Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yεsͻͻ wͻn a wͻdii wͻn anim kan no hwεe sεdeε Nyankopͻn debɛhunu wͻn a wͻdi nokorε na Ɔde bɛhunu nkontompofoͻ no nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻwͻ Nyankopͻn Nhyiamu no ho anidaasoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn berε a Wahyε no reba. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻbεbͻ mmͻden no, ͻbͻ mmͻden no dema neho. Nokorε sε Nyankopͻn deε Wanya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so, (Ɔnhia obiara mmoa anaa obi hwee).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no Yεbεpepa wͻn bͻne afiri wͻn so, na Yɛama wͻn akatua wͻ dwumadi pa a na wͻdie no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛatu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ; na mmom sε wͻko tia wo sε fa biribi bata Meho (som no) a, εno deε ɛntie wͻn. Mehͻ ne monkyi, na Mεbͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnipa no mu bi wͻhͻ a wͻ’ka sε: Y’agye Nyankopͻn adi, nanso sε ͻhaw bi to wͻn wͻ Nyankopͻn ho nti a, wͻ’fa onipa haw no sε (ano yε den) tesε Nyankopͻn asotwee no, na sε mmoa anaa nkonimdie bi nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ ba a, deε wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε na yε’ka moho“. Enti εnyε Nyankopͻn na Onim deε εwͻ nnipa nyinaa akoma mu?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Monfa yεn kwan no so na yε’bεsoa mobͻne (ama mo)“. Wͻ’nnsoa wͻn bͻne biara ho hwee. Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻ’bεsoa wͻn ara adesoa, asan asoa adesoa foforͻ aka wͻn adesoa no ho; na nokorε sε Yε’bebisa wͻn fa wͻn nkontompo a wͻ’twaeε no ho asεm wͻ Wusͻreε da no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbraham nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monsom Nyankopͻn na monsuro no, εno na εyε papa ma mo sε anka monim a.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbosom mmom na mofri Nyankopͻn akyi som, εna mobͻ motrim twa nkontompo. Nokorε sε wͻn a mofri Nyankopͻn akyi som wͻn no ntumi mmͻ mo akͻnhoma, enti monhwehwε akͻnhoma wͻ Nyankopͻn hͻ, na monsom no, na monfa ayeyie ma no. Nehͻ na mobεsan akͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mofa no atorᴐsԑm a, ampa sԑ (saa ara na) aman a wͻ’dii moanim kan no nso faa no atorᴐsԑm. Ͻsomafoͻ deε n’asεdeε ne sε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻ’nhunuu sεdeε Nyankopͻn hyεε abͻdeε aseε na Ɔsan de (foforͻ) ba bio? Nokorε sε, εno deε εyε (adeε a εyε) mmrε ma Nyankopͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε (Nyankopͻn) hyεε abͻdeε no aseε; na saa ara na Ɔbεbͻ Daakye abͻdeε no“. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm ne Nenhyiamu (da) no, wͻ’ne nkorͻfoͻ no a wͻn aba mu abu wͻ M’ahummͻborͻ no ho no; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee yaaya no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Abraham nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻ’de maeε ara ne sε: ”Monku no anaa monhye no!” Enti Nyankopͻn gyee no fri egya no mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbraham kaa sε: “Moafri Nyankopͻn akyi afa abosom (resom wͻn nam so) de ͻdͻ ato montεm wͻ wiase ha, nanso Wusͻreε da no deε mobeyi moho-moho ama, na moadome moho-moho, na moasetena mu ne egya no mu, na monnya ͻboafoͻ biara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Lut gyee no dii. Abraham kaa sε: ”Medeε meretu amantuo akͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε’de Is’haaq ne Ya’aquub kyεε no, na Yε’maa n’asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma), san (maa wͻn) Nwoma, na Yε’de n’akatua maa no wͻ wiase; nokorε sε Daakye no ͻka apapafoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailLut nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Mobu ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da;
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε mokͻ (mo yͻnko) mmarima ho, εna mosi akwan ka akwan mu (wia akwantufoͻ nneεma), san yε amumuyε wͻ monhyiamu ase?” Mmuaeε a nenkorͻfoͻ no demaeε ara ne sε wͻ’kaa sε: “Fa Nyankopͻn asotwee no brε yεn, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Y’abͻfoͻ no de (Is’haaq awoͻ) anigyesεm ho bͻhyε baa Abraham hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yεrekͻ sεe saa kuro yi so foͻ no; nokorε sε emu foͻ no yε abͻneεfoͻ paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbraham kaa sε, Lut nso wͻhͻ bi. Abͻfoͻ no kaa sε Ye’nim nnipa a wͻn wͻ (kuro no) mu (nyinaa); na yε’bεgye ͻno ne na’busuafoͻ no, na mmom neyere no deε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Ya’bͻfoͻ no baa Lut hͻ no, newerε ho maa wͻn, na neho kyeree no sε onni tumi a (ͻde bεbͻ wͻn ho ban). (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Ensuro na εmma wo werε nso nnho; nokorε sε yε’bεgye wo ne w’abusuafoͻ, gyesε wo yere, ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMadiyanfoͻ hͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Shuaib. Ͻkaa sε: ”Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na moma moani na Ɛda a edi akyire no so, na monhwε na moamma nsεmͻnee ankͻso wͻ asaase no so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAad ne Samuudfoͻ no nso, ampa sε wͻn asetena mu da adi pefee ma mo, ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne) yεε wͻn (ani so) fε, na ͻsii wͻn kwan (pa) no ho kwan, mmom na wͻn ani abue paa..
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKora, ne Farao ne Haamaan nso, ampa sε Mose de nyinasoͻ anaa nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so, na εnyε adeε a wͻ’bεtumi adwane anaa wͻn asan (Yεn) ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yε’de wͻn mu biara bᴐne twee n’aso. Wͻn mu bi, Yε’somaa mframa den a aboͻ wͻ mu (na Yε’de sεee wͻn), ebinom nso nteamu den na Yε’de twee wͻn aso, Wͻn mu bi nso Yε’maa asaase na εmenee wͻn, na wͻn mu bi nso Yε’maa nsuo na ԑfaa wͻn. Ԑnyε Nyankopͻn na Ͻyԑԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻ’yԑԑ wͻn ho bᴐne.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi fa akyitaafoͻ no mfatoho tesε ananse a wasi fie (ama neho). Nokorε sε efie a enni ahoͻden koraa ne ananse fie, sε anka wͻ’nim ampa a”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kenkan deε yayi ama wo wͻ Nwoma no mu no, na frε Nyame wͻ nebrε mu. Nokorε sε, Nyamefrε bra akohwisεm ne amumuyε; na Nyankopͻn ho nkaekaeε yε ade kεseε papaapa (wͻ onipa abrabͻ mu). Onyankopͻn deε Onim deε moyε (nyinaa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na mone wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no annye akyinnye, na mmom (sε εbεba saa koraa a) εnyε kwan pa so; gyesε wͻn mu abͻneεfoͻ no. Monka sε: ”Yε’gye deε yasiane ama yεn no ne deε ya’siane ama mo no di; yεn Nyankopͻn ne mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na Ɔno na yεyε (Muslim) brε yεn ho ase ma no“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Sεdeε Yesianee Nwoma no maa asomafoͻ a edi kan no) saa ara nso na Y’asiane Nwoma no ama woͻ. Enti wͻn a Yε’de Nwoma no maa wͻn (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu bi gye di; na (Quraishfoͻ) woi nom mu bi nso wͻ hͻ a wͻ’gye die. Na mmom boniayεfoͻ no na wͻ’ko tia Yεn nsεm no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), na wonii kan nkenkan nwoma bi da, na wonfaa wonsa nifa nso ntwerεε nwoma bi da; (sε na anka wonim akenkan anaasε atwerε dada mpo a), εneε na anka wͻn a atorͻsεm na wͻ’di akyire no wͻ ho nyinasoͻ sε wͻn adwen nnsi wͻn pi (wͻ Qur’aan yi ho) “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, (Qur’aan) yε nsεnkyerεnee a εda adi pefee (sε efri Nyame hͻ) a εwͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a yε’maa wͻn nimdeε no akoma mu. Na mmom abͻneεfoͻ no na wͻ’ko tia Yε’nsεm no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻ’ka ne sε: ”Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma no? (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nsεnkyerεnee no deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εnsom bo mma wͻn sε, ampa sε Y’asiane Nwoma no ama woͻ a yεrekenkan kyerε wͻn? Nokorε sε, ahummͻborͻ ne afutusεm wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Onyankopͻn som bo wͻ me ne montεm sε ͻdanseni. Onim deε εwͻ soro ne asaase so. Wͻn a nkontompo sεm na wͻ’gye die, na wͻ’nnye Nyankopͻn nnie no, saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Kaafirfoͻ no) repԑ sԑ wobԑma asotwee no aba ntԑm . Sε εnyε εberε na yahyε a, anka asotwee no bεba wͻn so. Nokorε sε, εbεba wͻn so mpofire mu wͻ εberε a wͻ’nnim koraa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda no a asotwee no befri wͻn tri so ne wͻn nnan ase akata wͻn soͻ no, yε’bεka sε: “Monka dwuma a modiiε no (so asotwee) nhwε“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, nokorε sε Yε’bεma wͻn asetena a εkorͻn wͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena. Akatua pa paa wͻhͻ ma wͻn a wͻ’di dwuma (pa) no-,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMmoadoma bebree na wͻ’nnsoa wͻn akͻnhoma (anaasε wͻ’nni ahoͻden sε wͻ’tumi hwehwε wͻn akonhoma). Nyankopͻn na Ɔbͻ wͻn ne mo (nyinaa) akͻnhoma. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wobisa wͻn sε : ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase, εna w’abrε awia ne bosome ase a (εreyε adwuma a?) “Wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn“. Afei adεn na wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho?)
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn ma akͻnhoma no bu Nenkoa no mu nea Ɔpε so, εna (Nenkoa a Ɔpε nso) Osusu dema wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa wiase asetena yi deε εyε anigyeε ne agorͻ (bi kεkε) Nokorε sε, Daakye asetena no mmom na εyε asetena paa, sε anka wͻ’nim a.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻ’foro nsuom hyεn a wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ nokorε ne ahobraseε mu. Na sε Ɔgye wͻn nkwa de wͻn beduru asaase no so a, hwε, na wͻ’de biribi rebata (Nyankopͻn) ho,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε (Quraishfoͻ no) nhunuu sε Ya’yε (Maka) kronkron bea no ahotᴐ (bea) a (atamfo) rehwim nnipa a atwa wͻn ho ahyia no? Enti nkontompo na wͻ’gye die, na Nyankopͻn adom no deε wͻ’po?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻnnye Nokorε no nnie wͻ aberε a (Nokorε no) aba nehͻ? Enti εnyε bonsam gya no mu na εyε atenaeε ma boniayεfoͻ no?