مَّنِ ٱهْتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهْتَدِى لِنَفْسِهِۦ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيْهَا وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٌ وِزْرَ أُخْرَىٰ وَمَا كُنَّا مُعَذِّبِينَ حَتَّىٰ نَبْعَثَ رَسُولًا
Akan Translation (Asante) - Harun IsmailObia ͻbεtenee no, ͻtene ma ne ho; na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne kraa. Obi a ͻso adesoa no nnsoa obi foforͻ adesoa. Na yεnntwe (nnipa bi) aso, gyesε Yetu ͻsomafoͻ (ba wͻn hͻ bεbͻ wͻn kͻkͻ) ansa.