فَأَعْرَضُوا۟ فَأَرْسَلْنَا عَلَيْهِمْ سَيْلَ ٱلْعَرِمِ وَبَدَّلْنَٰهُم بِجَنَّتَيْهِمْ جَنَّتَيْنِ ذَوَاتَىْ أُكُلٍ خَمْطٍ وَأَثْلٍ وَشَىْءٍ مِّن سِدْرٍ قَلِيلٍ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNanso wͻtwee wͻn ho (firii Nyankopͻn ahyεdeε ho), enti Yεsomaa nsutͻ a ano yε den bi baa wͻn so. Yεsesaa wͻn mfuo mmienu no de mfuo mmienu a εso nnuaba bͻne a εyε nwono ‘Atli’ ne ‘Sidir’ nnua kakraabi hyεε anan mu.