إِذْ يَقُولُ ٱلْمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِى قُلُوبِهِم مَّرَضٌ غَرَّ هَٰٓؤُلَآءِ دِينُهُمْ وَمَن يَتَوَكَّلْ عَلَى ٱللَّهِ فَإِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٌ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailƐberε a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Saa nkorͻfoͻ (Muslimifoͻ) yi Nyamesom adaadaa wͻn”. Obi a Ɔde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyasafoͻ.