Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfutusεm foforͻ biara a ɛbefri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, gyesε wͻtie no agodie mu (anaasε wͻfa no fεwdie).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNsεm hunu na ԑwᴐ wͻn akoma mu. Abͻneεfoͻ no tu agyina kokoa mu (ka sε): “Woi nyε nipa sε moara? Mode mo ho bεma ntafowa anaa naadaasεm aberε a moani tua?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn Nim asεm biara a εwͻ soro ne asaase so, na Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔno ara ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, wͻka sε: (Saa Adiyisεm yi tesε) daeε so bi a adi afra. Daabi, wabͻ ne trim (na atwerε), Daabi, ͻyε dwomtoni (Sε εnte saa a) εneε ͻmfa nsεnkyerεnee bi sεdeε yεde somaa tetefoͻ no (asomafoͻ no) bi mmrε yεn“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wᴐn a) Yɛdii w’anim kan somaa wᴐn no na wᴐyԑ nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Makafoͻ a moregye Muhammad akyinnyeε) sε monnim a, momisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ) no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Adasamma), ampa sε Yɛasiane Nwoma a mo ho afutusεm, mo animuonyam ne mo nkͻsoͻ ho asεm wͻ mu. Enti monte (saa adom kεseε yi) ase ?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moandwane, na mmom monsan nkͻ moahodwoͻ abrabͻ a mowͻ mu no mu, ne moasetena a mowͻ mu no mu sεdeε yεbebisa mo asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, Yεto Nokorε no bͻ nkontompo no, na (nkontompo no) atu ayera afri hͻ korakora; na hwε na nkontompo asopa. Adi nyε mo wͻ (nkontomposεm a) mode susu (Nyankopͻn) no!
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNea ԑwͻ soro ne asaase soͻ (nyinaa) yε Ne dea. Wͻn a wͻn wͻ Ne hͻ (Soro abͻfoͻ) no nyε Ne som ho ahomasoᴐ, na εnha wͻn anaasε wͻmmrε nso (wͻ Ne som ho).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε anyame bi wͻ soro ne asaase so ka Nyankopͻn ho a anka (ͻsoro ne asaase) mmienu (nyinaa) asεe. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Animuonyam ahennie Wura no, Ɔso kyεn sεdeε wͻde susu no no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻn afri N’akyi anya anyame foforͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Momfa mo nyinasoͻ mmra. Woi ne afutusεm dema wͻn a wͻka me ho ne wͻn a wͻdii m’anim kan no. Daabi, wͻn mu pii nnim Nokorε no, enti wͻdane wͻn ho fri ho.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ͻsomafoͻ biara a Yɛdii w’anim kan somaa no no, Adiyisεm a Yɛyi maa no ara ne sε, (ͻmͻ amanfoͻ no kͻkͻ) sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Me nko ara enti monsom Me “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkeka sε: “Ahummͻborͻ Hene no awo ba. Kronkron Hene ne no. Daabi, wͻn (a wͻka sε wͻyε Nyankopͻn mma tesε soro abͻfoͻ ne Yesu no nyinaa) yε (Nyankopͻn) nkoa animuonyamfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnim deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi na wͻntumi ntwitwa nnye (obi) gye nea Wagye no ato mu, na Ne ho suro ma wͻn ho popo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn mu nea ͻbefri N’akyi aka sε; “Me yε Nyame” no saa (nipa no) Yεde Amanehunu gya na ɛbɛtua ne so ka. Na saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no nhunuu sε na anka ͻsoro ne asaase bͻ mu (baako) εna Yεpaee mu? Ɛna adeε a εwͻ nkwa biara Yεde nsuo na εyͻeε, enti wͻnnye nni anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn a wͻpo nokorε no hu wo a, deε wͻyε fa wo ho ara ne sε wͻbɛdi wo ho fεw (aka sε): “Woi na ͻrekasa fa mo abosom no ho no?” Ahummͻborͻ Hene abodin no deε wͻmpε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn a wͻyi boniayε no nim εberε a wͻntumi nnyi egya no mfri wͻn anim anaa wͻn akyi na yεmmoa wͻn no (siteε) a-
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε wͻdii asomafoͻ a wͻdii w’annim kan no ho fεw, na wͻn a wͻdii fεw no, deε wͻdii ho fεw no bɛtwaa wͻn ho hyiae.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKasε: “Hwan na obetumi abͻ mo ho ban afri Ahummͻborͻ Hene no nsam wͻ anadwo ne adekyeε mu? Daabi, (obiara nnihͻ), nanso wͻdane wͻn ho fri wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Ne nkaekaeε ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε wͻn wͻ anyame a wͻbεbͻ wͻn ho ban afri Yεn hͻ? Wͻnni tumi a wͻde boa wͻn ho na kampεsε wͻabͻ wͻn ho ban afri Yεn (asotwee) mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, Yεbͻͻ woi nom ne wͻn agyanom akͻnhoma kͻpem sε nkwa (nna no) yεε (wͻn ani so) tenten maa wͻn. Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεrete nsaase (a na wͻdi so tumi no) so nkakrankakra firi ahyeε no soͻ? Enti wͻn na wͻbɛdi nkonim?
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kasε: “Medeε Adiyisεm no na mede bͻ mo kͻkͻ, na ͻsosifoͻ no deε, sε yεbͻ no kͻkͻ mpo a ͻnnte frε no.“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε wo Wura Nyankopͻn asotwee no ho mframa sͻ wͻn mu a wͻbεka sε: “Adi ayε yεn. Nokorε sε na yεyε abͻneεfoͻ”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde nokorε nsania no bɛsi hͻ ama Wusͻreε da no, na yɛnsisi ͻkra biara ketekete koraa. Sε (ne dwuma pa anaa bͻne) mu duro tesε wisa aba mpo a Yεde bεba (akontabuo mu). Na Yεsombo wͻ akontabuo ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbraham kaa sε: “Daabi, Mo Wura Nyankopͻn no, Ɔne ͻsoro ne asaase Wura a Ɔbͻͻ (soro ne asaase) no, na medeε meka wͻn a wͻdi woi ho adanseε no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεyεε wͻn akandifoͻ a wͻde Y’ahyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan, na Yɛyii papayε ne Nyamefrε ne Zaka yie maa wͻn, na (Yεnko ara na na) wͻsom Yεn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailLut nso Yεmaa no nyansa ne nimdeε, na Yεgyee no fri kuro no a na wͻyε akyiwadeε no mu. Nokorε sε na wͻyε nnipa bͻnefoͻ, ahohwifoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεboaa no gyee no frii amanfoͻ no a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no nsam. Nokorε sε na wͻyε nnipa bͻnefoͻ. Enti Yεmaa nsuo faa wͻn nyinaa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDawid ne Solomon nso, εberε a wͻbuu atεn wͻ afuo bi a nkorͻfoͻ bi nnwan kͻͻ mu adidie anadwo no ho no, na Yɛdi wͻn atemmuo no ho adanseε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεmaa Solomon nyaa (asεm no) ho nteaseε. Wͻn mu biara, Yεmaa (no) nyansa ne adwen; na Yεbrεε mmepͻ ne nnomaa ase kaa Dawid ho maa wͻbͻͻ Yεn abodin. Yεn na Yεyεε (woi nom nyinaa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSolomon nso (Yεbrεε) mframa a na ԑnam n’ahyԑdeԑ so bͻ dendenden kͻ asaase a Yɛahyira so no soͻ no ase maa no. Na Yεwͻ biribiara ho nimdeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbonsamfoͻ no mu bi wᴐ hᴐ a wͻdͻ sukͻ (koyi nhwene-pa) ma no, san yε nnwuma foforͻ wͻ εno akyi, na Yεn ara na na Yεwεn wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAyuub (Hiob) nso, εberε a ͻsu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Nokorε ͻhaw ato me, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yε’gyee ne (sufrε no) so, yii ͻhaw a na ato no no frii ne so, na Yεde n’abusuafoͻ no ne nemmͻhoo bͻͻ hoo maa no εnam Yεn ahummͻborͻ nti; εyε afutusεm dema Nyame-somfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐne Zaa-Nuun (Yona), εberε a ͻde abufuo kͻeε no, na odwen sε Yεmma ne ho nkyere no, na osu frεε (Yεn) wͻ sum no mu sε: “Awuarade biara nni hͻ gyesε Wo. Kronkron Hene ne Wo! Nokorε, makͻka abͻneεfoͻ no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεgyee no so na Yεgyee no fri ͻhaw ne awerεhoͻ no mu, na saa ara na Yεgye agyidiefoͻ no (fri ͻhaw ne mmusuo mu).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐne Zakariya, εberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Me Wura Nyankopͻn, ɛnya me ankonam, na Wo na Woyε adedifoͻ no mu papa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεgyee no so, maa no (ͻba a yεfrε no) Yahaya (Yohane), na Yεsaa ne yere yadeε (maa no woo ba) maa no. Nokorε sε na wͻsi wͻn ho akan wͻ papayε ho, su frε Yεn wͻ anidaasoͻ ne suro mu; na wͻbrε wͻn ho ase nso ma Yεn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐne (ͻbaa bunu Mar’yam) no a ͻhwεε ne ho so yie (wͻ nna mu) no, enti Yεhomee Yεhonhom guu ne mu, na Yεde ͻne ne ba (Yesu) yεε nsεnkyerεnee maa amansan.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKͻpem sε yεbebue Yaajuuj ne Maajuuj (Gog ne Magog afri wͻn ban no mu) ama wabͻ yiridi apue afri simpie bea biara mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε nso sɛ, bͻhyε (Da) no abεn. Na (sε nnipa sͻre fri adakamena mu a) wobɛhunu sε wͻn a wͻnnye nnie no ani ahaahae atͻ sa wͻ ehu mu. Wͻbεka sε: “Adi ayε yεn. Nokorε, na y’ani nna woi so, daabi na yεyε abͻneεfoͻ”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn werε nnho wͻ ehubͻ kεseε (Da) no ho, na Soro abͻfoͻ behyia wͻn (aka akyerε wͻn sε): “Woi ne moda no a yεhyεε mo ho bͻ no “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Kae) Ɛda no a Yεbεbobͻ ͻsoro sεdeε yεbobͻ nwoma a εkyekyere kraataa ho no. Sεdeε Yεhyεε kane abͻdeε no aseε no, saa ara na Yεbεsan (de wͻn aba nkwa mu bio). (εyε) bͻhyε a εda Yεn soͻ. Nokorε nso sε Yεbεyε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yεtwerεε no wͻ Dawid Nwom no mu wͻ afutusεm (a yεde maa Mose) no akyi sε: “Me nkoa apapafoͻ no na wͻbɛdi adeε wͻ asaase no soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Medeε yɛayi akyerε me sε: “Mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ anaa?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻdane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, εneε ka sε: “(Asεm no ho) kͻkͻ pεpεεpε na mede abͻ mo nyinaa no, na mennim sε ebia deε yɛahyε mo ho bͻ no abεn anaasε εwͻ akyiri.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni) ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa Nokorε no bu atεn. Yɛ Wura Nyankopͻn, Ahummͻborͻ Hene no, Ne mmoa na yεhwehwε tia deε mode susu (no) no.