Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Otumfoͻ) no a ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea no; Onni ba na Onni ᴐhokafoͻ biara wͻ N’ahennie no mu, Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara εna Wahyehyε nhyehyεε pa paa de ato ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐna wͻn afri N’akyi afa anyame a wͻmmͻ hwee, na wͻn ara mpo no yεbͻͻ wͻn, na wͻnni ͻhaw anaasε mfasoͻ bi ho tumi de ma wͻn, na wͻnni owuo anaasε nkwa anaa owusͻreε ho tumi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻnnye nie no ka ne sε: ”Woi deε εyε nkontompo, ͻbͻͻ ne trim, nkorͻfoͻ foforͻ bi na aboa no“. Ampa sε (boniayεfoͻ no) de bͻne ne nkontompo paa na aba.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nea Onim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm no na Osiane baeε. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻka ne sε: “Ɔsomafoͻ bεn ni na odi aduane, na ͻnenam edwam yi? Adεn nti na yɛnsiane Soro abͻfoͻ mεka ne ho na ͻne no mmͻ kͻkͻ no?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε (adεn na) yεmma no sika dwetire bi, anaasε turo bi a ɔbɛdidi mu“. Deε abͻneεfoͻ no ka ne sε: “Onipa a konya anya no na moredi n’akyire “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNhyira Wura no ne Nea sε Ɔpε a Ɔbεma wo deε εyε kyεn saa (a εne) Aheman a nsubͻnten nenam aseε, na Ɔbεyε abansoroͻ akεseε nso ama wo.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻpε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻbεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔ ho mpaeε srε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkronfoͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Me nkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻyera firii ͻkwan (tenenee) no soͻ?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻbεka sε: “Kronkron Hene ne Wo. Na yɛnni ho kwan sε yɛfiri W’akyi fa akyitaafoͻ, nanso Womaa wͻne wͻn agyanom ahotͻ kͻpem sε wͻn werε firii Afutusεm no, na wͻkͻyεε nnipa a wͻn asopa (anaasε ayerafoͻ} “
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (mo ho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yεbεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yɛdii w’anim kan somaa wͻn no nyinaa nokorԑ sԑ na wͻdi aduane, na wͻnante wͻ dwam. Yɛayε mo mu binom nsᴐhwԑ ama mo mu bi de hwԑ sԑ mobɛsi aboterε anaa? Wo Wura Nyankopͻn deε Ohunu biribiara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻnni anidaasoͻ sε wͻne Yεn behyia no keka ne sε: “Adεn nti na yɛnsiane Soro abͻfoͻ ma yεn, anaa yɛnhunu yɛ Wura Nyankopͻn no? Ampa sε wͻn ara ama wͻn ho so, na wͻate atua ama no aboro so kεse.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a wͻbɛhunu Soro abͻfoͻ no, saa da no εnyε asεmpa mma abͻneεfoͻ no. (Soro abͻfoͻ no) bεka sε: “Moma εhyeε kεseԑ nna (wͻn ne Soro Aheman mu foͻ no ntεm)“
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa Da no na (onipa) bͻnefoͻ no bεka ne nsa aka sε: “Mehunui a anka mekaa Ɔsomafoͻ no ho ne no faa kwan (pa) no so.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Ampa paa sε wama mayera afri Afutusεm no ho wͻ berε a yεde berεε me no. Ͻbonsam (yε obi a) odi onipa hwammͻ paa”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Yεmaa Nkͻmhyεni biara tamfo wͻ abͻneεfoͻ no mu. Nanso wo Wura Nyankopͻn som bo (ma wo) sε Ɔkwankyerεfoͻ ne Ͻboafoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻn a wͻnnye nnie no ka ne sε: “Adεn nti na yensiane Qur’aan no mmͻ mu mma no prεko?” (Yesiane no saa) sεdeε εbεma w’akoma agyina pintinn, na Yεkenkan (Qur’aan no ma wo) nkakra nkakra, hyehyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), mfatoho biara a wͻde bεba (abεko atia) woͻ (anaa wͻde bɛsum wo fidie) no, Yεde nokorε no a (wode bɛyi wͻn ano) ne nkyerεkyerεmu pa paa bεberε wo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a yεbεboa wͻn ano (wͻ Atemmuda ama wͻn anante) wͻ wͻn anim akͻ Amane-hunu gya no mu no, wͻn na wͻn wͻ gyina berε bͻne mu paa, na wͻn na wͻn ayera afri kwan (tenenee) no soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNoa nkorͻfoͻ no nso, εberε a wͻbuu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ no, Yεmaa nsuo faa wͻn. Yεde wͻn yεε nsεnkyerεnee anaasε adesua maa adasamma. Abͻneεfoͻ no deε Yɛasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε (Quraishfoͻ) kͻtwam wͻ kuro no a Yεtͻͻ nsutͻ bͻne guu wͻn soͻ no mu. Enti εyaa na wͻnhu anaa? Daabi, wͻn ani nna Owusͻreε (da) no so.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐkaa kakraabi sε, sε yɛannya aboterε a anka ͻyeraa yεn frii yεn anyame no ho”. Ɛberε a wͻbɛhunu asotwee no na wͻbɛhunu obi a wayera afiri ͻkwan pa no soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn si fa twe sunsum mu. Sε Ɔpε a anka Ɔbεma no agyina faako. Nanso Yεde awia ayε kwankyerε (anaa nyinasoͻ) ama no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ) no anim kan, εna Osiane nsuo a εho teε fri soro, -
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Wama ͻpo mmienu no kwan ma no tenee; woi yε dε, dεdεεdε, εna woi nso yε nkyenekyene εyε nyono, εna Wayε εhyeε ne akwansideε ato ne mmienu ntεm.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Memmisa (afutuo a mede ma mo no) ho akatua, na mmom (deε mehia ne) sε obi a ͻpε bεfa ne Wura Nyankopͻn kwan no soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNea Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, na Ɔde Ne ho sii Tumi Ahennwa no soͻ, Ahummͻborͻ Hene no, Ɔne (Otumfoͻ) a N’ani tua biribiara no, enti bisa no (w'ahiasεm biara).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε yεka kyerε wͻn sε, monfa mo anim mutu fͻm ma Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a, deε wͻka ne sε: “Hwan ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a worehyε yεn sε yεnfa y’anim mutu fͻm ma no no? Nkͻsoͻ a wͻnya ara ne sε wͻdwane (nokorε no).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Wama adesaeε ne adekyeε di wͻn ho akyi (sԑ nsԑnkyerԑnee) de ma obia ͻpε sε ͻkaekaeε anaasε ͻpεsε oyi (Nyankopͻn) ayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMmͻborͻhunufoͻ Hene no asomfoͻ no ne wͻn a wͻde ahobraseε nam asaase soͻ; sε abagyimifoͻ no bi (de kasa bͻne bi) kasa wͻn ho a, deε wͻka ne sε: “Asomdweε”,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a wͻnsu mfrε anyame foforͻ biara ka Nyankopͻn ho, na wͻnkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum anaa Wayε no kronkron), na mmom gyesε ne kwan so; na wͻmmͻ adwamman. Obi a ͻbεyε saa no, ͻbɛhyia bͻne so asotwee,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailGyesε obia ͻbεsakra n’adwen na wagye adie na wadi dwuma pa. Saa nkorͻfoͻ no deε Nyankopͻn bεdane wͻn bͻne no ayε no papa (ama wͻn). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a, sε yεrekenkan wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no (Qur’aan) kyerε wͻn a wͻnnyε wͻn ho asosifoͻ ne anifirafoͻ wͻ ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe wͻn a (wͻbͻ mpaeε) ka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yԑsrԑ Wo sԑ,) dom yԑn ma y'ayerenom ne yεn mmanom nyԑ wᴐn a wͻbεkyekyere yεn werε, na ma yεn nyε Nyamesurofoͻ no akandifoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no na ԑnam wᴐn abotrԑ nti, yεde adan akԑseԑ bɛtua wᴐn ka. Yεde nkyea ne asomdwoeε na εbehyia wͻn wͻ (Aheman no) mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKa sε: “Sε εnyε mo mpaebͻ (a mobͻ de srε Nyankopͻn a) anka Nyankopͻn mfa mo ho. Na ampa sε moafa (asεm) no nkontompo no deε, sε εteε biara asotwee no deε εbεyε hͻ (anaasε monsa bεka).