caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Faatir فاطر

45 verses · Mecca · revelation order 43

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ ٱلْحَمْدُ لِلَّهِ فَاطِرِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ جَاعِلِ ٱلْمَلَٰٓئِكَةِ رُسُلًا أُو۟لِىٓ أَجْنِحَةٍ مَّثْنَىٰ وَثُلَٰثَ وَرُبَٰعَ يَزِيدُ فِى ٱلْخَلْقِ مَا يَشَآءُ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ قَدِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAseda no wͻ Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no a Wayε Soro abͻfoᴐ asomafoͻ a (ebi) wͻ ntaban mmienu ne mmiεnsa ne nnan. Ɔde deε Ɔpε ka N’abͻdeε no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.

See all translations of this verse →

مَّا يَفْتَحِ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ مِن رَّحْمَةٍ فَلَا مُمْسِكَ لَهَا وَمَا يُمْسِكْ فَلَا مُرْسِلَ لَهُۥ مِنۢ بَعْدِهِۦ وَهُوَ ٱلْعَزِيزُ ٱلْحَكِيمُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afiri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a ɔbɛtumi asi ho kwan. Na deε Wasi ho kwan no nso obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afiri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱذْكُرُوا۟ نِعْمَتَ ٱللَّهِ عَلَيْكُمْ هَلْ مِنْ خَٰلِقٍ غَيْرُ ٱللَّهِ يَرْزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلْأَرْضِ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَأَنَّىٰ تُؤْفَكُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)?

See all translations of this verse →

وَإِن يُكَذِّبُوكَ فَقَدْ كُذِّبَتْ رُسُلٌ مِّن قَبْلِكَ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرْجَعُ ٱلْأُمُورُ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), sε wᴐbu wo nkontomponi a, saa ara na wᴐbuu asomafoͻ a wͻdii w’anim kan no nkontompofoͻ. Onyankopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kͻ.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّ وَعْدَ ٱللَّهِ حَقٌّ فَلَا تَغُرَّنَّكُمُ ٱلْحَيَوٰةُ ٱلدُّنْيَا وَلَا يَغُرَّنَّكُم بِٱللَّهِ ٱلْغَرُورُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, ampa sε Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, enti momma wiase asetena yi nnaadaa mo, na momma nnaadaafoͻ hene (bonsam) no nnaadaa mo fa Onyankopͻn ho

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلشَّيْطَٰنَ لَكُمْ عَدُوٌّ فَٱتَّخِذُوهُ عَدُوًّا إِنَّمَا يَدْعُوا۟ حِزْبَهُۥ لِيَكُونُوا۟ مِنْ أَصْحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε ͻbonsam yε ͻtamfo ma mo, enti momfa no nyε motamfo. Deε ͻrefrε nenkorͻfoͻ no akͻ ara ne sε deε wͻbεyε Ogya no mu foͻ.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ لَهُمْ عَذَابٌ شَدِيدٌ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَعَمِلُوا۟ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُم مَّغْفِرَةٌ وَأَجْرٌ كَبِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyi boniayε no wͻ asotwee a ano yε den, na wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε (wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ).

See all translations of this verse →

أَفَمَن زُيِّنَ لَهُۥ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ فَرَءَاهُ حَسَنًا فَإِنَّ ٱللَّهَ يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهْدِى مَن يَشَآءُ فَلَا تَذْهَبْ نَفْسُكَ عَلَيْهِمْ حَسَرَٰتٍ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌۢ بِمَا يَصْنَعُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ne dwumadi bͻne yε no fε na ɔhunu (dwumadi bͻne) no sε papa no, (saa nipa no ne obia odi dwuma pa na εsε)? Nokorε sε Onyankopͻn yera obi a Ɔpε εna Ɔtene obi a Ɔpε nso. Enti (Nkͻmhyεni), εmma wo kraa ho nyera no nni wͻn ho awerεhoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn Nim dwuma a wᴐdie (nyinaa).

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ ٱلَّذِىٓ أَرْسَلَ ٱلرِّيَٰحَ فَتُثِيرُ سَحَابًا فَسُقْنَٰهُ إِلَىٰ بَلَدٍ مَّيِّتٍ فَأَحْيَيْنَا بِهِ ٱلْأَرْضَ بَعْدَ مَوْتِهَا كَذَٰلِكَ ٱلنُّشُورُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na Ɔsoma mframa ma εboa mununkum ano, na Yɛapia kͻ ͻman a awuo so, na Yεde anyane asaase wͻ newuo akyi. Saa ara na Owusᴐreε no teε.

See all translations of this verse →

مَن كَانَ يُرِيدُ ٱلْعِزَّةَ فَلِلَّهِ ٱلْعِزَّةُ جَمِيعًا إِلَيْهِ يَصْعَدُ ٱلْكَلِمُ ٱلطَّيِّبُ وَٱلْعَمَلُ ٱلصَّٰلِحُ يَرْفَعُهُۥ وَٱلَّذِينَ يَمْكُرُونَ ٱلسَّيِّـَٔاتِ لَهُمْ عَذَابٌ شَدِيدٌ وَمَكْرُ أُو۟لَٰٓئِكَ هُوَ يَبُورُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ͻrehwehwε animuonyam (anaa) tumi no, animuonyam (anaa) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn. Nehͻ na kasapa ma nehoso kͻ, εna dwumadi pa nso Ɔbͻ n’abasoͻ. Wͻn a wͻrefa bͻne ho adwen no wͻ asotwee a ano yε den paa, saa adwen bͻne no bεsopa.

See all translations of this verse →

وَٱللَّهُ خَلَقَكُم مِّن تُرَابٍ ثُمَّ مِن نُّطْفَةٍ ثُمَّ جَعَلَكُمْ أَزْوَٰجًا وَمَا تَحْمِلُ مِنْ أُنثَىٰ وَلَا تَضَعُ إِلَّا بِعِلْمِهِۦ وَمَا يُعَمَّرُ مِن مُّعَمَّرٍ وَلَا يُنقَصُ مِنْ عُمُرِهِۦٓ إِلَّا فِى كِتَٰبٍ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn bͻͻ mo firii mfuturo mu, εna afei ahobaeε mu εna Ɔyεε mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε). Sε ͻbaa bi bɛnyinsεn anaasε ͻbεwoᴐ (ne nyinaa wͻ) Nenimdeε mu. Ԑmma sԑ yԑbԑma obi nkwa tenten anaa nenkwa so bԑteε (nenyinaa) wͻ Nwoma mu. Nokorε sε wei deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.

See all translations of this verse →

وَمَا يَسْتَوِى ٱلْبَحْرَانِ هَٰذَا عَذْبٌ فُرَاتٌ سَآئِغٌ شَرَابُهُۥ وَهَٰذَا مِلْحٌ أُجَاجٌ وَمِن كُلٍّ تَأْكُلُونَ لَحْمًا طَرِيًّا وَتَسْتَخْرِجُونَ حِلْيَةً تَلْبَسُونَهَا وَتَرَى ٱلْفُلْكَ فِيهِ مَوَاخِرَ لِتَبْتَغُوا۟ مِن فَضْلِهِۦ وَلَعَلَّكُمْ تَشْكُرُونَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailϽpo mmienu no (mu nsuo) nnyε pε; wei yε abodwo (suo a) ne nom yε dε, wei nso yε nkyenenkyene nyononyonoonyon. Emu biara mu no (monya) nam mono a moweε firi mu, san yi mpempranneε a mode siesie moho firi mu. Mohunu nsuo mu hyεn nso sε εnam asorͻkye mu, sεdeε mode bεhwehwε N’adom na anka mobɛyi (no) ayε.

See all translations of this verse →

يُولِجُ ٱلَّيْلَ فِى ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِى ٱلَّيْلِ وَسَخَّرَ ٱلشَّمْسَ وَٱلْقَمَرَ كُلٌّ يَجْرِى لِأَجَلٍ مُّسَمًّى ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمْ لَهُ ٱلْمُلْكُ وَٱلَّذِينَ تَدْعُونَ مِن دُونِهِۦ مَا يَمْلِكُونَ مِن قِطْمِيرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailϽma anadwo wura adekyeԑ mu ԑna Ͻma adekyeԑ nso wura anadwo mu, ԑna Wama awia ne bosome abrԑ wᴐn ho ase. Wᴐn mu biara nam wᴐ berԑ a yɛahyehyԑ so. Wei ne Nyankopᴐn, mo Wura no; Ͻno na ahennie no wᴐ no. Wᴐn a mofiri N’ákyi sufrԑ wᴐn no wᴐnni akyiresua aba hono mpo ho tumi.

See all translations of this verse →

إِن تَدْعُوهُمْ لَا يَسْمَعُوا۟ دُعَآءَكُمْ وَلَوْ سَمِعُوا۟ مَا ٱسْتَجَابُوا۟ لَكُمْ وَيَوْمَ ٱلْقِيَٰمَةِ يَكْفُرُونَ بِشِرْكِكُمْ وَلَا يُنَبِّئُكَ مِثْلُ خَبِيرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mosu frε wͻn a wͻnte mo sufrε; sε wᴐte mpo a wᴐnnye mo so. Atemuda no wͻbεpo sε mode wͻn bataa (Onyankopͻn) ho no. (Saa Da no) obiara ntumi mmͻ mo amaneε tesε deε Biribiara ho Nimdefoͻ no bεbͻ mo (amaneε) no.

See all translations of this verse →

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ أَنتُمُ ٱلْفُقَرَآءُ إِلَى ٱللَّهِ وَٱللَّهُ هُوَ ٱلْغَنِىُّ ٱلْحَمِيدُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAdasamma, mo na mohia Nyankopͻn, na Onyankopͻn deε Ɔne Ͻdefoᴐ no, Ɔne Ayɛyie Wura no.

See all translations of this verse →

إِن يَشَأْ يُذْهِبْكُمْ وَيَأْتِ بِخَلْقٍ جَدِيدٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Ɔpε a Ɔbɛyi mo afiri hͻ na Ɔde abɔdeε foforͻ aba (abɛsi moanan mu).

See all translations of this verse →

وَمَا ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ بِعَزِيزٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa εno deε εnyε den mma Nyankopͻn koraa,

See all translations of this verse →

وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٌ وِزْرَ أُخْرَىٰ وَإِن تَدْعُ مُثْقَلَةٌ إِلَىٰ حِمْلِهَا لَا يُحْمَلْ مِنْهُ شَىْءٌ وَلَوْ كَانَ ذَا قُرْبَىٰٓ إِنَّمَا تُنذِرُ ٱلَّذِينَ يَخْشَوْنَ رَبَّهُم بِٱلْغَيْبِ وَأَقَامُوا۟ ٱلصَّلَوٰةَ وَمَن تَزَكَّىٰ فَإِنَّمَا يَتَزَكَّىٰ لِنَفْسِهِۦ وَإِلَى ٱللَّهِ ٱلْمَصِيرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa obi a ͻso adesoa no nsoa obi foforͻ adesoa. Sε obi a ͻso adesoa a emu yε duro frε ͻfoforͻ (sε ͻmmoa no) na ͻyε nebusuani mpo a, (ontumi) nsoa (n’adesoa no) mu hwee. (Nkͻmhyεni), obi a bͻ no kͻkͻ ne wͻn a wͻsuro Onyankopͻn wͻ nsumaeε mu na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu. Na obi a ͻte (ne kraa) ho no, ͻte (ne kraa) no ho dema ͻno ara ne ho. Na Onyankopͻn hͻ ne (biribiara) nkyi.

See all translations of this verse →

وَمَا يَسْتَوِى ٱلْأَعْمَىٰ وَٱلْبَصِيرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnifrani ne obi a ɔhunu adeε nyε pε.

See all translations of this verse →

وَلَا ٱلظُّلُمَٰتُ وَلَا ٱلنُّورُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa esum ne εhan nso (nyε pε).

See all translations of this verse →

وَلَا ٱلظِّلُّ وَلَا ٱلْحَرُورُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara nso na enwunu ne ͻhyew (nyε pε).

See all translations of this verse →

وَمَا يَسْتَوِى ٱلْأَحْيَآءُ وَلَا ٱلْأَمْوَٰتُ إِنَّ ٱللَّهَ يُسْمِعُ مَن يَشَآءُ وَمَآ أَنتَ بِمُسْمِعٍ مَّن فِى ٱلْقُبُورِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAwufoͻ ne ateasefoͻ nso nyε pε. Nokorε sε Nyankopͻn ma obi a Ɔpε te, na wontumi mma wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no nte asεm.

See all translations of this verse →

إِنْ أَنتَ إِلَّا نَذِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), w’asεdeε ara ne sε woyε kͻkͻbͻni.

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَٰكَ بِٱلْحَقِّ بَشِيرًا وَنَذِيرًا وَإِن مِّنْ أُمَّةٍ إِلَّا خَلَا فِيهَا نَذِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεde Nokorε no na asoma wo sε anohoba ne kͻkͻbͻ bᴐfoᴐ. Ͻman biara so (yεsomaa) kͻkͻbͻni kͻͻ wͻn hͻ,

See all translations of this verse →

وَإِن يُكَذِّبُوكَ فَقَدْ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ جَآءَتْهُمْ رُسُلُهُم بِٱلْبَيِّنَٰتِ وَبِٱلزُّبُرِ وَبِٱلْكِتَٰبِ ٱلْمُنِيرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻbu wo nkontomponi a, saa ara na wͻbuu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no nkontompofoͻ. Wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no ne Nyamesεm no ne Nwoma pefee no brεε wͻn.

See all translations of this verse →

ثُمَّ أَخَذْتُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ فَكَيْفَ كَانَ نَكِيرِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Mesͻͻ wͻn a wͻpoeε no mu; na sεdeε M’abufuhyeε siteε.

See all translations of this verse →

أَلَمْ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءً فَأَخْرَجْنَا بِهِۦ ثَمَرَٰتٍ مُّخْتَلِفًا أَلْوَٰنُهَا وَمِنَ ٱلْجِبَالِ جُدَدٌۢ بِيضٌ وَحُمْرٌ مُّخْتَلِفٌ أَلْوَٰنُهَا وَغَرَابِيبُ سُودٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWonhunuu sε Onyankopͻn sane nsuo firi soro, dema nnuaba puepue a εho sononko-sononko, εna mmepͻ mu nso akwan fufuo ne kͻkͻͻ a egu sononko-sononko wͻ mu, (ebi) nso yε tuntum.

See all translations of this verse →

وَمِنَ ٱلنَّاسِ وَٱلدَّوَآبِّ وَٱلْأَنْعَٰمِ مُخْتَلِفٌ أَلْوَٰنُهُۥ كَذَٰلِكَ إِنَّمَا يَخْشَى ٱللَّهَ مِنْ عِبَادِهِ ٱلْعُلَمَٰٓؤُا۟ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ غَفُورٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara nso na nnipa ne nkekaboa ne nyεmmoa nso gu sononko-sononko. Wͻn a wͻsuro Nyankopͻn wͻ ne nenkoa no mu ne nwomanimfoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Bͻnefakyε Hene.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ يَتْلُونَ كِتَٰبَ ٱللَّهِ وَأَقَامُوا۟ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَنفَقُوا۟ مِمَّا رَزَقْنَٰهُمْ سِرًّا وَعَلَانِيَةً يَرْجُونَ تِجَٰرَةً لَّن تَبُورَ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε wͻn a wͻkenkan Nyankopͻn Nwoma no na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu na wͻyi deε Yɛde abͻ wͻn akonhoma no mu bi ma wͻ kokoa mu ne badwa mu no, wͻrehwehwε adwadie a εka bͻ biara nni ho no.

See all translations of this verse →

لِيُوَفِّيَهُمْ أُجُورَهُمْ وَيَزِيدَهُم مِّن فَضْلِهِۦٓ إِنَّهُۥ غَفُورٌ شَكُورٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Ɔbɛtua wͻn so ka pεpεεpε na Ɔde N’adom no bi bεka ho ama wͻn. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِىٓ أَوْحَيْنَآ إِلَيْكَ مِنَ ٱلْكِتَٰبِ هُوَ ٱلْحَقُّ مُصَدِّقًا لِّمَا بَيْنَ يَدَيْهِ إِنَّ ٱللَّهَ بِعِبَادِهِۦ لَخَبِيرٌۢ بَصِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNwoma no mu deε Yɛayi akyerε woͻ no εno ne nokorε no a εrehyε deε edi n’anim kan no ma. Nokorε sε Onyankopͻn ani tua N’akoa, na Ɔhu biribiara.

See all translations of this verse →

ثُمَّ أَوْرَثْنَا ٱلْكِتَٰبَ ٱلَّذِينَ ٱصْطَفَيْنَا مِنْ عِبَادِنَا فَمِنْهُمْ ظَالِمٌ لِّنَفْسِهِۦ وَمِنْهُم مُّقْتَصِدٌ وَمِنْهُمْ سَابِقٌۢ بِٱلْخَيْرَٰتِ بِإِذْنِ ٱللَّهِ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلْفَضْلُ ٱلْكَبِيرُ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAfei Yεde Yε’nkoa no mu bi a yɛyii wͻn bɛdii Nwoma no akonwa; wͻn mu bi yԑε bͻne tiaa wᴐn ho, na ebinom nso (dwumadie) yε hͻ-ne-hͻ, na wᴐn mu bi nso di papayᴐ ho akansie wᴐ Nyankopᴐn pε mu, εno ne adom kεseε no.

See all translations of this verse →

جَنَّٰتُ عَدْنٍ يَدْخُلُونَهَا يُحَلَّوْنَ فِيهَا مِنْ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبٍ وَلُؤْلُؤًا وَلِبَاسُهُمْ فِيهَا حَرِيرٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa nkorͻfoͻ no) bεkͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu, na yεde sika kͻkͻͻ mpͻkoa ne nhwenepa bɛsiesie wͻn na wͻbɛfira kyeme ntoma pa wͻ hͻ.

See all translations of this verse →

وَقَالُوا۟ ٱلْحَمْدُ لِلَّهِ ٱلَّذِىٓ أَذْهَبَ عَنَّا ٱلْحَزَنَ إِنَّ رَبَّنَا لَغَفُورٌ شَكُورٌ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wayi awerεhoͻ afiri yεn soͻ. Nokorε sε, Yɛn wura ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.

See all translations of this verse →

ٱلَّذِىٓ أَحَلَّنَا دَارَ ٱلْمُقَامَةِ مِن فَضْلِهِۦ لَا يَمَسُّنَا فِيهَا نَصَبٌ وَلَا يَمَسُّنَا فِيهَا لُغُوبٌ

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Onyankopͻn) no ara N’adom mu no Ɔde yεn atena Daa asetena yi mu na ͻberε nto yεn, na ͻhaw nso mma yεn soͻ.

See all translations of this verse →

وَٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ لَهُمْ نَارُ جَهَنَّمَ لَا يُقْضَىٰ عَلَيْهِمْ فَيَمُوتُوا۟ وَلَا يُخَفَّفُ عَنْهُم مِّنْ عَذَابِهَا كَذَٰلِكَ نَجْزِى كُلَّ كَفُورٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻyi boniayε no nso wͻ Amanehunu gya; yεnhyehyεε εberε mmaa wͻn sε wͻbɛwu (wͻ Ogya no mu), na yεngo emu asotwee no mu mma wͻn koraa. Saa ara na yɛtua (onipa) biara a oyi boniayε no so ka.

See all translations of this verse →

وَهُمْ يَصْطَرِخُونَ فِيهَا رَبَّنَآ أَخْرِجْنَا نَعْمَلْ صَٰلِحًا غَيْرَ ٱلَّذِى كُنَّا نَعْمَلُ أَوَلَمْ نُعَمِّرْكُم مَّا يَتَذَكَّرُ فِيهِ مَن تَذَكَّرَ وَجَآءَكُمُ ٱلنَّذِيرُ فَذُوقُوا۟ فَمَا لِلظَّٰلِمِينَ مِن نَّصِيرٍ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbɛsu esu denden wͻ mu {aka) sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, yi yεn (firi amane-hunu yi) mu, na ma yεnsan nkͻ wiase bio na) yɛbɛdi dwumapa a εnyε dwuma bͻne a na yɛdie no. (Onyankopͻn bεka sε): “Yɛamma mo nkwa tenten a anka obia ͻde bɛtu (neho) foͻ no (bɛtumi) de atu (neho) foͻ? Kͻkͻbͻni no nso baa mo hͻ”. Enti monka (mo dwumadie so aba) nhwε, na abͻneεfoͻ no deε wͻnnya boafoͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ عَٰلِمُ غَيْبِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ إِنَّهُۥ عَلِيمٌۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, Onyankopכn ne ͻsoro ne asaase so Nsumaeε mu Nimdefoͻ. Nokorε sε Ɔnim deε εwͻ akoma mu.

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِى جَعَلَكُمْ خَلَٰٓئِفَ فِى ٱلْأَرْضِ فَمَن كَفَرَ فَعَلَيْهِ كُفْرُهُۥ وَلَا يَزِيدُ ٱلْكَٰفِرِينَ كُفْرُهُمْ عِندَ رَبِّهِمْ إِلَّا مَقْتًا وَلَا يَزِيدُ ٱلْكَٰفِرِينَ كُفْرُهُمْ إِلَّا خَسَارًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase soͻ. Enti obi a ɔbɛyi boniayε no, ne boniayε no tia ͻno ara, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, gyesε abufuhyeε, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) gyesε berεguo.

See all translations of this verse →

قُلْ أَرَءَيْتُمْ شُرَكَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ تَدْعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَرُونِى مَاذَا خَلَقُوا۟ مِنَ ٱلْأَرْضِ أَمْ لَهُمْ شِرْكٌ فِى ٱلسَّمَٰوَٰتِ أَمْ ءَاتَيْنَٰهُمْ كِتَٰبًا فَهُمْ عَلَىٰ بَيِّنَتٍ مِّنْهُ بَلْ إِن يَعِدُ ٱلظَّٰلِمُونَ بَعْضُهُم بَعْضًا إِلَّا غُرُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa kyerε wͻn sε: ‘’Moahunu wͻn a mode wͻn bata (Nyankopͻn) ho na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wᴐn no? Monkyerε me deε wͻn abͻ wͻ asaase so, anaasε wͻn wͻ kyεfa wͻ ͻsoro? Anaasε yɛama wͻn nwoma bi a emu nkyerεkyerεmu na wͻnam soͻ? Aane; Nnebͻneεfoͻ no hyε wͻn ho wͻn ho bᴐ, nanso (wͻn bͻhyԑ no) yε nnaadaa.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱللَّهَ يُمْسِكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضَ أَن تَزُولَا وَلَئِن زَالَتَآ إِنْ أَمْسَكَهُمَا مِنْ أَحَدٍ مِّنۢ بَعْدِهِۦٓ إِنَّهُۥ كَانَ حَلِيمًا غَفُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Onyankopͻn na Ɔkuta ͻsoro ne asaase mu sεdeε ɛmfiri (netebea) hͻ. Nasε ɛfiri hͻ a, obiara nnihͻ a ɔbɛtumi asͻ mu ka Neho. Nokorε sε Ɔne Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Wura.

See all translations of this verse →

وَأَقْسَمُوا۟ بِٱللَّهِ جَهْدَ أَيْمَٰنِهِمْ لَئِن جَآءَهُمْ نَذِيرٌ لَّيَكُونُنَّ أَهْدَىٰ مِنْ إِحْدَى ٱلْأُمَمِ فَلَمَّا جَآءَهُمْ نَذِيرٌ مَّا زَادَهُمْ إِلَّا نُفُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻde Nyankopͻn dii wͻn nsedie akεseε no sε: “Sε kͻkͻbͻfoͻ bi baa wͻn hͻ a anka wͻbεyε ateneneefoͻ akyεn ͻman biara. Nanso ͻkͻkͻbͻni baa wͻn hͻ no wͻn annya nkͻsoͻ biara na mmom dwanee (na wͻdwanee nokorε no)-,

See all translations of this verse →

ٱسْتِكْبَارًا فِى ٱلْأَرْضِ وَمَكْرَ ٱلسَّيِّئِ وَلَا يَحِيقُ ٱلْمَكْرُ ٱلسَّيِّئُ إِلَّا بِأَهْلِهِۦ فَهَلْ يَنظُرُونَ إِلَّا سُنَّتَ ٱلْأَوَّلِينَ فَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَبْدِيلًا وَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَحْوِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεε akεsesεm wͻ asaase no so bͻͻ pͻ bͻne; na pͻ bͻne no, ɛnnya obiara na mmom deε ͻbͻͻ (pͻ bͻne no ara na εbenya) no. Enti deε wͻretwεn ara ne (asotwee) a εtoo tetefoͻ no (sεso)? Wonnya nsesaeε wͻ Onyankopͻn kwan no mu, na wonhunu nsakraeε nso wͻ kwan a Onyankopͻn atwa ato hͻ no so.

See all translations of this verse →

أَوَلَمْ يَسِيرُوا۟ فِى ٱلْأَرْضِ فَيَنظُرُوا۟ كَيْفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبْلِهِمْ وَكَانُوٓا۟ أَشَدَّ مِنْهُمْ قُوَّةً وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُعْجِزَهُۥ مِن شَىْءٍ فِى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِى ٱلْأَرْضِ إِنَّهُۥ كَانَ عَلِيمًا قَدِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeɛ? Na wͻn ho yε den sen wͻn wͻ tumi mu. Onyankopᴐn deε biribiara nnihͻ a etumi bu fa ne so wͻ soro anaasε asaase so. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoᴐ.

See all translations of this verse →

وَلَوْ يُؤَاخِذُ ٱللَّهُ ٱلنَّاسَ بِمَا كَسَبُوا۟ مَا تَرَكَ عَلَىٰ ظَهْرِهَا مِن دَآبَّةٍ وَلَٰكِن يُؤَخِّرُهُمْ إِلَىٰٓ أَجَلٍ مُّسَمًّى فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمْ فَإِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِعِبَادِهِۦ بَصِيرًۢا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε nka Onyankopͻn retwe nnipa aso (wiase ha) wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka εnka abͻdeε biara wͻ asaase no so, na mmom Ɔma wͻn berε dekɔsi εberε a yɛahyε ato hͻ no. Enti sε wͻn berε no so a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔhu Nenkoa no (nyinaa).

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70