Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAseda wͻ Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ soro ne asaase, na W’ayε esum ne εhyεn; nanso (Kaafrifoͻ) no a wͻ’yi boniayε no de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔbͻͻ mo fri nεteε mu, εna W’ahyehyε berε (a mode bewuo), εna (W’ahyehyε) berε foforͻ nso bio a εwͻ Nehͻ (a mode bεsͻre afri owuo mu), nanso moadwen nnsi mo pi (wͻ Owu-sͻreε no ho).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆne Nyankopͻn wͻ soro, εna asaase so nso saa ara; Onim mo asumasεm ne monsεm a εda dwa nyinaa, na Onim deε monsa ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’nhunuu awoͻ ntotoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Yε’maa wͻn dii asaase no so a, Yε’mmaa monnii so saa, Yesianee nsuo fri soro maa wͻn maa no buu so, na Yε’maa nsubͻnten nenam wͻn ase; nanso Yε’de wͻn bͻne sεee wͻn, εna wͻn akyi no Yε’maa awoɔ ntotoasoɔ foforͻ sͻre (bεhyεε wͻn anan mu).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε anka Yesianee Nwoma no maa wo wͻ krataa so, εna wͻ’de wͻn nsa tumi sͻ mu mpo a, anka (Kaafrifoͻ) boniayεfoͻ no bεka sε: “Nokorε, woi deε εyε nkonyaa pefee”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻ’ka nesε: “Adεn na yensiane soro abͻfoͻ mma no?” Sε Yesiane Soro abͻfoͻ a, εneε na anka asεm no asi awie, na yεmma wͻn berε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Y’εyεε Soro abͻfoͻ maa no a, anka Yε’bεyε no onipa, na Y’ama wͻn adwen ayε wͻn basaa sεdeε wͻn adwen ayε wͻn basaa no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻ’dii Asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no ho fεw nanso deε aserefoͻ no de dii wͻn ho fεw no betwaa wͻn ho hyiae.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKasε: “Hwan na nneεma a εwͻ soro ne asaase so yε ne dea?” (Nkͻmhyεni) ka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn”. W’ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho. Ampa sε, Ɔbεboa moano wͻ Wusͻreε Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, wͻn a w’abrε wͻn ho aguo no ne wͻn a wͻ’nnye nnie no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Menfri Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Yεfoͻ no, (Otumfoͻ a) Ɔbͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma, na obi mmͻ no akͻnhoma no akyi mfa okyitaafoͻ (foforͻ)?” Ka sε: “Medeε yahyε me sε menyε onipa a odikan a wayε Muslim aberε neho ase ama Nyankopͻn”, na hwε yie na w’ankͻka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a yεbeyi (saa asotwee no) afri neso wͻ saa Da no mu no, nokorε sε na yahu no mmͻbͻ. Na εno ne nkonimdie a εda adi pefee no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Nyankopͻn de ͻhaw bi to woso a, obiara nnihͻ a obetumi ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara, sε Ɔma papa bi nso to wo a, Ɔno ara na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, na Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Amanebͻfoͻ no (a Ɔbεbͻ mo dwuma a modiiε nyinaa ho amaneε (wͻ Atemmuda).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), kasε: “Adansedie bεn na εsoo paa? “Kasε: “Nyankopͻn ne mene montεm Ɔdanseni. Y’ayi saa Qur’aan yi ama me sε menfa mmͻ mo, ne obiara a (saa Qur’aan yi) bεto no no kͻkͻ. Enti mobetumi adi adanseε paa sε anyame foforͻ bi wͻ hͻ ka Nyankopͻn ho?’’ Kasε: “Medeε menni (saa asεm no ho) adanseε”. Kasε: “Nokorε mu deε Nyankopͻn baako pε na Ɔwͻ hͻ; na medeε m’atwe meho afri deε mode bata Neho no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a Yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim (Muhammad paa) tesε deε wͻ’nim wͻn mma. Wͻn a w’ayera wͻn kraa no na wͻ’nnye nnie.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻpo Nensεm? Nokorε sε abͻnefoͻ no deε wͻ’nni nkonim da.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano no, ɛhɔ na Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’de biribi bataa (Nyankopͻn) ho no sε: “Wͻn a mode wͻn bataa (Nyankopͻn) ho a na modwen sε (wͻ’yε mo anyame no) wͻ hen?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’nnya nyinasoͻ anaa anoyie biara, na mmom deε wͻ’bεka nesε: “Yεdͻ Nyame, Yεn Awurade no sε, na yεnnka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’retie woͻ, nanso yε’de akatasoͻ akata wͻn akoma ho sεdeε wͻ’nnte aseε, na wͻn aso mu nso akraa wͻ mu, sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee nyinaa mpo a wͻ’nnye nni kͻpem sε wͻ’bεba wohͻ ne wo abεgye akyinnyeε, na deε boniayεfoͻ no ka ne sε: ‘’Nokorε sε woi deε εyε tetefoͻ no anansesεm.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’si (amanfoͻ) kwan wͻ (Nkͻm-hyεni) ho, εna wͻ’si wͻn ara nso ho kwan wͻ neho. Sε (wͻ’yε saa a), wͻn ara na wͻ’redi wͻn ho awuo nanso wͻ’nhunu saa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε anka worehunu (sεdeε wͻ’bεyε) wͻ εberε a yεde wͻn begyina Ogya no mu no a, (saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Na anka yasan kͻ wiase bio, anka yεn mfa Ye’Wura Nyankopͻn asεm no atorͻsεm, na anka yε’bεka agyidiefoͻ no ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, deε kane no na wͻ’de asuma no ada adi akyerε wͻn. Sε wͻ'san ba (wiase) bio mpo a wͻ’bεsan akͻ deε yε’braa wͻn no ara so (akͻyε). Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε, wͻn a wͻ’nnye nni sε wͻ’ne Nyankopͻn behyia mu no aberε agu dekosi sε (Owuo) dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem. (Saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Y’εbͻ ye’tri so sε Yebuu Y’ani guu soͻ’’ na wͻ’bεsoa wͻn adesoa wͻ wͻn akyi. Ԑyε adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWiase asetena yi deε εyε agodie ne ahuhudeε. Daakye fie no na εyε paa dema wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn. Enti monni nteaseε?
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ampa sε Y’enim sεdeε nsεm a wͻ’rekeka no si fa ha woͻ. Na εnyε wo na wͻ’nnye wo nnie, na mmom Nyankopͻn nsεm no na abͻneεfoͻ no reko tia.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε wͻ’buu asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no atorofoͻ, nanso wͻ’nyaa aboterε wͻ atorͻsεm a wͻ’de too wͻn soͻ, ne aniεyaa a wͻ’hyεε wͻn no ho, kosii sε Y’εmmoa baa wͻn hͻ. Obiara nnihͻ a ͻbetumi asesa Nyankopͻn Asεm (ne ne nhyehyεε). Ampa sε asomafoͻ no nsεm no mu bi aba wo hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), sε twe a wͻ’retwe wͻn ho (fri wo ho, ne nsεm a Yε’de asoma woͻ no) ho no na εha woͻ, na sε wobetumi anya tokuro bi wͻ asaase mu (awura mu), anaa atwedeε bi (aforo akͻ) soro na wode nsεnkyerεnee abrε wͻn a-; (na εnyε yie enti si aboterε). Sε Nyakopͻn pε a, anka Ɔbεboa wͻn nyinaa ano wͻ tenenee (kwan) no so. Enti hwε na w’ankͻka abagyimifoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’gye (wo) soͻ no, wͻn na wͻ’tie (asεm no). Na awufoͻ no nso Nyankopͻn benyane wͻn na afei w’asan akͻ Nehͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’po Yεn nsεm no yε asosifoͻ ne mmum (na wͻn) wͻ esum paa mu. Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, na obia Ɔpε no nso, Ɔde no fa kwan tenenee no so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε. “Modwene ho sεn?“ Sε Nyankopͻn asotwee anaasε Dͻnhwere no ba mo so a, moyε nokwafoͻ ampa sε mobεfri Nyankopͻn akyi asu afrε obi foforͻ?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDaabi, Ɔno nko ara na mobesu afrε no, na sε εyε Nepε a W’ayi deε enti moresu frε no no afri mo so, na (saa berε no) mowerε befri deε mode bataa Neho no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman-aman a wͻ’dii w’anim kan no hͻ. Na Yε’de ͻhaw ne ahokyerε too wͻn so sεdeε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdεn na Yε’haw no baa wͻn soͻ no w’ammerε wͻn ho aseε, na mmom wͻn akoma yεε den? Ɔbonsam maa dwuma a na wͻ’die no yεε wͻn (ani so) fε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa εberε a wͻn werε frii (afutuo) a yεde tuu wͻn no, Ye’buee (anigyedeε) biara ho pono (kwan) maa wͻn, kosii εberε a wͻn wͻ anigyeε mu wͻ deε yεde ama wͻn no mu no, Yε’sͻͻ wͻn mu mpofire mu, na hwε, wͻ’nuu wͻn ho dii awerεhoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Modwen ho sεn? “Sε Nyankopͻn si mo aso na Ofira moani na Otua moakoma ano a, Awurade bεn na ͻwͻ Nyankopͻn akyi a anka ͻde (aso ne ani ne akoma) bεma mo?” Hwε sεdeε Yε’si kyerεkyerε nsεm no mu nanso wͻ’dane wͻn ho fri ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε “Modwene ho sεn?“ sε Nyankopͻn asotwee ba moso (anadwo) mpofire mu, anaa (awia) pefee mu a, εnyε amanfoͻ abͻneεfoͻ no na yεbεsεe wͻn?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε nti Yε’soma asomafoͻ no ne sε, wͻ’de (Soro Aheman no mu) anigyesεm no ho anohoba bεbͻ (amanfoͻ) na (wͻ’de Amanehunu gya no nso ho asεm) bεbͻ wͻn kͻkͻ. Enti obi a ͻbεgye adie na w’atoto ntotoeε pa no (saa Da no) ehu biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasε menim nsumaeε mu asεm, na menka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ. Deε yasiane ama me no na medi akyire”. Ka sε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε na εsε, enti wͻn nnwen anaa?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwε na w’ampamo wͻn a wͻ'su frε wͻn Wura Nyankopͻn ahomakye ne anyumerε hwehwε N’anim animuonyam no. Wͻn nkontabuo nna wo so koraa, na wo nso w’akontabuo nna wͻn so koraa, enti sε wopamo wͻn a wobεka abͻneεfoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yε’de wͻn mu bi ayε nsͻhwε ama wͻn mu bie sεdeε wͻ’bεka sε: ‘’Woi nom (ahiafoͻ yi) na Nyankopͻn adom wͻn wͻ yεn mu?” Ɛnyε Nyankopͻn na Onim wͻn a w’ͻyi ayε no anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn a wͻ’gye Yεn nsεm no die no ba wo hͻ a kasε: ‘Salaamu alaikum’ (Asomdwiε nka mo). Nyankopͻn ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho, enti momu biara a onnnim na ͻbεyε bͻne bi, na εno akyi no ͻbεsakra n’adwen na wa’atoto ntotoeε pa no, nokorε sε (Nyankopͻn) ne Bͻnefakyε Hene, Ɔno ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmkyεni), ka sε: “Medeε yabra me sε mεsom wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no“. Kasε: “Medeε menni moapεdeε no akyi, sε meyε saa a εneε na ampa sε m’ayera, εneε na menka wͻn a w’atene no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura (Nyankͻpͻn) hͻ no so, nanso monnye nni. Deε morepε no ntεm no, εnyε me hͻ na εwͻ. Nokorε sε Atemmuo no deε Nyankopͻn na εwͻ no. Ɔno na Ɔka nokorε na Ɔne Otemmufoͻ papa no”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Sε deε morepε no ntεm no wͻ me hͻ a, anka (yadi) me ne montεm asεm no awie”. Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔma mo wu anadwo (wͻ εberε a moadeda) na Onim deε moyε no adekyeε no mu; afei na W’anyane mo afri (monna no mu ama moasan aba nkwa mu) akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo sε mode bewuo). Afei Nehͻ ne monnkyi. Na afei W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so-,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei na wͻn asan kͻ Nyankopͻn a Ɔne wͻn nokorε Kyitaafoͻ no hͻ. Nokorε sε, Ɔno na atemmuo yε Ne dea, na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Hwan na ͻgye mo fri asaase ne ͻpo so sum mu (ͻhaw ne mmusuo mu), εberε a mode ahobraseε sufrε no wͻ kokoa mu sε: ‘’Sε wogye yεn fri woi mu a yε’beyi (Wo) ayε?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso (Nkͻmhyεni), wo nkorͻfoͻ no faa no atorɔsɛm, aberε nso a εno ne Nokorε no. Ka sε: “Mennyε okyitaani (anaaa ͻwεmfoͻ) wͻ mo so”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wohunu wͻn a wͻ’keka nsεm hunu fa Yεn Nsεm no ho no a, twe wo ho fri wͻn ho kosi sε wͻ’bεfa asεm foforͻ. Sε bonsam ma wo werε fi na akyire yi wokae a, hwε na wone abͻneεfoͻ no ammom antenna ase.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’suro Nyankopͻn na wͻ’yε ahwεyie no akontabuo nna wͻn (boniayεfoͻ) no so koraa, (na mmom wͻn asεdeε nesε) wͻ’bεkaekae (wͻn) sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailGyae wͻn a wͻ’afa wͻn som sε agodie ne ahuhusεm, na wiase asetena yi adaadaa wͻn no, na fa (Qur’aan) tu (wͻn) fo na ͻkra bi ankͻ sopa wͻ deε ͻyͻeε ho, (wͻ εberε a) onni kyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ wͻ Nyankopͻn akyi no, na ͻma mpata biara mpo a yεnngyeε no. Saa nkorͻfoͻ no na deε wͻn nsa kae no asopa wͻn. Wͻn wͻ anomdeε a εyε nsuohyeε hyeehyeehye ne asotwee a εyε ya paa, εnam (nokorε a) wͻ’poeԑ nti.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Enti yenfri Nyankopͻn akyi nsu mfrε adeε a εho nni mfasoͻ mma yεn, na (entumi) mma yεn ͻhaw biara; na yεnsan nkͻ y’akyi wͻ aberε a Nyankopͻn atene yεn? Tesε obi a ͻbonsam ayera no wͻ asaase bi soͻ na ͻnhunu deε ͻnyε, na ͻwͻ ayͻnkofoͻ na wͻ’refrε no sε: ‘’Bra yεn hͻ’’ Ka sε: “Nokorε, Nyankopͻn (kwan) tenenee no ne (kwan) tenenee. Yahyε yεn sε, yε’mrε yεn ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔde nokorε bͻͻ soro ne asaase; saa Da no Ɔbεka sε: ‘’Yε!” Na ayε, na N’asεm na εyε nokorε. Ɔno na Tumi no wͻ no wͻ Da a yεbεbͻ totorobεnto no mu no. Nsumaeε mu ne Badwamu Nimdefoͻ no, Ɔne Nyankopͻn Nyansafoͻ no, Ɔne biribira ho Amanebͻ Wura no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKae εberε a Abraham ka kyerεε nepapa Aazar sε: ‘’Wafa abosom na wode ayε anyame? Nokorε, m’ahunu sε wone wo nkorͻfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a adeε sa kataa ne soͻ no, ohunu nsoromma. Ɔkaa sε:” Woi ne me Wura no”. Ԑberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Mempε wͻn a wͻ’kͻtͻ’’.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε nso a ohunu bosome sε adwa hann no, ͻkaa sε: “Woi ne me wura no’. Ɛberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Sε me Wura Nyankopͻn ankyerε me kwan a, nokorε sε mεka nnipa ayerafoͻ no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εberε a ohunu sε awia apue hyεnhyεnhyεn no, ͻkaa sε: ‘’Woi ne me wura, woi na εsoo’.’ Ɛberε a awia no kͻtͻeε no, ͻkaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε m’atwe me ho afri deε mode bata (Nyankopͻn) ho (som no no) ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNenkorͻfoͻ no gyee no akyinnye. Ɔkaa sε: “Mone me regye Nyankopᴐn ho akyinnye abrԑ a W’akyerԑ me kwan? Mensuro deε mode bata Neho no (sε εbetumi ayε me biribi), gyesε me Wura Nyankopͻn pε; me Wura (Nyankopͻn) nimdeε trε duru biribiara so. Adεn monnfa nyԑ afutuo?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐdeεn nti na εsεsε mesuro deε mode abata (Nyankopͻn) ho, aberε nso a monnsuro sε mode deε yensianee ho tumi (biara) mma mo abata Nyankopͻn ho? “Enti saa fekuo mmienu yi emu deε εwͻ hen na ͻfata ahotᴐ, sε monim ampa a?
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛyε) wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nnfa bͻne mfra wͻn gyidie mu, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’wͻ ahotᴐ mu, na wͻ’ne ateneneefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWoi yε Yεn nyinasoͻ a Yε’de maa Abraham maa no (deko) tiaa nenkorͻfoͻ no, obia Yε’pε no Yε’pagya no bͻ n’abaso. Wo Wura (Nyankopͻn) ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYε’de Is’haaq kyεε no, εna (nenana) Ya’aquub, Yε’kyerεε wͻn mu biara kwan. Noah nso Ye’dii kan kyerεε no kwan, na n’asefoͻ no mu bi ne: Dawid ne Solomon ne Hiob ne Yosef ne Mose, ne Aaron. Saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe Ismail ne Al-Yasa’a (Elisa), ne Yuunus (Yona) ne Lut; wͻn mu biara Yε’de (adom) dom wͻn kyεn amansan a aka no nyinaa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn agyanom ne wͻn awoͻ ntoatoasoͻ ne wͻn nuanom mu nso, Ye’yii wͻn mu bi, na Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ kwan tenenee no so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWoi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔkyerε Nenkoa mu nea Ɔpε kwan. Sε (nkͻmhyεfoͻ a yεbobͻͻ wͻn din yi) de biribi bataa (Nyakopͻn) ho a, anka dwuma a wͻ’dieε nyinaa ayε kwa ama wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWoi nom ne amanfoͻ a Yε’de Nwoma no ne Nyansa ne Nkͻmhyε adwuma maa wͻn. Enti sε woi nom annye anni a, ampa sε Yε’de (Nyamesom Nwoma no) ahyε amanfoͻ bi a wͻn deε wͻn mmpoeε nsa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’ne nkorͻfoͻ no a Nyankopͻn atene wͻn. Enti wͻn kwan kyerε no na moni akyire. (Nkͻmhyεni), ka sε ‘’Memmisa mo εho akatua”. (Qur’aan adwuma) ara nesε, εyε afutusεm dema amansan (nyinaa).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’mmmfa anidie (anaa obuo, anaa tumi) a εfata paa mma Nyankopͻn wͻ nokorε mu sεdeε Netumi siteε, εberε a wͻ’ka sε: ‘’Nyankopͻn nsianee hwee mmaa ͻdasani“. Ka sε: “Hwan na osianee Nwoma no a Mose de baeε a, na εyε nhyerεnee ne kwankyerε dema adasamma a mo (Yudafoͻ) motwerεε no nkrataa a yakyekyε mu soͻ, daa (emu nsεm no bi) adie de dodoͻ no ara sieε; na mokyerεε adeε a mo, anaa moagyanom mpo nnim?” Ka sε: “Nyankopͻn. Enti wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka wͻ’nsεm hunu no na wͻ’ni agorͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Nwoma yi (Qur’aan), Yε’de nhyira na asiane aba de bεhyε (Nwoma) a edii n’anim kan no mma, sԑdeԑ wode bԑbͻ Nkuro (nyinaa) maame (Maka) ne (nkuro) a atwa ho ahyia no (mufoͻ no) kͻkͻ. Wͻn a wͻ’gye Da a edi akyire no die no, gye (Quraan) di; wͻn ne wᴐn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε (monam) ankorͻ-ankotͻ (de nsansa a hwee nka mo ho) na aba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no, εna moagya deε Yε’de maa mo no (sika, εyerε, εmma, abusua, gyinaberε ne deε εkeka ho no nyinaa) wͻ moakyi. Na adεn na Ye’nnhu montwitwagyefoͻ no a na moadwen yε mo sε wͻ’ka Onyankopͻn ho no? Ampa sε mone wͻn ntεm twaka (biara) to atwa, na deε moadwen yε maa mo no (nyinaa) ayera.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma aduaba ne akyiresua aba fifre, εna Ɔma ͻteasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu. Nyankopͻn no ne no, afei adεn na modane moho (fri nokorε no ho)?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na W’ayε nsoromma ama mo, sεdeε εbεkyerε mo kwan wͻ asaase so sum mu ne ͻpo soͻ. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, (εna W’ama mo) atenaeε (wͻ asaase so, anaasε momaame awodeε mu) asan (ama mo tenaberε) wͻ sie da mu (wͻ adakamena mu). Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’te (asεm) aseε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Osiane nsuo fri soro dema nnuaba ahodoͻ fifire, na Y’ama nͻbaeε mono apue mu, na Y’ama nuaba a εbͻ esa-sa (ne mmεtem ne aduro-aduro tesε borͻdeε, aburoo, abε ne deε εkeka ho nyinaa) apue mu, na akyiresua dua no nkͻn mu na (aduaba a εbͻ) esa-sa a moduru soͻ no wͻ, εne bobe turo ne nngo dua ne Rumaan, deε εsesε ne deε εnsesε. Ɛberε a εbεso aba, na εbεbereε no monhwε n’aduaba no. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’de Jinni bata Nyankopͻn ho (som wͻn) aberε a Ɔno na Ɔbͻͻ wͻn; na wͻ’ka to no so (sε Nyankopͻn wͻ) mma mmarima ne mma mmaa aberε a wͻ’nni (ho) nimdeε. Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’de susu no no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Otumfoͻ a) Ɔhyεε Ɔsoro ne asaase mmͻeε aseε; εbεyε dεn na W’awo ba aberε a Onni yerε? Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε anibue (anaa nimdeε anaasε nyinasoͻ pefee) fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ, na obia (obenya) ani de ahwε no (εyε) ma nekraa, na obia ͻbεma n’ani afira (wͻ ho no nso) etia ͻno ara, na me (Nkͻmhyεni) deε menyε moso ͻwεnfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu, sεdeε (boniayεfoͻ no) bεka sε: ‘’Wasua’’ ne sεdeε Yε’bεkyerεkyerε mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), di adeε a yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no akyi. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara), na twe wo ho fri abosomsomfoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Nyankopͻn pε a, anka wͻ’nnfa biribi mmata ne ho (nsom no), na yεnyεε wo wͻn so ͻwεnfoͻ, na wonnyε wͻn kyitaafoͻ nso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailHwε na moanni wͻn a wɔ’fri Nyankopͻn akyi som wͻn no atεm, na anhwε a na wͻ’de ͻtan akodi Nyankopͻn atεm wͻ aberε a wͻ’nnim. Saa ara na Y’ama amanfoͻ no mu biara nyuma ayε wͻn ara (ani so) fε, na wͻn Wura Nyankopͻn hͻ ne wͻn nnkyi, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no (nyinaa) ho amaneε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε anka nsεnkyerεnee bi baa wͻn hͻ a anka wͻ’bεgye adi”. Ka sε: ‘’Nsεnkyerεnee deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na εdeεn na εbεma mo (Muslimifoͻ no) atenka sε, sε nsεnkyerεnee bi bae mpo a anka wͻ’nnye nnie?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε wͻ’annye anni deε edikan no, Yε’bεdane wͻn akoma ne wͻn ani (afri ͻkwan tenenee no so) na Y’agyae wͻn wͻ wͻn yera no mu ama wͻn akeka akͻ (sε anifirafoͻ).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yε’maa Nkͻmhyεni biara (nyaa) atamfoͻ firi nnipa ne Jinni abonsamfoͻ no mu; wͻ’wesa nnaadaasεm a εyε dε gu wͻn ho wͻn ho (asom). Sε εyε wo Wura (Nyankopͻn) pε a anka wͻn annyε saa; enti gyae wͻn ne wͻn atorͻsεm a wͻ’redie no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma bεdane akͻ (wͻn nnaadaa sεm) no soͻ, na wͻn agye (nnaadaa no) ato mu, na wͻn nso benya (bͻne) no a wͻn anya no bie.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni, ka sε: “Menfri Nyankopͻn akyi nhwehwε otemmufoͻ foforͻ, aberε a Ɔno na W’asiane Nwoma no ama mo a εkyerεkyerε nsεm mu pefee no?’’ Wͻn a Yε’maa wͻn Nwoma no (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) nim yie sε ampa sε εyε Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ a εyε nokorε. Enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn Asεm no ahyε mma wͻ nokorε mu ne pεyε mu. Obiara ntumi nsesa Nensεm no. Ɔno na Ɔte biribiara na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wotie (nnipa no mu) dodoͻ no a wͻn wͻ asaase soͻ no a, wͻ’bεyera wo afri Nyankopͻn kwan no so. Deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ’di akyire, na nkontompo dwuma na wͻ’die.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdεn nti na εnsεsε modi nea yabͻ Nyankopͻn din agu soͻ, wͻ aberε a W’akyerεkyerε deε yabra mo no mu pefee akyerε mo sԑ, gyesε mo wͻ ahokyerε nhyεsoͻ bi mu nti? Nokorε (nnipa mu) dodoͻ no ara na wͻ’de wͻn apεdeε yera (amanfoͻ) aberε a wͻ’nni nimdeε. Nokorԑ sԑ wo Wura Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Adasamma), monyae kokoa mu ne badwa mu bͻneyε. Nokorε sε wͻn a wͻ’di bͻne no yεbetua wͻn dwuma die no so ka pεpεεpε sεdeε wͻ’yͻeε no ara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moanidi amfri deε ya’mmͻ Nyankopͻn din angu soͻ mu, efrisε εyε fii (anaa bɔne). Nokorε sε abonsamfoͻ no tutu gu wͻn ayͻnkofoͻ no asom ma wͻ’ne mo gye akyinnye, na sε modi wͻn akyi a, εneε na nokorε sε moyε abosomsomfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε obi a na anka wawu (wͻ gyidie mu) na Yenyanee no baa nkwa mu, na Yε’maa no nhyerεnee a ͻde nante wͻ nnipa mu no, ͻne obia ͻwͻ esum kabii mu na ͻnfrii mu no yε pε? Saa ara na yεma wͻn a wͻ’nnye nnie no dwumadi (bͻne no) yε wͻn (aniso) fε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nso ara na Y’ayε kuro biara mu mpanimfoͻ no abͻneεfoͻ sεdeε wͻ’bεfa ho adwen bͻne. Adwen bͻne a wͻ’bεfa no tia wͻn ara, nanso wͻ’nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε nsεnkyerεnee bi ba wͻn hͻ a, deε wͻ’ka ne sε: ‘’Yεnye nnni, gyesε yεde deε yεde maa Nyankopͻn Asomafoͻ no ara bi ma yεn ansa. Nyankopͻn na Onim faako a εsεsε Ɔde N’asεm no toͻ. Animguaseε ne asotwee a ano yε den paa a efri Nyankopͻn hͻ bεka wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ wͻn adwen bͻne a wͻ’fa no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia Nyankopͻn pεsε ͻtene no no, Ɔbue n’akoma dema Islam, na obia Ɔpεsε Ɔyera no no nso Ɔma n’akoma no ka moa tesε deε ͻreforo akͻ ewiem. Saa ara na Nyankopͻn de asotwee (anaa) efii to wͻn a wͻ’nnye nnie no soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWoi ne wo Wura Nyankopͻn kwan tenenee no. Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻ’de bεto wᴐn adwen mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano (aka sε): “Jinnifoͻ fekuo, ampa sε moayera nnipa no mu bebree’’ Wͻn ayͻnkofoͻ a wͻn wͻ nnipa no mu no bεka sε: ‘’Ye’Wura Nyankopͻn, yenyaa yεnho-yεnho mfasoͻ, na seesei deε yaduru yεn berε a Wohyε maa yεn no’’ Nyankopͻn bεka sε: ‘’Egya no mu na εbεyε mofiee na emu na mobεtena, gyesε Nyankopͻn pε. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailJinnifoͻ fekuo ne adasamma, asomafoͻ amfri momu amma mohͻ a wͻ’bεkenkan Mensεm de kyerεε mo, san bͻͻ mo kͻkͻ fa monhyiamu Da woi ho? Wͻ’bεka sε: ‘’Yedi adanseε tia yεn ara yεn ho (sε nokorε, asomafoͻ no baae)’’. Ɛyε wiase asetena yi na εdaadaa wͻn, na wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε na wͻ’yε (Kaafirifoͻ) boniayεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObiara wͻ gyinaberε anaa abaso bͻdeε (a yεde bεbͻ no) wͻ dwuma a odiiε ho . Na wo Wura Nyankopͻn mmuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWo Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho (Onhia obiara hwee), Ahummͻborͻ ahyε no mma; sε Ɔpε a anka Ɔbeyi mo afri hͻ, na moakyi no Ɔde deε Ɔpε abεhyε moanan mu sεdeε Ɔbͻͻ mo fri amanfoͻ bi asefoͻ mu no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’yi deε wͻn adua wͻ mfuo mu no, ne nyεmmoa a Ɔno na Ɔbͻeε no mu kyεfa bi ma Nyankopͻn ka sε: ‘’Woi wͻ Nyankopͻn sεdeε wͻn adwen kyerε wͻn no, na woi nso wͻ wͻn a yε’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho no”. Deε εwͻ deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no nnuru Nyankopͻn hͻ; εna deε εwͻ Nyankopͻn no deε eduru deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no hͻ. Atεmmuo bͻne paa na wͻ’rebuo no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na deε wͻ’de abata Nyankopͻn ho no, ayε ama mma kunkum ayε abosomsomfoͻ no mu pii fε, sεdeε wͻ’de wͻn bεkͻ ͻsεeε mu, na wͻn ama wͻn adwen ayε basaa wͻ wͻn som no ho. Sε Nyankopͻn pε a, anka (abosomsomfoͻ no) nnyε saa. Enti (Nkͻmhyεni) gyae wͻn, ne wͻn atorͻsεm a wͻ’die no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbosomsomfoͻ no ka sε: ‘’Nyεmmoa woi ne mfudeε woi y’abra; obiara nni ho kwan sε odi bie gyesε obia yεpε,-sεdeε wͻn adwen yε wͻn; ne nyεmmoa bi nso a yabra sε wͻn akyi (bεyε adwuma), ne nyεmmoa bi nso a yεmmͻ Nyankopͻn din nngu wͻn soͻ (wͻ berε a yereku wͻn).” Nkontompo na wͻ’twa to Nyankopͻn soͻ. Obetua wͻn ka wͻ wͻn atorͻsεm a wͻ’diiε no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻ’ka sε: ‘’Adeε a εwͻ aboa woi anaa woi yafunu mu no deε, εyε yεn mmarima nko ara dea, na yεn mmaa no nni ho kwan (sε wͻ’di bie); nasε yεwo no na wawu nso a, εno deε wͻn nyinaa (mmaa ne mmarima no) kyε. Ɔbetua wͻn (nkotompo a) wͻ’de susuu no no so ka. Nokorε sε Ɔne Nyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε wͻn a wͻ’de agyimisεm a nimdeε biara nni mu kunkum wͻn mma, na wͻ’bra adeε a Nyankopͻn de abͻ wͻn akͻnhoma, twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no aberε agu. Ampa sε wͻn ayera na wͻ’nnyε ateneneefoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na W’ayε turo (anaasε mfuo, emmu nnoͻma no) yεto bi pam, ebi nso yεnto no pam; εna akyiresua nnua ne mfudeε a nedε gu sononko-sononko, εne nngo εne Rumaan a εho sesε, ne deε εnsε. Sε (saa nnuaba yi) so a moni, na monyi emu asεdeε (zaka) no mma wͻ εda no a mobetwa (n’aba) no; na monhwε na moansεe (no). Nokorε sε, Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyεmmoa no mu bi soa nneεma, (ebinom) nso yε nnam. Moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no, na monhwε na moanni ͻbonsam anamͻn so. Nokorε sε, ͻyε motamfoͻ a ͻda adi pefee.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nyεmmoa) nwͻtwe anini ne abedeε: Nwenini ne abedeε mmienu mmienu, εna mmirekyie anini ne abedeε mmienu mmienu. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’(Anini) mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε (abedeε) mmienu noa, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu (na yabra)? Monfa nimdeε nka nkyerε me, sε moyε nokwafoͻ ampa a”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna yoma nso mmienu (onini ne ͻbedeε) nantwie nso mmienu (onini ne ͻbedeε). Ka sε: “Anini mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε abedeε mmienu no, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu no (na yabra)? Anaasε na mo wͻ hͻ wͻ εberε a Nyankopͻn hyεε saa mmra no? Enti (onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn so sεdeε ͻde bεyera nnipa wͻ aberε a nimdeε biara nni mu? Nokorε sε, Nyankopͻn deε ͻntene nnipa bͻnefoͻ no (a wɔn ayɛ wɔn adwen sɛ wɔn deɛ bɔne ara na wɔ’bɛdie no).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adiyisεm a yasiane ama me no mu deε, mennya adeε a yabra wͻ aduane a obi bedie ho, gyesε aboa funu anaa mogya a yahwie anaa prako-nam, efrisε εyε fii, anaa εnam fii a yakum ama (adeε bi) a εnyε Nyankopͻn. Nanso obi a ahokyerε nti, na εnyε anidaaho, anaa asoͻden (na εbεma no akͻdi saa nnam a yabra yi no), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no, yεbraa wͻn (aboa biara a) ͻwͻ tͻte a emu mpaeε, εna nantwie ne nnwan mu nso yεbraa wͻn (saa mmoa no) mmienu sradeε, gyesε deε εwͻ wͻn mmienu akyi ne deε εwͻ wͻn nsono mu anaa deε εne nnompe no adi afra. Saa ara na Y’etuaa wͻn asoͻden no so ka. Na ampa sε, Yεn na Yε’ka nokorε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻ’bu wo ͻtorofoͻ a, εneε ka sε: “Mmͻborͻhunu a mo Wura Nyankopͻn wͻ no so paa, na Na’bufuhyeε nnsan n’akyi mfri nnipa bͻnefoͻ no so”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’de (biribi) abata Nyankopͻn ho no bεka sε ‘’Sε εyε Nyankopͻn pε (sε yεnnfa biribi mmata ne ho) a anka yεn, anaasε y’agyanom anfa (biribi) ammata Ne ho, na (sε εyε Nepε nso a) anka yammra biribiara. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no twaa nkontompo kͻpem sε wͻ’kaa Y’asotwee no hwεeε. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Mowͻ (nsεm a mokeka no) ho nimdeε (anaa nyinasoͻ) bi a monyi ma yεn. Deε moadwen kyerε mo na modi akyire na deε moyε nso yε nkotompo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Nyankopͻn na nyinasoͻ pefee a εkͻ aso mu no wͻ no. Sε Ɔpε a anka ͻbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Monfa moadansefoͻ a wͻ’di adanseε sε: “Nokorε sε Nyankopͻn abra woi no mmra”. Sε wͻ’di adanseε no a hwε na woanka ho ne wͻn anni adanseε no; na hwε na woani wͻn a wͻ’po Yε’nsεm no ne wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no na wͻ’de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho no apεdeε akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Momra na menkenkan deε mo Wura Nyankopͻn abra mo no nkyerε mo: ‘’Monnfa biribiara mmata Neho, na monyε papa anaa ayεmyε ma awofoͻ, na mo’nnfa ohia nkunkum mo mma; Yεn na Yε’bͻ mo ne wͻn (nyinaa) akͻnhoma, monhwε na moammεn ahohwi bra (adwamammͻ) deε εda dwa ne deε asuma, na monhwε na moankum nipa a Nyankopͻn ayε no kronkron anaa W’abra (nekum), gyesε ne kwan so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mobεte aseε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moamεn awisiaa agyapadeε, gyesε kwan pa so, kͻpem sε ͻbeduru ne mpanin berε mu. Na moma deε mohyε ne deε mosusuo no nyε pεpεεpε. Yε’mfa adesoa nsoa onipa, gyesε deε na’hoͻden betumi. Sε mokasa (anaasε mobu atεn, anaa modi asεm bi ho adanseε) a monka nokorε, sε (asεm no) fa obusuani ho mpo a; na moni Nyankopͻn Apam so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mode betu moho foͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, woi ne Me kwan tenenee no, enti monfa so, na monhwε na moankodi akwan (foforͻ) bi akyi, efrisε εbεma mo ne Ne kwan tenenee no ntεm apaepae. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mo bεsuro Nyame ayε ahwεyie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Yε’de Nwoma no maa Mose de (Y’adom ne Yεn nhyira) wiee obiara a ͻbεyε papa no so, kyerεkyerεε biribiara mu pefee, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ sεdeε wͻ’bεgye (wͻ’ne) wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (Da) no adie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Nwoma yi nso Yε’de nhyira na asiane, enti moni akyire na monsuro Nyankopͻn nyε ahwεyie sεdeε yεbehu mo mmͻbͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε (Daakye) monkͻka sε: ‘’Nwoma no deε yesiane maa (nnipa) akuo mmienu bi (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) a wͻ’dii y’anim kan no, na yε’deε yennim deε wͻ’suaeε no ho hwee.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaa moankͻka sε: ‘’Sε yesianee Nwoma no maa yεn a anka yε’betene akyεn wͻn”. Ampa sε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Onipa bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obia ͻpo Nyankopͻn Nsεm no na ͻdane neho fri ho? Yε’de akatua bͻne betua wͻn a wͻ’dane wͻn ho fri Yεn nsεm no ho no ka, εnam dane a wͻ’danee wͻn ho (frii ho) no nti.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻ’retwεn akosi sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn bεba, anaa wo Wura Nyankopͻn (atemmuo no ho) nsεnkyerεnee bi bεba? Ɛda a wo Wura Nyankopͻn (Atemmuo no ho) nsεnkyerεnee no mu bi bεba no, ͻkra biara a onii kan nye nniiε anaa onyaa mfasoͻ bi (dada) wͻ negyidie no mu no, ne gyidie ho mma mfasoͻ. Ka sε: ‘’Montwεn, na yεnso yεretwεn “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻ’paepae wͻn Nyamesom mu na wͻ’gu akuo-akuo no, nokorɛ sε (Nkͻmhyεni) wonka wͻn ho. Wͻn asεm wͻ Nyankopͻn hͻ, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no ho amaneε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻde adepa bi bεba no, ͻwͻ nesεso so nhyira mperε du; ɛna obi nso a ͻde bͻne bi bεba no, bͻne no sεsε so akatua pεpεεpε na yεde betua no ka na yensisi wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmyεni), ka sε: ‘’Medeε me Wura Nyankopͻn atene me afa kwan tenenee no so (de ama) nokorε som (no a εyε) Abraham teneneeni no kwan no, na na (Abraham) nka abosomsomfoͻ no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε me Sala anaa me Nyamefrε, ne m’afͻrebͻ, ne menkwa ne me wuo (nyinaa) wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: ‘’Menfri Nyankopͻn akyi mfa obi foforͻ nyε awurade aberε a Ɔno na Ɔyε biribiara Wura?” Ɔkra bi nya (bͻne) bi a, ͻno ara na etia no; na obia ͻso adesoa nnsoa obi foforͻ adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ na εyε monkyi, na deε moante moho ase wͻ ho no Ɔbεbͻ mo ho amaneε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, εna W’apagya mo mu binom akyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε adeε a Ɔde ama mo no Ɔde bεsͻ mo ahwε. Nokorε sε wo Wura Nyanko-pͻn ho yε hare wͻ asotwee ho, na nokorε nso sε ampa, Ɔne Bͻnefakyε Hene na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.