Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Farao maa ne ho so wͻ asaase no so, na ͻde so nnipa no guu akuo-akuo, berεε wͻn mu kuo baako ase; ͻkunkum wͻn mma mmarima, maa wͻn mmaa tenaa ase. Nokorε sε, na ͻka nsεmͻnedifoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛyi kyerεε Mose maame sε: “Wodeε ma no nufoͻ nom; na sε wosuro ma no a, fa no kͻto asubͻnten no mu, na ensuro na εmma wo werε nso nho; nokorε sε Yεbεsan de no abrε wo na yɛama no ayε asomafoͻ no mu baako.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Farao nkorͻfoͻ bεfaa Mose sεdeε ͻbεyε ͻtamfo ne awerεhoͻ ama wͻn. Nokorε sε, na Farao ne Haamaan ne wͻn asraafoͻ no yε abͻneεfoͻ paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao yere kaa sε: ”(Saa akͻdaa yi yε) me ne wo awerεkyekyerε, enti enku no, na ebia yεbenya ne ho mfasoͻ (daakye), anaasε yεde no bεyε ba. Na wͻnnim (deε Mose so hwε no de bԑbrԑ wͻn).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa hwee nni Mose maame akoma mu (ka ne ba no ho adwendwen nko ara). Ɛkaa kakraabi sε anka ͻrema (asεm no) ho ada hͻ, sε Yɛamma n’akoma anyina pintinn a. Sεdeε ͻbεka agyidiefoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Yɛadikan asi (Mose) kwan a Yɛamma no annum (obiara nufu), enti (Mose nua baa no) kaa sε: ”Menkyerε mo efie bi mufoͻ a wͻbεtete no ama mo na wahwε no so yie?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεde (Mose) san brεԑ ne maame sεdeε n’ani bεgye na ne werε nhoͻ, ne sεdeε ͻbɛhunu sε, ampa Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a (Mose) duruu ne mpanin berε mu, na odii mmu no, Yεmaa no adwen, nyansa ne nimdeε. Saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Da koro bi, Mose) kͻͻ kuro no mu wͻ ɛberε a na emu foͻ no ani nni wͻn ho soͻ; emu na ͻkͻhunuu mmarima mmienu bi a wͻreko, ͻbaako wͻ ne fekuo no mu (Israelni) εna ͻbaako no nso fri n’atamfoͻ no mu (Misrimni). Deε ͻfri ne fekuo no mu no hwehwεε ne hͻ mmoa de tiaa deε ͻyε ne tamfoͻ no. Mose pomaa twεdeε de bͻͻ no, na ͻkum no. Ͻkaa sε: “Woi ka ͻbonsam adwuma ho. Nokorε sε, ͻyε ͻtamfo ne obia ͻyera (nnipa) pefee “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mayε bͻne atia me kraa enti fa kyε me“. Enti Nyankopͻn de kyεε no. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Ahummͻborͻ Hene no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei ͻbͻͻ hu wͻ kuro no mu a na ͻretetε (retwεn deε εbεba), na hwε, obi a ͻhwehwεε ne mmoa nnora no retea mu frε no ahwehwε ne mmoa (bio). Mose ka kyerεε no sε: “Nokorε sε, woyε obia woyera (onipa) pefee“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻpεε sε anka ͻpari sͻ (Misrimni) no a ͻyε wͻn mmienu no tamfoͻ no mu no, (Israelni no de huu) kaa sε: “Mose, wopε sε woku me sεdeε wokum onipa bi εnora no? Wopε sε wodi atumisεm wͻ asaase no so, na wompε sε woka wͻn a wͻtoto ntotoeε pa no ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆbarima bi de mmirika fri kuro no mu akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Mose, ahemfo no rebͻ wo ho pͻ sε wͻbɛku wo, enti (yε ntεm) fri (kuro yi mu) kͻ. Nokorε sε, meka wͻn a wͻpε wo yie die no ho “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻde n’ani kyerεε Mad’yan (asaase soͻ) no, ͻkaa sε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ ͻkwan pa no so “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻduruu Mad’yan nsuo mu no, ohunuu nnipa kuo bi a wͻrema (wͻn ayεmmoa) nsuo, na ͻhunuu mmaa mmienu bi nso a wͻate wͻn ho (de wͻn ayεmmoa) gyina nkyεn baabi. Mose kaa sε: “Mo amaneε ne sεn?” Wͻka kyerεε no sε: “Yɛntumi mma (y'ayεmmoa no) nsuo gyesε nwanhwεfoͻ no yi (wͻn mmoa no fri hͻ kͻ ansa), na yεn agya nso yε akͻkora posoposo “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Mose maa wͻn (nnwan no) nsuo, afei ͻdanee ne ho kͻͻ nwunu bi mu na ͻkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehia ade pa biara a Wobɛsiane ama me “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMmaa no mu baako de fεdeε nante baa Mose hͻ. Ͻkaa sε: “M’agya refrε wo sεdeε ͻbetua wo (ayεmmoa no a) womaa wͻn nsuo maa yεn no so ka”. Enti εberε a Mose baa ne hͻ, na ͻbͻͻ no amaneε no, ͻkaa sε: “Ensuro, wanya wo ho afa adi afri nnipa bͻnefoͻ no nsam.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMmaa no mu baako kaa sε: “Agya, bͻ no paa. Nokorε sε, obia εyε paa sε wobͻ no paa ne ͻhoͻdenfoͻ nokwafoͻ (tesε saa abranteε yi)”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔpanin no) kaa sε: ”Mepε sε mede me mma mmaa yi mu baako ma wo awadeε wͻ nyhehyεe so sε, wobεsom me mfeɛ nwͻtwe, na mmom sε woma no wie mfeɛ du a, εno deε efri wo ara wo hͻ, na mempε sε mεha wo pii. Sε Onyankopͻn pε a wobɛhunu sε meka apapfoͻ no ho “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mose) kaa sε: ”Woi ne (nhyehyεe) a εda me ne wo ntεm, εberε no mu biara a mɛtumi adi soͻ no εnyε bͻne ma me; na Onyankopͻn ne deε yεreka yi ho Kyitaafoɔ”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Mose wiee εberε no, na ͻne n’abusuafoͻ retu kwan akͻ (Misrim) no ͻtee egya bi nka wͻ bepͻ no nkyεn hͻ baabi. Enti ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn ha na mahunu egya; ebia mede amaneε bi bɛfri hͻ abrε mo, anaasε (mɛnya) nsramma bi aberε mo sεdeε mode bεka mo ho hyeε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻbaa hͻ no, yεfrεε no fri nifa fam wͻ nhyira bonhwa no mu wͻ deε na dua no sie hͻ sε: “Mose, nokorε sε, Mene Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFa wopoma no to fͻm“. Ԑberε a ͻhunuu sε εrekeka ne ho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee na wanhwε n’akyi. (Yεfrεε no sε): “Mose, pini ho, na ensuro; nokorε sε woka wͻn a wͻn wͻ akomatͻyεmu no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFa wonsa hyε wo kotoku mu na εbεba fitaa a εnyε bͻne biara. Na twe wo nsa gu wo ho na ehu no bɛgyae. Woi yε nyinasoͻ pefee mmienu a wode rekͻ Farao ne n'ahemfo no hͻ. Nokorε sε na wͻyε nnipa bͻnefoͻ paa“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe nua Aaron, ͻne obia n’ano ate wͻ kasa mu kyεn me, enti soma no ka me ho sε ͻboafoͻ na ͻnfoa me so (nhyε me den). Nokorε mesuro sε wͻbɛbu me ͻtorofo “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: ”Yεde wo nua no bεhyε wo abamu den, na Yεbεma mo mmienu tumi, na wͻ nsa nnka mo (anaasε wͻntumi nyε mo bͻne biara), εnam Yεn nsεnkyerεnee no nti, mo mmienu ne wͻn a wͻbɛdi mo akyi no na mobɛdi nkonim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εberε a Mose de Yε nsεnkyerεnee pefee no baa wͻn hᴐ no, deε wͻkaeε ne sε: “Woi yε nkonyaa a wabͻ ne tri mu (na ayε), woi deε yεntee ne mpaninsεm wᴐ y’agyanom tetefoᴐ no hᴐ “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao kaa sε: ”Ahemfo, medeε mennim sε mowͻ nyame biara ka me ho, enti Haamaan sͻ gya wͻ ntayaa so ma me na si dan tenten bi ma me sεdeε (mede bεforo akͻ soro de) ahunu Mose Nyankopͻn no, efrisε megye di sε ͻka nkontompofoͻ no ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεpari sͻͻ ͻne n’asraafoͻ no mu na Yεtoo wͻn twenee wͻ ͻpo no mu. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεmaa nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase, na Wusͻreε da no wͻbεka wͻn a yɛagu wͻn anim aseε no ho, (anaa yɛapamo wͻn afri Nyame ahummborͻ mu) no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε akyire yi a Yεsεee awoͻ ntoatoasoͻ a edii kan no Yεde Nwoma no a na εyε anibue ne kwankyerε ne ahummͻborͻ ma adasamma no maa Mose, sεdeε wͻde bɛtu wͻn ho foͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), na wonni Atͻeε fam hͻ wͻ berε a Yɛyii ahyεdeε no maa Mose, na na wonka (ne nkorͻfoͻ a) na wͻn wͻ hͻ no nso ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso Yεbͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ (foforͻ wͻ Mose akyi), na nkwa nna yεε tenten maa wͻn (wͻ wͻn ani so). (Nkͻmhyεni), na wonyε obia wote Mad’yanfoͻ no mu εna worekenkan Yεn nsεm (a esii hͻ) akyerε wͻn, na mmom Yεn na Yεsoma (Asomafoͻ no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa wonni bepͻ Tuur ho hͻ wͻ εberε a Yεfrεε (Mose), na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nii w’anim kan maa wͻn hͻ no kͻkͻ, sεdeε wͻde bɛtu wͻn ho foͻ-,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeɛ mmusuo bi to wͻn εnam dwuma a wͻn nsa adi ho nti a, wͻn ankͻka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, sε Wosomaa ͻsomafoͻ maa no baa yεn hͻ a, anka yεbɛdi Wo nsεm no akyi na yɛakͻka agyidiefoͻ no ho.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso εberε a Nokorε no fri Yεn nkyεn baa wͻn hͻ no, deε wͻreka ne sε: “Adεn nti na yεmmaa (Muhammad) deε yεde maa Mose no bie?” Deε kane yεde maa Mose no wͻn ampo anka sε, nkonyaayifoͻ mmienu a wͻreboa wͻn ho wͻn ho? Wͻkaa sε: “Nokorε sε yεnnye emu biara nni”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa Nwoma bi mfri Nyankopͻn hͻ a εtene kyεn (Tora ne Qur’aan) no mmienu mmra na medi akyire, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε wͻn amma wo mmuaeε a, εneε hunu sε wͻn apεdeε hunu na wͻdi akyire. Hwan na wayera kyεn obi a odi n’apεdeε hunu akyi, na εnyε kwankyerε a efri Nyankopͻn hᴐ? Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεrekenkan kyerε wͻn a, wͻka sε: “Yεgye di; nokorε sε, εyε nokorε a efri Yɛ Wura Nyankopͻn hͻ; na yɛdii kan yεε Muslimifoͻ (brεε yεn ho ase maa Nyame) ansa na (Qur’aan reba).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no na yεbεma wͻn akatua mprenu εnam aboterε a wͻnyaeε no ho nti, na wͻde papa si bͻne ho kwan, na deε Yεde akyε wͻn no nso wͻyi mu bi de ma.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻte ahuhusεm bi a wͻdane wͻn ho fri ho ka sε: “Y’adwuma wͻ yεn, εna mo nso mo adwuma wͻ mo. Salaamu Alaikum’ Asomdwoeε nka mo! Yεnhwehwε abagyimifoͻ (asεm biara)”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), nokorε sε wontumi ntene obia wodͻ no, na mmom Nyankopͻn na Ɔtene obia Ɔpε, na Ɔno na Onim obia watene.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε (abososomfoͻ no) ka ne sε: ”Sε yεka wo ho ne wo fa ͻkwan tenenee no so a, yεbɛyi yεn afri yεn man no mu“. Yεnfaa wͻn ntenaa abodwoɔ Kronkron bea a Yεde nnuaba ahodoͻ biara bi (fri mea mea) ba hͻ? Ɛyε akͻnhoma a efri Yεn hͻ, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkuro dodoͻ sεn na εnam ahomasoͻ a wͻmaa wͻn ho so wͻ wͻn asetena pa mu nti Yɛasεe wᴐn?, Seesei wͻn akyiri no wͻn asetena no mu adane amanfoo gyesε emu kakraabi. Yεn ne Adedifoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn nsεe aman bi, gyesε (odikan) soma ͻsomafoͻ ma no ba n’ahenkuro mu ma no bεkenkan Yεn nsεm no kyerε wͻn ansa. Na εmma sε Yεbεsεe kuro bi, gyesε emufoͻ no yε abͻneεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdeε biara a yεde ama mo no yε wiase yi mu akͻnhoma ne emu afεεfεdeε. Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no εno mmom na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa. Adεn, monte asεm ase anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti obi a Yεde (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbɛhyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yεde wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a asεm no nokorε atia wͻn no bεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, woi nom a yεyeraa wͻn no, yεyeraa wͻn efrisε na yεn nso yɛayera. Yεresan yεn ho wͻ W’anim. Ɛnyε yεn na na wͻsom yεn”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no asεm no mu nnahͻ mma wͻn yie (anaasε wͻntumi mma muaeε pa biara), na wͻntumi mmisa wͻn ho wͻn ho nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε, εna Oyi (nea Ɔpε). Ɛnyε wͻn asεdeε sε wͻn na wͻyi (nea wͻpε). Kronkron ne animuonyam Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆne Nyankopᴐn, awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho. Ɔno na ayeyie no wͻ no wͻ wiase yi mu ne Daakye no nso; na Ɔno na atemmuo no yε Ne dea, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Moahunu, sε anka Nyankopͻn rema adesaeε atoatoa so ama mo (a adeε nkyee) akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Nyankopͻn akyi a ͻbetumi ama mo nhyerεnee? Adεn monnte anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Moahunu, sε anka Onyankopͻn rema adekyeε atoa so saa ara ama mo akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Onyankopͻn akyi a ͻbɛtumi ama mo adesaeε a mogye mo ahome wͻ mu no? Adεn monhunu anaa?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailN’ahummͻborͻ no mu bi ne sε, Wayε adesaeε ne adekyeε a mode gye mo ahome wͻ mu san de hwehwε N’adom wͻ mu, sεdeε mobɛyi ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, na Kora nso ka Mose nkorͻfoͻ no ho, nanso ͻmaa ne ho so wͻ wͻn so. Yεmaa no sika (ne mpempraneε) kεse maa εkͻ baa sε, nnipa kuo ahodenfoͻ paa mpo, (n’akoradeε) nsafoa no bεyε adesoa kεse ama wͻn. Ɛberε a ne nkorͻfoͻ no ka kyerεε no sε: “Entu wo ho; nokorε sε, Nyankopͻn mpε wͻn a wͻtu wͻn ho no asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa fa deε Nyankopͻn de ama woͻ no hwehwε Daakye asetena no, na εmma wo werε mmfi wo kyεfa wͻ wiase, na yε papa (ma amanfoͻ) sεdeε Nyankopͻn ayε papa ama woͻ no, na εnhwehwε sε bͻne bεkͻ so wͻ asaase so. Nokorε sε Nyankopͻn mpε nsεmͻnedifoͻ no asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKora kaa sε: “Ɛnam me nimdeε a me wͻ so na me nsa kaeε“. Enti Kora nnim sε Nyankopͻn adikan asεe awoͻ ntoatoasoͻ bi wͻ n’anim a na wͻn ho yε den, san wͻ agyapadeε sen no? Yɛmmisa abͻneεfoͻ no bͻne ho asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Kora de n’ahosiesie pue kͻͻ ne nkorͻfoͻ no mu. Wͻn a wͻpε wiase asetena no kaa sε: “Na anka yεwͻ deε yεde ama Kora yi bi. Nokorε sε ͻwͻ agyapadeε kεse paa “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a yɛama wͻn nimdeε no nso kaa sε: “Due nka mo! Nyankopͻn akatua no na εyε de ma obi a wagye adie na odi dwuma pa, na εnyε obiara na nensa bεka gyesε aboterεfoͻ no “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεmaa asaase menee no, ne ne fie (nyinaa). Nanso wannya εdͻm bi ammoa no antia Nyankopͻn, na na ͻnka wͻn a wͻtumi bͻ wͻn ho ban no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a εnora na wͻnya Kora gyinaberε no a na anka wͻpε no, frii aseε kekaa sε: “Ei, nokorε sε Nyankopͻn ma N’akyεdeε no bu Ne nkoa no mu obia a Ɔpε so, εna (obi a Ɔpε no nso) Ɔde ma no nkakrakra; sε εnyε Nyankopͻn na Ͻdom yεn a, anka y’amem“. Ei, nokorε sε boniayεfoͻ no nni nkonim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Daakye asetena no, Yɛayε de ama wͻn a wͻnnyε ahomasoͻ wͻ asaase no soͻ, na wͻnni nsεmͻnee. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻde papa bi bεba no ͻbɛnya papa a εkyεn saa, na obia ͻde bͻne bi bεba no nso, yɛntua wͻn a wͻyε bͻne no so ka, na mmom dwuma a na wͻdie no so na (yɛgyina tua wͻn ka).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Nea Wayε Qur’aan yi nhyε de ato wo soͻ no, bεsan de wo akͻ (wo) nkyi, (Maka anaasε Nyame hͻ). Ka sε: “ Me Wura Nyankopͻn na Onim nea Ɔde tenenee na aba, ne (obi a) ͻwͻ ͻyera pefee paa mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa anka w’ani nna so sε yεbɛsiane Nwoma (bi a yεfrε no Qur’aan) ama wo, na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Enti hwε na wankͻtaa boniayεfoͻ no akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwε nso na wͻn annsi wo kwan wͻ Nyankopͻn Nsεm no ho wͻ akyire yi a yɛasiane ama woͻ. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na hwε na wankͻka wͻn a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwε nso na wanfrε awurade foforᴐ bi anka Nyankopͻn ho; awurade biara nni hͻ ka Ne ho. Adeε biara bɛwu anaa εbεsεe afri hͻ, gyesε N’animuonyam (nko ara na εbεka). Ɔno na atemmuo no wͻ no, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.