وَقَالُوٓا۟ ءَأَٰلِهَتُنَا خَيْرٌ أَمْ هُوَ مَا ضَرَبُوهُ لَكَ إِلَّا جَدَلًۢا بَلْ هُمْ قَوْمٌ خَصِمُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailWͻkaa sε: “Y’abosom no mmom na εyε anaa sε ͻno (Yesu)? Ɛnyε hwee ho nti na wͻyԑԑ saa mfatoho yi kyerԑԑ woᴐ, na mmom akyinnyeε nti. Aane, wͻyε nkorͻfoͻ bi a wͻyε akyinnyegyefoͻ paa.