caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-An'aam, Verse 59

Mecca · revelation order 55 · 6:59

وَعِندَهُۥ مَفَاتِحُ ٱلْغَيْبِ لَا يَعْلَمُهَآ إِلَّا هُوَ وَيَعْلَمُ مَا فِى ٱلْبَرِّ وَٱلْبَحْرِ وَمَا تَسْقُطُ مِن وَرَقَةٍ إِلَّا يَعْلَمُهَا وَلَا حَبَّةٍ فِى ظُلُمَٰتِ ٱلْأَرْضِ وَلَا رَطْبٍ وَلَا يَابِسٍ إِلَّا فِى كِتَٰبٍ مُّبِينٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70