إِنَّ ٱلَّذِينَ تَوَلَّوْا۟ مِنكُمْ يَوْمَ ٱلْتَقَى ٱلْجَمْعَانِ إِنَّمَا ٱسْتَزَلَّهُمُ ٱلشَّيْطَٰنُ بِبَعْضِ مَا كَسَبُوا۟ وَلَقَدْ عَفَا ٱللَّهُ عَنْهُمْ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٌ حَلِيمٌ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε wͻn a wͻn wͻ mo mu a wͻ’danee wͻn akyi maeε wͻ da no a εdͻm mmienu no hyiaeε no, ͻbonsam na ͻmaa wͻn watriiε, εnam dwuma bi a wͻ’diiε ho nti. Nanso Nyankopͻn de wͻn mfomsoͻ afri wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Ntoboaseε Hene.