Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻka ne sε: “Y’akoma wͻ akatasoͻ mu wͻ deε morefrε yεn kͻ no, na akraa nso wͻ y’aso mu, na ntwaremu nso wͻ yε ne wo ntam, enti (kͻso) yε adwuma na nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Meyε onipa tesε moara. Yɛayi akyerε me sε, mo Awurade no Ɔyε Awurade Baako, enti monfa kwan tenenee a εkͻ Nehͻ no so, na monsrε Nehͻ bͻnefakyε. Due nka wͻn a wͻde biribi bata Onyankopͻn ho no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti nokorε paa sε, moyi Nea Ɔde nna mmienu bͻͻ asaase no boniayε, san de biribi susu no? Abͻdeε nyinaa Wura no ne no;
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆde nna mmienu wiee ͻsoro nson; na Oyii ͻsoro no mu biara ahyεdeε kyerεε no. Ԑna Ɔde nkanea siesiee wiase soro no, (san yεε nkanea no) ban bͻ (a yεde pam abonsamfoͻ). Wei yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεeɛ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Aadfoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻnni ho kwan (sε wͻyε). Deε wͻkaeε ne sε: “Hwan na neho yε den kyεn yεn? “Enti wͻnhunuu sε nokorε, Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ wͻn no Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ a Ɔkyεn wͻn? Na wͻko tiaa Yεn nsεnkyerεnee no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεsomaa mframa huhuu yunuyunu a ano yε den papaapa baa wͻn so wͻ nna bͻne bi mu, sεdeε Yεbεma wͻn aka animguaseε asotwee no ahwε wͻ wiase ha. Daakye asotwee no bεyε animguaseε paa, na obiara nso mmoa wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKͻpem sε wͻbεba (asenni bea) hͻ, wͻn aso ne wͻn ani ne wͻn wedeε bɛdi adanseε atia wͻn wͻ dwuma a wͻdiiε no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbεka akyerε wͻn wedeε no sε: “Adεn nti na moredi adanseε atia yεn? ”Wͻn (wedeε no) bεka sε: “Onyankopͻn no a Ͻma biribiara kasa no na Wama yεn akasa. Ɔno na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a edikan no, na Nehͻ na moasan aba no “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMoantumi amfa (moho) ansie (wͻ εberε a na moredi dwuma bͻne) sεdeε moaso ne moani ne mo wedeε bɛdi adanseε atia mo, na mmom modwenee sε deε moyε dodoͻ no Nyankopͻn Nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMoadwen (bͻne) a modwen faa mo Wura Nyankopͻn ho no na agu mo asuo anaa asopa mo, enti moabεka berεguofoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε wͻbɛnya aboterε a, εneε egya no mu ne wͻn asetena. Sε wͻpε sε wͻyε biribi ma εsͻ (Nyankopͻn) ani a, wͻnnyε (nnipa) a wͻyε biribi ma εsͻ ani (wͻ saa Da no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Yɛayi (abonsamfoͻ no) ayͻnkofoͻ ama wͻn (wͻ wiase), enti (abonsamfoͻ no) ma deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi no yε wͻn fε. Enti asεm no nokorε no atia wͻn firi Jinn ne nnipa aman-aman a wɔn adi wͻn anim kan atwamu kͻ no mu. Nokorε sε wͻn abrε agu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε boniayεfoͻ no kakyerε (wͻn ho) ne sε: “(Sε yεrekenkan) Qur’aan no a monhwε na moantie, (na mmom) monyε dede wͻ mu sεdeε mobεfa (wͻn) soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεbεma wͻn a wͻnnye nnie no aka asotwee a ano yε den paa ahwε, na akatua bͻne paa na Yεde bɛtua wͻn deε na wͻyε no so ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmanehunu gyem ne Nyankopͻn atamfoͻ no akatua. Emu na wͻbɛnya efie a wͻbεtena mu daa. (Wei yε) akatua ma (wͻn) εnam sε na wͻko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻnnye nnie no bεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, kyerε yεn wͻn a wͻwͻ Jinn ne nnipa no mu a wͻyeraa yεn no na nka yεntiatia wͻn so wͻ yεn nan ase, na yεmmerε wͻn ase korakora “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻka sε: ”Yɛn Awurade ne Nyankopͻn na afei wͻagyina pintinn no, Soro abͻfoͻ sane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻrewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mo werε nso nho, na momma moani nnye wͻ Soro aheman no a yɛahyε mo ho bͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε ne mo kyitaafoͻ wͻ wiase asetena no mu ne Daakye no nso; na mo wͻ deε mokraa kͻn dͻ biara wͻ (deε morekͻ) hͻ, na deε mobɛbisa biara nso monsa bεka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailPapa ne bͻne nsε. Fa papa si (bͻne) kwan, na deε na nka ͻtan da wo ne no ntam no, ͻbεyε sε yͻnkoͻ a mobͻ kosua tafereε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε obiara na ɔbɛnya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻsi aboterε, na εnyε obiara na ɔbɛnya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε naadaasԑm bi firi ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNensεnkyerεnee no mu bi ne: Adesaeε ne adekyeε, ne awia ne bosome. Monhwε na moankoto amma awia anaa bosome, na mmom monkoto mma Nea Ɔbͻͻ wͻn no, sε (εyε nokorε sε) Ɔno nko ara na moresom no ampa a.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻyε ahomasoͻ a, εneε wͻn a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no (a wͻne Soro abͻfoͻ no) bͻ no abodin anadwo ne adekyeε na wͻmmerε (ho).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Yɛsane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Ɔnyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε wͻn a wͻsesa Yεn nsεm no, wͻnsumaa Yεn. Obi a Wusͻreε da no mu yεbεto no atwene egya no mu no na ͻyε, anaasε obi a ͻbεba asomdweε mu noa? Modeε monyε deε mopε. Nokorε sε N’ani tua deε moyε (nyinaa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻnnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abɛduru wͻn hͻ no (bɛnya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mu paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkontompo ntumi mfiri animu anaa akyire mma mu da. (Ɛyε) Adiyisεm a ɛfiri Onyansafoͻ, Ayɛyie Wura Nyankopͻn no hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻka kyerεε asomafoͻ no a wͻdii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerεtͻ a ano yε den paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεyεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na yɛannyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻgye die no. Wͻn a wͻnnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻnom ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn firi akyirikyiri no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNehͻ nko ara na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; aduaba biara a εbɛfri n’abena mu afire, anaa ͻbaa biara a obɛyinsεn anaasε ͻbεwoͻ no, ne (nyinaa) wͻ ne Nimdeε mu. Ԑda a yεbεfrε wͻn (abisa wͻn sε): “Wͻn a na mode wͻn bata Meho no wͻ hen no?” Wͻbεka sε: “Yɛrebͻ Wo amaneε sε (εnnε da yi) yεn mu biara nni hͻ a ɔbɛtumi adi adanseε (sε Wowͻ obi a ͻka Wo ho).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnipa (Kaafir’ni) mmrε ho sε ͻsrε papa (firi Nyame hͻ), nanso sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu, na wapa aba.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, sε Yεma no ka Yεn hͻ ahummͻborͻ bi hwε wͻ akyire yi a ahokyerε bi too no a, nokorε deε ͻka nesε: “Wei firi me ara, na mennye nni sε Dͻnhwere no bεba, na sε yεsan de me kͻ me Wura Nyankopͻn hͻ mpo a, mewͻ papa wͻ Nehͻ. Enti nokorε sε Yεbεbͻ wͻn a wͻyii boniayε no dwuma (bͻne) a wͻdiiε no ho amaneε, na Yɛama wͻn aka asotwee a emu yε duro ahwε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεde Y’adom bi dom onipa (Kaafirni) a, ͻdane ne ho de neho to neho so, na sε bͻne bi to no a, (εhͻ na) ͻbͻ mpaeε atenten.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε moahunu, sε (Qur’aan yi)) firi Nyankopͻn hͻ na monnye nnie a, hwan na ͻwͻ yera mu kyεn obia ͻko tia (nokorε, na saa nipa no ayera kͻ) akyirikyiri? “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεbεkyerε wͻn Yεn nsεnkyerεnee wͻ ewiem ne wͻn nnipa dua mu akͻpem sε εbεda adi ama wͻn sε, ampa, (Qur’aan no) ne Nokorε no. Enti εnsom bo sε, nokorε, wo Wura Nyankopͻn di biribiara ho Adanseε?