وَإِن يَمْسَسْكَ ٱللَّهُ بِضُرٍّ فَلَا كَاشِفَ لَهُۥٓ إِلَّا هُوَ وَإِن يَمْسَسْكَ بِخَيْرٍ فَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ قَدِيرٌ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Nyankopͻn de ͻhaw bi to woso a, obiara nnihͻ a obetumi ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara, sε Ɔma papa bi nso to wo a, Ɔno ara na Ɔwͻ biribiara so tumi.