Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ mfeɛ tiaa bi akyi. Onyankopͻn hͻ na ahyεdeε a edikan ne deε edi akyire no wͻ. Saa da no na agyidiefoͻ no nso ani bεgyeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε εyε a wͻnnwen (nnkͻ akyiri) wͻ wͻn mu? Nyankopͻn de nokorε no na abͻ ᴐsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no, (εwͻ) berε a yɛahyε ato ho. Nokorε sε, nnipa pii na wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (da) no nnie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻnntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeɛ wɔn a wɔdii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn wͻn (Quraishfoͻ no), wͻfuntam asaase no tuu mu agudeε, dͻre hyεε asaase so mma kyεn sεdeε wͻn ahyε asaase no so mma no; wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn. Nyankopͻn deε Wanyԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻyԑԑ wͻn ho bᴐne.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn nso a wͻannye annie na wͻfaa Yεn Nsεm no, ne Me Daakye nhyia mu no atorͻsεm no, sa nkorͻfoͻ no bεba asotwee no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Wabͻ yerenom afiri mo mu ama mo sεdeε mobɛnya awerεkyekyerε wͻ wͻn ho; εna Ɔde ͻdͻ ne ahummͻborͻ ato mo ntεm. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma wͻn a wͻkaekaeԑ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nsεnkyerεnee no mu bi nso ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne mokasaa ne mo honam a egu sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma nimdeԑfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo nna a moda wɔ anadwo ne adekyeɛ mu no ka Onyame ɛnsɛnkyerɛnee ho, ɛna N'adom a mo rehwehwɛ, Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wɔn a wɔyɛ sotie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Ne Nsenkyerennee ahoroa no bi ne sɛ Ɔkyerɛ mo anyinam osuro ne anidasoɔ nti, na Ɔma nsuo firi soro ba fam na Ɔde nyane asaase no wɔ newuo akyi, Ampa ara sɛ wei mu no, wɔwɔ nsɛnkyerɛnnee dema nnipa a wɔ yɛ Badweneba.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa ne nsɛnkyerɛnnee bi ne sɛ ɔsoro ne asaase nyinaa gyina wɔ ne nhyehyɛeɛ ne Ne tumi mu , Afei, sɛ ɔfrɛ mo kɔ ɔfrɛ bi ɛfiri asaase so a, ɛntɛmso na mo repue pue.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Ɔno na Ɔhyɛ adebo ase, afei Ɔsan bɔ ade bio, na ɛyɛ mmerɛ ma No, na Ɔno na Ɔwɔ nhwɛso a ɛkorɔn sen biara wɔ ɔsoro ɛne asaase so, na Ɔno ne Otumfoo, Nyansafoo
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆyɛ nhwɛso ma mo fi mo ankasa mu, Ana mowɔ ahokafoɔ wɔ wɔn Nkoa ne Mfinaa a wɔ ne wɔn rekyɛ wɔn agyapade anaa? Na mosuro wɔn sɛdeɛ mosuro mo ho no, Saa na Yɛkyerɛkyerɛ nsɛnkyerɛnnee (Aaya) ahorow no mu kɔ akyiri ma nnipa a wɔte ase Badwenebafo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, wͻn a wͻdi bͻne akyi no di wͻn apεdeε hunu akyi a nimdeε biara nni mu. Enti hwan na ͻbεkyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Saa (nkorͻfoͻ no) nni boafoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti dane w’ani kyerε ͻsom a εtenee no (Islam); (na fa wo ho ma) suban anaasε ͻsom a Nyankopͻn abͻ onipa asi soͻ no. Nsakraeε biara nni Nyankopͻn som no mu. εno ne ͻsom a εtenee na edi mmu na esi pi, nanso nnipa pii nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonfa mo ho ma no korakora wͻ adwen sakra mu, na monsuro no, na monfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monhwε na moankͻka wͻn a wͻyɛ (Nyame ho) matahoo no ho,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε ͻhaw bi to nnipa a, wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻka ahummͻborͻ bi firi Ne hͻ hwε a, wobɛhunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε Yɛasiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻgyina so de kasa fa deε wͻde abata Nyankopͻn ho no ho?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobɛhunu sε wͻn aba mu abuo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻnhunuu sε Nyankopͻn ma akyɛdeɛ no bu obi a Ɔpε so, εna obi nso Osusu de ma no? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻgye die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻrepε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε mode ma sε nsiho sεdeε εbεbͻ ho (ama mo) wͻ amanfoͻ sika mu no deε, enya mmͻhoo wͻ Nyankopͻn hͻ; na deε moyi no wͻ Zaka mu de hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, woi nom na wͻbɛnya no mmͻhoo-mmͻhoo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei Wasan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailBͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne no ho).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻdii kan no awieε si wieε”. Na wͻn mu dodoͻ no ara yε (nnipa) a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti fa w’ani kyerε ͻsom (Islam) a εtenee na edi mmu na esi pi no, ansa na Ɛda a efri Nyankopͻn hͻ no a (obiara) ntumi nsi ho kwan no aba. Saa Da no yεbεkyekyε wͻn mu akuo akuo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻbɛyi boniayε no, ne boniayε no da ͻno ara so, na obi a ͻbɛdi dwuma pa no, wͻn kraa na wͻresiesie (asetena pa) ama no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε ͻbɛfiri N’adom mu atua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka. Nokorε sε Nyankopͻn mpε boniayεfoͻ no asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Ɔsoma mframa sε anigyesεm sεdeε Ɔbεma mo aka N’ahummͻborͻ no mu bi ahwε, ne sεdeε nsuom hyεn bɛtumi anante wͻ N’ahyεdeε mu, ne sεdeε mo bεhwehwε N’adom na mobɛyi ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yedii kan somaa asomafoͻ dii w’anim kan maa wͻkͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn; na Yɛtuaa wͻn a wͻdii bͻne no so ka. Ԑyε Y’asεdeԑ sε Yεboa agyidiefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Ɔsoma mframa ma no kͻ kanyan mununkum na Watrε mu wͻ soro sεdeε Ɔpε, afei na Wayε no asinasin a εtaataa soͻ, afei wobɛhunu sε nsuo firi (mununkum) no mfifii reba. Sε Ɔma no tͻ gu Ne nkoa no mu wͻn a Ɔpε so a, wobɛhunu sε wͻn ani agyeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti hwε sεdeε Nyankopͻn nsεnkyerεnee no si yε, sεdeε ɛsi nyane asaase wͻ ne wuo akyi. Nokorε sε saa ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Ͻno na Ͻwͻ biribiara so tumi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεsoma mframa (a εsεe wͻn mfudeε no), na wͻhunu sε (wͻn mfudeε no) aboto wͻ akyire yi (a nsupa tͻ maa wͻn mfudeε yεε fεfεεfε no a) wͻyi boniayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWontumi nkyerε anifirafoͻ nso kwan mfri wͻn yera no mu. Nea wobɛtumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn nsεm no die na wͻyε Muslim (brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a na moyε mmrε (tesε nkͻdaa a na monni ahoͻden), εna mo mmrε yε akyiri no Ͻmaa mo ahoͻden, εna ahoͻden no akyiri no (Ɔma mo san) yε mmrε fu dwono (bͻ nkͻkora posoposo). Ɔbͻ deε Ɔpε. Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Dͻnhwere no bɛsie no, abͻneεfoͻ no bɛdi nse sε: Wͻtenaa (wiase) bεyε sε dͻnhwere baako pε bi. Saa ara na na wͻdane wͻn ho firi kwan pa no so, di atorͻ, yε nneεma a εmfata.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a yɛama wͻn nimdeε ne gyidie no nso bεka sε: “Motenaa (nna dodoͻ) sεdeε Nyankopͻn ahyehyε, de kosii Wusͻreε da no; enti εnnε ne Wusͻreε da no, nanso modeε monnim”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti saa Da no deε, wͻn a wͻdi bͻne no kyεwpa no ho mma mfasoͻ, na yεmma wͻn kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛayε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma. Nanso sε wode nsεnkyerεnee bi brε wͻn a, nokorε sε wͻn a wͻyi boniayԑ no bεka sε: ”Moyε nkontompofoͻ “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; na εmma wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no mmͻ wo ngu anaasε wͻmmu w’aba mu.