caseriqMeaning search in the Qur'an

Surah Al-Fath الفتح

29 verses · Medina · revelation order 111

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ إِنَّا فَتَحْنَا لَكَ فَتْحًا مُّبِينًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo nkonimdie a εda adi pefee.

See all translations of this verse →

لِّيَغْفِرَ لَكَ ٱللَّهُ مَا تَقَدَّمَ مِن ذَنۢبِكَ وَمَا تَأَخَّرَ وَيُتِمَّ نِعْمَتَهُۥ عَلَيْكَ وَيَهْدِيَكَ صِرَٰطًا مُّسْتَقِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Nyankopͻn de wo mfomsoͻ a atwa mu ne deε εda w’anim no bεkyε woͻ, na Ɔde N’adom bɛwie wo soͻ, na W’akyerε wo kwan akͻ ͻkwan tenenee soͻ,

See all translations of this verse →

وَيَنصُرَكَ ٱللَّهُ نَصْرًا عَزِيزًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Onyankopͻn bεboa wo mmoa a εsom bo paa.

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِىٓ أَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ فِى قُلُوبِ ٱلْمُؤْمِنِينَ لِيَزْدَادُوٓا۟ إِيمَٰنًا مَّعَ إِيمَٰنِهِمْ وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Osianee awerεkyekyerε bεhyεε agyidiefoͻ no akoma mu, sεdeε Ɔde gyidie bεka wͻn gyidie no ho. Ͻsoro ne asaase so asraafoͻ no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

See all translations of this verse →

لِّيُدْخِلَ ٱلْمُؤْمِنِينَ وَٱلْمُؤْمِنَٰتِ جَنَّٰتٍ تَجْرِى مِن تَحْتِهَا ٱلْأَنْهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَا وَيُكَفِّرَ عَنْهُمْ سَيِّـَٔاتِهِمْ وَكَانَ ذَٰلِكَ عِندَ ٱللَّهِ فَوْزًا عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε Ɔde agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bɛwura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na Wapepa wͻn bͻne afiri wͻn soͻ. Onyankopͻn hͻ no, εno yε nkonimdie kεseε paa.

See all translations of this verse →

وَيُعَذِّبَ ٱلْمُنَٰفِقِينَ وَٱلْمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلْمُشْرِكِينَ وَٱلْمُشْرِكَٰتِ ٱلظَّآنِّينَ بِٱللَّهِ ظَنَّ ٱلسَّوْءِ عَلَيْهِمْ دَآئِرَةُ ٱلسَّوْءِ وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيْهِمْ وَلَعَنَهُمْ وَأَعَدَّ لَهُمْ جَهَنَّمَ وَسَآءَتْ مَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa Ɔbεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no, ne wͻn a wͻdwen Nyankopͻn ho adwen bͻne no aso. Wͻn so na bͻne no dane kͻ. Onyankopͻn abufuo ne Ne nomee wͻ wͻn so na Wasiesie Amane-hunu gya ama wͻn; na awieε bͻne paa ne hͻ.

See all translations of this verse →

وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

See all translations of this verse →

إِنَّآ أَرْسَلْنَٰكَ شَٰهِدًا وَمُبَشِّرًا وَنَذِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε (Nkͻmhyεni), Yɛasoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ,

See all translations of this verse →

لِّتُؤْمِنُوا۟ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتُعَزِّرُوهُ وَتُوَقِّرُوهُ وَتُسَبِّحُوهُ بُكْرَةً وَأَصِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anwummerε.

See all translations of this verse →

إِنَّ ٱلَّذِينَ يُبَايِعُونَكَ إِنَّمَا يُبَايِعُونَ ٱللَّهَ يَدُ ٱللَّهِ فَوْقَ أَيْدِيهِمْ فَمَن نَّكَثَ فَإِنَّمَا يَنكُثُ عَلَىٰ نَفْسِهِۦ وَمَنْ أَوْفَىٰ بِمَا عَٰهَدَ عَلَيْهُ ٱللَّهَ فَسَيُؤْتِيهِ أَجْرًا عَظِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a wͻsuae kyerεε woͻ no, Nyankopͻn na wͻsuae kyerεε no; Nyankopͻn nsa wͻ wͻ nsa so. Enti obi a ͻbεbu (ne nsedie no) soͻ no, ɔbu so tia ͻno ara ne kraa, na obia ɔbɛdi bͻhyε a ͻne Nyankopͻn ahyε no soͻ no, Ɔbεma no akatua a εsoo paa.

See all translations of this verse →

سَيَقُولُ لَكَ ٱلْمُخَلَّفُونَ مِنَ ٱلْأَعْرَابِ شَغَلَتْنَآ أَمْوَٰلُنَا وَأَهْلُونَا فَٱسْتَغْفِرْ لَنَا يَقُولُونَ بِأَلْسِنَتِهِم مَّا لَيْسَ فِى قُلُوبِهِمْ قُلْ فَمَن يَمْلِكُ لَكُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيْـًٔا إِنْ أَرَادَ بِكُمْ ضَرًّا أَوْ أَرَادَ بِكُمْ نَفْعًۢا بَلْ كَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعْمَلُونَ خَبِيرًۢا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailԐserԑ so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no bεka akyerε wo sε: “Y’agyapadeε ne y’abusua gyee y’adaagyeε, enti srε bͻnefakyε ma yεn”. Wͻde wͻn kεtrεma ka deε enni wͻn akoma mu. Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε mo bͻne anaasε Ɔpε mo yie a, hwan na ͻwͻ tumi bi de tia Onyankopͻn ma mo? Aane, Onyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐ Wura.

See all translations of this verse →

بَلْ ظَنَنتُمْ أَن لَّن يَنقَلِبَ ٱلرَّسُولُ وَٱلْمُؤْمِنُونَ إِلَىٰٓ أَهْلِيهِمْ أَبَدًا وَزُيِّنَ ذَٰلِكَ فِى قُلُوبِكُمْ وَظَنَنتُمْ ظَنَّ ٱلسَّوْءِ وَكُنتُمْ قَوْمًۢا بُورًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAane, modwenee sε Ɔsomafoͻ no ne agyidiefoͻ no nsan mma wͻn abusuafoͻ hͻ bio, na εno yεε mo fε wͻ mo akoma mu, na modwen adwen bͻne, na (εnam so maa) moyεε nnipa a moasopa.

See all translations of this verse →

وَمَن لَّمْ يُؤْمِنۢ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ فَإِنَّآ أَعْتَدْنَا لِلْكَٰفِرِينَ سَعِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObi a ͻnye Onyankopͻn ne Ne somafoͻ no nnie no, nokorε sε Yɛasiesie Ogya ato boniayεfoͻ no hͻ.

See all translations of this verse →

وَلِلَّهِ مُلْكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلْأَرْضِ يَغْفِرُ لِمَن يَشَآءُ وَيُعَذِّبُ مَن يَشَآءُ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورًا رَّحِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obia Ɔpε nso aso. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

See all translations of this verse →

سَيَقُولُ ٱلْمُخَلَّفُونَ إِذَا ٱنطَلَقْتُمْ إِلَىٰ مَغَانِمَ لِتَأْخُذُوهَا ذَرُونَا نَتَّبِعْكُمْ يُرِيدُونَ أَن يُبَدِّلُوا۟ كَلَٰمَ ٱللَّهِ قُل لَّن تَتَّبِعُونَا كَذَٰلِكُمْ قَالَ ٱللَّهُ مِن قَبْلُ فَسَيَقُولُونَ بَلْ تَحْسُدُونَنَا بَلْ كَانُوا۟ لَا يَفْقَهُونَ إِلَّا قَلِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn a wͻkaa akyire no bεka sε: ”Sε mosim sε morekͻ pε asadeε a, moma yεn kwan ma yɛni mo akyi’’. Wͻpεsε wͻsesa Nyankopͻn asεm no. Ka sε: “Monnni yεn akyi; saa na Nyankopͻn adi kan aka’’. Wͻbεka sε: ”Aane, moreyε yεn ho ahoͻyaa”. Daabi, nanso wͻnte aseε gyesε kakraabi.

See all translations of this verse →

قُل لِّلْمُخَلَّفِينَ مِنَ ٱلْأَعْرَابِ سَتُدْعَوْنَ إِلَىٰ قَوْمٍ أُو۟لِى بَأْسٍ شَدِيدٍ تُقَٰتِلُونَهُمْ أَوْ يُسْلِمُونَ فَإِن تُطِيعُوا۟ يُؤْتِكُمُ ٱللَّهُ أَجْرًا حَسَنًا وَإِن تَتَوَلَّوْا۟ كَمَا تَوَلَّيْتُم مِّن قَبْلُ يُعَذِّبْكُمْ عَذَابًا أَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailKakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻbεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane mo akyi de ma, sεdeε modii kan danee mo akyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe mo aso “.

See all translations of this verse →

لَّيْسَ عَلَى ٱلْأَعْمَىٰ حَرَجٌ وَلَا عَلَى ٱلْأَعْرَجِ حَرَجٌ وَلَا عَلَى ٱلْمَرِيضِ حَرَجٌ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ يُدْخِلْهُ جَنَّٰتٍ تَجْرِى مِن تَحْتِهَا ٱلْأَنْهَٰرُ وَمَن يَتَوَلَّ يُعَذِّبْهُ عَذَابًا أَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailBᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso.

See all translations of this verse →

لَّقَدْ رَضِىَ ٱللَّهُ عَنِ ٱلْمُؤْمِنِينَ إِذْ يُبَايِعُونَكَ تَحْتَ ٱلشَّجَرَةِ فَعَلِمَ مَا فِى قُلُوبِهِمْ فَأَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ عَلَيْهِمْ وَأَثَٰبَهُمْ فَتْحًا قَرِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻsuae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Ɔnim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Ɔsianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka-,

See all translations of this verse →

وَمَغَانِمَ كَثِيرَةً يَأْخُذُونَهَا وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNe asadeε bebrebe a wͻbɛnya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

See all translations of this verse →

وَعَدَكُمُ ٱللَّهُ مَغَانِمَ كَثِيرَةً تَأْخُذُونَهَا فَعَجَّلَ لَكُمْ هَٰذِهِۦ وَكَفَّ أَيْدِىَ ٱلنَّاسِ عَنكُمْ وَلِتَكُونَ ءَايَةً لِّلْمُؤْمِنِينَ وَيَهْدِيَكُمْ صِرَٰطًا مُّسْتَقِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailOnyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobɛnya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii mo so, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na Wakyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ.

See all translations of this verse →

وَأُخْرَىٰ لَمْ تَقْدِرُوا۟ عَلَيْهَا قَدْ أَحَاطَ ٱللَّهُ بِهَا وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍ قَدِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim). Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.

See all translations of this verse →

وَلَوْ قَٰتَلَكُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ لَوَلَّوُا۟ ٱلْأَدْبَٰرَ ثُمَّ لَا يَجِدُونَ وَلِيًّا وَلَا نَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSε wͻn a wᴐpo nokorԑ no ne mo ko mpo a, nokorε sε wͻbεdane wͻn akyi ama, na wͻnnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).

See all translations of this verse →

سُنَّةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِى قَدْ خَلَتْ مِن قَبْلُ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبْدِيلًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa ara na Onyankopͻn kwan a Ɔtwa too hͻ de maa wͻn a wͻatwa mu kͻ no teε, na wonhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa.

See all translations of this verse →

وَهُوَ ٱلَّذِى كَفَّ أَيْدِيَهُمْ عَنكُمْ وَأَيْدِيَكُمْ عَنْهُم بِبَطْنِ مَكَّةَ مِنۢ بَعْدِ أَنْ أَظْفَرَكُمْ عَلَيْهِمْ وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعْمَلُونَ بَصِيرًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Oyii (atamfoͻ no) nsa firii mo soͻ, εna oyii monso monsa firii wͻn soͻ wͻ Maka (kuro no) mu wͻ akyire yi a Ɔmaa mo dii nkonim wͻ wͻn soͻ no. Na Onyankopᴐn deε Ohunu dwuma a modie (nyinaa).

See all translations of this verse →

هُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ وَصَدُّوكُمْ عَنِ ٱلْمَسْجِدِ ٱلْحَرَامِ وَٱلْهَدْىَ مَعْكُوفًا أَن يَبْلُغَ مَحِلَّهُۥ وَلَوْلَا رِجَالٌ مُّؤْمِنُونَ وَنِسَآءٌ مُّؤْمِنَٰتٌ لَّمْ تَعْلَمُوهُمْ أَن تَطَـُٔوهُمْ فَتُصِيبَكُم مِّنْهُم مَّعَرَّةٌۢ بِغَيْرِ عِلْمٍ لِّيُدْخِلَ ٱللَّهُ فِى رَحْمَتِهِۦ مَن يَشَآءُ لَوْ تَزَيَّلُوا۟ لَعَذَّبْنَا ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ مِنْهُمْ عَذَابًا أَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn ne wͻn a wᴐpo nokorԑ, na wͻsii mo Nyamedan kronkron no ho kwan, na afͻrebͻ no annuru n’agyinaeε hͻ. Sε na εnyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa a monni wͻn, na anhwε a na moatiatia wͻn so (aku wͻn) wͻ aberε a monnim ho hwee ama asεm bͻne bi ato mo a, (anka Ɔmaa mo wuraa Maka). Sεdeε Onyankopͻn de obi a Ɔpε bɛwura N’ahummͻborͻ no mu. Sε anka (agyidiefoͻ a εwͻ Maka a wͻde wͻn gyidie asuma no ne Kaafirfoͻ no) ho da nso a, anka Yεde asotwee a emu yε den paa twee wͻn mu boniayεfoͻ no aso.

See all translations of this verse →

إِذْ جَعَلَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوا۟ فِى قُلُوبِهِمُ ٱلْحَمِيَّةَ حَمِيَّةَ ٱلْجَٰهِلِيَّةِ فَأَنزَلَ ٱللَّهُ سَكِينَتَهُۥ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ وَعَلَى ٱلْمُؤْمِنِينَ وَأَلْزَمَهُمْ كَلِمَةَ ٱلتَّقْوَىٰ وَكَانُوٓا۟ أَحَقَّ بِهَا وَأَهْلَهَا وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَىْءٍ عَلِيمًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a wͻn a wͻnnye nnie no de akεsesεm ne ahomasoͻ, abagyimi berε ahomasoͻ hyεε wͻn akoma mu no, Nyankopͻn sianee N’awerεkyekyerε maa Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no, na Ɔmaa wͻsͻͻ Nyame suro kasa (Laa ilaaha illal-Laah) no mu pintinn, na na (agyidiefoͻ no) wͻ ho kwan, na εfata wͻn nso. Na Nyankopͻn deε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.

See all translations of this verse →

لَّقَدْ صَدَقَ ٱللَّهُ رَسُولَهُ ٱلرُّءْيَا بِٱلْحَقِّ لَتَدْخُلُنَّ ٱلْمَسْجِدَ ٱلْحَرَامَ إِن شَآءَ ٱللَّهُ ءَامِنِينَ مُحَلِّقِينَ رُءُوسَكُمْ وَمُقَصِّرِينَ لَا تَخَافُونَ فَعَلِمَ مَا لَمْ تَعْلَمُوا۟ فَجَعَلَ مِن دُونِ ذَٰلِكَ فَتْحًا قَرِيبًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailAmpa sε Nyankopͻn hyεε N’akoa no yikyerε no mma wͻ nokorε mu sε: “Sε Onyankopͻn pε a wode abodwoɔ bɛwura Nyamedan kronkron no mu a, (mo mu bi) awεre wͻn tri ho, na (mo mu bi nso) abubu wͻn tri soͻ a suro biara nni mu. Na Onim deε monnnim; na εno akyiri no Ɔmaa (mo) nkonim die a εbεn.

See all translations of this verse →

هُوَ ٱلَّذِىٓ أَرْسَلَ رَسُولَهُۥ بِٱلْهُدَىٰ وَدِينِ ٱلْحَقِّ لِيُظْهِرَهُۥ عَلَى ٱلدِّينِ كُلِّهِۦ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدًا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƆno na Ɔde tenenee no ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ no, sεdeε Ɔbεma no akata ͻsom biara soͻ. Onyankopͻn som bo sε Ɔdansefoͻ.

See all translations of this verse →

مُّحَمَّدٌ رَّسُولُ ٱللَّهِ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥٓ أَشِدَّآءُ عَلَى ٱلْكُفَّارِ رُحَمَآءُ بَيْنَهُمْ تَرَىٰهُمْ رُكَّعًا سُجَّدًا يَبْتَغُونَ فَضْلًا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضْوَٰنًا سِيمَاهُمْ فِى وُجُوهِهِم مِّنْ أَثَرِ ٱلسُّجُودِ ذَٰلِكَ مَثَلُهُمْ فِى ٱلتَّوْرَىٰةِ وَمَثَلُهُمْ فِى ٱلْإِنجِيلِ كَزَرْعٍ أَخْرَجَ شَطْـَٔهُۥ فَـَٔازَرَهُۥ فَٱسْتَغْلَظَ فَٱسْتَوَىٰ عَلَىٰ سُوقِهِۦ يُعْجِبُ ٱلزُّرَّاعَ لِيَغِيظَ بِهِمُ ٱلْكُفَّارَ وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوا۟ وَعَمِلُوا۟ ٱلصَّٰلِحَٰتِ مِنْهُم مَّغْفِرَةً وَأَجْرًا عَظِيمًۢا

Akan Translation (Asante) - Harun IsmailMuhammad yε Onyankopͻn Somafoͻ, wͻn a wͻka ne ho no yε den wͻ boniayεfoͻ no so papaapa, na wͻhu wͻn ho wͻn ho mmͻbͻ. Wobɛhu wͻn sε wͻrebͻ wͻn mu ase de wͻn anim butu fͻm hwehwε Onyankopͻn adom ne Ne nyetomu. Wͻn nsohyεdeε wͻ wͻn anim, εnam (wͻn) anim a wͻde butu fam no nti. Woi ne wͻn mfatoho wͻ Tora mu; na wͻn mfatoho wͻ Injiil mu no nso, wͻtesε: Aduaba a (yɛadua na) afifire na ayε den na asipi na agyina pintinn wͻ ne dua no soͻ, na okuafoͻ no ani agye ho; sεdeε Ɔbεhyε boniayεfoͻ no abufuo. Onyankopͻn de bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa ho bͻ ahyε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa wͻ wͻn mu no.

See all translations of this verse →

Looking for a topic? Try the meaning search — your question is scanned across all 6,236 verses.
Language — 70