وَحَسِبُوٓا۟ أَلَّا تَكُونَ فِتْنَةٌ فَعَمُوا۟ وَصَمُّوا۟ ثُمَّ تَابَ ٱللَّهُ عَلَيْهِمْ ثُمَّ عَمُوا۟ وَصَمُّوا۟ كَثِيرٌ مِّنْهُمْ وَٱللَّهُ بَصِيرٌۢ بِمَا يَعْمَلُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻn adwen yεε wͻn sε mmusuo biara nnihͻ, enti wͻ’maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn de wͻn bͻne kyεε wͻn; na bio dodoͻ no ara maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn deε Ohunu deε wͻ’yε nyinaa.