إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكْتُمُونَ مَآ أَنزَلْنَا مِنَ ٱلْبَيِّنَٰتِ وَٱلْهُدَىٰ مِنۢ بَعْدِ مَا بَيَّنَّٰهُ لِلنَّاسِ فِى ٱلْكِتَٰبِ أُو۟لَٰٓئِكَ يَلْعَنُهُمُ ٱللَّهُ وَيَلْعَنُهُمُ ٱللَّٰعِنُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNokorε sε, wͻn a wͻ’de adeε a Y’asiane aba a εyε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε no sie wͻ akyire yi a Y’ada no adi akyerε nnipa wͻ Nwoma no mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn nnomee ne obiara a ͻdome no nnomee wͻ wͻn soͻ.