وَإِذَا لَمْ تَأْتِهِم بِـَٔايَةٍ قَالُوا۟ لَوْلَا ٱجْتَبَيْتَهَا قُلْ إِنَّمَآ أَتَّبِعُ مَا يُوحَىٰٓ إِلَىَّ مِن رَّبِّى هَٰذَا بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمْ وَهُدًى وَرَحْمَةٌ لِّقَوْمٍ يُؤْمِنُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε woamfa nsεnkyerεnee amma wͻn a, deε wͻka ne sε: ‘’Adεn na woamfa amma. Ka sε: “Medeε deε me Wura Nyankopͻn asane amame no akyi na medie. (Qur’aan) wei yε anibue (Nwoma) anaa nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ a ɛfiri mo Wura Nyankopͻn hͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.