caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-A'raaf الأعراف

206 verses · Mecca · revelation order 39

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ الٓمٓصٓ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAlif - Laam - Miim - Soaad.

See all translations of this verse →

كِتَٰبٌ أُنزِلَ إِلَيْكَ فَلَا يَكُن فِى صَدْرِكَ حَرَجٌ مِّنْهُ لِتُنذِرَ بِهِۦ وَذِكْرَىٰ لِلْمُؤْمِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni, wei yε) Nwoma a yɛasane ama woͻ, enti εmma w’akoma nha wo wͻ ho; sεdeε wode bεbͻ kͻkͻ, na ayε afutusεm anaa nkaekaeε ama agyidiefoͻ no.

See all translations of this verse →

ٱتَّبِعُوا۟ مَآ أُنزِلَ إِلَيْكُم مِّن رَّبِّكُمْ وَلَا تَتَّبِعُوا۟ مِن دُونِهِۦٓ أَوْلِيَآءَ قَلِيلًا مَّا تَذَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonni deε yɛasiane afiri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo no akyi, na monhwε na moamfiri N’akyi ankodi akyitaafoͻ biara akyi, (nanso nnipa, anaa asεm no mu) kakraa bi na mokaeε.

See all translations of this verse →

وَكَم مِّن قَرْيَةٍ أَهْلَكْنَٰهَا فَجَآءَهَا بَأْسُنَا بَيَٰتًا أَوْ هُمْ قَآئِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkuro dodoɔ sɛn na (εnam bͻne nti) Yɛasεe no? Yɛn asotwee baa so anadwo, anaasε awigyina berε a na wͻadeda regye wɔn ahome.

See all translations of this verse →

فَمَا كَانَ دَعْوَىٰهُمْ إِذْ جَآءَهُم بَأْسُنَآ إِلَّآ أَن قَالُوٓا۟ إِنَّا كُنَّا ظَٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Yɛn asotwee baa wͻn soͻ no, esuu a wͻsuiε nesε: “Nokorε sε yεyε abͻnefoͻ.“

See all translations of this verse →

فَلَنَسْـَٔلَنَّ ٱلَّذِينَ أُرْسِلَ إِلَيْهِمْ وَلَنَسْـَٔلَنَّ ٱلْمُرْسَلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Yɛbɛbisa wͻn a Yεsomaa (asomafoͻ) kͻͻ wͻn hͻ no asεm, na Yɛbɛbisa asomafoͻ no nso asεm.

See all translations of this verse →

فَلَنَقُصَّنَّ عَلَيْهِم بِعِلْمٍ وَمَا كُنَّا غَآئِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde nimdeε bεkenkan (wͻn ho nsεm) akyerε wͻn na Yɛnfirii (wͻn ho) da.

See all translations of this verse →

وَٱلْوَزْنُ يَوْمَئِذٍ ٱلْحَقُّ فَمَن ثَقُلَتْ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْمُفْلِحُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no nsania no bεyε nokorε (nsania); enti obi a ne kari boɔ mu bɛyɛ du (wͻ papa yε mu wɔ) nsania no soɔ no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

See all translations of this verse →

وَمَنْ خَفَّتْ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُو۟لَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓا۟ أَنفُسَهُم بِمَا كَانُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa wͻn a wͻn kariboɔ mu bεyε hare (wͻ papa yε mu wɔ nsania no soɔ) no, wei nom na wͻn kraa aberε aguo, efrisε wͻyεε Yεn Nsεm no ho bͻne.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ مَكَّنَّٰكُمْ فِى ٱلْأَرْضِ وَجَعَلْنَا لَكُمْ فِيهَا مَعَٰيِشَ قَلِيلًا مَّا تَشْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεde mo tenaa asaase no so, εna Yεyεε akͻnhoma bͻdeε wͻ so maa mo, (nanso) ayεyie ketewa bi na moyie.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ خَلَقْنَٰكُمْ ثُمَّ صَوَّرْنَٰكُمْ ثُمَّ قُلْنَا لِلْمَلَٰٓئِكَةِ ٱسْجُدُوا۟ لِـَٔادَمَ فَسَجَدُوٓا۟ إِلَّآ إِبْلِيسَ لَمْ يَكُن مِّنَ ٱلسَّٰجِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεbͻͻ mo, εna Yεde mo too mfonini mu, εna Yεka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Monyε (Sujud) monfa moanim mmutu fͻm mma Adam. Wͻn (nyinaa) yεε Sujud no, gyesε lblis (anaasε ͻbonsam), wanka wͻn a wͻde wͻn anim butuu fͻm no ho.

See all translations of this verse →

قَالَ مَا مَنَعَكَ أَلَّا تَسْجُدَ إِذْ أَمَرْتُكَ قَالَ أَنَا۠ خَيْرٌ مِّنْهُ خَلَقْتَنِى مِن نَّارٍ وَخَلَقْتَهُۥ مِن طِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a wamfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a Mahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me firii gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso firii nεteε mu”.

See all translations of this verse →

قَالَ فَٱهْبِطْ مِنْهَا فَمَا يَكُونُ لَكَ أَن تَتَكَبَّرَ فِيهَا فَٱخْرُجْ إِنَّكَ مِنَ ٱلصَّٰغِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Ɛneε sane firi ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti firi ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yɛabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”.

See all translations of this verse →

قَالَ أَنظِرْنِىٓ إِلَىٰ يَوْمِ يُبْعَثُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε kͻpem Da a wͻn bɛwu asͻreε”.

See all translations of this verse →

قَالَ إِنَّكَ مِنَ ٱلْمُنظَرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho “.

See all translations of this verse →

قَالَ فَبِمَآ أَغْوَيْتَنِى لَأَقْعُدَنَّ لَهُمْ صِرَٰطَكَ ٱلْمُسْتَقِيمَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailIblis kaa sε: “Sεdeε Wabu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “.

See all translations of this verse →

ثُمَّ لَـَٔاتِيَنَّهُم مِّنۢ بَيْنِ أَيْدِيهِمْ وَمِنْ خَلْفِهِمْ وَعَنْ أَيْمَٰنِهِمْ وَعَن شَمَآئِلِهِمْ وَلَا تَجِدُ أَكْثَرَهُمْ شَٰكِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Afei mɛfiri wͻn anim ne wͻn akyi ne wͻn nifa so ne wͻn benkum so aba wͻn so, na wonnya wͻn mu pii a wͻbɛyi (Wo) ayε.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱخْرُجْ مِنْهَا مَذْءُومًا مَّدْحُورًا لَّمَن تَبِعَكَ مِنْهُمْ لَأَمْلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنكُمْ أَجْمَعِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Firi hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yɛayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu biara a ͻbɛdi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu ma.

See all translations of this verse →

وَيَٰٓـَٔادَمُ ٱسْكُنْ أَنتَ وَزَوْجُكَ ٱلْجَنَّةَ فَكُلَا مِنْ حَيْثُ شِئْتُمَا وَلَا تَقْرَبَا هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةَ فَتَكُونَا مِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdam, wo ne woyere montena Turo no mu, na monnidi nkͻpem faako a mopε (biara), na monhwε na moammεn saa dua yi na moankͻka abͻneεfoͻ no ho.

See all translations of this verse →

فَوَسْوَسَ لَهُمَا ٱلشَّيْطَٰنُ لِيُبْدِىَ لَهُمَا مَا وُۥرِىَ عَنْهُمَا مِن سَوْءَٰتِهِمَا وَقَالَ مَا نَهَىٰكُمَا رَبُّكُمَا عَنْ هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةِ إِلَّآ أَن تَكُونَا مَلَكَيْنِ أَوْ تَكُونَا مِنَ ٱلْخَٰلِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbɛyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻte nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”.

See all translations of this verse →

وَقَاسَمَهُمَآ إِنِّى لَكُمَا لَمِنَ ٱلنَّٰصِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOdii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”

See all translations of this verse →

فَدَلَّىٰهُمَا بِغُرُورٍ فَلَمَّا ذَاقَا ٱلشَّجَرَةَ بَدَتْ لَهُمَا سَوْءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخْصِفَانِ عَلَيْهِمَا مِن وَرَقِ ٱلْجَنَّةِ وَنَادَىٰهُمَا رَبُّهُمَآ أَلَمْ أَنْهَكُمَا عَن تِلْكُمَا ٱلشَّجَرَةِ وَأَقُل لَّكُمَآ إِنَّ ٱلشَّيْطَٰنَ لَكُمَا عَدُوٌّ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti ͻde naadaa maa wͻn hwee ase. Ɛberε a wͻkaa dua no (aba no bi) hwεeε no, wͻn adagya daa adi kyerεε wͻn, na wͻhyεε aseε kekaa Turo no mu nhahan no bi bobͻͻ mu katakataa wͻn ho so. Wͻn Wura Nyankopͻn frεε wͻn sε: “Mammra mo saa dua no, εna Meka kyerεε mo sε ͻbonsam yε mo tamfo pefee?”

See all translations of this verse →

قَالَا رَبَّنَا ظَلَمْنَآ أَنفُسَنَا وَإِن لَّمْ تَغْفِرْ لَنَا وَتَرْحَمْنَا لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلْخَٰسِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Yɛn wura Nyankopͻn, Yɛayε bͻne atia yεn kraa, na sε Wamfa yεn bͻne ankyε yεn na Wanhu yεn mmͻbͻ a, nokorε sε yεbεka brεguofoͻ no ho “.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱهْبِطُوا۟ بَعْضُكُمْ لِبَعْضٍ عَدُوٌّ وَلَكُمْ فِى ٱلْأَرْضِ مُسْتَقَرٌّ وَمَتَٰعٌ إِلَىٰ حِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieeɛ “

See all translations of this verse →

قَالَ فِيهَا تَحْيَوْنَ وَفِيهَا تَمُوتُونَ وَمِنْهَا تُخْرَجُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobɛwuo na emu na mobɛpue afire (wͻ Wusͻreε Da no).

See all translations of this verse →

يَٰبَنِىٓ ءَادَمَ قَدْ أَنزَلْنَا عَلَيْكُمْ لِبَاسًا يُوَٰرِى سَوْءَٰتِكُمْ وَرِيشًا وَلِبَاسُ ٱلتَّقْوَىٰ ذَٰلِكَ خَيْرٌ ذَٰلِكَ مِنْ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ لَعَلَّهُمْ يَذَّكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, nokorε sε Yɛasiane ntoma a εkata moadagya soͻ ama mo, εne ahosiesie deε, εna Nyamesuro ntoma nso, εno na εyε. Wei ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, sεdeε wͻbεfa adwen.

See all translations of this verse →

يَٰبَنِىٓ ءَادَمَ لَا يَفْتِنَنَّكُمُ ٱلشَّيْطَٰنُ كَمَآ أَخْرَجَ أَبَوَيْكُم مِّنَ ٱلْجَنَّةِ يَنزِعُ عَنْهُمَا لِبَاسَهُمَا لِيُرِيَهُمَا سَوْءَٰتِهِمَآ إِنَّهُۥ يَرَىٰكُمْ هُوَ وَقَبِيلُهُۥ مِنْ حَيْثُ لَا تَرَوْنَهُمْ إِنَّا جَعَلْنَا ٱلشَّيَٰطِينَ أَوْلِيَآءَ لِلَّذِينَ لَا يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, monhwε na moamma ͻbonsam annaadaa mo, sεdeε otuu mo awofoͻ firii Turo no mu no, na ͻpaa wͻn ho ntoma sεdeε ͻde wͻn adagya bεkyerε wͻn no. Nokorε sε, ͻne n’abusuafoͻ no hu mo wͻ baabi a monnhu wͻn. Nokorε sε, Yɛayε abosamfoͻ no akyitaafoͻ ama wͻn a wͻnnye nnie no.

See all translations of this verse →

وَإِذَا فَعَلُوا۟ فَٰحِشَةً قَالُوا۟ وَجَدْنَا عَلَيْهَآ ءَابَآءَنَا وَٱللَّهُ أَمَرَنَا بِهَا قُلْ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَأْمُرُ بِٱلْفَحْشَآءِ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻbu ahohwi bra bi a, wͻse: Yεbεtoo Y’agyanom wͻ so (sε wͻreyε), na Nyankopͻn na Ɔde ahyε yεn (sε yεnyε). Ka sε: “Nyankopͻn nnhyɛ (onipa) mma no mmɔ ahohwi bra; anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so?

See all translations of this verse →

قُلْ أَمَرَ رَبِّى بِٱلْقِسْطِ وَأَقِيمُوا۟ وُجُوهَكُمْ عِندَ كُلِّ مَسْجِدٍ وَٱدْعُوهُ مُخْلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ كَمَا بَدَأَكُمْ تَعُودُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Deε me Wura Nyankopͻn hyε (onipa) wͻ ho ne sε ɔbɛdi nokorε, εna afei mode moanim bεkyerε Ɔno (nko ara) wͻ Nyamefrε berε biara, na afei mobɛsu afrε no wͻ nokorεdie mu, de ͻsom ama no. Sεdeε Osi hyεε mo ase (kane no, saa ara na) mobεsan aba (nkwa mu bio).

See all translations of this verse →

فَرِيقًا هَدَىٰ وَفَرِيقًا حَقَّ عَلَيْهِمُ ٱلضَّلَٰلَةُ إِنَّهُمُ ٱتَّخَذُوا۟ ٱلشَّيَٰطِينَ أَوْلِيَآءَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَيَحْسَبُونَ أَنَّهُم مُّهْتَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWakyerε fekuo bi tenenee, εna fekuo bi nso ͻyera no na εfata wͻn, efirisε wͻafiri Nyankopͻn akyi afa abonsamfoͻ de wͻn ayε akyitaafoͻ, na wͻdwene sε wͻn atene.

See all translations of this verse →

يَٰبَنِىٓ ءَادَمَ خُذُوا۟ زِينَتَكُمْ عِندَ كُلِّ مَسْجِدٍ وَكُلُوا۟ وَٱشْرَبُوا۟ وَلَا تُسْرِفُوٓا۟ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلْمُسْرِفِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdam mma, monfa mo afεεfεdeε nsiesie mo ho wͻ Nyamefrε bea biara mu, na monnidi na monom, na (mmom) εmma monsεe (no), efirisε Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm.

See all translations of this verse →

قُلْ مَنْ حَرَّمَ زِينَةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِىٓ أَخْرَجَ لِعِبَادِهِۦ وَٱلطَّيِّبَٰتِ مِنَ ٱلرِّزْقِ قُلْ هِىَ لِلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ فِى ٱلْحَيَوٰةِ ٱلدُّنْيَا خَالِصَةً يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلْـَٔايَٰتِ لِقَوْمٍ يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni) ka sε: “Hwan na wabra Nyankopͻn afεεfεdeε ne akͻnhoma pa no a Wayi ama ne nkoa no? Ka sε: “(Saa nnepa no) wͻ wͻn a wͻagye adie no wͻ wiase asetena yi mu, (na εbεwͻ agyidiefoͻ no) nko ara wͻ Owusͻreε Da no. Saa ara na Yεkyerεkyerε nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻnim.

See all translations of this verse →

قُلْ إِنَّمَا حَرَّمَ رَبِّىَ ٱلْفَوَٰحِشَ مَا ظَهَرَ مِنْهَا وَمَا بَطَنَ وَٱلْإِثْمَ وَٱلْبَغْىَ بِغَيْرِ ٱلْحَقِّ وَأَن تُشْرِكُوا۟ بِٱللَّهِ مَا لَمْ يُنَزِّلْ بِهِۦ سُلْطَٰنًا وَأَن تَقُولُوا۟ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Deε me Wura Nyankopͻn abra ne ahohwisεm, emu deε εda adie ne deε asuma, εna bͻne, ne asisie a enni ho kwan (sε onipa yε), εna afei mode adeε a Ɔnsanee ho tumi bi mmaeε bεbata Nyankopͻn ho, εna mobεka asεm a monnim de ato Nyankopͻn soͻ.

See all translations of this verse →

وَلِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٌ فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمْ لَا يَسْتَأْخِرُونَ سَاعَةً وَلَا يَسْتَقْدِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnipa kuo biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama wͻn sε wͻde firi wiase); enti sε wͻn berε no so a, wͻnka akyi dͻnhwere baako koraa, na wͻnkͻ animu nso (dͻnhwere baako).

See all translations of this verse →

يَٰبَنِىٓ ءَادَمَ إِمَّا يَأْتِيَنَّكُمْ رُسُلٌ مِّنكُمْ يَقُصُّونَ عَلَيْكُمْ ءَايَٰتِى فَمَنِ ٱتَّقَىٰ وَأَصْلَحَ فَلَا خَوْفٌ عَلَيْهِمْ وَلَا هُمْ يَحْزَنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, sε asomafoͻ a wͻfiri mo mu ba mo hͻ bεkenkan Mensεm kyerε mo a, obi a ͻbεgye adie na wayε ntotoeε pa no, ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nho.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسْتَكْبَرُوا۟ عَنْهَآ أُو۟لَٰٓئِكَ أَصْحَٰبُ ٱلنَّارِ هُمْ فِيهَا خَٰلِدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻyε ho ahomasoͻ no, wͻnom ne egya no mufoͻ no; emu na wͻbεtena afe bͻͻ.

See all translations of this verse →

فَمَنْ أَظْلَمُ مِمَّنِ ٱفْتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوْ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓ أُو۟لَٰٓئِكَ يَنَالُهُمْ نَصِيبُهُم مِّنَ ٱلْكِتَٰبِ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَتْهُمْ رُسُلُنَا يَتَوَفَّوْنَهُمْ قَالُوٓا۟ أَيْنَ مَا كُنتُمْ تَدْعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ قَالُوا۟ ضَلُّوا۟ عَنَّا وَشَهِدُوا۟ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمْ أَنَّهُمْ كَانُوا۟ كَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obi a ͻbͻ ne tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ɔfa N’asεm no nkontompo sɛm? Saa nkorͻfoͻ no nsa bεka wͻn kyεfa a εwͻ Nwoma no mu; kͻpem sε Y’abͻfoͻ no bεba wͻn hͻ abɛyi wͻn nkwa; (Abͻfoͻ no) bεka sε: “Deε na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ hen?” Wͻbεka sε: “Yɛahwere wͻn”. Wͻbɛdi adanseε atia wͻn ho sε nokorε, wͻyε (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱدْخُلُوا۟ فِىٓ أُمَمٍ قَدْ خَلَتْ مِن قَبْلِكُم مِّنَ ٱلْجِنِّ وَٱلْإِنسِ فِى ٱلنَّارِ كُلَّمَا دَخَلَتْ أُمَّةٌ لَّعَنَتْ أُخْتَهَا حَتَّىٰٓ إِذَا ٱدَّارَكُوا۟ فِيهَا جَمِيعًا قَالَتْ أُخْرَىٰهُمْ لِأُولَىٰهُمْ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ أَضَلُّونَا فَـَٔاتِهِمْ عَذَابًا ضِعْفًا مِّنَ ٱلنَّارِ قَالَ لِكُلٍّ ضِعْفٌ وَلَٰكِن لَّا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn bεka sε: “Monkͻka Jinni ne nnipa kuo no a wͻadi moanim kan atwa mu no ho, na mo ne wͻn nkͻ egya no mu. Ɛberε biara a nnipa kuo bi bɛwura mu no, ͻbͻ ne nua no dua kosi sε wͻn nyinaa bɛdidi so akͻ mu. Wͻn mu wͻn a wͻtwa toͻ no bεka afa akandifoͻ no ho sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, wei nom na wͻyeraa yεn, enti ma wͻn ogya asotwee no mmͻhoo. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Obiara wͻ (asotwee no) mmͻhoo nanso monnim”.

See all translations of this verse →

وَقَالَتْ أُولَىٰهُمْ لِأُخْرَىٰهُمْ فَمَا كَانَ لَكُمْ عَلَيْنَا مِن فَضْلٍ فَذُوقُوا۟ ٱلْعَذَابَ بِمَا كُنتُمْ تَكْسِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn mu adikanfoͻ no nso bεka akyerε wͻn mu wͻn a wͻtwatoͻ no sε: “Monkyεn yεn, enti monka asotwee no nhwε εnam deε monyaeε ho nti”.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسْتَكْبَرُوا۟ عَنْهَا لَا تُفَتَّحُ لَهُمْ أَبْوَٰبُ ٱلسَّمَآءِ وَلَا يَدْخُلُونَ ٱلْجَنَّةَ حَتَّىٰ يَلِجَ ٱلْجَمَلُ فِى سَمِّ ٱلْخِيَاطِ وَكَذَٰلِكَ نَجْزِى ٱلْمُجْرِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻyε ho ahomasoͻ no, yɛmmue ͻsoro apono mma wͻn, na wͻnnya kwan nwura ͻsoro Aheman no mu kͻpem sε yoma bɛwura paneε tokuro mu. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.

See all translations of this verse →

لَهُم مِّن جَهَنَّمَ مِهَادٌ وَمِن فَوْقِهِمْ غَوَاشٍ وَكَذَٰلِكَ نَجْزِى ٱلظَّٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn wͻ ogya mpa (a wͻbεda soͻ) ne (Ogya) akatasoͻ (a wͻde bεkata) wͻn ho soͻ. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَعَمِلُوا۟ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَا نُكَلِّفُ نَفْسًا إِلَّا وُسْعَهَآ أُو۟لَٰٓئِكَ أَصْحَٰبُ ٱلْجَنَّةِ هُمْ فِيهَا خَٰلِدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no nso –Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi gyesε deε n’ahoͻden bɛtumi –saa nkorͻfoͻ no ne Aheman no mu foͻ no. Emu na wͻbεtena afebɔɔ.

See all translations of this verse →

وَنَزَعْنَا مَا فِى صُدُورِهِم مِّنْ غِلٍّ تَجْرِى مِن تَحْتِهِمُ ٱلْأَنْهَٰرُ وَقَالُوا۟ ٱلْحَمْدُ لِلَّهِ ٱلَّذِى هَدَىٰنَا لِهَٰذَا وَمَا كُنَّا لِنَهْتَدِىَ لَوْلَآ أَنْ هَدَىٰنَا ٱللَّهُ لَقَدْ جَآءَتْ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلْحَقِّ وَنُودُوٓا۟ أَن تِلْكُمُ ٱلْجَنَّةُ أُورِثْتُمُوهَا بِمَا كُنتُمْ تَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεbɛyi yawdie a εwͻ wͻn akoma mu biara afiri hͻ; nsubͻnten nenam wͻn ase. Wͻbεka sε: “Ayeyie ne aseda wͻ Nyankopͻn a Wakyerε yεn kwan akͻ wei mu. Sε Wankyerε yεn kwan a, anka yɛnnya kwan kyerε. Ampa sε, yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de Nokorε no baeɛ”. (Soro abͻfoͻ) bεfrε sε: “Wei ne Aheman no a morebɛdi adeε wᴐ mu no, εnam dwuma (pa) a modiiε no ho nti”.

See all translations of this verse →

وَنَادَىٰٓ أَصْحَٰبُ ٱلْجَنَّةِ أَصْحَٰبَ ٱلنَّارِ أَن قَدْ وَجَدْنَا مَا وَعَدَنَا رَبُّنَا حَقًّا فَهَلْ وَجَدتُّم مَّا وَعَدَ رَبُّكُمْ حَقًّا قَالُوا۟ نَعَمْ فَأَذَّنَ مُؤَذِّنٌۢ بَيْنَهُمْ أَن لَّعْنَةُ ٱللَّهِ عَلَى ٱلظَّٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSoro Aheman no mu foͻ no bεfrε Ogya no mufoͻ no sε: “Nokorε sε, yεn nsa aka deε yɛ’Wura Nyankopͻn hyεε yεn ho bͻ no ampa; enti monso monsa aka deε mo Wura hyεε mo ho bͻ no ampa?” Wͻbεka sε: “Aane!” Ɔfrεfrεni bi bεfrε afiri wͻn mu hͻ sε: “Onyankopͻn nnomee wͻ abͻneεfoͻ no so;

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ يَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَيَبْغُونَهَا عِوَجًا وَهُم بِٱلْـَٔاخِرَةِ كَٰفِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻsi (amanfoͻ kwan) firi Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε εbεkyea, na wͻpo Daakye no.

See all translations of this verse →

وَبَيْنَهُمَا حِجَابٌ وَعَلَى ٱلْأَعْرَافِ رِجَالٌ يَعْرِفُونَ كُلًّۢا بِسِيمَىٰهُمْ وَنَادَوْا۟ أَصْحَٰبَ ٱلْجَنَّةِ أَن سَلَٰمٌ عَلَيْكُمْ لَمْ يَدْخُلُوهَا وَهُمْ يَطْمَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNtwaremu bi bɛtware wͻn mmienu no (aheman mu foͻ no ne Ogya no mu foͻ) no ntam. Mmarima bi wͻ fasuo no sorosoro a wᴐde (abᴐnefoᴐ no mu) biara nsohyε deε na ɛbɛhu wͻn; na wͻbεfrε Aheman no mufoͻ no sε: “Asomdwoeε nka mo.” Wͻnnya nwuraa (Aheman no) mu deε, nanso wͻwͻ ho anidaasoͻ.

See all translations of this verse →

وَإِذَا صُرِفَتْ أَبْصَٰرُهُمْ تِلْقَآءَ أَصْحَٰبِ ٱلنَّارِ قَالُوا۟ رَبَّنَا لَا تَجْعَلْنَا مَعَ ٱلْقَوْمِ ٱلظَّٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn ani twa kͻhwε Ogya no mufoͻ no a, deε wͻka nesε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε), εmfa yεn nka abͻneεfoͻ no ho “

See all translations of this verse →

وَنَادَىٰٓ أَصْحَٰبُ ٱلْأَعْرَافِ رِجَالًا يَعْرِفُونَهُم بِسِيمَىٰهُمْ قَالُوا۟ مَآ أَغْنَىٰ عَنكُمْ جَمْعُكُمْ وَمَا كُنتُمْ تَسْتَكْبِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMmarima a wͻwͻ (fasuo) no soro hͻ no bεfrε mmarima a wͻde wͻn nsohyε-deε na ɛhu wͻn no sε: “Moahonya dodoͻ ne ahomasoͻ a na moyε no ansi mo hwee?’’

See all translations of this verse →

أَهَٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ أَقْسَمْتُمْ لَا يَنَالُهُمُ ٱللَّهُ بِرَحْمَةٍ ٱدْخُلُوا۟ ٱلْجَنَّةَ لَا خَوْفٌ عَلَيْكُمْ وَلَآ أَنتُمْ تَحْزَنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa agyidiefoͻ) wei nom ho na mokaa ntam sε: “Nyankopͻn mfa N’ahummͻborͻ ngu wͻn soͻ no?” (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Monwura ͻsoro Aheman no mu; suro biara nni mo so na mowerε nso nho”.

See all translations of this verse →

وَنَادَىٰٓ أَصْحَٰبُ ٱلنَّارِ أَصْحَٰبَ ٱلْجَنَّةِ أَنْ أَفِيضُوا۟ عَلَيْنَا مِنَ ٱلْمَآءِ أَوْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ قَالُوٓا۟ إِنَّ ٱللَّهَ حَرَّمَهُمَا عَلَى ٱلْكَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmanehunu gya no mu foͻ no bεfrε ͻsoro Aheman no mu foͻ no sε: “Monhwie nsuo anaa deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ngu yεn so!” Wͻbεka sε: “Nokorɛ sɛ, Nyankopͻn ayε (deε wͻrebisa) no mmienu (nyinaa) akyiwadeε ama (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no:-

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُوا۟ دِينَهُمْ لَهْوًا وَلَعِبًا وَغَرَّتْهُمُ ٱلْحَيَوٰةُ ٱلدُّنْيَا فَٱلْيَوْمَ نَنسَىٰهُمْ كَمَا نَسُوا۟ لِقَآءَ يَوْمِهِمْ هَٰذَا وَمَا كَانُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا يَجْحَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻfaa wͻn Nyamesom ahuhu-sεm ne agodie, na wiase asetena daadaa wͻn no. Enti εnnε Da yi Yεn werε bɛfiri wͻn sεdeε wͻn werε firii wͻn Da wei no, ne sεdeε wͻko tiaa Yεn Nsεm no“.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ جِئْنَٰهُم بِكِتَٰبٍ فَصَّلْنَٰهُ عَلَىٰ عِلْمٍ هُدًى وَرَحْمَةً لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεde Nwoma a Yεde nimdeε akyerεkyerε mu aberε wͻn; εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.

See all translations of this verse →

هَلْ يَنظُرُونَ إِلَّا تَأْوِيلَهُۥ يَوْمَ يَأْتِى تَأْوِيلُهُۥ يَقُولُ ٱلَّذِينَ نَسُوهُ مِن قَبْلُ قَدْ جَآءَتْ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلْحَقِّ فَهَل لَّنَا مِن شُفَعَآءَ فَيَشْفَعُوا۟ لَنَآ أَوْ نُرَدُّ فَنَعْمَلَ غَيْرَ ٱلَّذِى كُنَّا نَعْمَلُ قَدْ خَسِرُوٓا۟ أَنفُسَهُمْ وَضَلَّ عَنْهُم مَّا كَانُوا۟ يَفْتَرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti deε wͻretwεn ara nesε εberε no bεsoo? Ɛda a saa berε no bεsoo no, wͻn a kane no wͻn werε firiiε no bεka sε: “Ampa yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de nokorε no bae. Enti yεbɛnya ntwitwagyefoͻ bi a wͻbɛtwitwa agye yεn? Anaasε yεmma yεn nsan nkͻ (wiase) na yεnkͻdi dwuma a εnnyε deε yεdii no (kanee no)?” Ampa sε, wͻn ahwere wͻn kraa, na deε wͻbͻͻ wͻn tirim yͻeε no nso adi wͻn hwammͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِى خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضَ فِى سِتَّةِ أَيَّامٍ ثُمَّ ٱسْتَوَىٰ عَلَى ٱلْعَرْشِ يُغْشِى ٱلَّيْلَ ٱلنَّهَارَ يَطْلُبُهُۥ حَثِيثًا وَٱلشَّمْسَ وَٱلْقَمَرَ وَٱلنُّجُومَ مُسَخَّرَٰتٍۭ بِأَمْرِهِۦٓ أَلَا لَهُ ٱلْخَلْقُ وَٱلْأَمْرُ تَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no.

See all translations of this verse →

ٱدْعُوا۟ رَبَّكُمْ تَضَرُّعًا وَخُفْيَةً إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلْمُعْتَدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonfa ahobraseε nsu mfrε mo Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Ɔmpε mmratofoͻ no asεm.

See all translations of this verse →

وَلَا تُفْسِدُوا۟ فِى ٱلْأَرْضِ بَعْدَ إِصْلَٰحِهَا وَٱدْعُوهُ خَوْفًا وَطَمَعًا إِنَّ رَحْمَتَ ٱللَّهِ قَرِيبٌ مِّنَ ٱلْمُحْسِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa monhwε na akyire yi a yɛasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na momfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no.

See all translations of this verse →

وَهُوَ ٱلَّذِى يُرْسِلُ ٱلرِّيَٰحَ بُشْرًۢا بَيْنَ يَدَىْ رَحْمَتِهِۦ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَقَلَّتْ سَحَابًا ثِقَالًا سُقْنَٰهُ لِبَلَدٍ مَّيِّتٍ فَأَنزَلْنَا بِهِ ٱلْمَآءَ فَأَخْرَجْنَا بِهِۦ مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ كَذَٰلِكَ نُخْرِجُ ٱلْمَوْتَىٰ لَعَلَّكُمْ تَذَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔsoma mframa sԑ anohoba ma edi N’ahummͻborͻ no anim kan; kͻpem sε (mframa no) bεsoa munumkum duruduro no; Yɛpia (mununkum no) de ma asaase a awuo, na Yεde asane nsuo no, na Yεde ama nnuaba biara apiepie. Saa ara na Yεma awufoͻ no piepie sεdeε ɛbɛyɛ a mobε dwen.

See all translations of this verse →

وَٱلْبَلَدُ ٱلطَّيِّبُ يَخْرُجُ نَبَاتُهُۥ بِإِذْنِ رَبِّهِۦ وَٱلَّذِى خَبُثَ لَا يَخْرُجُ إِلَّا نَكِدًا كَذَٰلِكَ نُصَرِّفُ ٱلْـَٔايَٰتِ لِقَوْمٍ يَشْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAsaase pa no nso, εso nnuaba no fifiri wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Na (asaase a) εnyε no ɛmfifiri hwee, gyesε kakraa bi. Saa ara na Yεkyerεkyerε nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻyi (Nyame) ayε.

See all translations of this verse →

لَقَدْ أَرْسَلْنَا نُوحًا إِلَىٰ قَوْمِهِۦ فَقَالَ يَٰقَوْمِ ٱعْبُدُوا۟ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنْ إِلَٰهٍ غَيْرُهُۥٓ إِنِّىٓ أَخَافُ عَلَيْكُمْ عَذَابَ يَوْمٍ عَظِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεsomaa Noah kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Nokorε sε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلْمَلَأُ مِن قَوْمِهِۦٓ إِنَّا لَنَرَىٰكَ فِى ضَلَٰلٍ مُّبِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Yɛhu wo sε wowͻ ͻyera pefee paa mu “.

See all translations of this verse →

قَالَ يَٰقَوْمِ لَيْسَ بِى ضَلَٰلَةٌ وَلَٰكِنِّى رَسُولٌ مِّن رَّبِّ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε yera na mayera, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.

See all translations of this verse →

أُبَلِّغُكُمْ رِسَٰلَٰتِ رَبِّى وَأَنصَحُ لَكُمْ وَأَعْلَمُ مِنَ ٱللَّهِ مَا لَا تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na merema mo afutupa, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ.

See all translations of this verse →

أَوَعَجِبْتُمْ أَن جَآءَكُمْ ذِكْرٌ مِّن رَّبِّكُمْ عَلَىٰ رَجُلٍ مِّنكُمْ لِيُنذِرَكُمْ وَلِتَتَّقُوا۟ وَلَعَلَّكُمْ تُرْحَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm firi mo Wura Nyankopͻn hͻ nam momu nipa bi so aba mo hͻ sεdeε ͻde bεbͻ mo kͻkͻ na mobεyε ahwεyie ama yɛahu mo mmͻbͻ?

See all translations of this verse →

فَكَذَّبُوهُ فَأَنجَيْنَٰهُ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥ فِى ٱلْفُلْكِ وَأَغْرَقْنَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَآ إِنَّهُمْ كَانُوا۟ قَوْمًا عَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻbuu no nkontomponi, enti Yεgyee no, ne wͻn a wͻka ne ho no wͻ εhyεn no mu no nkwa, na Yεmaa nsuo faa wͻn a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no. Nokorε sε, na wͻyε nnipa a wͻn ani afira.

See all translations of this verse →

وَإِلَىٰ عَادٍ أَخَاهُمْ هُودًا قَالَ يَٰقَوْمِ ٱعْبُدُوا۟ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنْ إِلَٰهٍ غَيْرُهُۥٓ أَفَلَا تَتَّقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAadfoͻ nso wͻn nua Huud kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efirisε) monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?”

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلْمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ مِن قَوْمِهِۦٓ إِنَّا لَنَرَىٰكَ فِى سَفَاهَةٍ وَإِنَّا لَنَظُنُّكَ مِنَ ٱلْكَٰذِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo {anaa mpanimfoͻ} boniayεfoͻ a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε, yɛhu wo sε wo wͻ agyimisεm mu na yεdwen sε woka nkontompofoͻ no ho.

See all translations of this verse →

قَالَ يَٰقَوْمِ لَيْسَ بِى سَفَاهَةٌ وَلَٰكِنِّى رَسُولٌ مِّن رَّبِّ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε gyimii na magyimi, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ “.

See all translations of this verse →

أُبَلِّغُكُمْ رِسَٰلَٰتِ رَبِّى وَأَنَا۠ لَكُمْ نَاصِحٌ أَمِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na meyε ofutufo pa nokwafoͻ ma mo.

See all translations of this verse →

أَوَعَجِبْتُمْ أَن جَآءَكُمْ ذِكْرٌ مِّن رَّبِّكُمْ عَلَىٰ رَجُلٍ مِّنكُمْ لِيُنذِرَكُمْ وَٱذْكُرُوٓا۟ إِذْ جَعَلَكُمْ خُلَفَآءَ مِنۢ بَعْدِ قَوْمِ نُوحٍ وَزَادَكُمْ فِى ٱلْخَلْقِ بَصْۜطَةً فَٱذْكُرُوٓا۟ ءَالَآءَ ٱللَّهِ لَعَلَّكُمْ تُفْلِحُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm firi mo Wura Nyankopͻn hͻ nam mo mu nipa bi so aba mo hͻ sε ͻmεbͻ mo kͻkͻ? Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Noa nkorͻfoͻ no akyi, na Ɔmaa mo nkͻsoͻ wͻ abͻdeε (a atwa moho ahyia) no mu. Enti monkae Nyankopͻn adom, sεdeε mobɛdi nkonim.

See all translations of this verse →

قَالُوٓا۟ أَجِئْتَنَا لِنَعْبُدَ ٱللَّهَ وَحْدَهُۥ وَنَذَرَ مَا كَانَ يَعْبُدُ ءَابَآؤُنَا فَأْتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Wobaa yεn hͻ sεdeε yεbεsom Nyankopͻn nko ara, na yεbɛgyae deε na y’agyanom som? Ɛneε fa deε worehyε yεn ho bͻ no bra, sε woka nokwafoͻ no ho ampa a”.

See all translations of this verse →

قَالَ قَدْ وَقَعَ عَلَيْكُم مِّن رَّبِّكُمْ رِجْسٌ وَغَضَبٌ أَتُجَٰدِلُونَنِى فِىٓ أَسْمَآءٍ سَمَّيْتُمُوهَآ أَنتُمْ وَءَابَآؤُكُم مَّا نَزَّلَ ٱللَّهُ بِهَا مِن سُلْطَٰنٍ فَٱنتَظِرُوٓا۟ إِنِّى مَعَكُم مِّنَ ٱلْمُنتَظِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Nokorε asotwee ne abufuo firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo so. Moregye me akyinnye wͻ (abosom) din a mo ne moagya nom atotoͻ no ho, abrɛ a Nyankopͻn nsanee tumi biara wɔ ho? Eneɛ montwεn, na meka mo ne wͻn a wͻretwεn no ho.

See all translations of this verse →

فَأَنجَيْنَٰهُ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥ بِرَحْمَةٍ مِّنَّا وَقَطَعْنَا دَابِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَمَا كَانُوا۟ مُؤْمِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεde ahummͻborͻ a ɛfiri Yεn hͻ no gyee no ne wͻn a wͻka ne ho no nkwa. Na Yεhyee wͻn a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no ase. Na (saa nkorͻfoͻ no) nyε agyidiefoͻ.

See all translations of this verse →

وَإِلَىٰ ثَمُودَ أَخَاهُمْ صَٰلِحًا قَالَ يَٰقَوْمِ ٱعْبُدُوا۟ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنْ إِلَٰهٍ غَيْرُهُۥ قَدْ جَآءَتْكُم بَيِّنَةٌ مِّن رَّبِّكُمْ هَٰذِهِۦ نَاقَةُ ٱللَّهِ لَكُمْ ءَايَةً فَذَرُوهَا تَأْكُلْ فِىٓ أَرْضِ ٱللَّهِ وَلَا تَمَسُّوهَا بِسُوٓءٍ فَيَأْخُذَكُمْ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSamuudfoͻ no nso (Yεsomaa) wͻn nua Soalih maa no kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa sε (Nokorε) pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; wei yε Nyankopͻn yoma bedeε a ͻyε nsεnkyerεnee ma mo; enti monnyae no ma no nnidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε na moanyε no bͻne, anyε saa a asotwee a εyε ya paa bεsͻ mo mu.

See all translations of this verse →

وَٱذْكُرُوٓا۟ إِذْ جَعَلَكُمْ خُلَفَآءَ مِنۢ بَعْدِ عَادٍ وَبَوَّأَكُمْ فِى ٱلْأَرْضِ تَتَّخِذُونَ مِن سُهُولِهَا قُصُورًا وَتَنْحِتُونَ ٱلْجِبَالَ بُيُوتًا فَٱذْكُرُوٓا۟ ءَالَآءَ ٱللَّهِ وَلَا تَعْثَوْا۟ فِى ٱلْأَرْضِ مُفْسِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Aadfoͻ no akyi, de mo tenaa asaase no soͻ, na mosisii mo abansoroͻ wͻ ne petee no mu, san bͻne mmepͻ mu yεε no adan. Enti monkae Nyankopͻn adom, na monhwε yie na moanni nsεmͻnee wͻ asaase no so.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلْمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسْتَكْبَرُوا۟ مِن قَوْمِهِۦ لِلَّذِينَ ٱسْتُضْعِفُوا۟ لِمَنْ ءَامَنَ مِنْهُمْ أَتَعْلَمُونَ أَنَّ صَٰلِحًا مُّرْسَلٌ مِّن رَّبِّهِۦ قَالُوٓا۟ إِنَّا بِمَآ أُرْسِلَ بِهِۦ مُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo (anaa mpanimfoͻ) a wͻyε ahomasoͻ wͻ ne nkorͻfoͻ no mu no ka kyerεε wͻn a wͻyε mmrε na wͻagye adi wͻ wͻn mu no sε: “Monim sε Soalh yε obia ne Wura Nyankopͻn na asoma no? “Wͻkaa sε: “Nokorε sε yεgye deε yεde asoma no no di”.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلَّذِينَ ٱسْتَكْبَرُوٓا۟ إِنَّا بِٱلَّذِىٓ ءَامَنتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyε ahomasoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yε deε, yεnnye deε mogye die no nni “.

See all translations of this verse →

فَعَقَرُوا۟ ٱلنَّاقَةَ وَعَتَوْا۟ عَنْ أَمْرِ رَبِّهِمْ وَقَالُوا۟ يَٰصَٰلِحُ ٱئْتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلْمُرْسَلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻkum yoma bedeε no, na wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua, kaa sε: “Soalh, fa deε wahyε yεn ho bͻ no bra, sε woka (Nyame) asomafoͻ no ho ampa a”.

See all translations of this verse →

فَأَخَذَتْهُمُ ٱلرَّجْفَةُ فَأَصْبَحُوا۟ فِى دَارِهِمْ جَٰثِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻyεε dinn wͻ wͻn afie mu.

See all translations of this verse →

فَتَوَلَّىٰ عَنْهُمْ وَقَالَ يَٰقَوْمِ لَقَدْ أَبْلَغْتُكُمْ رِسَالَةَ رَبِّى وَنَصَحْتُ لَكُمْ وَلَٰكِن لَّا تُحِبُّونَ ٱلنَّٰصِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Soalh) danee ne ho firii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, mebͻͻ mo me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, na metuu mo fo, nanso moampε afotuo no”.

See all translations of this verse →

وَلُوطًا إِذْ قَالَ لِقَوْمِهِۦٓ أَتَأْتُونَ ٱلْفَٰحِشَةَ مَا سَبَقَكُم بِهَا مِنْ أَحَدٍ مِّنَ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Lut nso, εberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Mobͻ ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da?”

See all translations of this verse →

إِنَّكُمْ لَتَأْتُونَ ٱلرِّجَالَ شَهْوَةً مِّن دُونِ ٱلنِّسَآءِ بَلْ أَنتُمْ قَوْمٌ مُّسْرِفُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Nokorε sε, mofiri mmaa akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima ho. Daabi, moyε nnipa a modi nsεmᴐne.”

See all translations of this verse →

وَمَا كَانَ جَوَابَ قَوْمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُوٓا۟ أَخْرِجُوهُم مِّن قَرْيَتِكُمْ إِنَّهُمْ أُنَاسٌ يَتَطَهَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻde maeε ara nesε: “Montu wͻn mfri mo kuro no mu; efirisε, wͻyε nipa a wͻpε ahoteε“.

See all translations of this verse →

فَأَنجَيْنَٰهُ وَأَهْلَهُۥٓ إِلَّا ٱمْرَأَتَهُۥ كَانَتْ مِنَ ٱلْغَٰبِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεgyee ͻne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε ne yere, na ͻka wͻn a wͻkaa akyire no ho.

See all translations of this verse →

وَأَمْطَرْنَا عَلَيْهِم مَّطَرًا فَٱنظُرْ كَيْفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلْمُجْرِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Yεtͻͻ nsuo paa gu wͻn so. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieeε si wieeε.

See all translations of this verse →

وَإِلَىٰ مَدْيَنَ أَخَاهُمْ شُعَيْبًا قَالَ يَٰقَوْمِ ٱعْبُدُوا۟ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنْ إِلَٰهٍ غَيْرُهُۥ قَدْ جَآءَتْكُم بَيِّنَةٌ مِّن رَّبِّكُمْ فَأَوْفُوا۟ ٱلْكَيْلَ وَٱلْمِيزَانَ وَلَا تَبْخَسُوا۟ ٱلنَّاسَ أَشْيَآءَهُمْ وَلَا تُفْسِدُوا۟ فِى ٱلْأَرْضِ بَعْدَ إِصْلَٰحِهَا ذَٰلِكُمْ خَيْرٌ لَّكُمْ إِن كُنتُم مُّؤْمِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna Mad’yan nso wͻn nua Shua’ib kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, monni nyame foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa, nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; enti (sε morehyε adeε ama obi a) monhyε ma εnyε ma, na monsusu (biribiara nso pεpεεpε) na monhwε na moamfa nyansa kwan ante amanfoͻ nneεma so, afei εmma monni nsεmͻne wͻ asaase no so wͻ akyire yi a yatoto biribiara wͻ so pεpεεpε. Saa na εyε papa ma mo sε moyε gyidiefoͻ ampa a.

See all translations of this verse →

وَلَا تَقْعُدُوا۟ بِكُلِّ صِرَٰطٍ تُوعِدُونَ وَتَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ مَنْ ءَامَنَ بِهِۦ وَتَبْغُونَهَا عِوَجًا وَٱذْكُرُوٓا۟ إِذْ كُنتُمْ قَلِيلًا فَكَثَّرَكُمْ وَٱنظُرُوا۟ كَيْفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلْمُفْسِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moantenatena akwan biara so anhunahuna wͻn, ansi wͻn a wͻagye adie no kwan amfiri Nyankopͻn kwan no so anhwehwε sε (Nyame kwan no) bεkyea. Na monkae εberε a na moyε kakraabi, na Ɔmaa mo dͻͻso; na monhwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieeε si wieeε.

See all translations of this verse →

وَإِن كَانَ طَآئِفَةٌ مِّنكُمْ ءَامَنُوا۟ بِٱلَّذِىٓ أُرْسِلْتُ بِهِۦ وَطَآئِفَةٌ لَّمْ يُؤْمِنُوا۟ فَٱصْبِرُوا۟ حَتَّىٰ يَحْكُمَ ٱللَّهُ بَيْنَنَا وَهُوَ خَيْرُ ٱلْحَٰكِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mo mu fa bi agye deε yεde somaa me no adi, ɛna εfa bi nso nnye nni a, monsi aboterε nkͻpem sε Nyankopͻn bɛbu yεn ntam atεn; na Ɔne atemmufoɔ mu Otemmufoͻ pa no”.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلْمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسْتَكْبَرُوا۟ مِن قَوْمِهِۦ لَنُخْرِجَنَّكَ يَٰشُعَيْبُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ مَعَكَ مِن قَرْيَتِنَآ أَوْ لَتَعُودُنَّ فِى مِلَّتِنَا قَالَ أَوَلَوْ كُنَّا كَٰرِهِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yɛbɛtu wo Shu’aibu ne wͻn a wɔagye adi aka wo ho no afiri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yεmpε mpo a?”

See all translations of this verse →

قَدِ ٱفْتَرَيْنَا عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا إِنْ عُدْنَا فِى مِلَّتِكُم بَعْدَ إِذْ نَجَّىٰنَا ٱللَّهُ مِنْهَا وَمَا يَكُونُ لَنَآ أَن نَّعُودَ فِيهَآ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ رَبُّنَا وَسِعَ رَبُّنَا كُلَّ شَىْءٍ عِلْمًا عَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلْنَا رَبَّنَا ٱفْتَحْ بَيْنَنَا وَبَيْنَ قَوْمِنَا بِٱلْحَقِّ وَأَنتَ خَيْرُ ٱلْفَٰتِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Nokorε sε, sε yεsan ba mosom no mu wͻ akyire yi a Nyankopͻn agye yεn nkwa afiri mu yi a, εnneε na anka yɛabͻ yɛtirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn so. Ɛnyε mma yεn sε yεbεsan akͻ mu bio, gyesε εyε yɛn Wura Nyankopͻn pε. Yɛn Wura Nyankopͻn nimdeε trε duru biribiara so. Onyankopͻn so na yεde yεn ho toͻ. Yɛn Wura Nyankopͻn, fa nokorε bu yεne yεn nkorͻfoͻ yi ntam atεn, na Wone Otemmufoɔ mu Otemmufoɔ pa no”.

See all translations of this verse →

وَقَالَ ٱلْمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ مِن قَوْمِهِۦ لَئِنِ ٱتَّبَعْتُمْ شُعَيْبًا إِنَّكُمْ إِذًا لَّخَٰسِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nkorͻfoͻ no mu nhemfo (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no kaa sε: “Sε modi Shu’aib akyi a nokorε sε na moabrε agu.

See all translations of this verse →

فَأَخَذَتْهُمُ ٱلرَّجْفَةُ فَأَصْبَحُوا۟ فِى دَارِهِمْ جَٰثِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻyεε dinn wͻ wͻn afie mu.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ شُعَيْبًا كَأَن لَّمْ يَغْنَوْا۟ فِيهَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ شُعَيْبًا كَانُوا۟ هُمُ ٱلْخَٰسِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻbuu Shu’aib nkontomponi no, wͻyεε sεdeε wͻntenaa (wͻn afie) mu da; wͻn a wͻbuu Shu’aib nkontomponi no wͻnom ne brεguofoͻ no.

See all translations of this verse →

فَتَوَلَّىٰ عَنْهُمْ وَقَالَ يَٰقَوْمِ لَقَدْ أَبْلَغْتُكُمْ رِسَٰلَٰتِ رَبِّى وَنَصَحْتُ لَكُمْ فَكَيْفَ ءَاسَىٰ عَلَىٰ قَوْمٍ كَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Shuaib danee ne ho firii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, ampa sε mebͻͻ me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, san tuu mo afutu pa. Na εbεyε dεn na madi amanfoͻ a wͻpo (Nyankopͻn asεm no) ho awerεhoͻ ?

See all translations of this verse →

وَمَآ أَرْسَلْنَا فِى قَرْيَةٍ مِّن نَّبِىٍّ إِلَّآ أَخَذْنَآ أَهْلَهَا بِٱلْبَأْسَآءِ وَٱلضَّرَّآءِ لَعَلَّهُمْ يَضَّرَّعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKuro biara a Yεsomaa nkͻmhyεni bi kͻͻ soͻ (na wͻyεε asoͻden) no, Yεde mmusuo ne ͻhaw bi (tesε ohia ne yadeε) too wͻn so sεdeε wͻbεbrε wͻn ho aseε.

See all translations of this verse →

ثُمَّ بَدَّلْنَا مَكَانَ ٱلسَّيِّئَةِ ٱلْحَسَنَةَ حَتَّىٰ عَفَوا۟ وَّقَالُوا۟ قَدْ مَسَّ ءَابَآءَنَا ٱلضَّرَّآءُ وَٱلسَّرَّآءُ فَأَخَذْنَٰهُم بَغْتَةً وَهُمْ لَا يَشْعُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei na Yɛasesa bͻne no, de papa ahyε anan mu, kosi sε wͻbεdͻͻso anya nkͻsoͻ, na wͻn aka sε: “Ampa ͻhaw ne anigyeε too yɛn agyanom, (saa berε no) na Yɛasͻ wͻn mu mpofirem a wͻnnim ho hwee.

See all translations of this verse →

وَلَوْ أَنَّ أَهْلَ ٱلْقُرَىٰٓ ءَامَنُوا۟ وَٱتَّقَوْا۟ لَفَتَحْنَا عَلَيْهِم بَرَكَٰتٍ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلْأَرْضِ وَلَٰكِن كَذَّبُوا۟ فَأَخَذْنَٰهُم بِمَا كَانُوا۟ يَكْسِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε nkuro no sofoͻ no gye dii, εna wͻsuroo Nyame yεε ahwεyie a, anka Yεbuee nhyira firii soro ne asaase so maa wͻn. Nanso wͻfaa no atorͻsεm, enti Yεtwee wͻn aso εnam deε na wͻnya no ho nti.

See all translations of this verse →

أَفَأَمِنَ أَهْلُ ٱلْقُرَىٰٓ أَن يَأْتِيَهُم بَأْسُنَا بَيَٰتًا وَهُمْ نَآئِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti nkuro no so foͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anadwo aberε a wͻn adeda no ho?

See all translations of this verse →

أَوَأَمِنَ أَهْلُ ٱلْقُرَىٰٓ أَن يَأْتِيَهُم بَأْسُنَا ضُحًى وَهُمْ يَلْعَبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε nkuro no so foͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anͻpa aberε a wͻredi agorͻ no ho?

See all translations of this verse →

أَفَأَمِنُوا۟ مَكْرَ ٱللَّهِ فَلَا يَأْمَنُ مَكْرَ ٱللَّهِ إِلَّا ٱلْقَوْمُ ٱلْخَٰسِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻn ho atͻ wͻn wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho? Obi nnya abotͻyεmu wͻ Nyankopͻn tirimu pͻ ho, gyesε amanfoͻ a wɔabrε aguo no.

See all translations of this verse →

أَوَلَمْ يَهْدِ لِلَّذِينَ يَرِثُونَ ٱلْأَرْضَ مِنۢ بَعْدِ أَهْلِهَآ أَن لَّوْ نَشَآءُ أَصَبْنَٰهُم بِذُنُوبِهِمْ وَنَطْبَعُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمْ فَهُمْ لَا يَسْمَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εnyε kwankyerε (anaa adesua) mma wͻn a wɔabɛdi adeε asaase so wͻ adeε wura nom (wuo) akyiri no sε, sε Yεpε a yεde wͻn bͻne bεtwe wͻn aso, na yɛatua wͻn akoma ano a enti wͻntumi nte asεm?

See all translations of this verse →

تِلْكَ ٱلْقُرَىٰ نَقُصُّ عَلَيْكَ مِنْ أَنۢبَآئِهَا وَلَقَدْ جَآءَتْهُمْ رُسُلُهُم بِٱلْبَيِّنَٰتِ فَمَا كَانُوا۟ لِيُؤْمِنُوا۟ بِمَا كَذَّبُوا۟ مِن قَبْلُ كَذَٰلِكَ يَطْبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلْكَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na nkuro a Yɛaka ho asεm akyerε woͻ no teε. Ampa sε wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso na wͻnyε (nnipa a) wͻbεgye deε wͻn adikan apoͻ no adie. Saa na Nyankopͻn tua boniayεfoͻ no akoma ano.

See all translations of this verse →

وَمَا وَجَدْنَا لِأَكْثَرِهِم مِّنْ عَهْدٍ وَإِن وَجَدْنَآ أَكْثَرَهُمْ لَفَٰسِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛanhunu sε wͻn mu dodoͻ no dii wͻn apam (no ho nokorε), na Yɛhunuu sε wͻn mu dodoͻ no yε abᴐnefoͻ.

See all translations of this verse →

ثُمَّ بَعَثْنَا مِنۢ بَعْدِهِم مُّوسَىٰ بِـَٔايَٰتِنَآ إِلَىٰ فِرْعَوْنَ وَمَلَإِي۟هِۦ فَظَلَمُوا۟ بِهَا فَٱنظُرْ كَيْفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلْمُفْسِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei wͻn akyi no, Yεde Yεn nsεnkyerεnee somaa Mose maa no kͻͻ Farao ne ne nhemfo no hͻ, nanso wͻyεε (asεm) no bͻne. Enti hwε sεdeε nsεmͻnefoͻ no awieeε si wieeε.

See all translations of this verse →

وَقَالَ مُوسَىٰ يَٰفِرْعَوْنُ إِنِّى رَسُولٌ مِّن رَّبِّ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “Farao, nokorε sε meyε Ɔsomafoͻ a mefiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ “.

See all translations of this verse →

حَقِيقٌ عَلَىٰٓ أَن لَّآ أَقُولَ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلْحَقَّ قَدْ جِئْتُكُم بِبَيِّنَةٍ مِّن رَّبِّكُمْ فَأَرْسِلْ مَعِىَ بَنِىٓ إِسْرَٰٓءِيلَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε, asεdeε a εda me soͻ ne sε me nka biribi nto Nyankopͻn so gyesε Nokorε no nko ara. Ampa sε, mede nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo, enti ma Israel mma no kwan na wͻne me nkͻ.

See all translations of this verse →

قَالَ إِن كُنتَ جِئْتَ بِـَٔايَةٍ فَأْتِ بِهَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao kaa sε: “Sε wode nsεnkyerεnee bi aba a εneε fabra (ma yεnhwε) sε woka nokwafoͻ no ho ampa a.

See all translations of this verse →

فَأَلْقَىٰ عَصَاهُ فَإِذَا هِىَ ثُعْبَانٌ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Mose de nepoma no too hᴐ, na hwε, ͻwͻ pefee bi ni.

See all translations of this verse →

وَنَزَعَ يَدَهُۥ فَإِذَا هِىَ بَيْضَآءُ لِلنَّٰظِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa ɔyii ne nsa no na ayε fitaa ama bɛhwɛɛ adeɛfoɔ no.

See all translations of this verse →

قَالَ ٱلْمَلَأُ مِن قَوْمِ فِرْعَوْنَ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٌ عَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo {anaa mpanimfoͻ} a wͻwͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε sε, wi yε nkonyaayini a onim de (anaasε waben).

See all translations of this verse →

يُرِيدُ أَن يُخْرِجَكُم مِّنْ أَرْضِكُمْ فَمَاذَا تَأْمُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆpε sε ɔtu mo firi mo asaase no soͻ; na modwen ho sεn?”

See all translations of this verse →

قَالُوٓا۟ أَرْجِهْ وَأَخَاهُ وَأَرْسِلْ فِى ٱلْمَدَآئِنِ حَٰشِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Ma no ne onua no nwͻ hͻ, (anaa wͻntwεn) na soma dawubͻfoͻ wͻ nkuro no so (ma wͻnkͻ boaboa nkonyaayifoͻ ano),

See all translations of this verse →

يَأْتُوكَ بِكُلِّ سَٰحِرٍ عَلِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde nkonyaayifoͻ a wͻnim de (anaasε waben) biara bεberε wo”.

See all translations of this verse →

وَجَآءَ ٱلسَّحَرَةُ فِرْعَوْنَ قَالُوٓا۟ إِنَّ لَنَا لَأَجْرًا إِن كُنَّا نَحْنُ ٱلْغَٰلِبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkonyaayifoͻ no baa Farao hͻ no, wͻkaa sε: “Sε εba sε yεdi nkonim a yεbɛnya akatua paa“.

See all translations of this verse →

قَالَ نَعَمْ وَإِنَّكُمْ لَمِنَ ٱلْمُقَرَّبِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao kaa sε: “Aane! (Sε modi nkonim a) mobεka wͻn a wͻbεn (me) no ho “.

See all translations of this verse →

قَالُوا۟ يَٰمُوسَىٰٓ إِمَّآ أَن تُلْقِىَ وَإِمَّآ أَن نَّكُونَ نَحْنُ ٱلْمُلْقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkonyaayifoͻ no) kaa sε: “Mose, wo na wo (bεdi kan) atoͻ anaa yεn na (yɛnni kan) ntoͻ?”

See all translations of this verse →

قَالَ أَلْقُوا۟ فَلَمَّآ أَلْقَوْا۟ سَحَرُوٓا۟ أَعْيُنَ ٱلنَّاسِ وَٱسْتَرْهَبُوهُمْ وَجَآءُو بِسِحْرٍ عَظِيمٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “ Monto. ”Ɛberε a wͻtoeε no wͻbrii amanfoͻ no aniso, na wͻbͻͻ ehu guu wͻn mu, na wͻyii nkonyaa kεseε paa adi.

See all translations of this verse →

وَأَوْحَيْنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنْ أَلْقِ عَصَاكَ فَإِذَا هِىَ تَلْقَفُ مَا يَأْفِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no to hᴐ.” Na hwε, εmemenee wͻn nkontompo deε (a wͻyi kyerεeε no no nyinaa).

See all translations of this verse →

فَوَقَعَ ٱلْحَقُّ وَبَطَلَ مَا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti nokorε no sii pi, na deε na wͻyε no yεε kwa;

See all translations of this verse →

فَغُلِبُوا۟ هُنَالِكَ وَٱنقَلَبُوا۟ صَٰغِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Farao nkorͻfoͻ no) dii nkoguo wͻ hͻ, na wͻde animguaseε san wͻn akyi (kͻe).

See all translations of this verse →

وَأُلْقِىَ ٱلسَّحَرَةُ سَٰجِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkonyaayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm-:

See all translations of this verse →

قَالُوٓا۟ ءَامَنَّا بِرَبِّ ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWɔKaa sε: “Yɛagye Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi,

See all translations of this verse →

رَبِّ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose ne Aaron Wura Nyankopͻn no.

See all translations of this verse →

قَالَ فِرْعَوْنُ ءَامَنتُم بِهِۦ قَبْلَ أَنْ ءَاذَنَ لَكُمْ إِنَّ هَٰذَا لَمَكْرٌ مَّكَرْتُمُوهُ فِى ٱلْمَدِينَةِ لِتُخْرِجُوا۟ مِنْهَآ أَهْلَهَا فَسَوْفَ تَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailFarao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a mennya mmaa mo ho kwan? Wei yε εpͻ a moabͻ no wͻ kuro yi ho sε, mobɛtu emu foͻ no. Mobɛhunu seesei ara.

See all translations of this verse →

لَأُقَطِّعَنَّ أَيْدِيَكُمْ وَأَرْجُلَكُم مِّنْ خِلَٰفٍ ثُمَّ لَأُصَلِّبَنَّكُمْ أَجْمَعِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSԑ ԑteԑ biara mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira, na masan abͻ mo nyinaa asennua mu.”

See all translations of this verse →

قَالُوٓا۟ إِنَّآ إِلَىٰ رَبِّنَا مُنقَلِبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Farao nkonyaayifoͻ a wͻagye Mose adie no) kaa sε: “Nokorε sε, yɛ Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ.

See all translations of this verse →

وَمَا تَنقِمُ مِنَّآ إِلَّآ أَنْ ءَامَنَّا بِـَٔايَٰتِ رَبِّنَا لَمَّا جَآءَتْنَا رَبَّنَآ أَفْرِغْ عَلَيْنَا صَبْرًا وَتَوَفَّنَا مُسْلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε enti a wode bɔne retua yɛn ka ara ne sε, εberε a yɛ Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee baa yεn hͻ no yɛagye adi nti. “Yɛ Wura Nyankopͻn (yεsrε Wo sε), hwie aboterε gu yεn so na ma yεn nwu sε Muslimifoͻ”.

See all translations of this verse →

وَقَالَ ٱلْمَلَأُ مِن قَوْمِ فِرْعَوْنَ أَتَذَرُ مُوسَىٰ وَقَوْمَهُۥ لِيُفْسِدُوا۟ فِى ٱلْأَرْضِ وَيَذَرَكَ وَءَالِهَتَكَ قَالَ سَنُقَتِّلُ أَبْنَآءَهُمْ وَنَسْتَحْىِۦ نِسَآءَهُمْ وَإِنَّا فَوْقَهُمْ قَٰهِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobɛgyae Mose ne ne nkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻapa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbɛkunkum wͻn mma mmarima na yɛama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“.

See all translations of this verse →

قَالَ مُوسَىٰ لِقَوْمِهِ ٱسْتَعِينُوا۟ بِٱللَّهِ وَٱصْبِرُوٓا۟ إِنَّ ٱلْأَرْضَ لِلَّهِ يُورِثُهَا مَن يَشَآءُ مِنْ عِبَادِهِۦ وَٱلْعَٰقِبَةُ لِلْمُتَّقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose ka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Monsrε Nyankopͻn hͻ mmoa, na monsi aboterε, efirisε, asaase no yε Nyankopͻn dea, na Nenkoa mu nea Ɔpε na Ɔde no di so adeε; na awieeε pa no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no “.

See all translations of this verse →

قَالُوٓا۟ أُوذِينَا مِن قَبْلِ أَن تَأْتِيَنَا وَمِنۢ بَعْدِ مَا جِئْتَنَا قَالَ عَسَىٰ رَبُّكُمْ أَن يُهْلِكَ عَدُوَّكُمْ وَيَسْتَخْلِفَكُمْ فِى ٱلْأَرْضِ فَيَنظُرَ كَيْفَ تَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “(Farao ne ne nkorͻfoͻ) atane y’ani ansa na woreba yεn hͻ, na akyire yi a wobaa yεn hͻ yi nso saa ara. (Mose) kaa sε: “Ebia mo Wura Nyankopͻn bεsεe motamfoͻ no na Wayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, na Wahwε sεdeε (monso) mobεyε”.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ أَخَذْنَآ ءَالَ فِرْعَوْنَ بِٱلسِّنِينَ وَنَقْصٍ مِّنَ ٱلثَّمَرَٰتِ لَعَلَّهُمْ يَذَّكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, Yεde sukͻm anaa ͻpε, ne nnuaba sεeε twee Farao nkorͻfoͻ no aso sεdeε wͻde bɛtu wͻn ho foͻ.

See all translations of this verse →

فَإِذَا جَآءَتْهُمُ ٱلْحَسَنَةُ قَالُوا۟ لَنَا هَٰذِهِۦ وَإِن تُصِبْهُمْ سَيِّئَةٌ يَطَّيَّرُوا۟ بِمُوسَىٰ وَمَن مَّعَهُۥٓ أَلَآ إِنَّمَا طَٰٓئِرُهُمْ عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكْثَرَهُمْ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso sε papa bi ba wͻn so a, deɛ wͻka ne sɛ: “Wei deε yε dea,” na sε bͻne bi nso to wͻn a wͻde tibͻne no (ho soboɔ) bɔ Mose ne wͻn a wͻka ne ho no. Nokorε sε, wͻn tibͻne no firi Nyankopͻn hͻ, nanso wͻn mu pii nnim.

See all translations of this verse →

وَقَالُوا۟ مَهْمَا تَأْتِنَا بِهِۦ مِنْ ءَايَةٍ لِّتَسْحَرَنَا بِهَا فَمَا نَحْنُ لَكَ بِمُؤْمِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Nsεnkyerεnee biara a wode bεba yεn hͻ de abɛbiri yɛn ani soͻ no yεnnye wo nni”.

See all translations of this verse →

فَأَرْسَلْنَا عَلَيْهِمُ ٱلطُّوفَانَ وَٱلْجَرَادَ وَٱلْقُمَّلَ وَٱلضَّفَادِعَ وَٱلدَّمَ ءَايَٰتٍ مُّفَصَّلَٰتٍ فَٱسْتَكْبَرُوا۟ وَكَانُوا۟ قَوْمًا مُّجْرِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yεde owudͻm, anaa nsutᴐ a ano yԑ den, ne mmεbε ne edwie ne mponkyerεne ne mogya baa wͻn so ; (wei nom yε) nsεnkyerεnee pefee. Nanso wͻyεε ahomasoͻ; na wͻyε nnipa nnebͻneεfoͻ.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا وَقَعَ عَلَيْهِمُ ٱلرِّجْزُ قَالُوا۟ يَٰمُوسَى ٱدْعُ لَنَا رَبَّكَ بِمَا عَهِدَ عِندَكَ لَئِن كَشَفْتَ عَنَّا ٱلرِّجْزَ لَنُؤْمِنَنَّ لَكَ وَلَنُرْسِلَنَّ مَعَكَ بَنِىٓ إِسْرَٰٓءِيلَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a ͻhaw no bεtͻͻ wͻn soͻ no wͻkaa sε: “Mose, frε wo Wura no ma yεn sεdeε Ɔne wo ayε apam no. Sε Ɔyi ͻhaw no firi yεn so a nokorε sε, yεbεgye wo adi na yɛama Israel mma no ne wo akͻ “.

See all translations of this verse →

فَلَمَّا كَشَفْنَا عَنْهُمُ ٱلرِّجْزَ إِلَىٰٓ أَجَلٍ هُم بَٰلِغُوهُ إِذَا هُمْ يَنكُثُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso εberε (biara) a Yεbɛyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻdi (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so.

See all translations of this verse →

فَٱنتَقَمْنَا مِنْهُمْ فَأَغْرَقْنَٰهُمْ فِى ٱلْيَمِّ بِأَنَّهُمْ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُوا۟ عَنْهَا غَٰفِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti Yɛtuaa wͻn so ka, maa nsuo faa wͻn wͻ ɛpo no mu, efirisε wͻbuu Yεn nsεnkyerεnee no nkontonposεm, na wͻbuu wͻn ani nso guu so.

See all translations of this verse →

وَأَوْرَثْنَا ٱلْقَوْمَ ٱلَّذِينَ كَانُوا۟ يُسْتَضْعَفُونَ مَشَٰرِقَ ٱلْأَرْضِ وَمَغَٰرِبَهَا ٱلَّتِى بَٰرَكْنَا فِيهَا وَتَمَّتْ كَلِمَتُ رَبِّكَ ٱلْحُسْنَىٰ عَلَىٰ بَنِىٓ إِسْرَٰٓءِيلَ بِمَا صَبَرُوا۟ وَدَمَّرْنَا مَا كَانَ يَصْنَعُ فِرْعَوْنُ وَقَوْمُهُۥ وَمَا كَانُوا۟ يَعْرِشُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde nnipa a wͻfaa wͻn sε wͻyε mmerε (anaa wͻnni ahoͻden) no dii adeε wͻ asaase a Yɛahyira soͻ no apueε ne n’atͻeε. Saa na wo Wura Nyankopͻn bᴐhyԑ anaa asԑmpa no hyεε ma wͻ Israel mma no so, εnam wͻn aboterε nti. Yεsεee deε Farao ne ne nkorͻfoͻ no yͻeε no ne deε wͻsisiieε no.

See all translations of this verse →

وَجَٰوَزْنَا بِبَنِىٓ إِسْرَٰٓءِيلَ ٱلْبَحْرَ فَأَتَوْا۟ عَلَىٰ قَوْمٍ يَعْكُفُونَ عَلَىٰٓ أَصْنَامٍ لَّهُمْ قَالُوا۟ يَٰمُوسَى ٱجْعَل لَّنَآ إِلَٰهًا كَمَا لَهُمْ ءَالِهَةٌ قَالَ إِنَّكُمْ قَوْمٌ تَجْهَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde Israel mma no twaa ɛpo no, wͻbεtoo nkorͻfoͻ bi a wͻde wͻn ho ama wͻn abosom. Wͻkaa sε: “Mose, yε nyame ma yεn sεdeε wͻ wͻ anyame no. (Mose) kaa sε: “Nokorε sε, moyε nnipa bi a moadwen awu paa“.

See all translations of this verse →

إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ مُتَبَّرٌ مَّا هُمْ فِيهِ وَبَٰطِلٌ مَّا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mose kͻͻ so kaa sε): “Nokorε sε deԑ saa nkorͻfoͻ yi wᴐ mu yi, de wᴐn bԑkᴐ ᴐsԑeԑ mu ama wᴐn dwuma a wᴐredie ayԑ kwa.

See all translations of this verse →

قَالَ أَغَيْرَ ٱللَّهِ أَبْغِيكُمْ إِلَٰهًا وَهُوَ فَضَّلَكُمْ عَلَى ٱلْعَٰلَمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Menfiri Nyankopͻn akyi nhwehwε nyame mma mo aberε a Wadom mo akyεn amansan no nyinaa?

See all translations of this verse →

وَإِذْ أَنجَيْنَٰكُم مِّنْ ءَالِ فِرْعَوْنَ يَسُومُونَكُمْ سُوٓءَ ٱلْعَذَابِ يُقَتِّلُونَ أَبْنَآءَكُمْ وَيَسْتَحْيُونَ نِسَآءَكُمْ وَفِى ذَٰلِكُم بَلَآءٌ مِّن رَّبِّكُمْ عَظِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonkae εberε a Yεgyee mo firii Farao ne ne nkorͻfoͻ a na wͻde aniεyaa ne ateeteε kεse ato mo soͻ, (na) wͻkunkum mo mma mmarima ma mo mmaa no tena aseε no nsam.“ Nokorԑ sԑ nsͻhwε kεseε paa a ɛfiri mo Wura Nyankopͻn hͻ wͻ wei mu ma mo”.

See all translations of this verse →

وَوَٰعَدْنَا مُوسَىٰ ثَلَٰثِينَ لَيْلَةً وَأَتْمَمْنَٰهَا بِعَشْرٍ فَتَمَّ مِيقَٰتُ رَبِّهِۦٓ أَرْبَعِينَ لَيْلَةً وَقَالَ مُوسَىٰ لِأَخِيهِ هَٰرُونَ ٱخْلُفْنِى فِى قَوْمِى وَأَصْلِحْ وَلَا تَتَّبِعْ سَبِيلَ ٱلْمُفْسِدِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛyii adaduasa maa Mose, na Yεde dadu hyεε no mma, enti ne Wura Nyankopͻn berε (a Ɔhyεε no) no wiee adaduanan. (Ͻrebεkͻ no) Mose ka kyerε ne nua Aaron sε: “Si m’anan wͻ me nkorͻfoͻ no mu na yε ntotoeε pa, na hwε na wanni nsεmͻnedifoͻ no akyi”.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا جَآءَ مُوسَىٰ لِمِيقَٰتِنَا وَكَلَّمَهُۥ رَبُّهُۥ قَالَ رَبِّ أَرِنِىٓ أَنظُرْ إِلَيْكَ قَالَ لَن تَرَىٰنِى وَلَٰكِنِ ٱنظُرْ إِلَى ٱلْجَبَلِ فَإِنِ ٱسْتَقَرَّ مَكَانَهُۥ فَسَوْفَ تَرَىٰنِى فَلَمَّا تَجَلَّىٰ رَبُّهُۥ لِلْجَبَلِ جَعَلَهُۥ دَكًّا وَخَرَّ مُوسَىٰ صَعِقًا فَلَمَّآ أَفَاقَ قَالَ سُبْحَٰنَكَ تُبْتُ إِلَيْكَ وَأَنَا۠ أَوَّلُ ٱلْمُؤْمِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Mose baa εberε, ne bea a Yεhyεε no, na ne Wura Nyankopͻn ne no kasaeε, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, yi Woho adi kyerε me na menhwε Wo”. Nyankopͻn kaa sε “(Mose), wontumi nhu Me, na mmom hwε bepͻ no, sε etumi gyina ne baabi a etim no deε a, εneε ebia wobɛhu Me“. Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn yii N’animuonyam adi wͻ bepͻ no soͻ no, εmaa no bubuu gͻsͻgͻsͻgͻsͻ, na Mose twa hwee fͻm tͻree mum. Ɛberε a n’ani so teteeε no, ͻkaa sɛ: “Kronkron hene ne Wo Awurade! Masakra m’adwen aba Wo hͻ. Na me ne agyidiefoͻ no mu nea odikan”.

See all translations of this verse →

قَالَ يَٰمُوسَىٰٓ إِنِّى ٱصْطَفَيْتُكَ عَلَى ٱلنَّاسِ بِرِسَٰلَٰتِى وَبِكَلَٰمِى فَخُذْ مَآ ءَاتَيْتُكَ وَكُن مِّنَ ٱلشَّٰكِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn kaa sε: “Mose, Mede Me nsεm ne Mekasaa ayi wo, akorͻn wo wͻ nnipa no so. Enti sͻ deε Mede ama woͻ no mu yie, na ka wͻn a wͻyi ayε no ho”.

See all translations of this verse →

وَكَتَبْنَا لَهُۥ فِى ٱلْأَلْوَاحِ مِن كُلِّ شَىْءٍ مَّوْعِظَةً وَتَفْصِيلًا لِّكُلِّ شَىْءٍ فَخُذْهَا بِقُوَّةٍ وَأْمُرْ قَوْمَكَ يَأْخُذُوا۟ بِأَحْسَنِهَا سَأُو۟رِيكُمْ دَارَ ٱلْفَٰسِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεtwerεε afutusεm ahodoͻ ne biribiara nkyerεkyerεmu wͻ Twerε pono no so demaa no (ka kyerεε no sε): “Fa ahoͻden sͻ mu, na hyε wo nkorͻfoͻ no ma wͻnsͻ emu papa no mu. Mεkyerε mo abͻneεfoͻ no fie.

See all translations of this verse →

سَأَصْرِفُ عَنْ ءَايَٰتِىَ ٱلَّذِينَ يَتَكَبَّرُونَ فِى ٱلْأَرْضِ بِغَيْرِ ٱلْحَقِّ وَإِن يَرَوْا۟ كُلَّ ءَايَةٍ لَّا يُؤْمِنُوا۟ بِهَا وَإِن يَرَوْا۟ سَبِيلَ ٱلرُّشْدِ لَا يَتَّخِذُوهُ سَبِيلًا وَإِن يَرَوْا۟ سَبِيلَ ٱلْغَىِّ يَتَّخِذُوهُ سَبِيلًا ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمْ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُوا۟ عَنْهَا غَٰفِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMɛyi Mensεm no afiri wͻn a wͻyε akεsesεm wͻ asaase so a wͻnni ho kwan sε wͻyε no so; sε wͻhunu nsεnkyerεnee biara a wͻnnye nni, nasε wͻhunu ͻkwan tenenee a wͻmfa no (sε) ͻkwan (pa); na sε wͻhunu ͻyera kwan a wͻfa no ͻkwan (pa). Saa, efirisε wͻfa Yεn Nsεm no nkontomposεm na wͻbu wͻn ani gu so.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَلِقَآءِ ٱلْـَٔاخِرَةِ حَبِطَتْ أَعْمَٰلُهُمْ هَلْ يُجْزَوْنَ إِلَّا مَا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻfa Yεn Nsεm no ne Daakye nhyiamu no nkontomposεm no, wͻn dwumadie anso aba. Enti εnyε dwuma a wͻdiiε no so akatua na yεde bɛtua wͻn ka?

See all translations of this verse →

وَٱتَّخَذَ قَوْمُ مُوسَىٰ مِنۢ بَعْدِهِۦ مِنْ حُلِيِّهِمْ عِجْلًا جَسَدًا لَّهُۥ خُوَارٌ أَلَمْ يَرَوْا۟ أَنَّهُۥ لَا يُكَلِّمُهُمْ وَلَا يَهْدِيهِمْ سَبِيلًا ٱتَّخَذُوهُ وَكَانُوا۟ ظَٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose nkorͻfoͻ no faa wͻn agudeε deyεε nantwie sεso a εwͻ nnee bi (som no) wͻ Mose akyi. Enti na wͻnhunu sε (nantwie a wayε no nyame no entumi) ne wͻn nkasa, anaa ͻnkyerε wͻn kwan? Wͻfaa (sika kͻkͻͻ nantwie) no (som no) na wͻyε abͻneεfoͻ.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا سُقِطَ فِىٓ أَيْدِيهِمْ وَرَأَوْا۟ أَنَّهُمْ قَدْ ضَلُّوا۟ قَالُوا۟ لَئِن لَّمْ يَرْحَمْنَا رَبُّنَا وَيَغْفِرْ لَنَا لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلْخَٰسِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wͻnuu wͻn ho hunuu sε wͻn ayera no, wͻkaa sε: “Sε yɛ Wura Nyankopͻn anhu yεn mmͻbͻ na Wamfa yεn bͻne ankyε yεn a, yεbεka berεguofoͻ no ho.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا رَجَعَ مُوسَىٰٓ إِلَىٰ قَوْمِهِۦ غَضْبَٰنَ أَسِفًا قَالَ بِئْسَمَا خَلَفْتُمُونِى مِنۢ بَعْدِىٓ أَعَجِلْتُمْ أَمْرَ رَبِّكُمْ وَأَلْقَى ٱلْأَلْوَاحَ وَأَخَذَ بِرَأْسِ أَخِيهِ يَجُرُّهُۥٓ إِلَيْهِ قَالَ ٱبْنَ أُمَّ إِنَّ ٱلْقَوْمَ ٱسْتَضْعَفُونِى وَكَادُوا۟ يَقْتُلُونَنِى فَلَا تُشْمِتْ بِىَ ٱلْأَعْدَآءَ وَلَا تَجْعَلْنِى مَعَ ٱلْقَوْمِ ٱلظَّٰلِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ no, ͻkaa sε: “Dwuma bͻne paa na moagyina m’anan mu adi no wͻ m’akyi; mopε Nyankopͻn atemmuo no ntεm?” Ɔde Twerε apono no guu hͻ, na ͻpari sͻͻ ne nua (Aaron) ti a ͻretwe no ba ne hͻ. (Aaron) kaa sε: “Eno ba, nokorε sε, nkorͻfoͻ no faa me sε meyε mmrε, na εkaa kakraabi sε anka wͻkum me. Enti εmma atamfoͻ no nsere me, na εmfa menka abͻneεfoͻ no ho “.

See all translations of this verse →

قَالَ رَبِّ ٱغْفِرْ لِى وَلِأَخِى وَأَدْخِلْنَا فِى رَحْمَتِكَ وَأَنتَ أَرْحَمُ ٱلرَّٰحِمِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa me ne me nua (Aaron) bͻne kyε yεn na fa yεn wura W’ahummͻborͻ no mu, na Wone ahummͻborͻ mu Ahummͻborͻ Hene no.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُوا۟ ٱلْعِجْلَ سَيَنَالُهُمْ غَضَبٌ مِّن رَّبِّهِمْ وَذِلَّةٌ فِى ٱلْحَيَوٰةِ ٱلدُّنْيَا وَكَذَٰلِكَ نَجْزِى ٱلْمُفْتَرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻfaa nantwie no (som no no), abufuo a ɛfiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, ne wiase yi mu animguaseε bεto wͻn. Saa na Yɛtua obi a ͻbͻ ne tirim twa nkontompo no so ka.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ عَمِلُوا۟ ٱلسَّيِّـَٔاتِ ثُمَّ تَابُوا۟ مِنۢ بَعْدِهَا وَءَامَنُوٓا۟ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعْدِهَا لَغَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyε bͻne, na εno akyi wͻnya adwen sakra na wͻgye die no, nokorε sε. εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

وَلَمَّا سَكَتَ عَن مُّوسَى ٱلْغَضَبُ أَخَذَ ٱلْأَلْوَاحَ وَفِى نُسْخَتِهَا هُدًى وَرَحْمَةٌ لِّلَّذِينَ هُمْ لِرَبِّهِمْ يَرْهَبُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐberε a Mose abufuo no ano brεε aseε no, ͻfaa Twerε apono no. Na kwankyerε ne ahummͻmborͻ wͻ ntwerεeε no mu dema wͻn a wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn.

See all translations of this verse →

وَٱخْتَارَ مُوسَىٰ قَوْمَهُۥ سَبْعِينَ رَجُلًا لِّمِيقَٰتِنَا فَلَمَّآ أَخَذَتْهُمُ ٱلرَّجْفَةُ قَالَ رَبِّ لَوْ شِئْتَ أَهْلَكْتَهُم مِّن قَبْلُ وَإِيَّٰىَ أَتُهْلِكُنَا بِمَا فَعَلَ ٱلسُّفَهَآءُ مِنَّآ إِنْ هِىَ إِلَّا فِتْنَتُكَ تُضِلُّ بِهَا مَن تَشَآءُ وَتَهْدِى مَن تَشَآءُ أَنتَ وَلِيُّنَا فَٱغْفِرْ لَنَا وَٱرْحَمْنَا وَأَنتَ خَيْرُ ٱلْغَٰفِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMose tuu ne nkorͻfoͻ no mu mmarima aduͻson demaa Yε brε, ne bea a Yɛahyε (sε Yε ne no bɛhyia). Ԑberε a asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu no, Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sε εyε Wopε a, anka Wosεee wͻn ne me dadaada. Wobεsεe yεn wͻ deε yεn mu nkwaseafoͻ bi ayε ho nti? Wei yε Wo nsͻhwε no bia. Wode yera obi a Wopε, εna Wode kyerε obi a Wopε nso kwan. Wo ne yεn Kyitaafoͻ, enti fa yɛn bͻne kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ, na Wo ne bͻnefakyεfoͻ nyinaa mu Bͻnefakyε Wura papa no.

See all translations of this verse →

وَٱكْتُبْ لَنَا فِى هَٰذِهِ ٱلدُّنْيَا حَسَنَةً وَفِى ٱلْـَٔاخِرَةِ إِنَّا هُدْنَآ إِلَيْكَ قَالَ عَذَابِىٓ أُصِيبُ بِهِۦ مَنْ أَشَآءُ وَرَحْمَتِى وَسِعَتْ كُلَّ شَىْءٍ فَسَأَكْتُبُهَا لِلَّذِينَ يَتَّقُونَ وَيُؤْتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَٱلَّذِينَ هُم بِـَٔايَٰتِنَا يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa hyehyε papa ma yεn wͻ wiase yi mu ne Daakye no mu nso, nokorε sε Wo hͻ na yεdane yɛn ani kyerε“. Nyankopͻn kaa sε: “M’asotwee no Mede bεtwe obi a Mepε aso, na M’ahummͻborͻ atwa biribiara ho ahyia. Enti Mεhyehyε (papa) ama wͻn a wͻsuro Nyame na wͻyε ahwεyie, na wͻyi Zaka, ne wͻn a wͻgye Yεn Nsεm no die.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ يَتَّبِعُونَ ٱلرَّسُولَ ٱلنَّبِىَّ ٱلْأُمِّىَّ ٱلَّذِى يَجِدُونَهُۥ مَكْتُوبًا عِندَهُمْ فِى ٱلتَّوْرَىٰةِ وَٱلْإِنجِيلِ يَأْمُرُهُم بِٱلْمَعْرُوفِ وَيَنْهَىٰهُمْ عَنِ ٱلْمُنكَرِ وَيُحِلُّ لَهُمُ ٱلطَّيِّبَٰتِ وَيُحَرِّمُ عَلَيْهِمُ ٱلْخَبَٰٓئِثَ وَيَضَعُ عَنْهُمْ إِصْرَهُمْ وَٱلْأَغْلَٰلَ ٱلَّتِى كَانَتْ عَلَيْهِمْ فَٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ بِهِۦ وَعَزَّرُوهُ وَنَصَرُوهُ وَٱتَّبَعُوا۟ ٱلنُّورَ ٱلَّذِىٓ أُنزِلَ مَعَهُۥٓ أُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْمُفْلِحُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’di Ɔsomafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni a wͻn ahunu sε yatwerε ne ho asεm wͻ wͻn hͻ wͻ Tora ne Injeel no mu no akyi; ͻrehyε wͻn ma wͻ’yε papa, εna ͻrebra wͻn ma wͻ’gyae amumuyε; ͻma wͻn deε εyε ho kwan, εna ͻrebra wͻn adeε a εyε fii, εna ͻreyi wͻn adesoa duruduro ne nkͻnsͻnkͻnsͻn a na εda wͻn soͻ no firi wͻn soͻ. Enti wͻn a wͻagye (saa Nkͻmhyεni) no adie, na wͻde obuo ma no, na wͻboa no, na wͻdi nhyerεnee a yɛasane aka ne ho no akyire no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

See all translations of this verse →

قُلْ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنِّى رَسُولُ ٱللَّهِ إِلَيْكُمْ جَمِيعًا ٱلَّذِى لَهُۥ مُلْكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحْىِۦ وَيُمِيتُ فَـَٔامِنُوا۟ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِ ٱلنَّبِىِّ ٱلْأُمِّىِّ ٱلَّذِى يُؤْمِنُ بِٱللَّهِ وَكَلِمَٰتِهِۦ وَٱتَّبِعُوهُ لَعَلَّكُمْ تَهْتَدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kasε: “Adasamma, meyε Ɔsomafoͻ firi Nea ͻsoro ne asaase ahennie yε Nedea no hͻ dema mo nyinaa”. Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum. Enti monnye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni no a ͻgye Nyankopͻn ne Nensεm die no nni, na monni n’akyi sεdeε mobɛnya kwankyerε.

See all translations of this verse →

وَمِن قَوْمِ مُوسَىٰٓ أُمَّةٌ يَهْدُونَ بِٱلْحَقِّ وَبِهِۦ يَعْدِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnipa bi wͻ Mose nkorͻfoͻ no mu a wͻde nokorε no kyerε kwan, na wͻdi ho nokorε nso.

See all translations of this verse →

وَقَطَّعْنَٰهُمُ ٱثْنَتَىْ عَشْرَةَ أَسْبَاطًا أُمَمًا وَأَوْحَيْنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ إِذِ ٱسْتَسْقَىٰهُ قَوْمُهُۥٓ أَنِ ٱضْرِب بِّعَصَاكَ ٱلْحَجَرَ فَٱنۢبَجَسَتْ مِنْهُ ٱثْنَتَا عَشْرَةَ عَيْنًا قَدْ عَلِمَ كُلُّ أُنَاسٍ مَّشْرَبَهُمْ وَظَلَّلْنَا عَلَيْهِمُ ٱلْغَمَٰمَ وَأَنزَلْنَا عَلَيْهِمُ ٱلْمَنَّ وَٱلسَّلْوَىٰ كُلُوا۟ مِن طَيِّبَٰتِ مَا رَزَقْنَٰكُمْ وَمَا ظَلَمُونَا وَلَٰكِن كَانُوٓا۟ أَنفُسَهُمْ يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεkyekyεε Israelfoͻ mu mmusua kuo dummienu. Ԑberε a Mose nkorͻfoͻ no bisaa no nsuo, Yɛyi kyerεε no sε: “Fa wo poma no bͻ ͻbotan no mu“. Enti asutire dummienu pue firii mu. Abusua no mu biara hunuu wͻn anomdeε. Na Yεde mununkum yεε kyinnieε wͻ wͻn so, na Yɛsanee Manna ne Salwa maa wͻn (ka kyerεε wͻn sε): “Monnidi mfiri nnepa a Yεde abͻ mo akͻnhoma no mu.”. Wͻn annyε Yεn bͻne na mmom wͻyεε bͻne tiaa wͻn ara wͻn kraa.

See all translations of this verse →

وَإِذْ قِيلَ لَهُمُ ٱسْكُنُوا۟ هَٰذِهِ ٱلْقَرْيَةَ وَكُلُوا۟ مِنْهَا حَيْثُ شِئْتُمْ وَقُولُوا۟ حِطَّةٌ وَٱدْخُلُوا۟ ٱلْبَابَ سُجَّدًا نَّغْفِرْ لَكُمْ خَطِيٓـَٰٔتِكُمْ سَنَزِيدُ ٱلْمُحْسِنِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a yεka kyerεε wͻn (Israelfoͻ no) sε: ‘’Montena saa kuro yi mu na monnidi nkͻpem faako a mopε, na monka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yi yεn bͻne firi yεn so”. Na monfa ahobraseε nwura ͻpono no mu; Yεde mo mfomsoͻ bεkyε mo na Yεde (papa no bi) aka ho ama apapayεfoͻ no”.

See all translations of this verse →

فَبَدَّلَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُوا۟ مِنْهُمْ قَوْلًا غَيْرَ ٱلَّذِى قِيلَ لَهُمْ فَأَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ رِجْزًا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ بِمَا كَانُوا۟ يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻn mu abͻneεfoͻ no sesaa asεm a yεka kyerεε wͻn no kͻfaa foforͻ. Enti Yɛsanee asotwee firii soro baa wͻn so, εnam wͻn bͻne ho nti.

See all translations of this verse →

وَسْـَٔلْهُمْ عَنِ ٱلْقَرْيَةِ ٱلَّتِى كَانَتْ حَاضِرَةَ ٱلْبَحْرِ إِذْ يَعْدُونَ فِى ٱلسَّبْتِ إِذْ تَأْتِيهِمْ حِيتَانُهُمْ يَوْمَ سَبْتِهِمْ شُرَّعًا وَيَوْمَ لَا يَسْبِتُونَ لَا تَأْتِيهِمْ كَذَٰلِكَ نَبْلُوهُم بِمَا كَانُوا۟ يَفْسُقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), bisa wͻn (Yudafoͻ no) fa kuro bi a na εda ɛpo ho no ho asεm, εberε a wͻtoo Sabat ho mmara no, εberε a wͻn nsuo mu nnam baa wͻn hͻ wͻ wͻn Sabat da no wͻ nsuo no ani no; sε εnyε Sabat da a wͻmma wͻn hͻ. Saa ara na Yεsͻͻ wͻn hwεeε εnam wͻn nsεmmͻnee nti.

See all translations of this verse →

وَإِذْ قَالَتْ أُمَّةٌ مِّنْهُمْ لِمَ تَعِظُونَ قَوْمًا ٱللَّهُ مُهْلِكُهُمْ أَوْ مُعَذِّبُهُمْ عَذَابًا شَدِيدًا قَالُوا۟ مَعْذِرَةً إِلَىٰ رَبِّكُمْ وَلَعَلَّهُمْ يَتَّقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wͻn mu fekuo bi kaa sε: ‘’Adεn na moretu amanfoͻ a Nyankopͻn bεsεe wͻn anaa Ɔde asotwe kεseε bεtwe wͻn aso no foͻ?” Wͻkaa sε: “Sεdeε εbεyε nyinasoͻ wͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ nti, na afei ebia wͻbεsuro Nyame na wͻayε ahwεyie”.

See all translations of this verse →

فَلَمَّا نَسُوا۟ مَا ذُكِّرُوا۟ بِهِۦٓ أَنجَيْنَا ٱلَّذِينَ يَنْهَوْنَ عَنِ ٱلسُّوٓءِ وَأَخَذْنَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُوا۟ بِعَذَابٍۭ بَـِٔيسٍۭ بِمَا كَانُوا۟ يَفْسُقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εberε a wͻn werε firii adeε a yɛtuu wͻn fo wͻ ho no, Yεgyee wͻn a wͻtwe wͻn ho firi bͻne ho no nkwa, εna Yεde asotwe bͻne twee wͻn a wͻdi bͻne no aso εfa wͻn bͻne no ho nti.

See all translations of this verse →

فَلَمَّا عَتَوْا۟ عَن مَّا نُهُوا۟ عَنْهُ قُلْنَا لَهُمْ كُونُوا۟ قِرَدَةً خَٰسِـِٔينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εberε a wͻtee atua wͻ deε yɛabra wͻn no ho no, Yεka kyerε wͻn sε: “Monyε nnoe (anaasε nsoroboa) wͻ animguaseε mu”.

See all translations of this verse →

وَإِذْ تَأَذَّنَ رَبُّكَ لَيَبْعَثَنَّ عَلَيْهِمْ إِلَىٰ يَوْمِ ٱلْقِيَٰمَةِ مَن يَسُومُهُمْ سُوٓءَ ٱلْعَذَابِ إِنَّ رَبَّكَ لَسَرِيعُ ٱلْعِقَابِ وَإِنَّهُۥ لَغَفُورٌ رَّحِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε nso a wo Wura Nyankopͻn de too dwa sε, Ɔbεsoma wͻn a wͻde asotwe bͻne bεtwe wͻn (Israelfoͻ no) aso akosi Wusͻreε Da no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ho yε hare wͻ awerεtͻ mu; na nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

وَقَطَّعْنَٰهُمْ فِى ٱلْأَرْضِ أُمَمًا مِّنْهُمُ ٱلصَّٰلِحُونَ وَمِنْهُمْ دُونَ ذَٰلِكَ وَبَلَوْنَٰهُم بِٱلْحَسَنَٰتِ وَٱلسَّيِّـَٔاتِ لَعَلَّهُمْ يَرْجِعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεkyekyεε wͻn mu akuo-akuo, wͻ asaase no so; wͻn mu bi yε apapafoͻ na wͻn mu bi nso nte saa. Na Yεde papa ne bͻne sͻͻ wͻn hwεe sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri bͻneyε mu).

See all translations of this verse →

فَخَلَفَ مِنۢ بَعْدِهِمْ خَلْفٌ وَرِثُوا۟ ٱلْكِتَٰبَ يَأْخُذُونَ عَرَضَ هَٰذَا ٱلْأَدْنَىٰ وَيَقُولُونَ سَيُغْفَرُ لَنَا وَإِن يَأْتِهِمْ عَرَضٌ مِّثْلُهُۥ يَأْخُذُوهُ أَلَمْ يُؤْخَذْ عَلَيْهِم مِّيثَٰقُ ٱلْكِتَٰبِ أَن لَّا يَقُولُوا۟ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلْحَقَّ وَدَرَسُوا۟ مَا فِيهِ وَٱلدَّارُ ٱلْـَٔاخِرَةُ خَيْرٌ لِّلَّذِينَ يَتَّقُونَ أَفَلَا تَعْقِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn akyi no, awoͻ ntoatoasoͻ (bͻne) a yεde Nwoma no hyεε wͻn nsa bεhyεε wͻn anan mu, wͻfaa wiase yi mu ahuhudeε no, na deε wͻkaeε ne sε: “Yεde yεn bͻne bεkyε yεn.“ Sε ahuhudeε a εte saa sεso mpo baa wͻn hͻ a (anka wͻbεsan) agye (aka ho). Enti yεnnyee apam wͻ wͻn hͻ wͻ Nwoma no mu sε: “Wͻnhwε na wͻn anka biribi anto Nyankopͻn so gyesε nokorε nko ara?” Aberε nso a wͻasua deε εwͻ (Nwoma no) mu no. Daakye asetena no yε ma wͻn a wͻsuro Nyame na wͻyε ahwεyie. Enti monnwen anaa?

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ يُمَسِّكُونَ بِٱلْكِتَٰبِ وَأَقَامُوا۟ ٱلصَّلَوٰةَ إِنَّا لَا نُضِيعُ أَجْرَ ٱلْمُصْلِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn nso a wͻsͻ Nwoma no mu (pintinn) na wͻfrε Nyame wͻ ne brε mu no, nokorε sε Yεmma apapafoͻ no akatua nyε kwa.

See all translations of this verse →

وَإِذْ نَتَقْنَا ٱلْجَبَلَ فَوْقَهُمْ كَأَنَّهُۥ ظُلَّةٌ وَظَنُّوٓا۟ أَنَّهُۥ وَاقِعٌۢ بِهِمْ خُذُوا۟ مَآ ءَاتَيْنَٰكُم بِقُوَّةٍ وَٱذْكُرُوا۟ مَا فِيهِ لَعَلَّكُمْ تَتَّقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Yεpagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu tesε deε εyε kyinnieε, na wͻn adwen yεε wͻn sε εrebεte ahwe wͻn soͻ: (Yεka kyerεε wͻn sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε yεde ama mo no mu yie, na monkae deε εwͻ mu no sεdeε mobɛsuro Nyame ayε ahwεyie”.

See all translations of this verse →

وَإِذْ أَخَذَ رَبُّكَ مِنۢ بَنِىٓ ءَادَمَ مِن ظُهُورِهِمْ ذُرِّيَّتَهُمْ وَأَشْهَدَهُمْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمْ أَلَسْتُ بِرَبِّكُمْ قَالُوا۟ بَلَىٰ شَهِدْنَآ أَن تَقُولُوا۟ يَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ إِنَّا كُنَّا عَنْ هَٰذَا غَٰفِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yii Adam mma asefoͻ firii wͻn sisi mu maa wͻdii adanseε faa wͻn ara ho. (Obisaa wͻn sε): “Ɛnyε Me ne mo Wura Nyankopͻn? Wͻkaa sε: “Aane! Yεgye adanseε“. “Anhwε a Wusͻreε da no moakͻka sε yεdeε yɛnnim wei ho hwee”.

See all translations of this verse →

أَوْ تَقُولُوٓا۟ إِنَّمَآ أَشْرَكَ ءَابَآؤُنَا مِن قَبْلُ وَكُنَّا ذُرِّيَّةً مِّنۢ بَعْدِهِمْ أَفَتُهْلِكُنَا بِمَا فَعَلَ ٱلْمُبْطِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε anhwε a na moakͻka sε: “Yɛn agyanom na wͻdii kan yεε (Nyankopͻn ho) mmataho na yεn deε na yεyε (wͻn) asefoͻ wͻ wͻn akyi. Na (Awurade), Wobεsεe yεn wͻ deε nkontompofoͻ no yͻeε no ho nti?”

See all translations of this verse →

وَكَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلْـَٔايَٰتِ وَلَعَلَّهُمْ يَرْجِعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yεkyerεkyerε Nsεm no mu sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn agyanom kwan a wͻresua no soͻ).

See all translations of this verse →

وَٱتْلُ عَلَيْهِمْ نَبَأَ ٱلَّذِىٓ ءَاتَيْنَٰهُ ءَايَٰتِنَا فَٱنسَلَخَ مِنْهَا فَأَتْبَعَهُ ٱلشَّيْطَٰنُ فَكَانَ مِنَ ٱلْغَاوِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa obi a Yεde Yεn nsεm no maa no na ͻtwee ne ho firii ho no asεm no kyerε wͻn; εnam so maa ͻbonsam dii n’akyi na ͻkͻkaa ayerafoͻ no ho.

See all translations of this verse →

وَلَوْ شِئْنَا لَرَفَعْنَٰهُ بِهَا وَلَٰكِنَّهُۥٓ أَخْلَدَ إِلَى ٱلْأَرْضِ وَٱتَّبَعَ هَوَىٰهُ فَمَثَلُهُۥ كَمَثَلِ ٱلْكَلْبِ إِن تَحْمِلْ عَلَيْهِ يَلْهَثْ أَوْ تَتْرُكْهُ يَلْهَث ذَّٰلِكَ مَثَلُ ٱلْقَوْمِ ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا فَٱقْصُصِ ٱلْقَصَصَ لَعَلَّهُمْ يَتَفَكَّرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεpε a anka Yεde (Nyame Asεm no) bεma no so (de no agyina gyinabrε a εso paa), nanso ͻde ne ho bataa asaase (anaa ͻde ne ho too wiase so) dii n’apεdeε akyi. Ne mfatoho tesε ͻkraman, sε woka ne so a ͻtwe ne kεtrεma, sε wogyae no nso a ͻtwe ne kεtrεma. Saa na wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no mfatoho teε. Enti ka abakͻsεm no kyerε wͻn sεdeε wͻbεfa adwen.

See all translations of this verse →

سَآءَ مَثَلًا ٱلْقَوْمُ ٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا وَأَنفُسَهُمْ كَانُوا۟ يَظْلِمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMfatoho bͻne ne wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻn asisi wͻn ara wͻn kraa no.

See all translations of this verse →

مَن يَهْدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلْمُهْتَدِى وَمَن يُضْلِلْ فَأُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْخَٰسِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a Nyankopͻn atene no no ͻno na wanya kwankyerε, na obi a Wayera no no, saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no.

See all translations of this verse →

وَلَقَدْ ذَرَأْنَا لِجَهَنَّمَ كَثِيرًا مِّنَ ٱلْجِنِّ وَٱلْإِنسِ لَهُمْ قُلُوبٌ لَّا يَفْقَهُونَ بِهَا وَلَهُمْ أَعْيُنٌ لَّا يُبْصِرُونَ بِهَا وَلَهُمْ ءَاذَانٌ لَّا يَسْمَعُونَ بِهَآ أُو۟لَٰٓئِكَ كَٱلْأَنْعَٰمِ بَلْ هُمْ أَضَلُّ أُو۟لَٰٓئِكَ هُمُ ٱلْغَٰفِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yɛabͻ Jinn ne nnipa no mu pii ama Amanehunu gya no, wͻwͻ akoma (nanso) wͻmfa nte asεm ase, wͻwͻ ani (nanso) wͻmfa nhu adeε, wͻwͻ aso (nanso) wͻmfa nte asεm. Wͻte sε nyεmmoa, aane, wͻayera mpo sen saa. Wei nom na wͻabu wͻn ani agu (afotuo no) soͻ no.

See all translations of this verse →

وَلِلَّهِ ٱلْأَسْمَآءُ ٱلْحُسْنَىٰ فَٱدْعُوهُ بِهَا وَذَرُوا۟ ٱلَّذِينَ يُلْحِدُونَ فِىٓ أَسْمَٰٓئِهِۦ سَيُجْزَوْنَ مَا كَانُوا۟ يَعْمَلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Ɔwͻ Abodin pa, enti momfa εno nsu mfrε no, na monnyae wͻn a wamane anaa wato mmra wͻ N’abodin no ho no. Yεbɛtua wͻn deε wͻyͻeε no so ka.

See all translations of this verse →

وَمِمَّنْ خَلَقْنَآ أُمَّةٌ يَهْدُونَ بِٱلْحَقِّ وَبِهِۦ يَعْدِلُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmanfoͻ a Yɛabͻ wͻn no mu bi wͻ hͻ a wͻde nokorε no kyerε (nnipa) kwan, na wͻdi εho nokorε nso.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ كَذَّبُوا۟ بِـَٔايَٰتِنَا سَنَسْتَدْرِجُهُم مِّنْ حَيْثُ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn nso a wͻfa Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no, Yεbεgyegye wͻn taa-taa nkakrankakra ama asotwee afiri deε wͻnnim abεfro wͻn.

See all translations of this verse →

وَأُمْلِى لَهُمْ إِنَّ كَيْدِى مَتِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMama wͻn berε. Nokorε sε, Metirimu pͻ a Mabͻ no emu yε den paa.

See all translations of this verse →

أَوَلَمْ يَتَفَكَّرُوا۟ مَا بِصَاحِبِهِم مِّن جِنَّةٍ إِنْ هُوَ إِلَّا نَذِيرٌ مُّبِينٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (boniayεfoᴐ) no nnwene wͻn yͻnko (Muhammad) ho sε ᴐmmͻͻ dam? Ɔyε kͻkͻbͻni pefee.

See all translations of this verse →

أَوَلَمْ يَنظُرُوا۟ فِى مَلَكُوتِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَىْءٍ وَأَنْ عَسَىٰٓ أَن يَكُونَ قَدِ ٱقْتَرَبَ أَجَلُهُمْ فَبِأَىِّ حَدِيثٍۭ بَعْدَهُۥ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasԑ wͻnnhwε ͻsoro ne asaase so ahennie, ne biribiara a Nyankopͻn abͻ? Na (wͻn nhunuu nso) sε ampa sε ebia wͻn berε no abεn? (Nkyerεkyerεmu) wei akyi asεm bεn (bio) na wͻbεgye adie?

See all translations of this verse →

مَن يُضْلِلِ ٱللَّهُ فَلَا هَادِىَ لَهُۥ وَيَذَرُهُمْ فِى طُغْيَٰنِهِمْ يَعْمَهُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia Nyankopͻn bεyera no no, ɔnnya kwankyerεfoͻ; na Ogyae wͻn wͻ wͻn yera (anaa wͻn bͻne) no mu ma wͻkeka kͻ (tesε anifirafoͻ).

See all translations of this verse →

يَسْـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلسَّاعَةِ أَيَّانَ مُرْسَىٰهَا قُلْ إِنَّمَا عِلْمُهَا عِندَ رَبِّى لَا يُجَلِّيهَا لِوَقْتِهَآ إِلَّا هُوَ ثَقُلَتْ فِى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ لَا تَأْتِيكُمْ إِلَّا بَغْتَةً يَسْـَٔلُونَكَ كَأَنَّكَ حَفِىٌّ عَنْهَا قُلْ إِنَّمَا عِلْمُهَا عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكْثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعْلَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo Dͻnhwere no ho asεm sε, εberε bεn na εbεba? Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε, εwͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Obiara ntumi nkyerε εberε a εbεba gyesε Ɔno nko ara. Ԑho asεm mu yε duru wͻ soro ne asase so. Mpofirem na εbεba mosoͻ”. Wͻrebisa wo sεdeε wonim ho biribi. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ nanso nnipa pii nnim”.

See all translations of this verse →

قُل لَّآ أَمْلِكُ لِنَفْسِى نَفْعًا وَلَا ضَرًّا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُ وَلَوْ كُنتُ أَعْلَمُ ٱلْغَيْبَ لَٱسْتَكْثَرْتُ مِنَ ٱلْخَيْرِ وَمَا مَسَّنِىَ ٱلسُّوٓءُ إِنْ أَنَا۠ إِلَّا نَذِيرٌ وَبَشِيرٌ لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKasε: “Menni tumi a εma me yie die bi, anaasε ͻhaw bi, gyesε deε Nyankopͻn pε. Sε menim Nsumaeε no mu asεm a, anka papa na mεpε no kεse ama meho, na anka bͻne biara nto me. Me deε m’adwuma ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni ne anigyesεm no ho amanebͻfoᴐ de ma amanfoͻ a wͻgye die”.

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِى خَلَقَكُم مِّن نَّفْسٍ وَٰحِدَةٍ وَجَعَلَ مِنْهَا زَوْجَهَا لِيَسْكُنَ إِلَيْهَا فَلَمَّا تَغَشَّىٰهَا حَمَلَتْ حَمْلًا خَفِيفًا فَمَرَّتْ بِهِۦ فَلَمَّآ أَثْقَلَت دَّعَوَا ٱللَّهَ رَبَّهُمَا لَئِنْ ءَاتَيْتَنَا صَٰلِحًا لَّنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّٰكِرِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔbͻͻ mo firi honam baako mu, εna Ɔyεε ne yere nso firi (honam baako no ara) mu sεdeε ͻbɛnya nehͻ awerεkyekyerε. Ɛberε a ͻne no hyiaeε no, onyinsεnee adesoa a emu yε hare a ͻde nam. Ԑberε a emu yεε duro no wͻn mmienu su frεε wͻn Wura Nyankopͻn sε: ‘’Sε Woma yεn (akwadaa) papa a yεbεka wͻn a wͻyi (Wo) ayε no ho.

See all translations of this verse →

فَلَمَّآ ءَاتَىٰهُمَا صَٰلِحًا جَعَلَا لَهُۥ شُرَكَآءَ فِيمَآ ءَاتَىٰهُمَا فَتَعَٰلَى ٱللَّهُ عَمَّا يُشْرِكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso εberε a Yεmaa wͻn (akwadaa) papa no wͻyεε Nyankopͻn ho mmataho wͻ deε Yεde ama wͻn no ho. Kokuroko ne Nyankopͻn, wɔ deɛ mode rebata Ne ho no.

See all translations of this verse →

أَيُشْرِكُونَ مَا لَا يَخْلُقُ شَيْـًٔا وَهُمْ يُخْلَقُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻde nneεma a wͻmmͻ hwee, na yεbͻͻ wͻn no abata (Nyankopͻn) ho?

See all translations of this verse →

وَلَا يَسْتَطِيعُونَ لَهُمْ نَصْرًا وَلَآ أَنفُسَهُمْ يَنصُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAberε a wͻntumi mma wͻn mmoa, na wͻntumi mmoa wͻn ara wͻn ho mpo.

See all translations of this verse →

وَإِن تَدْعُوهُمْ إِلَى ٱلْهُدَىٰ لَا يَتَّبِعُوكُمْ سَوَآءٌ عَلَيْكُمْ أَدَعَوْتُمُوهُمْ أَمْ أَنتُمْ صَٰمِتُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mofrε wͻn kͻ tenenee mu a wͻnni mo akyi. Sε mosu frε wͻn o, anaa moka moano tum o, εyε asεm korͻ ma mo.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ تَدْعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ عِبَادٌ أَمْثَالُكُمْ فَٱدْعُوهُمْ فَلْيَسْتَجِيبُوا۟ لَكُمْ إِن كُنتُمْ صَٰدِقِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no nso yε nkoa tesε mo ara, enti modeε monsu mfrε wͻn ma wͻnnye mo so (ma yεnhwε) sε moyε nokwafoͻ ampa a.

See all translations of this verse →

أَلَهُمْ أَرْجُلٌ يَمْشُونَ بِهَآ أَمْ لَهُمْ أَيْدٍ يَبْطِشُونَ بِهَآ أَمْ لَهُمْ أَعْيُنٌ يُبْصِرُونَ بِهَآ أَمْ لَهُمْ ءَاذَانٌ يَسْمَعُونَ بِهَا قُلِ ٱدْعُوا۟ شُرَكَآءَكُمْ ثُمَّ كِيدُونِ فَلَا تُنظِرُونِ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Mo abosom no) wͻwͻ nnan a wͻde nanteε? Anaasε wͻwͻ nsa a wͻde sͻ adeε mu? Anaasε wͻwͻ ani a wͻde hunu adeε? Anaasε wͻwͻ aso a wͻde te asεm? Ka sε: “Modeε monsu mfrε wͻn a mode wͻn abata Nyankopͻn ho no, na mommͻ meho pͻ, na momma me ahomegyeε koraa.

See all translations of this verse →

إِنَّ وَلِـِّۧىَ ٱللَّهُ ٱلَّذِى نَزَّلَ ٱلْكِتَٰبَ وَهُوَ يَتَوَلَّى ٱلصَّٰلِحِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, me Kyitaafoͻ ne Nyankopͻn no a Osianee Nwoma no, na Ɔno na Ɔtaa apapafoͻ no akyi.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ تَدْعُونَ مِن دُونِهِۦ لَا يَسْتَطِيعُونَ نَصْرَكُمْ وَلَآ أَنفُسَهُمْ يَنصُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a mofiri N’akyi sufrε wͻn no wͻntumi mmoa mo na (wͻntumi) mmoa wͻn ho.

See all translations of this verse →

وَإِن تَدْعُوهُمْ إِلَى ٱلْهُدَىٰ لَا يَسْمَعُوا۟ وَتَرَىٰهُمْ يَنظُرُونَ إِلَيْكَ وَهُمْ لَا يُبْصِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wofrε wͻn kͻ deε tenenee no wͻ a wͻnte; wohunu sε wͻhwε wo deε, nanso wͻnhunu adeε.

See all translations of this verse →

خُذِ ٱلْعَفْوَ وَأْمُرْ بِٱلْعُرْفِ وَأَعْرِضْ عَنِ ٱلْجَٰهِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), fa bͻnefakyε, na hyε (amanfoͻ ma wͻnyε) papa, na twe wo ho firi abagyimifoͻ no ho.

See all translations of this verse →

وَإِمَّا يَنزَغَنَّكَ مِنَ ٱلشَّيْطَٰنِ نَزْغٌ فَٱسْتَعِذْ بِٱللَّهِ إِنَّهُۥ سَمِيعٌ عَلِيمٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε ͻbonsam tutu nsԑm bi gu w’asom a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔno ne mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔne Onimdefoͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوْا۟ إِذَا مَسَّهُمْ طَٰٓئِفٌ مِّنَ ٱلشَّيْطَٰنِ تَذَكَّرُوا۟ فَإِذَا هُم مُّبْصِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻsuro Nyankopͻn no, sε ͻbosam de adwen bͻne bi ma wͻn a, wͻkae Nyankopͻn, εba saa a, εma wͻn aniso da hͻ kann (kae Nyankopͻn asotwee ne N’adom a εwͻ hͻ Daakye).

See all translations of this verse →

وَإِخْوَٰنُهُمْ يَمُدُّونَهُمْ فِى ٱلْغَىِّ ثُمَّ لَا يُقْصِرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻn nuanom (abͻneεfoͻ no, ͻbonsam) de wͻn kͻ bͻne ne ͻyera mu akyirikyiri na wͻntwa (bɔne yε no) so.

See all translations of this verse →

وَإِذَا لَمْ تَأْتِهِم بِـَٔايَةٍ قَالُوا۟ لَوْلَا ٱجْتَبَيْتَهَا قُلْ إِنَّمَآ أَتَّبِعُ مَا يُوحَىٰٓ إِلَىَّ مِن رَّبِّى هَٰذَا بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمْ وَهُدًى وَرَحْمَةٌ لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε woamfa nsεnkyerεnee amma wͻn a, deε wͻka ne sε: ‘’Adεn na woamfa amma. Ka sε: “Medeε deε me Wura Nyankopͻn asane amame no akyi na medie. (Qur’aan) wei yε anibue (Nwoma) anaa nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ a ɛfiri mo Wura Nyankopͻn hͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.

See all translations of this verse →

وَإِذَا قُرِئَ ٱلْقُرْءَانُ فَٱسْتَمِعُوا۟ لَهُۥ وَأَنصِتُوا۟ لَعَلَّكُمْ تُرْحَمُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε yεrekenkan Qur’aan no a, montie, na monyε komm sεdeε yεbɛhu mo mmͻbͻ.

See all translations of this verse →

وَٱذْكُر رَّبَّكَ فِى نَفْسِكَ تَضَرُّعًا وَخِيفَةً وَدُونَ ٱلْجَهْرِ مِنَ ٱلْقَوْلِ بِٱلْغُدُوِّ وَٱلْـَٔاصَالِ وَلَا تَكُن مِّنَ ٱلْغَٰفِلِينَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa kaekae anaasε bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin wͻ wotirim wͻ ahobraseε ne ehuu mu wͻ anͻpa ne anwummerε, na εnyε kasa dendeenden mu, na hwε na wankͻka awirefirefoͻ no ho.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ عِندَ رَبِّكَ لَا يَسْتَكْبِرُونَ عَنْ عِبَادَتِهِۦ وَيُسَبِّحُونَهُۥ وَلَهُۥ يَسْجُدُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (Soro abͻfoͻ) no, wͻnyε ahomasoͻ wͻ Nesom ho, na mmom wͻbͻ no abodin na Ɔno na wͻde wͻn anim butu fͻm ma no.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70