Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAlif- Laam-Raa. (Nkͻmhyεni, woi ne) Nwoma a Yasane ama woͻ, sεdeε wode beyi adasamma afri esum no mu de wͻn akͻ εhyεn no a εkͻ Otumfoͻ Ayeyie Wura no kwan no soᴐ, wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn, Ɔno na adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Due nka boniayεfoͻ no wͻ asotwee denden no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻpε wiase asetena yi kyεn Daakye deε no, na wͻsi (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ hwehwε sε (Nyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nnipa no wͻ ͻyera a εkͻ akyiri paa mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailϽsomani biara a Yεsomaa no no, yεde nenkorͻfoͻ no kasaa (na εsomaa no) sεdeε ͻbεkyerεkyerε (nsεm no) mu pefee akyerε wͻn. Na Onyankopͻn yera obia Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yεde Yε nsεnkyerεnee somaa Mose sε: “Yi wo nkorͻfoͻ no fri esum no mu na fa wͻn kͻ εhyεn no mu, na kae wͻn Nyankopͻn nna no (a Ɔde N’adom dom wͻn wͻ mu no). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema obiara a osi aboterε na oyi {Nyankopͻn) ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monkae Nyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ, εberε a Ɔgyee mo frii Farao nkorͻfoͻ no a na wͻde asotwee bͻne retwe moaso, na wͻkunkum mo mma mmarima, ma mo mmaa no tena aseε no nsam. Nokorε sε na εyε nsͻhwε kεse a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a mo Wura Nyankopͻn de too dwa sε: “Sε moyi (Me) ayε a Mede bi bεka mo ho; na mmom sε moyi (Me) boniayε a, εneε nokorε sε, M’asotwee ano yε den papaapa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻdii moanim kan no ho asεm no meduruu mo hͻ anaa? Noa nkorͻfoͻ no ne Aad ne Samuud ne wͻn a wͻbaa wͻn akyi no? Obiara nni wͻn, gyesε Nyankopͻn (nko ara). Wͻn asomafoͻ no de nyina-soͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn; nanso wͻde wͻnsa hyehyεε wͻn anum (de abufuo) kaa sε: “Yε deε nokorε sε, yεnnye deε yεde asoma mo no nni; nokorε nso sε y’adwen nnsi yεn pi koraa wͻ deε morefrε yεn akͻ no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn asomafoͻ no kaa sε: “Enti Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no ho na moadwen nnsi mo pie? Ɔrefrε mo sεdeε Ɔde mo bͻne bεkyε mo, na Wama mo εberε (kakra) akosi εberε a yahyε ato hͻ no. Wͻkaa sε: “Sε monso moyε nnipa tesε yεn ara. Mopε sε mosi yεn deε na y’agyanom som no ho kwan. Ɛneε monfa tumi anaasε nyinasoͻ pefee bi mmra (ansa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn asomafoͻ no kaa sε: “Yε yε nnipa tesε mo ara deε, nanso Nyankopͻn de (N’adom no) dom Nenkoa mu nea Ɔpε. Yenni ho kwan nso sε yεbεtumi de tumi anaa nsεnkyerεnee bi aba gyesε Onyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐdeεn ho nti na εnsεsε yεde yεn ho to Onyankopͻn soͻ aberε a εyε nokorε sε Wakyerε yεn kwan akͻ y’akwan no soͻ? Enti nokorε sε, yεbesi aboterε wͻ ͻhaw biara a mode bεha yεn no ho; enti Onyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ awerεhyεmu no mfa wͻn werε nhyε ne mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻnnye nnie no ka kyerεε wͻn asomafoͻ no sε: “Nokorε sε, yεbetu mo afri yεn asaase yi so, gyessε mosan ba yε’som no mu”. Enti wͻn Wura Nyankopͻn yi kyerεε wͻn sε: “Ampa sε Yε’bεsεe abͻnefoͻ no”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Asomafoͻ no) hwehwεε (Nyankopͻn hͻ) mmoa ne nkonimdie; na ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ ne wͻn a wͻko tia no nyinaa dii nkoguo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆbεnom (nsuo) no nkakrankakra, na εyε den sε etumi kͻ nemene mu; na owuo befri bea biara aba ne so, nanso onnwu, na asotwee a emu yε duro nso da n’anim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻapo wͻn Wura Nyankopͻn no, wͻn mfatoho nesε: Wͻn nyuma bεyε tesε nsoo a mframa kεseε bi rebͻ no wͻ da bi a mframa nini bi rebͻ. Dwuma a wͻdiiε no, wͻn nsa nka mu hwee. Woi ne ͻyera a εkͻ akyiri paa no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn nyinaa bεba Nyankopͻn anim; na wͻn a na wͻnni ahoͻden no bεka akyerε wͻn a wͻyεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε, moakyi na na yedie; enti mobetumi ayε biribi ama yεn afa Nyankopͻn asotwee no ho anaa? Wͻbεka sε: “Sε Onyankopͻn kyerεε yεn kwan a, anka yεnso yεkyerεε mo kwan. (Sesei deε) sε yesu o, anaasε yenya aboterε o, εyε ade korͻ ma yεn; yenni baabiara dwane kͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a yabu atεn no awie no, ͻbonsam bεka sε: “Ampa sε, Onyankopͻn hyεε mo bͻ a εyε nokorε bͻhyε, εna menso mehyεε mobͻ; nanso madi mo hwammͻ. Menni tumi biara wͻ moso, na mmom frε na mefrεε mo εna mogyee me soͻ. Enti εmma mo nnunu me, na mmom monunu moara moho. Mentumi mmoa mo, na monso montumi mmoa me. Nokorε sε, mapo deε modiikan yεε sε mode me (ͻbonsam) abata Nyankopͻn ho no”. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya papaapa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde wͻn a wͻgye die na wͻdii dwuma pa no bεkͻ Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Emu na wͻbεtena wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu. Wͻn nkyea (a wͻbεkyea) wͻ mu hͻ ne: ‘Salaam’ Asomdwiε !.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWonhunuu sεdeε Nyankopͻn de asԑm pa yε mfatoho? (Asԑm pa} tesε dua pa a nenhini no si hͻ pintinn na ne mman no nso kͻ soro paa,-
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna asԑm bͻne anaa kasa bͻne nso mfatoho tesε dua bͻne a atutu ama nenhini no wͻ asaase no ani, na enni nyinasoͻ pa biara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn de asԑm a esi pi no bεhyε wͻn a wͻgye adie no den wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Na Onyankopͻn bεma abͻnefoͻ no nso ayera. Onyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde biribi toto Nyankopͻn ho de yera (amanfoͻ) fri Nekwan no so, Ka sε: “Modeε monye moani (εberε tiaa bi), na nokorε sε, moawieε ne Ogya no mu”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka kyerε Menkoa no a wͻgye adie no sε, wͻnfrε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yεde akyε wͻn no wͻnyi emu bi mfa ma wͻ kokoa mu ne badwa mu, ansa na Ɛda a adwadie anaa ayͻnkofa (biara) nnihͻ no aba.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Ɔbͻͻ soro ne asaase, εna Osiane nsuo fri soro dema nnuaba a εyε akͻnhoma ma mo no fifi; εna Wabrε nsuom hyεn ase ama mo, sεdeε εbεnante wͻ ͻpo so wͻ N’akwamma mu, εna Wabrε nsubͻnten nso ase ama mo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Wama awia ne bosome abrε wͻn ho ase ama mo, εna wͻn mmienu nam wͻn kwan soͻ, εna Wama anadwo ne adekyeε nso abrε wͻn ho ase ama mo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Ɔma mo deε mobisa no mu biara. Sε mose mobεsese Nyankopͻn adom a, montumi nsese. Nokorε sε, onipa yε omimfo, boniayεni a onni nkaeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma saa (Maka) Kuro yi nyε ahotᴐ Kuro, na bͻ me ne me mma ho ban fri abosomsom ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe Wura Nyankopͻn, nokorε sε wͻn ama nnipa pii ayera. Enti obia ͻbɛdi m’akyire no, nokorε na ofri me mu, na obia wantie me no nokorε sε Wone Bͻnefakyε Hene, Wone Mmͻborͻhunufoͻ Hene”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛ Wura Nyankopͻn, mede m’asefoͻ no bi (Ismail ne ͻmaame Haajara) akͻtena bonhwa a mfudeε biara nni soͻ wͻ Wo Fie kronkron no ho; Yɛ Wura Nyankopͻn, sεdeε wͻbεfrε Nyame wͻ ne berε mu nti. Enti ma nnipa akoma ntwe nkͻ wͻn so, na fa nnuaba no bi bͻ wͻn akͻnhoma sεdeε wͻbeyi (Wo) ayε”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Yɛ Wura, nokorε sε Wonim deε yεde suma ne deε yεda no adie (nyinaa). Biribiara nni asaase yi so anaasε ͻsoro a asuma Nyankopͻn”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Aseda wͻ Nyankopͻn a Ɔde Ismail ne Is’haaq akyε me wͻ (me) nkͻkora berε mu. Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Yɛ Wura, fa me bͻne kyε me, na fa m’awofoͻ ne agyidiefoͻ no (nso bͻne kyε wͻn) wͻ Da a akontabuo da no besie no”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐmma wadwen nnyε wo sε Nyankopͻn abu N’ani agu deε abͻneεfoͻ no yε no so, na mmom Wɔ abͻ wͻn ato hͻ ama Ɛda no a ehu bεma ani atͻ sa no,
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛda a) wͻde ntεmpε na εbεkͻ wͻn anim a wͻ atwetwe wͻn kͻn, na wͻn ti apagya hwε soro, na wͻn ani nnane mma wͻn hͻ, na wͻn akoma (mu) bεyε hwee (anaasε hwee nni wͻn akoma mu) no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), bͻ adasamma no kͻkͻ wͻ Ɛda no a asotwee no bεba wͻn soͻ ama wͻn a wͻdii bͻne no aka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε) ma yεn εberε kakra, yεbεgye Wofrε no so na ya’di asomafoͻ no akyi“. (Yԑbԑma wᴐn mmuaeԑ sԑ): “Monii kan nkaa ntam sε moasetena (wͻ wiase) no entwa mu da?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna motenaa wͻn a wͻdii bͻne tiaa wͻn ara wͻn ho no atenaeε, wͻ aberε a yεdaa deε Yεde yεε wͻn no adi kyerεε mo, εna Yεyεε mfatoho pii nso de kyerεε mo?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻbͻͻ wͻn pͻ a wͻbͻeε, na pͻ a wͻbͻeε no wͻ Nyankopͻn hͻ; na nokorε sε, wͻbͻͻ pͻ bͻne sεdeε emu no mpo mmepͻ betutuo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a yεde asaase bεsesa asaase (foforͻ) ne ͻsoro nso (saa ara no), wͻn nyinaa bεba Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no anim.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Qur’aan) woi yε asεm no ho dawubͻ dema adasamma sεdeε wͻde bεbͻ wͻn ho kͻkͻ, na wͻ’de behunu sε Ɔne Awurade Baako, na nnipa mu mmadwemmafoᴐ no nso de bεto wͻn adwene mu.