Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAlif-Laam-Miim-Raa. Woi ne Nwoma no mu nsεm no; deε yasiane afri wo Wura Onyankopͻn hͻ aberε woͻ no ne nokorε no, nanso nnipa pii na wͻ’nnye nie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Wapagya soro a adum biara nnihͻ (a ekuta mu) a mohunu, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ, εna W’ama awia ne bosome aberε wͻn ho ase (ama mo). Emu biara nam (ne kwan so) wͻ berε a yahyehyε (ama no mu). Ɔno na Ɔtoto ntotoeε nyinaa, Ɔkyerεkyerε nsεm no mu sεdeε mobεgye mo Wura Nyankopͻn nhyiamu no adie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Watrε asaase mu, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn asan ayε nsubͻnten, εna nnuaba biara nso Wayε no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) wͻ (asaase no) so. Ɔma adesaeε kata adekyeε so. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻdwen.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε εyε wo nwanwa a, εneε (boniayεfoͻ no) asεm a wͻse “Enti sε (yewu na) yεyε nεteε a yεbεsan (anyane) wͻ abͻdeε foforͻ mu no”, εno na ma εnyε wo nwanwa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no, na wͻn na (yεde) dadewεnfoͻ begu wͻn kͻn mu no, na wͻ ne Ogya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni, boniayεfoͻ no) repε ntεm sε ma bͻne no (anaa asotwee no) ni papa no anim kan; aberε nso a asotwee no sεso adi wͻn anim kan asi pεn. Nokorε sε wͻn bͻne (nyinaa akyiri no) wo Wura Nyankopͻn wͻ Bͻnefakyε dema adasamma. Nokorε nso sε wo Wura Nyankopͻn asotwee ano yε den papaapa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻ nnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmrε no? (Nkͻmhyεni), wodeε ne sε woyε kͻkͻbͻni; na ͻman biara nso wͻ ͻkwankyerεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔne) deε εwͻ Kokoamu ne deε εwͻ Badwamu nyinaa ho Nimdefoͻ no. Ɔno ara ne Ɔkεseε no, na Ɔno ara nso ne Okokroko a Ɔkorͻn no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε momu bi de n’asεm suma o, anaasε ͻda no adi o, anaasε osie anadwo o, anaa opie awia o, εyε asεm korͻ (ma Nyankopͻn sε Onim biribiara).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnipa wͻ awεnfoͻ (a wodi neso akͻneaba) a wͻdi n’anim ne n’akyi. Wͻ’wεn no wͻ Onyankopͻn ahyεdeε so. Nokorε sε, Onyankopͻn nsesa (tebea bi) a amanfoͻ bi wͻ mu, gyesε wͻn ara sesa (tebea) no. Sε Onyankopͻn pε amanfoͻ bi bͻne a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane ani, na N’akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ biara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔde ayerεmo kyerε mo debͻ (mo) hu, san (dema mo nya) akomatͻyεmu (sε nsuo rebεtͻ). Ɔno na Ɔbͻ mununkum a emu yε duro.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAgradaa nso bͻ no abodin kamfo no, na Soro abͻfoͻ bͻ hu wͻ Neho. Ɔsoma agradaa mmobͻmuu no kͻbͻ obia Ɔpε, nanso wͻgye Nyankopͻn ho akynnye. Ɔne Ɔhodenfoͻ paa a N’asotwee ano yε den paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔfata sε yesu frε no wͻ nokorε mu; na wͻn a wͻfri N’akyi sufrε wͻn no ntumi nye wͻn so wͻ hwee ho; na mmom (wͻn mfatoho) tesε (obi a) watene nensa akyerε nsuo sεdeε εbeduru n’ano, nanso ennuru hͻ. (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no sufrε deε, εyε kwa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na deε εwͻ soro ne asaase so ne wͻn sunsum (nyinaa) berε wͻn ho ase ma no wͻ anͻpa ne anyumerε, sε wͻpε, anaasε wͻmmpε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan ne ͻsoro ne asaase Wura?” Kasε: “Onyankopͻn”. Kasε: “Enti mofri N’akyi fa akyitaafoͻ a wͻntumi mfa mfasoͻ anaasε ͻhaw biara mma wͻn ho?” Kasε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε yεpε? Anaasε enti esum ne εhyεn yε pε? Anaasε wͻde mmatahoo a wabͻ (biribi) sεdeε Nyankopͻn abͻ no na abata Nyankopͻn ho a εnam saa nti ama abͻdeε no asε ama wͻn anaa?” Kasε: ”Onyankopͻn na Ɔyԑ biribiara Bᴐfo, na Ɔne Opumpuni Baako no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Osiane nsuo fri soro dema nsuo tene wͻ nsuka mu sεdeε emu biara betumi, na nsuyire no de ahuro a εwͻ ani no kͻ. Na deε wͻ nane no wͻ egya mu deyε agudeε anaa nkyεnsee no nso yi ahuro tesε nesεso. Saa ara na Nyankopͻn de nokorε ne nkontompo yε mfatoho. Na ahuro no deε etwa mu kͻ tesε naakyee bi a εho nni mfasoͻ; na deε εho wͻ mfasoͻ dema nnipa no deε εka asaase no mu. Saa ara na Nyankopͻn yε mfatoho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn (frε no) soͻ no wͻ (akatua) pa. Wͻn nso a wannye no soͻ no deε, sε wͻn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo a anka (saa Da no wͻbεpε sε) wͻde bεyε mpata. Saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akontabuo bͻne paa. Na wͻn asetena mu ne bonsam gyem, εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti obia onim yie sε, deε yasiane ama woͻ no yε nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, ͻtesε obi a n’ani afira? Wͻn a wͻ’dwen ho (anaa wͻde tu wͻn ho foͻ, anaa wͻkaeε) ne mmadwemmafoͻ no –
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a deε Nyankopͻn ahyε sε wͻma εntoa mu no wͻde toa mu, na wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻsuro akontabuo bͻne no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a wͻsi aboterε hwehwε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ animuonyam, na wͻfrε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu, na wͻde papayε si bͻne ano kwan; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ awieε pa no –
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAheman a εwͻ hͻ afe bͻͻ no, emu na wͻne wͻn agyanom ne wͻn yerenom ne wͻn asefoͻ a wͻdii papa no bεkͻ; na Soro abͻfoͻ befri apono ahodoͻ mu aba wͻn hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻbu Nyankopͻn apam no so wͻ akyire yi a atim, na wͻtete adeε a Nyankopͻn ahyε sε wͻntoa soͻ no ntεm, na wͻdi nsεmmͻnee wͻ asaase soͻ no, saa nnipa no na nomee wͻ wͻn soͻ, na wͻn wͻ efie bͻne paa (Daakye).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻnnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε, Onyankopͻn yera obia a Ɔpε, εna obia ͻdane neho ba Nehͻ no nso, Ɔkyerε no kwan.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻagye adie na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ Nyankopͻn nkaekaeε ho no, nokorε sε, Onyankopͻn nkaekaeε ho na akoma nya abotͻyεmu.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), saa ara na Yasoma wo wͻ ͻman a amanfoͻ bi adi wͻn anim kan atwam kͻ no soᴐ, sεdeε wobεkenkan deε Yayi ama woͻ no akyerε wͻn. Nanso wͻpo Ahummͻborͻ Hene no. Ka sε: “Ɔne me Wura; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na mede meho to no soͻ, na Nehͻ na mesakra m’adwen kͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), nokorε sε, wͻdii Asomafoͻ no a wͻdii w’anim (baa) kane no ho fεw, nanso Memaa wͻn a na wͻpo M’asԑm no berε, afei Metwee wͻn aso. Na sεdeε Masotwe (huu) siteε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Nea Ogyina hͻ hwε ᴐkra biara soͻ, na (Onim} deε (ͻkra biara) nya no, (Ɔtesε anyame a wͻnnim hwee no)? Nanso wͻde biribi bata Nyankopͻn ho. Kasε: “Momobͻ wͻn din”. Anaasε asεm a Nyankopͻn nnim wͻ asaase so na morebͻ no εho amaneε, anaasε εyε asεm (hunu) bi a mode kyerε? Daabi, (ͻbonsam) ama wͻn a wͻnnye nnie no adwen (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, εna wasi wͻn kwan (pa) no ho kwan. Obia Nyankopͻn ayera no no deε, onnya ͻkwan kyerεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn wͻ asotwee wͻ wiase asetena yi mu, na nokorε sε Daakye asotwe no deε emu yε den papaapa. Na wͻ nnya ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Nyankopn (ama wͻn).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro aheman no a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no mfatoho ne sε: ”Nsubͻnten nenam aseε, na emu nnuaba ne emu nyunu wͻhͻ daa”; woi ne awieε pa dema wͻn a wͻ suro Nyame na wͻyε ahwεyie no, na boniayεfoͻ no awieε ne gyem.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a Yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no, ani gye deε yasiane ama woͻ no ho, nanso akuo no bi nso wͻhͻ a wͻ po (Qur’aan no) fa baabi. Ka sε: “Medeε yahyε me sε, mensom Nyankopͻn na menhwε na manfa biribi ammata Neho. Ɔno na mesu frε no, na Nehͻ na medane meho kͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yasiane (Qur’aan) yi sε atemmuo (Nwoma wͻ) Arab (kasa mu). Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, wonnya okyitaafoͻ anaasε ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Onyankopͻn (ama woͻ).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa nso sε, Yԑdii kan somaa Asomafoͻ dii w’anim, Yεmaa wͻn yerenom ne mma. Ԑkwan nnihͻ sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba gyesε Nyankopͻn ma kwan ansa. Ɛberε biara mu wͻ deε yahyehyε ama.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), sε Yεde deε Yahyε wͻn ho bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yεbεma wo awuo, nokorε w’asεdeε nesε wobεbͻ (asεm no ho) dawuro, na Yεnso Yε hͻ na akontabuo no wͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεde no nkakrankakra afri ahyeε so rete nsaase no soͻ? Onyankopͻn na obu atεn, na obiara nnihͻ a obetumi adane N’atemmuo no ani. Na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no bͻͻ pͻ bͻne, nanso Nyankopͻn na pͻbͻ nyinaa wͻ no. Onim deε ͻkra biara nsa ka; na boniayεfoͻ no behunu obi a ͻwͻ awieε pa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻyi boniayε no keka ne sε: “Wonyε Ɔsomafoͻ biara”. Ka sε: “Onyankopͻn ne wͻn a wͻn wͻ Nwoma no ho nimdeε no som bo ma me ne montεm adansedie.