Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni) sεdeε Nyankopͻn Tumfoͻ, Nyansafoͻ no Yi (Adiyisεm no) ma woͻ no, saa ara na Ɔyi maa wͻn a wͻdii W’anim kan no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro mu reyε apaepae wͻ wͻn apampamu (wͻ N’animuonyam mu), na Soro abͻfoͻ de wͻn Wura Nyankopͻn abodin no bͻ no, wͻsan srε bͻnefakyε nso ma wͻn a wͻn wͻ asaase soͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Wura no, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yɛayi Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) ama woͻ sεdeε wode bεbͻ Ahenkuro (Maka), ne wͻn a atwa ho ahyia no kͻkͻ, na wobεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ wͻ Nhyiamu da a akyinyeε biara nni ho no ho. (Saa Da no nnipa no mu) fekuo bi bεkͻ Soro Aheman no mu, na fekuo bi nso bεkͻ Amanehunu gya no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻafiri N’akyi afa akyitaafoͻ? Onyankopͻn nko ara ne Okyitaafoͻ. Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, na Ɔno na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε monte moho ase wᴐ ho no, εho atemmuo no wͻ Nyankopͻn hͻ. Ɔno ne Nyankopͻn, me Wura no; Neso na mede meho toͻ, na Nehͻ na medane meho dema.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase Yεfoͻ no, Wayε mo mmienu mmienu (ͻbaa ne ͻbarima) firi mo ara mo mu ama mo, nyεmmoa nso onini ne ͻbedeε, (saa kwan yi) so na Wama mo adͻͻso. Biribiara ntesε Ɔno. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔno ara nso na Ɔhu biribiara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase so akoradeε safoa wͻ no, Ɔbae N’adom no mu ma obi a Ɔpε, εna Ɔsusu nso (ma obi a Ɔpε). Nokorε sε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWakyerε mu pefee akyerε mo fa Nyamesom no a Ɔde maa Noah ne deε Yɛayi de ama woͻ yi, ne deε Yεde maa Abraham ne Mose ne Yesu. Yεka kyerεε wͻn sε: “Monfa ͻsom no nsi hͻ na monhwε na moanyε mpaepaemu wͻ ho. Ԑyε asεm a εyε den ma abosomsomfoͻ no wͻ deε worefrε wͻn akͻ no. Onyankopͻn yi obia Ɔpε dema Neho, na Ɔkyerε obia Ɔdane neho ba Nehͻ no kwan.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mfitiaseԑ no) na wͻn mu ampaepae kͻpem akyire yi a nimdeε baa wͻn hͻ, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti. Sε εnyε asεm a adi kan afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ de ama Ɛberε a yɛahyε no a, nka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε wͻn a wͻbɛdii Nwoma no akonwa wͻ wͻn (a wͻbaa wͻn a wͻdii Nkͻmhyεfoͻ no) akyiri no adwen nsipi wͻ ho koraa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Islam som) so na frε (amanfoͻ kᴐ), na gyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no, na ɛnni wͻn apεdeε akyi, na kasε: “Megye deε Nyankopͻn asane no wͻ Nwoma no mu no di, na yɛahyε me sε menni nokorε wͻ montεm. Onyankopͻn ne yεn Wura, Ɔne monso mo Wura. Yεn nwuma wͻ yεn, monso monwuma wͻ mo. Akyinyeε biara nna yεn ne mo ntam. Onyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano, na Nehͻ ne biribiara nkyi “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻgye Nyankopͻn (anaa Nesom) ho akyinyeε wͻ akyire yi a (amanfoͻ) agye soͻ no, (saa nkorͻfoͻ no) kyεw pa nsi hwee wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim; na abufuo wͻ wͻn so na wͻn wͻ asotwee a ano yε den paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻnnye nnie no pε (saa Da) no ntεntεm; na wͻn a wͻgye die no nso bͻ hu wͻ ho, na wͻnim yie sε (saa Da no) yε nokorε. Nokorε sε wͻn a wͻgye Dͻnhwere no ho akyinyeε no wͻ ͻyera mu (kͻ) akyirikyiri paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema Nenkoa. Ɔbͻ obi a Ɔpε akͻnhoma, na Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻrepε Daakye akatua no Yεde n’akatua no bͻ ho ma no; na obi a ͻpε wiase akatua no nso Yεde ma no, na ɔnni kyεfa wͻ Daakye no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻn wͻ wͻn a wͻde wͻn bata (Nyankopͻn) ho a wͻn ahyehyε ͻsom mmra bi ama wͻn a Onyankopͻn mmaa ho kwan? Sε εnyε sε asεm no (adikan dada) wͻ atemmuo no ho a, anka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWei ne bͻhyԑ a Nyankopͻn dehyԑ nenkoa a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisaa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) so akatua, na mmom (deε merehwehwε ne) abusua dͻ. Obi a ɔbɛnya papa no, Yεde papa no bi bεka ho ama no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻnnye nnie no) ka sε, wabͻ wotirim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a nka Ͻbɛsi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆtie wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no sufrε, na Ɔde N’adom no bi ka wͻn ho. Boniayεfoͻ no deε wͻbɛnya asotwee a ano yε den paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Nyankopͻn rebae N’akͻnhoma mu paa ama Nenkoa a, anka wͻbεte atua wͻ asaase so, na mmom Ɔsane no nkakra nkakra (dema wͻn) sεdeε Ɔpε. Nokorε sε Onim Nenkoa yie, na Ɔhu wͻn nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔsane nsuo wͻ akyire yi a wͻn aba mu abuo, na Wahwete N’ahummͻborͻ (ama Nenkoa). Ɔne Okyitaafoͻ, Ɔne Ayɛyie Wura no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMontumi nsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwan wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ɛpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obia ɔsi aboterε na ɔyi (Nyame) ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻagye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ-
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻtena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailBͻne akatua ne bͻne no ara sεso; na mmom obi a ͻdebεkyε na wayε papa no, n’akatua wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε (Onyankopͻn) mpε abͻneεfoͻ no asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻdi amanfoͻ amim na wͻdi bͻne wͻ asaase no so a ɛnni ho kwan sε wͻyε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya asotwee yaaya no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a Nyankopͻn ayera no no, ɔnni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻbɛhunu asotwee no sε, wͻreka sε: ”Enti εkwan biara nni hͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWobɛhunu sε yεde wͻn aba (egya no) anim na wͻreberε wͻn ho ase wͻ animguaseε mu, na wͻde wͻn ani to rehwε (egya no) sie. Wͻn a wͻagye adie no bεka sε: ”Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻahwere wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εwͻ hͻ daa mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻnnya okyitaafoͻ a ͻbεboa wͻn wͻ Onyankopͻn akyi. Na obi a Nyankopͻn bεyera no no (saa nipa no) nni ͻkwan (kyerε).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonnye mo Wura Nyankopͻn frε no so ansa na Ɛda bi a ɛfiri Nyankopͻn hͻ a akwansideε biara nni ho no aba. Saa Da no monni dwanekͻbea biara; na monni (tumi bi a modebεka sε) Mompene (asotwee a yεde bεma mo no) so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Nkͻmhyεni), sε wͻtwe wͻn ho (firi Nokorε no) ho a, Yɛansoma wo sε bεyε wͻn so wεnfoͻ. W’adwuma ne sε wobεbͻ Asεm no ho dawuro. Nokorε sε, sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ hwε a na n’ani agye ho, sε mmusuo bi nso to wͻn wͻ dwuma a wͻn adi ato wͻn anim no ho nti a, (εhͻ na wobɛhunu sε) nokorε, onipa yε boniayεni.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔbͻ adeε a Ɔpε. Ɔde ͻba baa kyԑ obi a Ɔpε, εna Ɔde ͻba barima nso kyԑ obi a Ɔpε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn nkasa nkyerε onipa gyesε Ɔdefa Adiyisεm so, anaasε ntwaremu bi akyi, anaasε Ɔsoma Bͻfoͻ wͻ Netumi mu ma no bɛyi deε Ɔpε no kyerε no. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ a Ɔkorͻn, Ɔne Onyansafoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yεnam Yεn tumi so ayi Honhom no (Qur’aan) ama woͻ. Na nka wonnim deε yεfrε no Nwoma no, anaasε gyidie. Na mmom Yɛayε Qur’aan yi nhyerεnee, Yεde kyerε Yεn nkoa no mu nea Yεpε kwan. Nokorε sε wo kyerε (amanfoͻ) kwan kͻ kwan tenenee no so,