Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, sε mogyae mmaa no a, monnyae wͻn wͻ wͻn berε (a yɛahyehyε) no mu; monsese εberε no na monsuro Nyankopͻn, mo Wura no. Monhwε na moantu wͻn amfri wͻn afie mu, na εmma wͻn ara nso ntu; gyesε ebia wͻbɔ akohwi bra bi a εda adie. Woi ne Nyankopͻn mmra. Obia ɔbɛbu Nyankopͻn mmra soͻ no, nokorε sε wadi ne kraa amim. Wonnim sε ebia εno akyi no Nyankopͻn bεma asεm foforͻ bi aba.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailEnti sε wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, momfa ayεmyε nsͻ wͻn mu, anaasε mo ne wͻn ni mpaepaemu wͻ kwan pa so; na momma mo mu nnipa mmienu a wͻdi nokorε ni ho adanseε, na moni adanseε no mma Nyankopͻn. Woi na yεde tu obia osuro Nyame ne Da a etwa toͻ no foͻ. Obia ɔbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbɛbue kwan ama no-
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Wabᴐ no akᴐnhoma afri faako a onni ho anidaasoͻ koraa. Obia ͻde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, Ɔsombo ma no. Nokorε sε Nyankopͻn deε N’ahyεdeε (biara) yε hͻ. Ampa sε Nyankopͻn de nhyehyεε ato biribiara ho.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMo mmaa no mu bi nso a wͻn atwa bra no, sε mo adwen nnsi mo pi wͻ wͻn ho a, wͻn (Idda) berε no yε bosome mmiεnsa; na wͻn nso a wͻnyεε bra da no nso (bosome mmiεnsa saa ara). Apemfoͻ no nso wͻn berε ne εberε a wͻbεsoε wͻn adesoa no (anaasε εberε a wͻbεwoͻ). Obi a ͻbɛsuro Nyankopͻn no, Ɔbεma n’asεm ayε bͻkͻͻ ama no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWoi ne Nyankopͻn ahyεdeε a Wasiane ama mo. Na obia ͻbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbεpepa ne bͻne afiri ne so, na Wama n’akatua ayε kεse ama no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMoma (mmaa) no ntena faako a moteε sεdeε moahoͻden siteε, na monhwε na moanha wͻn amma wͻn ho ankyere wͻn. Sε wͻyε apemfoͻ a momͻ wͻn akͻnhoma nkosi sε wͻde wͻn adesoa no bεto hͻ. Na sε wͻma (mmͻfra no) nufuoͻ ma mo a, monfa wͻn akatua ma wͻn; na monfa ͻkwan pa so ntoto biribiara wͻ montεm pεpεεpε; na sε moma no yε den ma mo ho a (anaasε agya ne εnna no monnte moho ase a), εneε obi foforͻ mma (abͻfra no) nufoͻ mma (agya) no.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ne nsam wͻ bie no, ɔnyi no sεdeε ne nsam wͻ bie, na nea ne nsam nni bie no nso ɔnyi no sεdeε Nyankopͻn de ama no. Nyankopͻn mfa adesoa nsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden bɛtumi. Ahokyerε akyi no Nyankopͻn bεma no ayε mmrε.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkuro dodoᴐ sԑn na wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε ne N’asomafoͻ no so atua? Yεmaa no buu akonta a ano yε den paa, na Yεde asotwee a emu yε den twee n’aso.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn asiesie asotwee a ano yε den ama wͻn, enti mmadwemmafoͻ a moagye adie, monsuro Nyankopͻn. Ampa sε Nyankopͻn asiane Afutusεm de abrε mo.
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Wasan nso asoma) Ɔsomafoͻ a ͻrekenkan Nyankopͻn nsεm pefee no (kyerε mo) sεdeε ͻde bɛyi wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no afiri esum no mu de wͻn akͻ εhyεn no mu. Obia ͻbεgye Nyankopͻn adi na ͻbɛdi dwuma pa no, Ɔde no bεwura Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu ama no atena hͻ afe bͻͻ. Ampa sε Nyankopͻn akyε no akyεdeε papa paa.
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Ͻbͻͻ soro nson εna asaase nso (dodoͻ) te saa ara. Ahyεdeε no siane ba ne mmienu ntԑm sεdeε mobɛhunu sε nokorε, Onyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so, na Onyankopͻn Nimdeε nso atwa biribiara ho ahyia.