وَقَالُوا۟ قُلُوبُنَا غُلْفٌۢ بَل لَّعَنَهُمُ ٱللَّهُ بِكُفْرِهِمْ فَقَلِيلًا مَّا يُؤْمِنُونَ
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailDeε wͻ’ka nesε: “Yakata y’akoma ho (enti yenhia asεm foforͻ biara bio). ”Daabi, wͻn boniayε ho nti Nyankopͻn adome wͻn, enti (wͻn mu) kakraa bi (anaasε asεm no mu kakraa bi) na wͻ’gye die.