Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a me fri Ne hͻ ma mo:-
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yɛahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻkata wͻn akoma so de (ͻtan) suma. Nokorε sε, εberε a wͻde wͻn ntoma akata wͻn ho no mpo Onim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε Ɔno ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbͻdeε a εwͻ asaase so biara akͻnhoma da Nyankopͻn so; Onim faako a ͻteε ne (berε a ͻwͻ awodeε mu), ne bea a ͻbewuo, ne n’adakamena mu. Biribiara wͻ Nwoma pefee (Lawhul Mah’fuuz) no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, na Ne tumi ahennwa no wͻ nsuo no so; sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε sε mo mu hwan na odi dwuma pa paa. Sε woka kyerε wͻn sε: ‘’Mo wuo akyi no yεbɛnyane mo a, wͻn a wͻnnye nnie no asεm a wͻka ne sε: ‘’Woi deε εyε nkonyaa anaasε nnaadaa pefee “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεtwentwεn asotwee no so dekͻ berε bi a yɛahyε a, deε wͻka ne sε: ‘’Ɛdeεn na asi (asotwee no) ho kwan?” Nokorε sε, Ɛda a εbεba wͻn soͻ no, biribiara ntumi nnane no mfri wͻn so, na deε wͻdii ho fεw no bɛtwa wͻn ho ahyia.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεma onipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε, na afei Yɛyi (ahummͻborͻ no) fri ne so a, afei hwε, na wapa aba, reyi (Nyame) boniayε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε Yεma no ka adom bi hwε wᴐ ᴐhaw bi a ato no akyi a, deε ͻka ne sε: “Bͻne (anaasε ͻhaw) no afri me so kͻ“. Nokorε na wayε ahomasoͻ, retu ne ho.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Quraishfoͻ no reha wo sԑdeԑ) ebia wobɛgyae deε yɛayi ama woͻ no mu bi na wᴐde ama w’akoma asεe, efrisε wͻka sε: ‘’Adεn nti na yɛnsiane ahonyadeε bi mma no, anaasε Soro abͻfoͻ bi mεka ne ho?” (W’adwuma ara ne sε) woyε kͻkͻbͻni. Onyankopͻn na biribiara twere no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaa wͻka sε: “Wabͻ wo trim (na atwerε Qur’aan no)?” Ka sε: ‘’Monfa nesεso Suura’ du a yɛabͻ yɛ trim (na atwerε) mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobɛtumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn amma mo mmuaeε a, εneε monhunu sε Nyankopͻn nimdeε mu na yεde sianee (saa Qur’aan yi). Awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻpε wiase asetena yi ne emu afεεfεdeε no, Yεhyε wͻn dwumadie no ho akatua no mma pεpεεpε wͻ (wiase) mu dema wͻn, na yεnte so koraa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no na wͻnni (kyεfa biara) wͻ Daakye no mu no, gyesε Amanehunu gya; deε wͻyεε no wͻ (wiase yi) mu no (nyinaa) ayε kwa, na dwuma a na wͻdie no ho amma mfasoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (saa nkorᴐfoᴐ no tesε) obi a ͻwͻ nyinasoͻ pefee a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ͻdanseni a ofri Nyankopͻn hͻ no kenkan, na Mose Nwoma a εyε kwankyerε ne Ahummͻborͻ adi n’anim kan? Saa nkorͻfoͻ yi gye di. Na nnipa kuo no mu biara a wannye annie no Amanehu gya no mu na yɛahyε no ho bͻ. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta wͻ ho, efrisε, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, nanso nnipa pii nnim.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ? Yεde saa nkorͻfoͻ no bεba Nyankopͻn anim, na (Soro abͻfoͻ) adansefoͻ no bεka sε: ‘’Saa nkorͻfoͻ yi na wɔtwaa nkotompo too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no. Enti Nyankopͻn nomee nka nnipa bͻnefoͻ no-
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻsi (amanfoͻ) kwan fri Onyankopͻn kwan so hwehwε sε (Onyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no wͻ Daakye.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa nkorͻfoͻ no nni tumi sε wͻbεma (Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase so, na Nyankopͻn akyi nso wͻnni okyitaafoͻ biara. Yεde asotwee no bεbͻ ho ama wͻn. Wͻn antumi anya (adaagye) antie (Nokorε), na wͻn anya ani anhu (kwan tenenenee no nso).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa, na wͻbrε wͻn ho ase ma wͻn Wura Nyankopͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no a wͻnnye nnie no kaa sε: ‘’Deε yɛhu woͻ ara nesε woyε nipa tesε yεn ara, na yɛnhu (nnipa a wͻdi mmu biara) sε yεn mu mpapahwekwa a wͻnni adwen na edi w’akyi. Na yɛnhu deε mode kyεn yεn, enti yεdeε yεdwene sε moyε atorofoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNoa kaa sε: ‘’Me nkorͻfoͻ moahunu, enti sε megyina nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ no so, na Wama me ahummͻborͻ a efiri Ne hͻ, εna yɛafira mo ani wᴐ ho a, enti yεnhyε mo (ma monnye ntum) aberε a mompε?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe nkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεm a meka kyerε mo no) ho sika. M’akatua deε εwͻ Nyankopͻn hͻ; na mempamo wͻn a wͻagye adie no. Nokorε sε, wͻbɛhyia wͻn Wura Nyankopͻn, nanso mehu mo sε nnipa bi a mo ti awuo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasԑ menim kokoa mu asεm, mennka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ, εna mennkaa nso sε, wͻn a mobu wͻn animtia wᴐ moanisoͻ no Nyankopͻn mma wͻn papa. Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn mu. (Sε maka nsεm bi saa akyerε mo a), εneε na anka meka abͻneεfoͻ no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ne nkorͻfoͻ no) kaa sε: ”Noa, wone yεn agye akyinnye paa ama wone yεn akyinnyeε no adͻͻso dodo, enti fa deε wahyε yεn ho bͻ no bra yεn so, sε woyε nokwafoͻ ampa a”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε mepεsε metu mo fo mpo na Nyankopͻn pεsε Ɔyera mo a, m’afutuo no ho mma mfasoͻ biara mma mo. Ɔno ne mo Wura Nyankopͻn no, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAnaasε (Nkͻmhyεni), wͻka sε: “Wabͻ wo tri mu (na watwerε Quraan) no?” Ka sε: “Sε mebͻͻ me tri mu ampa a, me bͻne da me ara me so; na medeε menka bͻne a moyε no ho.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYɛyi kyerεε Noa sε: “Nokorԑ sԑ wo nkorͻfoͻ no nnye nni (bio) gyesε wͻn mu wͻn a wͻadikan agye adi no ara; na εmma wo werε nho wͻ deε wͻreyε no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti pam nsuom hyεn ma εwͻ yεniso εne sεdeε Yɛyi kyerεε (woͻ no). Na hwε na wo ne me ankasa amma abͻneεfoͻ no. Nokorε sε nsuo bεfa wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOgu so repam nsuo mu hyεn no, εberε biara a ne nkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no bεba abɛtwam wͻ ne ho no na wͻredi ne ho fεw. (Noa) kaa sε: “Sε moredi yεn ho fεw (nnε) a, yεnso yεbɛdi mo ho fεw (ͻkyena) sεdeε moredi yεn ho fεw no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɛkͻͻ so) kosii sε, Yɛahyεdeε no ba maa nsuo puepue frii fononoo no mu. Yεkaa sε: ”(Noa), fa biribiara mmienu-mmienu (onini ne ͻbedeε) ne w’abusuafoͻ ne wͻn a wͻagye adie no kͻ (nsuom nhyεn no mu) gyesε obi a, asεm no nokorε adikan atia no. Nanso (nnipa) kakraabi na wͻgye di kaa ne ho.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Noa) ka kyerεε (wͻn a wͻagye adie no) sε: “Monfa Nyankopͻn din mforo; (Onyankopͻn din) na ede bɛtuo, εno na εde bεto sεkyε anaasε εde bɛgyina. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nsuom hyεn no) de wͻn nantee asorͻkye a εtesε mmepͻ no mu. Noa frεε ne ba a (saa berε no) na wate ne ho (gyina baabi) sε: “Me ba, bεka yεn ho ne yεn mforo (nsuom hyεn no), na hwε na wankͻka boniayεfoͻ no ho”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ne ba no) kaa sε: “Mεbͻ me ho adwaa wͻ bepͻ bi so na εbεbͻ me ho ban afri nsuo no ho”. (Noa) kaa sε: “Ɛnnε da yi biribiara ntumi mmͻ (obi) ho ban wͻ Nyankopͻn ahyεdeε ho, gyesε obi a (Nyankopͻn) ahu no mmͻbͻ”. Asorͻkye bͻ bɛtwaa wͻn mmienu ntεm, enti ͻkͻkaa wͻn a nsuo faa wͻn no ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεkaa sε: “Asaase, memene wo nsuo no; ͻsoro, ma ewiem nte hann (na gyae nsuo no tͻ), na nsuo no twae, na Nyankopͻn ahyεdeε no baa mu, na (εhyεn no) kͻgyinaa wͻ (bepͻ) Judi ho. Na yεkaa sε: “Nnebͻneεfoͻ no mfri hͻ nkͻ akyirikyiri!”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNoa su frεε ne Wura Nyankopͻn, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε me ba ka m’abusuafoͻ ho, na Wobͻhyε deε εyε nokorε na Wo ne atemmufoͻ no mu Otemmufoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Onyankopͻn) kaa sε: “Noa, nokorε sε ͻnka w’abusuafoͻ ho; nokorε sε ne dwumadie nyε dwumadi pa, enti hwε na wammisa Me adeε a wonni ho nimdeε ho asԑm. Meretu wo fo na wankͻka abagyimifoͻ no ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Noa) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Wo hͻ sε mabisa Wo adeε a menni ho nimdeε; enti gyesε Wode mebͻne kyε me na Wohu me mmͻbͻ anyε saa a mεka berεguofoͻ no ho”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailYεkaa sε: “Noa, fa asomdwoeε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻka wo ho no so, ne wͻn a wͻfri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yεbεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkͻmhyεni), woi yε nsumaeε mu amaneε na Yεreyi no adi akyerε woͻ. Ɛnyε adeε a na anka wo anaasε wo nkorͻfoͻ no nim saa (asεm) yi dada. Enti nya aboterε, na nokorε sε awieε (pa) no wͻ Nyamesurofoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe nkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεmpa a mereka no) ho akatua. Onyankopͻn a Ɔbͻͻ me no hͻ na m’akatua wͻ. Enti monte aseε anaa?
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMe nkorͻfoͻ, monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ, (sε moyε saa a) Ɔbεma nsuo atͻ ama no abuso ama mo, na Ɔde ahoͻden foforͻ aka mo ahoͻden ho, na monhwε yie na moanfa bͻne anane mo ho ankͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Huud, wonfaa nyinasoͻ pefee biara mmerεε yεn; na yεn mpo yɛnnyae yεn anyame no (som) mmedi w’asεm akyi, na yεnnye wo nni mpo.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε yεreka ara nesε,:”Y’abosom no bi de biribi bͻne bi ayε wo“. (Huud) kaa sε: “Mefrε Nyankopͻn sε, oni adanseε (ma me) na monso moni adanseε sε, medeε menka mo mmataho no a -,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorԑ sԑ, medeε me Wura, ne monso mo Wura Nyankopͻn no na mede me ho to no soͻ. Abͻdeε a εnam asaase soͻ no mu biara, Onyankopͻn na Ɔwͻ ne so tumi. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻwͻ ͻkwan tenenee soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε modane moho kͻ a, ampa sε, mabͻ asεm a yεde somaa me sε menfa mmrε mo no ho dawuro akyerε mo. Na me Wura Nyankopͻn de nnipa foforͻ bεba abɛsi mo anan mu, na montumi nyε no hwee. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻhwε biribiara soͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐberε a Yɛahyεdeε baeε no, Yεde ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ no gyee Huud ne wͻn a wͻagye adie aka ne ho no, na Yεgyee wͻn frii asotwee a emu yε duro no mu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na Aadfoͻ nso, wͻko tiaa wͻn Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee, na wͻyεε asoͻden tiaa N’asomafoͻ no, na wͻdii ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ biara ahyεdeε akyi.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnomee dii wͻn akyi wͻ wiase ha ne Wusͻreε da. Akyinnyeε biara nni ho sε Aadfoͻ no nso poo wͻn Wura Nyankopͻn . Enti (yɛyii) Aad, Huud nkorͻfoͻ no frii hͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSamuudfoͻ nso (yεsomaa) wͻn nua Soalhu (maa no kͻͻ wͻn hͻ) sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Ɔno na Ɔbͻͻ mo frii asaase mu, εna Ɔde mo tenaa soͻ. Enti monsrε Ne hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε me Wura Nyankopͻn bεn (N’akoa), na Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Soalhu, ampa sε wo ne (onipa a) na anka yɛani da wo so wͻ yεn mu ansa na (wode) woi (reba). Enti worebra yεn sε yεnnnsom deε y’agya nom somoeε? Nokorε sε y’adwen yε yεn ntanta, na ensi yεn pi wͻ deε worefrε yεn kͻ no ho“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Soalhu) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ moahu? Enti sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ so, na Wama me ahummͻborͻ a efri Ne hͻ a, εneε na hwan ne obi a ͻbεboa me ako atia Onyankopͻn, sε meyε (N’asεm ho) asoͻden a? Ɛneε na deε mode bεka me ho ara ne berεguo “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Me nkorͻfoͻ, Nyankopͻn yoma bedeε yi yε nsεnkyerεnee ma mo, enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε yie na moanyε no bͻne (biara), anyε saa a asotwee a abεn no bεto mo“.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εberε a Y’ahyεdeε no baeε no, Yεde ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ gyee Soalhu ne wͻn a wͻagye adi aka ne ho no frii saa da no animguaseε no mu. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ no, na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa nso sε Y’asomafoͻ no de anigyesεm no brεε Abraham. Wͻkaa sε: “Asomdwoeε” (de kyeaa Abraham), ͻno nso kaa sε: Asomdwoeε (de yii wͻn nkyea no ano); (Abraham) yεε ntεm de nantwi nam a yɛatoto bae (bεsom wͻn ahͻhoͻ).
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Saa berε no) na ne yere gyina hͻ, na ͻseree; na yεde Is’haaq (awoͻ) ho bͻhyε hyεε no bͻ; na Is’haaq akyiri no Ya’quub (na ͻbεtͻ so ayε wo nana).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAbͻfoͻ no kaa sε: ‘’Onyankopͻn ahyεdeε na εyε wo nwanwa? Onyankopͻn ahummͻborͻ ne Ne nhyira wͻ mo so, efie ha foͻ. Nokorε sε, Ɔne Ayeyie Hene ne Animuoyam Hene no.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Abͻfoͻ no kaa sε) Abraham, gyae (kyεw pa) no, efrisε ampa sε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no anya aba. Nokorε sε, asotwee no bεba wͻn so a yεtwe san a εnyε yie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐberε a Y’abͻfoͻ no baa Lut hͻ no, ne werε ho maa wͻn (abͻfoͻ no, εnam kuro no mu foͻ adwen bͻne nti), na onni tumi sε (ͻbetumi abͻ wͻn ho ban). Deε ͻkaeε ne sε: “Saa da yi yε da bͻne “.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe nkorͻfoͻ no de ahoͻherε baa ne hͻ; na ansa na saa (asεm yi reba no) na wͻyԑ nneyԑԑ bͻne. (Lut) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ, me mma mmaa ni, wͻn na wͻn ho te ma mo. Enti monsuro Nyankopͻn na monhwε na moannwu m’anim ase wͻ m’ahͻhoͻ yi anim. Enti onipa teneneeni baako mpo nni mo mu?”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Lut) kaa sε: ”Na anka me wͻ ahoͻden bi a metumi de asi mo (dwumadi bɔne yi) ho kwan, anaasε menya mmoa kεseε bi (de asi mo kwan)
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Abͻfoͻ no) kaa sε: “Lut, nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn abͻfoͻ. Na (nnipa bͻnefoͻ no) nsa nka wo. Enti fa wone w’abusuafoͻ no na montu kwan anadwo fa yi, na monhwε yie na mo mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi; na mmom wo yere no deε, nokorε sε deε εbεto wᴐn no bi bεto no; εberε a yɛahyε de ama ne anɔpa. Anɔpa nyε (berε a) εbεn anaa?”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Y’ahyεdeε no baeε no Yεdanee (kuro no) ani butuu no, tͻͻ aboͻ a εyε ogya nsuo a εtoatoa soͻ de guu wͻn so;
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMadiyanfoͻ no nso (yεsomaa) wɔn nua Shu’aib (kͻͻ wͻn hͻ). Ɔka kyerεε wɔn sε: ‘’Me nkorͻfoͻ, monsom mo Wura Nyankopᴐn (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Monhwε yie na moante adeε a mohyε (no wͻ bͻtͻ anaa konku mu) ne deε mode nsania susuo no so; mahunu sε moanya mo ho deε, nanso mesuro εda a asotwee betwa mo ho ahyia no ma mo “.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Me nkorͻfoͻ, moma deε mohyε (no mmͻtͻ ne konku mu), ne deε mode nsania susuo no nyε pεpεεpε, na monhwε na moammͻ amanfoͻ nyansa korͻno. Na monnni nsεmmͻne wͻ asase so mma bͻneyε nntͻ nnkͻ so“.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“(Sε modi nokorε ma amanfoͻ) a, Onyankopɔn deε a εbεka ama mo no, εno na εyε ma mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. Na medeε menyε mo so hwεfoͻ’’.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAsεm a wɔkaeε ne sε: ‘’Shaibu, enti wo Nyamesom no hyε wo sε yɛnnyae deε na yεn agyanom som (no som), anaasε εmma yεmfa yεn sika nnyε deε yεn ara yεpε? “ (wɔka dedii ne ho fεw sε: “Shuaib), nokorε sε wowͻ ntoboaseε, na w’adwene tene”.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, monhunu sε, sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopɔn hͻ no so, na Wama me akyεdeε a εyε akyεdeε pa a efri Ne hͻ a, (enti menfa efii mfra mu?) Mempεsε meneyԑԑ ne deԑ mabra mo no bԑbᴐ abira. Deε mepε ne sε, anka meyε (mo) yie sεdeε m’ahoͻden bɛtumi biara; na Onyankopͻn hͻ na me dwumadie no ho kwan kyerε wͻ, Ɔno na mede me ho to Ne soͻ, na Ne hͻ na medane me ho kᴐ.”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Me nkorͻfoͻ, momma ͻkoo a moreko tia me no nnyε ͻhaw mma mo mma deε εtoo Noa nkorͻfoͻ anaa Huud nkorͻfoͻ anaa Soalhu nkorͻfoͻ no sεso mmεto mo, na Lut nkorɔfoɔ no deε εne montεm kwan nnware koraa.”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Na monserε mo Wura Nyankopɔn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopɔn yε Ɔdεεfoͻ Hene, na Ɔyε Ɔdͻ Wura.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWɔkaa sε “Shuaib, yεnnte nsεm a woka no bebree ase, na yɛhu wo sε woyε (onipa a) woyε mmerε wͻ yεn mu. Sε εnyε w’abusuafoͻ a, anka yɛbɛsi wo aboͻ (aku wo) na wonni tumi bi de tia yԑn.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Shuaib) kaa sε “Me nkorͻfoͻ, enti mode anidie ma m’abusuafoͻ kyεn Nyankopɔn ma εno nti moto no twene wͻ mo akyi? Nokorε sε, dwuma a modie biara no me Wura Nyankopɔn atwa ho ahyia.”
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail“Me nkorͻfoͻ, monyε adwuma sεdeε mo amammerε kyerε mo, na menso mereyε adwuma (sεdeε Onyankopɔn ahyε me), na yɛbɛhunu nea animguaseε asotwee no bԑto no, ne obi a ͻyε nkontompofoͻ; na monwεn, nokorε sε, meka mo ho ne mo rewεn.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yεde ahummכborͻ a efri Yεn nkyεn gyee Shuaib ne wɔn a wagye adi aka ne ho no nkwa, na nteamu denden no sͻͻ wɔn a wɔdi bɔne no mu, na (wɔwu) dedaa wᴐn afie mu,
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no.)
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐnyε Yεn na Yɛdii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔdii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔfri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn).
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔdi bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, adesua anaa nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWɔbεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐbεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻnnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yεbɛtua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wo Wura Nyankopɔn bɛtua wͻn mu biara dwumadie so ka (ama no) pεpεεpε. Nokorε sε, N’ani tua dwuma a wͻdie nyinaa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti (Ɔkͻmhyεni), wo ne wͻn a wasakra wͻn adwen aka wo ho no nyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no. Na monhwε na moanni bͻne. Nokorε sε, deε moyε biara no Ohu.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMonhwε na moamfa mo ho anto wͻn a wͻdi bͻne no so, (sε εba sa a) Ogya no bεnya mo; (na sε εba sa a) Onyankopͻn akyiri no monnya okyitafoͻ anaa ͻboafoͻ biara.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε na adwendwenfoͻ bi wͻ awoͻ ntoatoasoͻ a edii mo anim kan no mu na wᴐbra (amanfoͻ) nsεmmᴐne die wͻ asaase soͻ a, (nanso na ebi nnihͻ), gyesε kakraabi a na wͻn wͻ wͻn a Yεgyee wɔn no mu. Wͻn a wͻdii bͻne no dii wiase yi mu anigyedeε akyi. Na wͻyε abͻneεfoͻ.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailGyesε obi a wo Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ; na woi ho nti na Ɔbͻͻ wͻn. Na wo Wura Nyankopͻn asεm no ahyε mma sε: “Mεka Jinni ne nnipa abom (de wͻn) ahyε Amanehu gya no mma.”
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAsomafoͻ no amaneε nyinaa a Yεde abͻ woͻ no, sεdeε Yεde bεma w’akoma agyina pintinn nti. Na wanya nokorε no nso afri woi mu, na (ayε) afutusεm ne nkakaeε nso ama agyidiefoͻ no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ Nyankopͻn, Ne hͻ na dwumadie nyinaa kͻwie. Enti som no, na fa wo ho to No so. Na wo Wura Nyankopͻn werε mfirii anaa Ommu N’ani nguu dwuma a modie so.