ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ يُولِجُ ٱلَّيْلَ فِى ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِى ٱلَّيْلِ وَأَنَّ ٱللَّهَ سَمِيعٌۢ بَصِيرٌ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailSaa na εteε, efrisε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, na nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.