قَالَ فَإِنَّهَا مُحَرَّمَةٌ عَلَيْهِمْ أَرْبَعِينَ سَنَةً يَتِيهُونَ فِى ٱلْأَرْضِ فَلَا تَأْسَ عَلَى ٱلْقَوْمِ ٱلْفَٰسِقِينَ
Akan Translation (Asante) - Harun Ismail(Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorɛ sɛ yεbesi wͻn (asaase no) ho kwan mfie aduanan na wͻn adi akͻneaba wͻ asaase no so. Enti hwε na w’anni awerεhoͻ amma nnipa bͻnefoͻ no.