قَالَ ٱلْمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسْتَكْبَرُوا۟ مِن قَوْمِهِۦ لَنُخْرِجَنَّكَ يَٰشُعَيْبُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ مَعَكَ مِن قَرْيَتِنَآ أَوْ لَتَعُودُنَّ فِى مِلَّتِنَا قَالَ أَوَلَوْ كُنَّا كَٰرِهِينَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yɛbɛtu wo Shu’aibu ne wͻn a wɔagye adi aka wo ho no afiri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yεmpε mpo a?”