وَجَعَلْنَا بَيْنَهُمْ وَبَيْنَ ٱلْقُرَى ٱلَّتِى بَٰرَكْنَا فِيهَا قُرًى ظَٰهِرَةً وَقَدَّرْنَا فِيهَا ٱلسَّيْرَ سِيرُوا۟ فِيهَا لَيَالِىَ وَأَيَّامًا ءَامِنِينَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNa wͻn ntam ne nkuro a Yɛahyira wͻn no (ntam nso) Yεmaa nkuro a εda adi pefee bεdaa hͻ, na Yεhyehyεε akwantuo gyinaberε wͻ mu (maa wͻn, εna Yεka kyerεε wͻn sε): “Montu kwan wͻ mu anadwo ne adekyeε wͻ abodwoɔ mu“.