ٱللَّهُ ٱلَّذِى جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيْلَ لِتَسْكُنُوا۟ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبْصِرًا إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضْلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكْثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشْكُرُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailNyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (ama mo sεdeε mode) bɛhunu adeε. Nokorε sε Onyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε.