وَأَنذِرِ ٱلنَّاسَ يَوْمَ يَأْتِيهِمُ ٱلْعَذَابُ فَيَقُولُ ٱلَّذِينَ ظَلَمُوا۟ رَبَّنَآ أَخِّرْنَآ إِلَىٰٓ أَجَلٍ قَرِيبٍ نُّجِبْ دَعْوَتَكَ وَنَتَّبِعِ ٱلرُّسُلَ أَوَلَمْ تَكُونُوٓا۟ أَقْسَمْتُم مِّن قَبْلُ مَا لَكُم مِّن زَوَالٍ
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), bͻ adasamma no kͻkͻ wͻ Ɛda no a asotwee no bεba wͻn soͻ ama wͻn a wͻdii bͻne no aka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε) ma yεn εberε kakra, yεbεgye Wofrε no so na ya’di asomafoͻ no akyi“. (Yԑbԑma wᴐn mmuaeԑ sԑ): “Monii kan nkaa ntam sε moasetena (wͻ wiase) no entwa mu da?