyεni. Mo a moagye adie, monsrε nhyira mma no na monkyea no wͻ asomdwoeԑ mu.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ يُؤْذُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُ فِى ٱلدُّنْيَا وَٱلْـَٔاخِرَةِ وَأَعَدَّ لَهُمْ عَذَابًا مُّهِينًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻhyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no abufuo no, Nyankopͻn adome wͻn wͻ wiase ne Daakye, na Wasiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ يُؤْذُونَ ٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُؤْمِنَٰتِ بِغَيْرِ مَا ٱكْتَسَبُوا۟ فَقَدِ ٱحْتَمَلُوا۟ بُهْتَٰنًا وَإِثْمًا مُّبِينًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻhyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no nso abufuo wͻ deε wͻn nnyͻeε ho no, wͻbεsoa ntwatosoͻ (nkontompo, ne adanse wia) ne bͻne a εda adi pefee (ho asotwee wͻ Atemmuada).

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِىُّ قُل لِّأَزْوَٰجِكَ وَبَنَاتِكَ وَنِسَآءِ ٱلْمُؤْمِنِينَ يُدْنِينَ عَلَيْهِنَّ مِن جَلَٰبِيبِهِنَّ ذَٰلِكَ أَدْنَىٰٓ أَن يُعْرَفْنَ فَلَا يُؤْذَيْنَ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورًا رَّحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, ka kyerε woyerenom, ne womma mmaa, ne agyidiefoͻ maa no sε: Wͻmfa wͻn akatasoͻ no nkata wͻn ho so nyinaa. Saa na εyε sεdeε yεbɛhu wͻn, na (obi) nnha wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

لَّئِن لَّمْ يَنتَهِ ٱلْمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِى قُلُوبِهِم مَّرَضٌ وَٱلْمُرْجِفُونَ فِى ٱلْمَدِينَةِ لَنُغْرِيَنَّكَ بِهِمْ ثُمَّ لَا يُجَاوِرُونَكَ فِيهَآ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε nkͻnkͻnsafoͻ no, ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻdi nsekuro no a wͻn wͻ Madina no annyae (wͻn suban bͻne no) a, Yεde wͻn bεhyε wo nsa, na wͻntumi ne wo mmͻ afipam wͻ (kuro no) mu gyesε (berε) tiaa bi.

See all translations of this verse →

مَّلْعُونِينَ أَيْنَمَا ثُقِفُوٓا۟ أُخِذُوا۟ وَقُتِّلُوا۟ تَقْتِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛadome wͻn; baabiara a yεnsa bεka wͻn no yεbεkye wͻn aku wͻn kum paa

See all translations of this verse →

سُنَّةَ ٱللَّهِ فِى ٱلَّذِينَ خَلَوْا۟ مِن قَبْلُ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبْدِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kwan a εda hͻ wͻ wͻn a wͻadikan atwa mu kͻ no ho ne no; na wonhunu nsakraeε wͻ kwan a Nyankopͻn atwa ato hͻ no mu.

See all translations of this verse →

يَسْـَٔلُكَ ٱلنَّاسُ عَنِ ٱلسَّاعَةِ قُلْ إِنَّمَا عِلْمُهَا عِندَ ٱللَّهِ وَمَا يُدْرِيكَ لَعَلَّ ٱلسَّاعَةَ تَكُونُ قَرِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnipa no rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε Nyankopͻn nko ara hͻ na εwͻ”. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn?

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ لَعَنَ ٱلْكَٰفِرِينَ وَأَعَدَّ لَهُمْ سَعِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Nyankopͻn adome boniayεfoͻ no, na Wasiesie Ogya tanaa ato hͻ ama wͻn.

See all translations of this verse →

خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدًا لَّا يَجِدُونَ وَلِيًّا وَلَا نَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEmu na wͻbεtena afe bͻͻ, na wͻnnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara).

See all translations of this verse →

يَوْمَ تُقَلَّبُ وُجُوهُهُمْ فِى ٱلنَّارِ يَقُولُونَ يَٰلَيْتَنَآ أَطَعْنَا ٱللَّهَ وَأَطَعْنَا ٱلرَّسُولَا۠

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐda a yεbԑdane wͻn anim abutu egya no mu no, wͻbεka sε: “Sε yɛhunui a anka yεyεε sotie maa Nyankopͻn san yεε sotie maa Ͻsomafoͻ no”.

See all translations of this verse →

وَقَالُوا۟ رَبَّنَآ إِنَّآ أَطَعْنَا سَادَتَنَا وَكُبَرَآءَنَا فَأَضَلُّونَا ٱلسَّبِيلَا۠

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yɛdii yεn nhemfo ne yεn mpanimfoͻ nom akyi εna wͻyeraa yεn frii kwan (tenenee) no soͻ”.

See all translations of this verse →

رَبَّنَآ ءَاتِهِمْ ضِعْفَيْنِ مِنَ ٱلْعَذَابِ وَٱلْعَنْهُمْ لَعْنًا كَبِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): “Ma wͻn asotwee no mmͻho mmienu, na fa nnomee a εsoo paa dome wͻn.”

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ لَا تَكُونُوا۟ كَٱلَّذِينَ ءَاذَوْا۟ مُوسَىٰ فَبَرَّأَهُ ٱللَّهُ مِمَّا قَالُوا۟ وَكَانَ عِندَ ٱللَّهِ وَجِيهًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, monhwε na moanyε sε wͻn a wͻhyεε Mose abufuo na Nyankopͻn sanee ne ho firi deε wͻka (de too no soͻ) no ho no; na ͻyε (onipa a) ͻwͻ animuonyam wͻ Nyankopͻn hͻ.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ ٱتَّقُوا۟ ٱللَّهَ وَقُولُوا۟ قَوْلًا سَدِيدًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn na (εberε biara mu no) monka kasa pa.

See all translations of this verse →

يُصْلِحْ لَكُمْ أَعْمَٰلَكُمْ وَيَغْفِرْ لَكُمْ ذُنُوبَكُمْ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدْ فَازَ فَوْزًا عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆbεma mo nnwuma ayε yie ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo; na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, εyε nokorε a esipi sε wadi nkonim a εsoo paa.

See all translations of this verse →

إِنَّا عَرَضْنَا ٱلْأَمَانَةَ عَلَى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَٱلْجِبَالِ فَأَبَيْنَ أَن يَحْمِلْنَهَا وَأَشْفَقْنَ مِنْهَا وَحَمَلَهَا ٱلْإِنسَٰنُ إِنَّهُۥ كَانَ ظَلُومًا جَهُولًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yεde nhwεsodeε maa ͻsoro ne asaase ne mmepͻ, nanso wͻn ampene sε wͻbεgye ato wͻn ho soͻ, na wͻnyaa ho suro, εna onipa gye soaeε. Nokorε sε, ͻyε omimfo, ogyegyentwie.

See all translations of this verse →

لِّيُعَذِّبَ ٱللَّهُ ٱلْمُنَٰفِقِينَ وَٱلْمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلْمُشْرِكِينَ وَٱلْمُشْرِكَٰتِ وَيَتُوبَ ٱللَّهُ عَلَى ٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُؤْمِنَٰتِ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورًا رَّحِيمًۢا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Nyankopͻn bεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no aso, na Ͻbεgye agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no adwen sakra. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70