وَٱلَّذِينَ ٱسْتَجَابُوا۟ لِرَبِّهِمْ وَأَقَامُوا۟ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَمْرُهُمْ شُورَىٰ بَيْنَهُمْ وَمِمَّا رَزَقْنَٰهُمْ يُنفِقُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻtena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema.